‘Na Ɔfasu No Dwiriw Gui’
“HENA na anka obegye adi?” “M’ansusuw da sɛ anka mehu wɔ m’asetram!” Dɛn na ɛma wɔkaa nsɛm yi? Berlin Ɔfasu a agye dimmɔne ne nea ɛkyerɛ nyinaa a wɔsɛe no fi November 1989 mu no.a Berlin Apuei Famfo piaa wɔn ho kɔɔ Berlin Atɔe Fam, wɔn mu bi bae sɛ wɔbɛka kapitalism mu anigyede ahorow a ne bo yɛ den no ahwɛ, na afoforo nso sɛ wɔne wɔn mmusua bɛsan aka abom.
Saa akwanside a efii hɔ yi buee hokwan kɛse. Nnipa pii tee nka sɛ Europa Apuei Fam renyɛ sɛ kan no bio.
So Ɔko Nwininwini no Aba Awiei?
Nea na ehia sen Berlin Ɔfasu no asehwe ne amammui adwene a na atew Apuei afi Atɔe ho a efii hɔ no. Mpofirim no na ɛkame ayɛ sɛ Ɔko Nwininwini biara nni hɔ. David Hackworth a anka ɔyɛ ɔsraani panyin wɔ U.S. no kyerɛwee wɔ Newsweek mu sɛ: “Ɔko nwininwini no aba awiei. Wɔn a wɔtan komunistfo yiye a wɔyɛ katee no mpo gye tom sɛ aba awiei.”
German atesɛm krataa Stuttgarter Zeitung no ka sɛ NATO (North Atlantic Treaty Organization) mpo yɛɛ nhyiam wɔ London wɔ July 1990 no, wogye toom sɛ Ɔko Nwininwini no aba awiei. The German Tribune no fa Stuttgart atesɛm krataa no mu nsɛm ka wɔ asɛmti “Atlantik Nkabom Kuw Gya Ɔko Nwininwini Bere no Kwan Koraa,” no ase sɛ: “Wɔ mfe 41 a wɔne [Rusia aman] adi ntawntaw akyi no. Nato akannifo 16 no ahwehwɛ ɔkwan foforo a wɔbɛfa so na wɔagya ɔko nwininwini no kwan koraa. . . . Ayɔnkofa besi nitan ananmu. . . .Ahobammɔ ne asomdwoe . . . nnyina sraadi so titiriw bio na mmom nhyehyɛe a ɛremma ɔman bi nya ɔfoforo so tumi agyinatu ne Europafo nyinaa biakoyɛ so.” Afei akodi a ɛsɛe asomdwoe no afi Europa akɔ Mfinimfini Apuei.
Demokrase Wɔ N’asɛnnennen
Demokrase a wɔka sɛ ɛma obiara tumi paw nea ɔpɛ no na aba so foforo wɔ amammuisɛm mu. Ɛkame ayɛ sɛ obiara de ne ho rehyɛ mu. Nanso wobehyia asɛnnennen bi. Apuei ne Atɔe ne ne kapitalism demokrase ntam abusuabɔ a emu yɛ den no nyɛ nea wonya no mmerɛw so. Asiaweek mu samufo asɛm bi kae sɛ: “Aman a wontumi nka sɛ ɛka Rusia aman ho bio no wɔ sikasɛm mu ahokyere mu . . . Demokrase de asɛnnennen nam . . . . Demokrase wɔ nneɛma pa pii, nanso asomdwoe a edi mũ nka ho.” Henanom na wohu nsakrae horow a ɛma wonya nea wɔka ho asɛm sɛ demokrase no ho amane?
Nnipa ɔpepem pii a wɔwɔ Poland, Germany apuei fam ne mmeae afoforo no rehu sɛ mfiase no sikasɛm a aban nkutoo na odi ho dwuma a wɔsakra no na wobue aguadi ho kwan ma obiara no de adwuma a wonnya nyɛ ne ahokyere ba. Bere a mfiri nnwuma bɔ mmɔden yɛ nsiesiei wɔ nnwuma horow mu na anya nkɔanim no, ɛma woyi nnipa pii adi. Ɛka adesamma dwumadi afoforo nso—sraadi ne akodeyɛ adwuma no. Ɔkwan bɛn so?
Bere a sɛnea Apuei ne Atɔe ntam suro na wɔtan wɔn ho wɔn ho no ano abrɛ ase no, na hia a wohia asraafo dɔm pii no ano brɛ ase. Mprempren, ɛsɛ sɛ asraafo ɔpehaha pii ne wɔn mmusua sua sɛnea wɔtra ase te sɛ wɔn a wɔnyɛ asraafo ne mu ahokyere nyinaa. Ebia wɔbɛtew sika a wɔsɛe wɔ ahobammɔ ho no so. Ebia akode a wɔtɔ fi nnwuma a wɔyɛ akode nkyɛn no bɛbrɛ ase, na ebia ebehia sɛ nnwumawuranom no yɛ nnwuma afoforo ka ho. Ebia ɛsɛ sɛ adwumayɛfo tu kɔtra mmeae binom na wosua nnwuma afoforo.
Nsakrae a ɛyɛ nwonwa na ɛhaw adwene wɔ Europa Apuei Fam yi de amanaman ntam tebea foforo aba. Ɔkwan bɛn so na eyinom nyinaa bae?
Nsɛm Atitiriw, a Nsakrae Atitiriw Wom
Nsakrae horow yi mu ade titiriw ne pɛ a Rusia mpɛ sɛ ɛde ne ho bɛhyehyɛ aman afoforo nsɛm mu bio no. Bere a atwam no ntua a Rusia de baa Hungary so (1956) ne Czechoslovakia so (1968) ho suro siw ɔman ɔsesɛw akuw horow a wɔwɔ Europa Apuei Fam no kwan. Nanso osuahu a Poland nyae wɔ 1980 mfe no mu wɔ Nkabom kuw mu nsɛnnennen ho ne demokrase nniso mu a ɔman no kɔe nkakrankakra no daa no adi sɛ asraafo a Rusia ma wɔde wɔn ho hyɛ aman afoforo nsɛm mu no asakra Poland osuahu no kyerɛe sɛ akwan deda Komunist ɔfasu no mu ma enti wobetumi anya asomdwoe nsakrae nkakrankakra, bere a wɔahyia ɔhaw bi. Nanso dɛn na ɛmaa eyi nyinaa yɛɛ yiye?
Sɛnea amammuisɛm mu nkyerɛkyerɛmufo binom kyerɛ no, nsakrae ahorow a ɛbaa Europa Apuei Fam yi nyinaa fi Rusia nniso a ɛhyɛ U.S.S.R. ɔmanpanyin, Mikhail Gorbachev ase no nhyehyɛe pa titiriw. February 1990 mu no, ɔkae sɛ: “Rusia Komunist Amanyɔkuw fii perestroika [Ɔsesɛw foforo a wɔyɛ wɔ ɔman no mu] ase na ɛde n’adwene ne ne nhyehyɛe ato gua. Wogyina eyi so ayɛ nsakrae atitiriw wɔ ɔman no mu a ɛfa asetram biribiara ne nnipa horow nyinaa ho. . . . Perestroika no de nsakrae a ɛba ntɛmntɛm a ne kɛse ne ne fibea da nsow pii aba.”
Asiaweek kae sɛ: “Ɛnnɛ, wɔ ɔhaw ahorow nyinaa akyi no, [Gorbachev] dawurubɔ a ɛfa glasnost (ahofadi a obiara ni adwene wɔ sɛ ɔkyerɛ) ne perestroika (ɔsesɛw foforo no) ho no ahyɛ asesɛwfo a wɔwɔ Hungary, Poland ne Rusia nyinaa no nkuran.” Rusia nsɛmfua atitiriw abien glasnost ne perestroika yi, abɛka wiase no kasa ho fi bere a Gorbachev bedii Rusia so wɔ 1985 mu no. Agyina hɔ ama nniso mu su foforo wɔ Komunist wiase no mu.
Amammuisɛm mu kyerɛkyerɛfo Philippe Marcovici, kyerɛw nsakrae ahorow a aba Czechoslovakia no ho asɛm wɔ Fransefo nsɛmma nhoma Le Quotidien de Paris no mu na ɔkae sɛ ɛno a atumi aba no “fi Moscow, efisɛ asɛm biako da adi pefee na emu da hɔ: Ɛne sɛ Rusiafo no amma ama saa ara kwa; wɔhwɛ hui sɛ te sɛ nnipa afoforo demokrase ahorow no, Czechoslovakia befi nhyɛso mu. . . . Wɔ Prague ne Berlin Apuei Fam nyinaa no, akasatiafo ɔyɛkyerɛ ahorow pii no de nsakrae bae; nnipa a wɔsoaa wɔn ho guu mmɔnten so no hyɛɛ aban mpanyimfo no ma wogyaa nsɛm mu siesiei na wɔkɔe.”
Nea afi mu aba ne sɛ, te sɛ amammui mu Bepɔw St. Helens a emu pae no, demokrase ne fahodi pae wɔ Europa Apuei Fam nsase no nyinaa so wɔ asram kakraa bi pɛ mu—Poland, Germany Apuei Fam, Hungary, Czechoslovakia, Bulgaria, and Romania.
German Biakoyɛ—Nhyira anaasɛ Nnome?
Ɛno ne asemmisa a mprempren nnipa a wɔwɔ Europa no mu pii resusuw ho. German abien no fii ase dii sika koro wɔ July 1990 mu na wɔyɛɛ biako wɔ amammui mu wɔ October mu. Bere a eyi ma nnipa ɔpepem pii di ahurusi no, ɛma pii a wɔwɔ Europa nso suro. Germany apuei famfo binom a na ɛsɛ sɛ wɔsan de wɔn afie ma wɔn a anka ɛyɛ wɔn de wɔ atɔe fam Germany no ka eyinom ho. Wɔ nneɛma bi a na ɛnsen Britaniafo mpanyimfo adwenem nyinaa akyi no, Britaniafo atesɛm krataa bi mu asɛmti bi kae sɛ: “Nea Ɛsɛ Sɛ Yɛyɛ Ara Ne sɛ Yebegye Germany a Wɔawo no Foforo no Adi.”
Esiane ntua a ɛyɛ hu a ɛsɛe nneɛma pii a Napoleon (1812) ne Hitler (1941) de baa Rusia so no nti, wɔ Wiase Nyinaa Ko II akyi no, wɔpɛe sɛ wɔde Europa Apuei Fam bɔ wɔn ho ban. Enti, wɔhyehyɛɛ Europa Apuei Fam Rusia Komunist aman awotwe no wɔ mfe kakraa mu wɔ 1945 mu.b Mprempren Rusia nsuro Germany anaasɛ United States pii bio, na agow nhyɛso denneennen a ɛde baa aman a na kan wɔhyɛ n’ase no mu. Ɛte sɛ nea Nade Mmɔhɔɔ a Churchill kaa ho asɛm wɔ 1946 mu no, anan ma hann pii aba.
Sɛnea Nsakrae Ahorow Yi Betumi Aka Wo
Yɛahu sɛnea nsakrae ahorow yi de nsakrae ahorow aba sikasɛm mu wɔ aman binom so no dedaw—nnwuma afoforo, asetra foforo, ne wɔ ebinom fam no, nnwuma afoforo a ɛsɛ sɛ wosua. Wɔ nnipa afoforo pii fam no ɛbɛkyerɛ adwuma a wɔrennya nyɛ ne ɔbrɛ. Ɛno na ɛwɔ aguadi a wobue hokwan ma obiara no mu—nea ne ho yɛ den no na ɔkɔ so tra ase.
Nea ɛne eyi bɔ abira no, demokrase ama nnipa tumi kɔ baabiara. Na ɛno kyerɛ amanaman ntam nsrahwɛ ahorow. Sɛnea aman afoforo (sɛ nhwɛso no, Spain ne Italy) ahu bɛboro mfe 30 a atwam ni no, aman afoforo a wotu kwan kɔsra hɔ no betumi ama nniso biara sikasɛm adi yiye. Nnipa ɔpepem pii a wɔwɔ Atɔe Fam no ho pere wɔn sɛ wɔbɛkɔ akɔsra Europa Apuei Fam abakɔsɛm mu nkurow a wɔn din ma wɔkae anuonyam a wonyae wɔ tete mmere mu—emu kakraa bi ne Budapest, Prague, Bucharest, Warsaw, ne Leipzig. Nkurɔfo pɛ nso sɛ wɔkɔsrasra Leningrad, Moscow, ne Odessa a biribiara nsiw wɔn kwan. Saa ara na nnipa a wofi Europa Apuei Fam hwehwɛ sɛ wɔkɔsrasra Atɔe Fam. Nokwarem no, amanaman ntam nsrahwɛ tumi yi adwene a ɛnteɛ ne nimdeɛ a wonni no fi hɔ. Sɛnea nsrahwɛfo pii ahu no, sɛ wɔne nkurɔfo a anka wobu wɔn sɛ atamfo tra mpoano biako a, ebetumi ama nitan afi hɔ ntɛm.
Ɔfasu a abu agu no ho biribi foforo wɔ hɔ a nnipa ɔpepem pii ani gye ho—hokwan a wobenya ne wɔn nyamesom mu gyidi mu ayɔnkofo a wɔwɔ aman afoforo so no ahyiam. Eyi betumi ayɛ yiye akosi he? Nyamesom mu nsakrae bɛn na ɛrekɔ so wɔ Europa Apuei Fam? Asɛm a edi hɔ no bebua eyi ne nsemmisa afoforo.
[Ase hɔ nsɛm]
a Germany Apuei famfo na wɔyɛɛ Berlin Ɔfasu a ne tenten yɛ kilomita 47, a ɛyɛ Berlin Apuei ne Atɔe ntam ɔhye no wɔ 1961 mu sɛ wɔde resiw wɔn a woguan kɔ Atɔe fam no kwan.
b Na aman awotwe no ne Czechoslovakia, Hungary, Romania, Bulgaria, Poland, East Germany, Albania, ne Yugoslavia.
[Asase mfoni a ɛwɔ kratafa 5]
(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ no nyinaa a, hwɛ nhoma no mu)
GERMANY
Berlin
YUGOSLAVIA
HUNGARY
POLAND
ROMANIA
CZECHOSLOVAKIA
ALBANIA
BULGARIA
U.S.S.R.