Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g92 4/8 kr. 20-24
  • Europa Biakoyɛ Ho Akwanhwɛ No

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Europa Biakoyɛ Ho Akwanhwɛ No
  • Nyan!—1992
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Wopiapia Yɛn”
  • Akwanhwɛ no Kɔ So Yɛ Kɛse
  • Germany a Wɔsan Ka Bom—Ɛyɛ Den!
  • Europa a Wɔka Bom—Ɛyɛ Mmerɛw?
  • So Ebetumi Aba Ankasa?
  • Akwanhwɛ Ahorow a Ɛwɔ Nnyinaso Pa
  • Europa Aman Nkabom—Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Wosusuw Ho?
    Nyan!—2000
  • Biakoyɛ A Onyankopɔn Pene So
    Nyan!—1984
  • So Nsɛm Tebea Ayɛ Yiye Ampa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • So Wiase no Bɛyɛ Biako?
    Nyan!—2000
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1992
g92 4/8 kr. 20-24

Europa Biakoyɛ Ho Akwanhwɛ No

“BIRIBI a Wɔhwɛ Kwan Rebɛbam.” Saa na atesɛm krataa The European kyerɛw asɛm bi a ɛfa “Europa biakoyɛ a ɛreba ntɛmntɛm” ho no asɛmti. Ɛyɛɛ dɛn na akwanhwɛ yi bae? So nneɛma akɛse a ɛma wɔhwɛ kwan no fata?

Wiase Ko II akyi pɛɛ no, Winston Churchill de nyansahyɛ mae sɛ wɔnhyehyɛ “Europa Amanaman Nkabom” bi. Efi saa bere no, ɛte sɛ nea ɛno reyɛ abam. Mprempren, wɔreka sɛ ade titiriw bi a ɛbɛma saa akwanhwɛ no abam no aba wɔ afe 1992 mu. Nanso dɛn nti na 1992?

Sɛ yɛbɛka no tiawa a, EC (European Community anaa Europa Aman Nkabom) no mu aman 12 no abɔ wɔn tirim sɛ ebedu afe yi awiei no, wobɛka wɔn sikasɛm abom koraa. Eyi kyerɛ sɛ towtua mu nsonsonoe ahorow no nyinaa bɛba awiei. Ɛbɛma aman ahorow no mu ɔmanfo anya hokwan afi ɔman biako mu akɔ foforo mu a biribiara nsiw wɔn kwan, na wɔanya adwuma ne hokwan ahorow te sɛ kurom hɔfo no ara. Awiei koraa no, wobedi sika biako, wɔbɛma ɔmanfo no Europa akwantu ne afirika ho tumi krataa, na wɔbɛhyehyɛ Europa sikakorabea titiriw. Wobesi nneɛma a atwa yɛn ho ahyia ho nsɛnnennen ne sɛnea wɔde nuklea ahoɔden bedi dwuma ho gyinae biako. Wɔbɛyɛ afirika ho mmara ne mmara afoforo nyinaa biako.

Saa kwan yi so no, EC no bɛyɛ aguadi ahyehyɛde a ɛsõ sen biara no mu nea ɛto so abiɛsa wɔ wiase nyinaa. Wiase nyinaa aguadi—nneɛma a wɔkra fi amannɔne ne nea wɔde kɔ amannɔne nyinaa—mu nkyem anum mu biako bɛyɛ nea EC mu aman no biako nya mu kyɛfa. Enti ne gyinaesi ahorow no benya wiase nyinaa sikasɛm so nkɛntɛnso, a aman a afei na wɔrenya nkɔso no sikasɛm nso ka ho.

Nhwehwɛmu bi a wɔyɛɛ no nnansa yi ara kyerɛ sɛ ɛkame ayɛ sɛ Europafo ɔha biara mu nkyem 70 ani gye nsakrae a wɔayɛ ho nhyehyɛe no ho. Nokwarem no, EC aman no mufo pii pɛ sɛ wɔkɔ akyiri sen saa. Bɛyɛ wɔn mu nkyem anan mu abiɛsa pɛ sɛ wɔbom yɛ nyansahu mu nhwehwɛmu ahorow na wonya sika a wotua ma wɔn a wɔagyae adwuma no ho nhyehyɛe koro. Wɔn mu nea ɛboro fã mpo pɛ sɛ wosi wɔne aman afoforo ntam abusuabɔ ho gyinae koro.

Enti, nea wɔhwehwɛ no nyɛ sikasɛm mu biakoyɛ ara kɛkɛ bio, na mmom amammui mu biakoyɛ a ebetumi aba nso. Afei, nsɛm a wɔnhwɛ kwan a asisi no ama botae yi ho mmɔdenbɔ mu ayɛ den mpofirim.

“Wopiapia Yɛn”

Wɔ November 9, 1989 mu no, wobubuu Berlin Ɔfasu no. Germany a wɔbɛsan aka abom ho adwene a na wɔtaa ka ho asɛm nanso wosusuw sɛ ɛnyɛ ade a ebetumi aba no dan asɛm a wogye ho akyinnye denneennen bio. Afei na ɛda adi sɛ nea ɛte biara no, wɔbɛsan aka abom, nanso obiara antumi ankyerɛ bere ko a wɔbɛyɛ saa. Bere a wɔbɔɔ Germany ɔmampanyin Helmut Kohl sobo sɛ ɔreyɛ nkabom a wɔbɛsan anya no ho nhyehyɛe ntɛmntɛm dodo no, ɔkae sɛ: “Ɛnyɛ me na merebɔ mmɔden ayɛ nneɛma ntɛmntɛm. Wopiapia yɛn.” Wɔ October 3, 1990 mu—a ennu ɔfasu no bubu akyi asram 11 no—na Germanfo redi ahurusi. Wɔasan aka Germany abom.

Wiase no mufo ani gyei sɛ Ɔko Nwininwini no aba awiei, sɛnea Germany a wɔaka abom bio no yɛɛ ho adanse no. Saa bere no mu no, na wɔretwe nnipa pii adwene asi ade foforo a wɔnhwɛ kwan bi a ɛresi no so. Ɔkwan bɛn so na tow a Iraq akɔtow ahyɛ Kuwait so no bɛka nhyehyɛe ahorow a wɔayɛ ama 1992 no? Sɛnkyerɛwfo John Palmer kae sɛ: “Gulf no mu ɔhaw no rema Europa Aman Nkabom no sikasɛm ne amammuisɛm mu biakoyɛ no aba ntɛmtɛm sen sɛ ɛbɛma ayɛ nyaa—na ebia ɛrema bere a EC no bɛyɛ wɔne aman afoforo ntam abusuabɔ ne ahobammɔ ho gyinaesi koro no aba ntɛmntɛm.”

Bere a ɔhaw yi ne akodi nna a ɛyɛ hu a edii akyi bae no rekɔ so no, Europa Aman Nkabom no antumi ansi gyinae biako. Eyi maa atesɛm krataa The European samufo asɛm bi kae sɛ: “Aman Nkabom no mmerɛwyɛ wɔ amanaman ntam ɔhaw bere kɛse yi mu no akyerɛ sɛnea ehia sɛ Europa tumi nya ahobammɔ ne wɔne aman afoforo ntam abusuabɔ ho gyinaesi biako a etumi ma wɔde biakoyɛ ne wɔn ho mu ahotoso a wɔwɔ yɛ ade no.” Ɛka anigyesɛm bi de wie sɛ: “Gulf ɔhaw no betumi ama Europa anya hokwan de ayɛ nsiesiei wɔ sɛnea ammɔ mmɔden no mu na ayɛ ade titiriw bi de akyerɛ sɛ amammui mu biakoyɛ yɛ ade a ebetumi abam ampa.”

Akwanhwɛ no Kɔ So Yɛ Kɛse

Aman ahorow pii pɛ sɛ wɔkɔka EC no ho afei. Austria, Cyprus, Malta, ne Turkey abisa sɛ wɔmfa wɔn nka ho. Afoforo a ebia wobebisa sɛ wɔmfa wɔn nka ho ne Finland, Iceland, Norway, Sweden, ne Switzerland. Aman a na anka wɔwɔ Komunist Aman Kuw no mu, a Czechoslovakia, Hungary, ne Poland ka ho no mpo ada no adi sɛ wɔwɔ ho anigye. Nanso, wɔrempene aman a ɛtete sɛɛ no akwammisa no so de bɛkɔ akosi sɛ 1992 bɛba awiei, bere a EC no mu aman 12 no sikasɛm mu biakoyɛ no bɛyɛ nea abam ampa no.

Nokwarem no, wɔayɛ nneɛma pii wɔ Europa biakoyɛ ho—ahoɔhare a wɔde ayɛ eyi no yɛ nea na anka wosusuw sɛ ɛrentumi nyɛ yiye na wɔayɛ nneɛma pii sen sɛnea na anka nkurɔfo hwɛɛ kwan. “Yehu sɛ Europa nhyehyɛe foforo bi reba a emu no, ahye renyɛ nea ɛde mpaapaemu ba, nea aman betumi atra mu a wonsuro wɔn ho wɔn ho, ne faako a nnipa benya ahofadi a wɔde bɛpaw wɔn ankasa amammui ne ɔman mu nhyehyɛe ahorow a wɔpɛ.” Saa na Hans-Dietrich Genscher a ɔyɛ Germany aban soafo a ɔhwɛ amannɔne nsɛm so no kyerɛw bere a yɛrehyɛn 1990 mfe no mu no. Ɔde kaa ho sɛ: “Anisoadehu yi nyɛ adaeso bio. Ɛyɛ nea yɛn nsa betumi aka.”

Nanso so yebetumi ahwɛ biakoyɛ a ɛte saa kwan sɛ nea ebetumi aba? Sɛ saa a, so ebetumi ama yɛanya anidaso sɛ Europa biakoyɛ yɛ adeyɛ a edi biribi a ɛsen saa anim—wiase nyinaa biakoyɛ?

Obiara rentumi nnye ho kyim sɛ wiase no hia biakoyɛ, efisɛ biakoyɛ betumi aboa kɛse ma yɛadi adesamma ɔhaw ahorow a anibere wom no mu dodow no ara ho dwuma. Susuw nea sɛ wɔde bere ne ahoɔden a wɔsɛe wɔ akyinnyegye ho no yɛ adwuma wɔ biakoyɛ mu de di ɔhaw ahorow a abu so no ho dwuma, na ama obiara anya mu mfaso a, anka wobetumi ayɛ no ho hwɛ!

Ɛdenam wɔn sikasɛm nhyehyɛe ahorow a wɔaka abom so no, ɛte sɛ nea mprempren aman pii resɔ wɔn ho wɔn ho ahwɛ wɔ sɛnea wɔwɔ ɔpɛ sɛ wɔne wɔn ho wɔn ho bɛyɛ biako no mu. Sɛ nhwɛso no, esiane aguadi nhyehyɛe biako a wobenya wɔ Asia no a wɔhwehwɛ nti, aman a wɔne Australia, Brunei, Canada, Indonesia, Japan, Malaysia, New Zealand, the Philippines, Singapore, South Korea, Thailand, ne United States yɛɛ sikasɛm mu nhyehyɛe bi a wɔfrɛ no Asia Pacific Economic Cooperation (Asia Pacific Sikasɛm mu Biakoyɛ) wɔ 1989 mu.

Enti nea wosusuw sɛ ɛbaba ne: Germany a wɔaka abom foforo, wɔ Europa a ɛrenkyɛ wɔbɛka abom ayɛ biako mu, na akowie wiase biakoyɛ bi a enni akyiri mu. Ɛte sɛ nea ɛyɛ asɛmpa, nanso so nyansa wom sɛ yebegye adi sɛ wobetumi ayɛ ma abam?

Germany a Wɔsan Ka Bom—Ɛyɛ Den!

Ɛwom sɛ wɔaka Germany abom wɔ amammui ne sikasɛm mu bɛboro afe ni de, nanso ɔman no rebrɛ. Nsonsonoe atitiriw da so wɔ amantam afoforo anum (kan East Germany) no ne ɔman no fã a aka no ntam. Anigye a biakoyɛ no de bae no akowie hu a wohu sɛ biakoyɛ nya no nyɛ mmerɛw. Ɛrehyɛ obiara, sɛ wɔyɛ amammuifo anaa ɔmanfo, ma wɔahu mu amane no bi.

Afe yi mfiase mu no, The European kaa “nkate mu ɔhaw” a ɛwɔ nea anka ɛhɔ yɛ East Germany no ho asɛm. Biako a wɔsan yɛe no mu sikasɛm mu ahokyere ne Komunistfo nhyehyɛe ahorow a asɛe no nti, ɛhɔnom aduruyɛfo rebɔ amanneɛ sɛ nnipa a wonya adwenemyare ne nyarewa a nhyɛso na ɛde ba no dodow akɔ soro.

Oduruyɛfo Gisela Ehle a ɔyɛ adwenemyare oduruyɛfo no ka sɛ “nkate a wonya sɛ hwee nni hɔ a wobetumi ayɛ no te sɛ nsanyare” ne sɛ “obiara a wo ne no kasa no anya adwenemhaw.” Nokwarem no, nnipa no rehyia nsakrae titiriw biara a wonim sɛ ɛma adwenemhaw no bi: “adwuma a wonnya nyɛ, aware mu nsɛnnenenn, nea ɛbɛba daakye a wontumi nhu, sikasɛm mu ahokyere, nnipa ko a wɔyɛ a ɛho aba asɛm, mpɛn pii no, asetra mu dibea kɛse a wɔhwere ne asetra mu atirimpɔw a pii nni.”—The European.

Europa a Wɔka Bom—Ɛyɛ Mmerɛw?

Sɛ Germanfo, nnipa a wɔwɔ abakɔsɛm koro na wɔka kasa koro a wɔsan ka wɔn bom no reyɛ asɛnnennen a, ɛnde na “Europa a enni ahye” a Roma paapa no se wɔnyɛ no nso ɛ? Biakoyɛ a EC no rebɔ mmɔden sɛ wobenya wɔ 1992 mu—aman 12 sikasɛm a ɛsono faako a emu biara anya nkɔso akodu no a wɔka bom, aman 12 a ɛsono ebiara mu nnipa dodow a wonnya adwuma nyɛ ne sɛnea nneɛma bo kɔ soro ntɛmntɛm a wɔka bom—no nya mpo bɛyɛ den.

Ɛda adi sɛ wobenya nkogudifo ne nkonimdifo wɔ 1992 mu. Wɔ EC aguadi nhyehyɛe a emu atrɛw na emu adetɔfo bɛyɛ ɔpepem 320 no mu no, nnwuma bi betumi adi yiye asen afoforo. Nanso adwumawuranom bi se nnwuma a ɛwɔ EC aman mu no mu abiɛsa biara mu abien ho bɛka mu. Bio nso, bere a akwantufo ani begye nkurɔfo nneɛma a wɔhwehwɛ mu wɔ ahye so a wobeyi afi hɔ no ho no, wɔn a wɔhwehwɛ nkurɔfo nneɛma mu wɔ ahye so a wobu akontaa sɛ wɔn dodow bɛyɛ 80,000 wɔ Europa nyinaa no behia nnwuma afoforo.

Paul Wilkinson, a ɔkyerɛ amanaman ntam nsɛm ho ade no, kae yɛn sɛ ɛwom sɛ yɛrehyɛn 1992 mu de, nanso “ɛda so ara yɛ Europa a ɛsono emu aman no mu biara na wɔde wɔn ho,” a emu biara wɔ “n’ankasa kwan a ɛfa so hwɛ ma wodi mmara so” ne “n’ankasa mmara ho dwumadi nhyehyɛe.” Ɔbɔ kɔkɔ sɛ: “Biakoyɛ bɛyɛ nyaa na ɛbɛyɛ ade a ne yɛ yɛ yaw.”

Kasa ho nsɛnnennen, asetra mu gyinapɛn a ɛsonsonoe, ne akwan a egu ahorow a wɔfa so yɛ nnwuma ahorow akyi no, ebia asɛnnennen a ɛsen biara a ɛsɛ sɛ wodi ho dwuma ne ɔman foforo mu nnipa ho adwemmɔne a emfi hɔ ntɛmntɛm no so nkonim a wobedi. Sɛnea kan Germany ɔmampanyin Willy Brandt kae bere bi no:“Afasu a ɛwɔ adwenem no taa kyɛ sen nea wɔde kɔnkret na ato.”

Nanso wɔda so ara rehwɛ nneɛma pa a ɛbɛba no kwan kɛse. Adwuma ho ɔsɛnkyerɛwfo bi kyerɛw sɛ: “Obiara nsusuw sɛ 1992 bɛyɛ mmerɛw, nanso ɛte sɛ nea nneɛma pa bɛba.”

So Ebetumi Aba Ankasa?

Sɛ wotumi nya sikasɛm ne amammui mu biakoyɛ mpo a, so eyi betumi ayɛ nea wobegyina so anya nokware asomdwoe ne ahotɔ a ɛbɛtra hɔ daa? Wiɛ, susuw ho hwɛ: “Ɛwom sɛ amantam 50 a emu biara wɔ ne mmara ne nhyehyɛe ahorow a wɔaka wɔn sikasɛm abom na wɔhyɛ ɔman aban biako bi ase no na ɛyɛ United States of America de, nanso nnipa ɔpepem pii a wonnya adwuma nyɛ da so ara wɔ saa ɔman no mu; aguadi a ɛtaa kɔ fam, ne nneɛma bo a ɛtaa kɔ soro no mma emu sikasɛm nnyina faako. Na sɛnea wɔatumi ayɛ biako wɔ amammui mu no ntumi mmaa ɔman no nkwatii efĩ, nsɛmmɔnedi, nnuru a wɔde di dwuma ɔkwammɔne so, ohia, ne mmusua mu nyiyim mu amanehunu ahorow no ɛ.

Soviet abakɔsɛm ho ɔdenimfo Yuri Afanasyev kaa basabasayɛ a ɛkɔ so wɔ ne man mu no ho asɛm sɛ: “Yɛn man no mu ɔhaw a ɛyɛ kɛse sen biara no fi faako a wɔnhwɛ kwan koraa no: yɛn aman a egu ahorow no mu. . . . Na yesusuw sɛ yɛn ahemman no renhyia ɔhaw ahorow a ɛte sɛɛ; anyɛ yiye koraa no, so yɛanne yɛn ho wɔ yɛn ‘nnipa onuayɛ kuw a ɛtra hɔ daa’ no mu wɔ ɔkwan bi so?”

Ɛda adi sɛ sikasɛm ne amammui mu biakoyɛ no nkutoo ntumi mfa nokware biakoyɛ mma. Sɛ yebenya “nnipa onuayɛ kuw a ɛtra hɔ daa” bi a, yehia biribi a ɛsen saa. Ɛyɛ dɛn?

Akwanhwɛ Ahorow a Ɛwɔ Nnyinaso Pa

Akodi nni faako a nokware biakoyɛ wɔ. Nanso adanse a wontumi nnye ho kyim a ɛkyerɛ sɛ nnipa ntam apaapae a wontumi nyɛ ho hwee no ne nokwasɛm a ɛne sɛ wɔakunkum wɔn ho wɔn ho wɔ akodi ahorow mu mfe mpempem pii ni no. So nnipa nkwa a wɔsɛe no ɔkwan a nyansa nnim so yi begyae da bi?

Yiw, ebegyae. Onyankopɔn atirimpɔw a wada no adi ne sɛ ɔbɛma wiase bi a asomdwoe wom aba. Ɔkwan bɛn so? Ɛdenam akode a obeyi afi hɔ koraa so. Honhom kaa Bible mu odwontofo no ma ɔkyerɛwee sɛ: “Mommra mmɛhwɛ [Yehowa] nnwuma, ɔsɛe ko a wama aba asase so. Ɔma akodi gyae kosi asase ano.”—Dwom 46:8, 9.

Ɔbonsam de abufuw sɔre tia saa ɔsoro nhyehyɛe a wɔnam so bɛma biakoyɛ aba wiase yi. Efi Wiase Ko I no, Bible mu nsɛm yi abam sɛ: “Asase ne ɛpo nnue, efisɛ Ɔbonsam asian aba mo nkyɛn, na wafa abufuw kɛse, efisɛ onim sɛ ne bere a ɔwɔ yɛ tiaa.”—Adiyisɛm 12:12.

Wiase nyinaa biakoyɛ, a nokware asomdwoe ne ahotɔ ka ho no gyina Onyankopɔn a “ɔma akodi gyae” a wɔde biakoyɛ som no no so; ennyina ne tamfo a wɔka ne ho asɛm sɛ “wafa abufuw kɛse, efisɛ onim sɛ ne bere a ɔwɔ yɛ tiaa” no som a ɛde mpaapaemu ba no so. Sɛ wiase nyinaa biakoyɛ ho akwanhwɛ ahorow a yɛwɔ no bɛbam a, ɛsɛ sɛ ɛyɛ nea egyina gye a yegye tom sɛ Onyankopɔn Ahenni no yɛ paara, sɛ ɛyɛ nniso ankasa a ɛredi tumi wɔ soro no so. Ɛnam saa wiase nniso a Onyankopɔn ankasa na ama hokwan yi nkutoo so na wobenya wiase nyinaa biakoyɛ.

Onyankopɔn Ahenni no afi ase resiesie wɔn a wɔde wɔn befi asase so abusua a wɔayɛ biako a wɔde wɔn besi wiase a yenim a emu apaapae na wodi ako no ananmu ase no dedaw. Bible nkɔmhyɛ se: “Nna a edi akyiri no mu no . . . aman pii bɛkɔ akɔka sɛ: Mommra mma yɛnkɔ [Yehowa] bepɔw so nkɔ Yakob Nyankopɔn fi, na ɔnkyerɛ yɛn n’akwan, na yɛnnantew n’atempɔn so: . . . Na wɔde wɔn nkrate abobɔ nsɔw, ne wɔn mpeaw ayeyɛ nnare; ɔman bi remma afoa so nhyɛ ɔman bi, na wɔrensua akodi bio.”—Yesaia 2:2-4.

Ɛnyɛ wiase nhyehyɛe foforo bi a nnipa de bɛba ho asɛm na Bible nkɔmhyɛ yi reka, ɛwom mpo sɛ wɔakyerɛw saa nsɛm a ɛyɛ dɛ yi agu United Nations aguabirim ɔfasu no ho wɔ New York City de. Mmom no, nkɔmhyɛ a ɛfa nnipa pii ntam asomdwoe ne biakoyɛ ho yi yɛ nea ɛrenya mmamu wɔ Yehowa Adansefo a wofi wiase aman bɛboro 200 so no mu. Wotumi hu adanse pefee sɛ wɔrehyehyɛ wiase abusua foforo bi ankasa wɔ wɔn mu.

Yehowa Adansefo wɔ ɔpɛ sɛ wɔde Onyankopɔn Asɛm bɛkyerɛkyerɛ wɔn. Wɔde nneɛma a wosua no redi dwuma, a afotu a ese wɔntra ase asomdwoe mu denam akode a wɔbɛkwati so no nso ka ho. Enti wɔanya amanaman ntam biakoyɛ bi a asase so ahyehyɛde biara nni bi, sɛ wɔyɛ nyamesom, sikasɛm, anaa amammui fam ahyehyɛde bi anaasɛ dabi no. “Wɔn a Wɔpɛ Ahofadi” Nhyiam horow a Yehowa Adansefo yɛɛ no ahohuru bere a atwam yi mu a wɔ Europa Apuei Fam nkutoo no, nnipa bɛboro 370,000 hyiaam wɔ asomdwoe ne biakoayɛ mu no yɛɛ eyi ho nhwɛso ankasa!

Nokwarem no, yɛn mu biara rentumi nhu faako a sikasɛm anaa amammui mu akwanhwɛ ahorow ma 1992 no mmamu bedu. Nanso yebetumi anya akwanhwɛ afoforo bi ho awerɛhyem. Sɛ nhwɛso no, 1992 mu no, wobefi soro akɔ so abu mmere a ɛbɛkɔ akowie Onyankopɔn atemmu a ɔde bɛba Satan wiase so mu no pɛpɛɛpɛ. (Yesaia 55:11; Habakuk 2:3) Saa kwan yi so no, 1992 bɛma bere a aka na Kristofo anokwafo ahyɛn asetra wɔ Wiase Foforo a Onyankopɔn ahyɛ ho bɔ no mu, faako a trenee bɛtra no so atew afe biako.

Yehowa Adansefo to nsa frɛ wɔn a wɔpɛ wiase nyinaa biakoyɛ sɛ wɔnhwehwɛ daakye akwanhwɛ ahorow a egyina Bible so yi mu yiye. Ɛyɛ akwanhwɛ akɛse a ɛbɛbam ampa!

[Kratafa 21 adaka]

Europa Biakoyɛ a Wobenya

1948: Belgium, the Netherlands, ne Luxembourg (Benelux) hyehyɛ aguadi mu towtua ho biakoyɛ kuw bi, na wogyinaa ɛno so hyehyɛɛ sikasɛm mu biakoyɛ kuw bi wɔ 1960 mu na wotwaa nneɛma mu a wɔhwehwɛ wɔ wɔn ahye so no mu wɔ 1970 mu

1951: Wɔde nsa hyɛ Franco-German Coal and Steel Community apam krataa no ase wɔ Paris

1957: Rome Apam no hyehyɛ EC (European Community) no a BELGIUM, FEDERAL REPUBLIC OF GERMANY, FRANCE, ITALY, LUXEMBOURG, ne NETHERLANDS ne aman a wɔhyehyɛe

1959: Austria, Britain, Denmark, Norway, Portugal, Sweden, ne Switzerland hyehyɛ European Free Trade Association no

1973: BRITAIN, DENMARK, ne Ireland kɔka EC no ho

1979: Wɔhyehyɛ European Monetary System (Europa Sika Nhyehyɛe) no; wodi kan tow aba paw Europa Mmarahyɛ Baguafo tẽẽ

1981: Wɔpene so sɛ GREECE bɛka EC aman no ho

1986: PORTUGAL ne SPAIN kɔka EC no ho

Note: EC no mu aman 12 no na wɔakyerɛw wɔn din akɛseakɛse no.

[Kratafa 23 mfonini]

Sɛ wogyae nneɛma a wɔhwehwɛ mu wɔ ahye so no a, nnipa 80,000 behia nnwuma afoforo.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena