So Nsɛm Tebea Ayɛ Yiye Ampa?
“Ebia nnipa pii betumi atra [Berlin] ɔfasu no bere a Apuei ne Atɔe Fam nkitahodi kɔ so yɛ yiye no. Nanso mfe pii, anaa awo ntoatoaso mpo betwam ansa na wɔabubu. Germany aman abien no rennyɛ biako bio da.” Saa na wɔkyerɛwee wɔ Amerika nsɛmma nhoma bi a agye din mu wɔ March 1989 mu.
Anni nnafua 250—ɛnyɛ mfe, anaa awo ntoatoaso mpo—na ɔfasu no fii ase bubui. Nnawɔtwe kakraa bi mu no, na wɔde nea abubu nketenkete no ayɛ nkae ada a adeda nkurɔfo kyerɛw apon so wɔ wiase afanan nyinaa.
NA AWIEI koraa no, Dade Mmɔhɔɔ bi a awe nkanare yiye mu abue, na ama anidaso mu ayɛ den sɛ afei de, wiase nyinaa asomdwoe ne ahotɔ abɛn. Gulf Akodi a esii wɔ Mfinimfini Apuei Fam no mpo ammrɛ anidaso a ɛne sɛ Apuei ne Atɔe Fam ntam akansi a akɔ so bere tenten no aba awiei, na wiase foforo bi abɛn no ase.
Wɔde Akwanhwɛ Afoforo Ka Ho
Efi wiase nyinaa ko a ɛto so abien no so no, ada adi sɛ wɔrebɔ mmɔden aka Europa abom. Wɔ 1951 mu no, Europa Atɔe Fam aman hyehyɛɛ European Coal and Steel Community (Europa Aman a Wɔyɛ Biriw ne Dade ho Adwuma) no. Nea edii eyi akyi bae wɔ 1957 mu ne European Common Market (Europa Aman Nkabom Aguadi) no. Wɔ 1987 mu no, amanaman ntam ahyehyɛde yi mu aman 12 (a mprempren emufo dodow nkabom yɛ ɔpepem 342) no de botae a ɛne sikasɛm mu biakoyɛ korakora a ɛbɛba wɔ 1992 mu sii wɔn anim. Afei de ɛte sɛ nea wobetumi anya amammui mu biakoyɛ koraa mpo. Hwɛ sɛnea eyi yɛ soronko wɔ Europa nnansa yi mfe no mu abakɔsɛm a mogyahwiegu ahyɛ mu ma no ho ma ɛyɛ anigye!
Nanso esiane nsakrae akɛse a aba amammui mu nnansa yi nti, wɔanya adwene sɛ 1992 bɛyɛ afe titiriw. Nsusuwii a ɛne sɛ awiei koraa no, wɔde kan Europa Apuei Fam Komunist aman no bɛba abɛka Europa a wɔayɛ biako no ho no akɔ so ayɛ kɛse.
So Onyankopɔn Gyina Akyi?
Nyamesom akuw bi a wobuu wɔn ani guu afã biara a Kristofo nni ho nnyinasosɛm no so no maa kwan ma nhyɛso a wɔde baa nyamesom so mfe du du pii wɔ Europa Apuei Fam no piapiaa wɔn ma wɔde wɔn ho hyɛɛ amammuisɛm mu denneennen. German atesɛm krataa Frankfurter Allgemeine Zeitung kae sɛ “obiara nnye Kristofo dwumadi a ɛmaa nsakrae ahorow tumi baa Apuei Fam no ho kyim,” na ɛde kaa ho sɛ “nokwarem no, ɛnsɛ sɛ wobu nea wɔyɛe no adewa.” Ɛkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Sɛ nhwɛso no, wɔ Poland no, nyamesom gyinaa ɔman no afã, na asɔre no sɔre tiaa amanyɛ kuw a na ɛredi tumi no denneennen; wɔ GDR [kan East Germany] no, asɔre no maa wɔn a wɔkasa tiaa aban no baabi a wɔbɛyɛ adwuma, na wɔmaa wɔn kwan ma wɔyɛɛ wɔn nhyehyɛe ahorow wɔ asɔre adan mu; wɔ Czechoslovakia no, Kristofo ne demokrasefo hyiae wɔ afiase, wɔn ani gyee wɔn ho wɔn ho ho, na awiei koraa no, wɔyɛɛ nkabom.” Wɔ Romania mpo, faako a “asɔreasɔre no daa wɔn ho adi sɛ Ceauşescu nniso no nkoa anokwafo no,” ɔsɔfo Laszlo Tökes a wɔpɛe sɛ wɔkyere no no na ɛde ɔman anidan no bae.
Vatican no nso de ne ho gyee mu. Time nsɛmma nhoma no kae wɔ December 1989 mu sɛ: “Ɛwom sɛ Gorbachev ho a wamfa anhyɛ wɔn nsɛm mu no na ɛde ahofadi a wonya toatoaa so mpofirim wɔ Europa Apuei Fam asram kakraa a atwam no bae tee de, nanso John Paul na ɔde bere tenten yɛɛ ho adwuma. . . . Wɔ 1980 mfe no mu nyinaa no, kasa ahorow a ɔmae no sii Europa a wɔnam Kristofo gyidi so bɛsan aka abom fi Atlantic kosi Ural mmepɔw ho no so dua denneennen.” Sɛ nhwɛso no, bere a paapa no kɔsraa Czechoslovakia wɔ April 1990 mu no, ɔkaa anidaso a ɔwɔ sɛ ne nsrahwɛ no bebue Apuei Fam ne Atɔe Fam ntam abusuabɔ hokwan afoforo no ho asɛm. Ɔbɔɔ amanneɛ sɛ Europa asɔfo mpanyimfo reyɛ nhyehyɛe ahyiam na wɔakosusuw nea wɔbɛyɛ na ama “Europa a wogyina ɛhɔnom Kristosom so aka abom” ho anidaso a wanya no abam no ho.
So ebia Germany a wɔaka abom wɔ bere a wɔreyɛ nhyehyɛe aka Europa abom no rennyɛ nea ebedi Europa a wɔbɛka abom korakora, ne afei wiase a wɔaka abom no anim aba anaa? So nyamesom ho a ɛde agye asɛm no mu no nkyerɛ sɛ eyi ne nea Bible no ahyɛ ho bɔ anaa? Nokwarem no, esiane sɛ Apuei ne Atɔe Fam nyinaa asɔfo gyina amammui nhyehyɛe bi so reyɛ adwuma na ɛde asomdwoe ne ahotɔ aba nti, so yɛrentumi nhwɛ kwan sɛ eyi bɛbam nnansa yi ara anaa? Momma yɛnhwɛ.
[Asase Mfonini/Mfonini wɔ kratafa 4]
Protestantfo Nikolai Asɔredan a ɛwɔ Leipzig no—amammui mu nsakrae a ɛbaa Germany no ho sɛnkyerɛnne
European Common Market no mu aman