Nwuram Mmobom A Ɛyɛ Hu No
Efi Suriname “Nyan!” kyerɛwfo hɔ
EFII ase sɛ mmobom a ɛyɛ hu: “Rohooo, rohooo, rohooo.” Ɛnne pii gyee so brɛoo na afei ano yɛɛ den. Mmobom no ano brɛɛ ase kakra na afei ano yɛɛ den bio. Awiei koraa no, mmobom no gyaee na ɛhɔ yɛɛ komm. Mmoawa nketenkete ne nnoma su de nkakrankakra gyigyei wɔ kwae no mu bio.
Mede ahodwiriw tiei bere a na merehwɛ mmoa a bo a wobobom wɔ nwuram yɛ hu yi no: baboensa akɛse anum, sɛnea wɔfrɛ nkontromfi kwaagyedu wɔ Suriname ha no.
Abɔde ho ɔdenimfo bi ka kyerɛɛ me sɛ, “Wɔ Suriname ha no, wubehu wɔn wɔ mpoano a ɛhɔ yɛ fɔkyefɔkye wɔ kwaebirentuw a ɛwɔ kesee fam ne kusuu fam no mu. Wɔtra nnua ahorow so, ne titiriw wɔ kwae a ɛwɔ nsubɔnten ho no mu a wɔyɛ akuwakuw a emufo dodow yɛ anan kosi awotwe a ɛtɔ bere bi a wodɔɔso sen saa.”
Bere a na merehwɛ wɔn no, wɔn mu otitiriw a ɔyɛ onini a ne sorokɔ bɛyɛ anammɔn abiɛsa a ɔso na ne mu yɛ duru sen anan a woaka no bɛn me na ɔboboom. Ne ti a n’abɔgye a ɛso ka ho no hyɛ ne mmati abien no ntam a ama wayɛ te sɛ akyakya.
Nhwi nni n’anim sɛ wode toto ne nipadua a ɛho nhwinhwi a ɛyɛ koko no ho a. N’abogyesɛ a ɛda nsow a ɛyɛ akokɔsrade no da nidi a ɔwɔ adi na na akata nea otumi de bobom kɛse no ho—ne menewa a ɛte sɛ nea ahon no. Dɛn nti na ahon? Jivaro Indiafo wo mmuae bi a ɛyɛ serew:
Asɛm no kyerɛ sɛ, ‘Da koro bi kwaagyedu kyerɛɛ akarawa. sɛnea wɔbɔ kube denam biako a wɔde bɛbɔ biako no so. Bere a akarawa sɔ hwɛe no, ɛbɔɔ ne kokurobeti ma ɛtewee. Esiane sɛ na akarawa abɔ ne tirim sɛ obetua kwaagyedu so ka nti, ɔkaa kyerɛɛ no sɛ, “Mmɔ kube no. Sɛ womene kube mũ no nyinaa a, ɛyɛ dɛ pii.” Kwaagyedu tiee n’afotu no, nanso kube no kaa ne menewam na egyaw n’agyiraehyɛde wɔ n’asefo ho na akarawa asafo nso annya kokurobeti.’
Nhwehwɛmufo ahu sɛ sɛ ɔsram pue a, kwaagyedu “kasa dodo” a ɛmfa wɔn ho sɛ wobesi pɛ na wɔasare wo nna. Nanso nnya adwene sɛ wɔbɛda bere a ade akye no. Ansa na awia bepue no, na wɔasɔre rebobom na sɛ ade sa a, wɔtoa so yɛ wɔn dede no.
Mmoa ho ɔkyerɛwfo Richard Perry de ka ho sɛ, “aprannaa a ɛbobom, anaa osu a ɛtɔ mpofirim, wimhyɛn a ɛretwam anaa mfofantɔ a wɔretu” bɛma wɔabobom. Wubisa sɛ: So wogye wɔn ahome?
Obi a anka ɔyɛ mmoa nyɛmmea so panyin ka kyerɛɛ me sɛ “wɔyɛ saa. Kwaagyedu abien a wɔka me mmoa no ho no ani gye sɛ wɔbɛto awia. Wɔpaw dubaa bi, wɔde wɔn dua bobare ho na wɔsɛn so bere a wɔn afuru kyerɛ fam no. Bere a wɔayɛ saa no wɔda.”
Nanso awia a wɔto mpo no ma wɔn kɔn dɔ aduan. Onini a wanyin wɔ wɔn mu no na ɔkyerɛ bere a ɛsɛ sɛ wɔde didi. Ɔbobom na afoforo no sɔre di n’akyi kɔ dua foforo so. Obiara wɔ baabi a odi wɔ santen a wɔto no mu—wɔn kannifo no na odi kan na onini foforo di wɔn akyi. Wɔn a wɔwɔ ntam ne abere no. Ɛtɔ bere bi a, wɔn a wonyinii a wɔpɛ agoru no fi santen a wɔato no mu nanso mmobom a wɔde ka wɔn anim no ma wɔsan ba. Wɔfa ɔkwan koro no ara so bere nyinaa. Nhwehwɛmufo bi kyerɛwee sɛ wɔwɔ wɔn ankasa akwan a wɔfa so na wɔfa ɔkwan pɔtee bi so wɔ dubaa no so.
Sɛ wodidi a, wɔde wɔn dua a emu yɛ hare no di dwuma. Bere a wɔde aso dubaa no mu na wɔn ti kyerɛ fam no, wɔde wɔn nsa ne wɔn nan tetew nnuaba ne nhwiren ahorow. Nanso, nhabamma ahorow pii—na ɛyɛ wɔn aduan a wɔpɛ titiriw. Nanso mo a mudi nnuadewa nkutoo no, monhwɛ yiye! Munnni wɔn aduan no bi!
Abɔde ho ɔdenimfo bi a ɔwɔ osuahu ka kyerɛɛ me sɛ: “Bere biara a wobɛyera wɔ nwuram no, wubetumi anya nkwa denam nea nkontromfi di a wubedi no so.” Nanso, kurom no mufo bɔ kɔkɔ sɛ: “Aduan biara a akarawa di no, nnipa nso betumi adi nanso wɔrentumi nni aduan a kontromfi kwaagyedu di no. Ɛte saa efisɛ kwaagyedu di afifide a awuduru wom. Enti wɔ bere bi akyi no, wɔn sẽ yɛ nnodowee te sɛ obi a ɔnom sigaret pii de.”
Sɛ ɛyɛ fitaa anaasɛ nnodowee no, wɔnwene wɔn sẽ kyerɛ bere a nkontromfi afoforo bɛn kuw no ho no. Wɔn ani gye wɔn ho a wɔbɛtew atra baaabi ho kodu baabi a ɛmma wontumi nyi adamfofa su adi nkyerɛ. Nanso nkontromfi afoforo nso nkyerɛ wɔn ho anigye kɛse saa ara! Bere a mmoayɛnfo bi nyaa ayamhyehye maa kwaagyedu ba bi a ɔyɛ ankonam no, ɔpɛe sɛ ɔbɛma wanya anigye denam kontromfi ɔbere foforo bi a ne ho dwo a ɔde no bɛma no sɛ ɔhokafo no so. Nanso ɔbere no “hwɛɛ kwaagyedu a ne ho yɛ tan no pɛnkoro na ofii ase teɛteɛm te sɛ nea wahu ohiyifo bi!”
Bere bi William a ɔyɛ ɔbɔmmɔfo a ne ho akokwaw a ofi Guyana huu kwaagyedu bi a ɔne kontromfi foforo bi nam—akarawa. Na wɔn abien nyinaa gyina dubaa bi so a wɔrehwɛ wɔn ho wɔn ho anim. Nanso na ɛyɛ aniberesɛm. William ka sɛ: “Na wɔde wɔn dua abobare dubaa no ho na ama wɔatumi agyina so yiye na na wɔde wɔn nsa bobɔ wɔn ho wɔn ho. Na wɔreteɛteɛm a wɔrekeka wɔn ho nanso kwaagyedu no dii obiako no so.” So na wɔda so ara regye saa kube no ho akyinnye?
Wɔka kyerɛ kwaagyedu a wɔn ho nhwi yɛ kɔkɔɔ no mpo sɛ, ‘Wonni wɔn fie asɛm.’ Sɛ kwaagyedu kuw bi pɛ wɔn asɛm kɔ kuw foforo asasesin mu a, wɔham kosi sɛ kuw biako bɛsan n’akyi. Nhwehwɛmufo pii ka sɛ: “Mmɛn yɛn!” ne asɛntitiriw a nwuram mmobom no ka.
“Ɔsɔfo” a Ɔhwɛ Wɔn So
Ebia wɔ yɛn fam no, mmobom no yɛ dede ara kwa nanso wɔayɛ ho nhyehyɛe ankasa. Raymond a ɔyɛ obi a ɔhwehwɛ sika kɔkɔɔ a wahwɛ kwaagyedu a wɔwɔ n’atrae a ɛwɔ nwuram no kae sɛ, “Domri [ɔsɔfo]no ne mmoa a wɔbobom no kannifo.
Mibisae sɛ, “Domri?”
“Yiw, saa na yɛfrɛ onini a wanyin no. Wɔ asɔre a ɛwɔ ha no mu no, nhyehyɛe no ne sɛ domri no bɛtow dwom bi nkyekyem a edi kan no na afei asɔre no mufo afoforo aka ne ho atow dwom no. Kwaagyedu nso yɛ saa ara.”
Raymond kyerɛkyerɛ mu sɛ ansa na mmobom no befi ase no, ɔkannifo no di akɔneaba na ɔmuna n’anim de hwɛ kuw no mufo te sɛ nea nnwontofokuw so hwɛfo a ɔyɛ katee hwɛ ne nnwontofokuw no. Bere a ne koma atɔ ne yam no, ofi ase bobom denneennen. Afei afoforo no bobom ka ne ho a wɔasom wɔn ano te sɛ ahwiei (funnel) bere a wɔhwɛ wɔn ho wɔn ho anim anibere so no. Raymond ka sɛ, “Wɔn anim a ayɛ kusuu no yɛ serew ankasa. Ɛyɛ aniberesɛm.”
Wɔn Atamfo
Nanso ɛtɔ bere bi a, wɔn kwankyerɛfo no mpo werɛ fi sɛ ɛsɛ sɛ wɔyɛ nneɛma pɛpɛɛpɛ. Sɛ asebɔ anaasɛ akɔre tow hyɛ wɔn so a, basabasayɛ kɛse si na nnwontofo no nyinaa de anikrakra guan de pere wɔn nkwa na ebinom guare twa asubɔnten guan kɔ.
Nanso, kwaagyedu tamfo a ne ho yɛ hu kɛse ne onipa. Ɛwom sɛ wɔayɛ mmara de bɔ wɔn ho ban de, nanso wokum wɔn de yɛ nam. Nhwehwɛmu biako daa no adi sɛ “Wɔ Ameridianfo akuraa biako a nnipa 450 wom mu ase no, wokunkum kwaagyedu 56 we wɔ ɔsram biako mu.’ Ɛnyɛ nwonwa sɛ wɔ mmeae ahorow bi no, wɔn dodow so rehuan. Na wɔn a wɔankunkum wɔn no san wɔn akyi kɔ kwae no mu tɔnn.
Nanso bere biara a yɛte wɔn mmobom wɔ wɔn hintabea a ɛwɔ akyirikyiri no, wɔkae yɛn sɛ wɔda so ara wɔ hɔ—wɔteɛm ka sɛ: ‘Yɛwɔ ha. Mmɛn yɛn!’
So onipa betie asɛm no?
[Ase hɔ nsɛm]
a Wɔbɔ din sɛ “baboons.”
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 29]
Ne nne yɛ kɛse ama ma sɛ obi gyina baabi a ne tenten boro akwansin abien a obetumi ate
[Kratafa 21 mfoni fibea]
cZoological Society of San Diego
[Kratafa 22 mfoni fibea]
cZoological Society of San Diego