Nkɔanim A Ɛyɛ Nwonwa
YEHOWA ADANSEFO nyɛɛ asiane mmaa aman a wɔte mu no amammui atumfo da, na mprempren wɔahu no saa. Bere a atesɛm krataa Krasnoyarskiy Komsomolets reka ahohuru bere mu nhyiam horow a wɔyɛe wɔ Soviet Union no mu biako ho asɛm no, ɛkae sɛ: “Awiei koraa no, wɔn a wɔde yɛn man no amammui adwene sii hɔ no ahu sɛ Yehowa Adansefo nsɔre ntia ɔmanfo mmara ne nhyehyɛe pa.”
Saa ara na Sovietfo atesɛm krataa Vostochno-Sibirskaya Pravda bɔɔ amanneɛ sɛ: “Esiane sɛ Yehowa Adansefo ahyehyɛde no yɛ nyamesom ahyehyɛde ankasa nti, wɔmfa wɔn ho nhyehyɛ amammui mu ntawntawdi mu, na wɔnhyɛ wɔn ahyehyɛde no mufo nkuran sɛ wonnyina amammui ahyehyɛde bi akyi, na mmom wogyina Bible no tumi ne ne Kyerɛwfo, Yehowa Nyankopɔn no akyi.”
Nkɔso wɔ Mfe a Edi Kan no Mu
Mfe du du pii no, Yehowa Adansefo aka asɛm wɔ Europa Apuei Fam. Ebeduu 1930 mfe no awiei mu hɔ no, na wɔn mu bɛboro mpem abien wɔ Romania, apem wɔ Poland, na ɔhaha pii wɔ Czechoslovakia ne Hungary, na bebree wɔ Yugoslavia dedaw. Ɛwom sɛ na wɔn mu kakraa bi na wɔwɔ Soviet Union a ɛyɛ ɔman a ɛso no mu de, nanso eyi sakrae mpofirim.
Sovietfo nsɛm ho ɔbenfo bi a wɔfrɛ no Walter Kolarz kae wɔ ne nhoma Religion in the Soviet Union no mu sɛ Adansefo afoforo “faa nsase a Soviet Union gye fae wɔ 1939-40 mu, a Yehowa Adansefo kuw nketenkete a wɔyɛ hyew wɔ so no” so baa Rusia. Enti, Adansefo a na wɔte Poland, Czechoslovakia, ne Romania apuei fam hui sɛ wɔatu wɔn mpofirim de wɔn akɔtra Soviet Union, sɛnea yɛbɛka no no!
Germanfo adwumayɛban ne anwonwa kwan foforo a Yehowa Adansefo nam so kɔɔ Soviet Union. Ɔkwan bɛn so? Wɔ Wiase Ko II mu no, wɔde Rusiafo nneduafo ne Germanfo Adansefo mpempem pii koguu adwumayɛban yi mu, Wɔde Germanfo yi koguu adwumayɛban no mu efisɛ wokuraa afã biara a wonni sɛ Kristofo no mu pintinn. (Yohane 17:16; 18:36) Na wɔpɛ sɛ wobehu amane awu mmom sen sɛ wobebu Onyankopɔn mmara so denam Hilter asraafo a wɔbɛyɛ no so, a saayɛ bɛma wɔadi fɔ sɛ wɔakunkum wɔn mfɛfo Kristofo a wɔwɔ aman afoforo mu, anaasɛ wɔakum obi foforo.—1 Yohane 3:10-12.
Enti, Kolarz kyerɛwee sɛ, “Germanfo adwumayɛban no ne ɔkwan biako a Yehowa Adansefo nkrasɛm no nam so baa Rusia, ɛwom sɛ ebia ɛyɛ den sɛ wobegye adi de. Rusiafo nneduafo a na wɔwɔ Germany a wɔn ani gyee ‘Adansefo’ no akokoduru ne sɛnea wogyinaa pintinn no ho, a ebia ɛno nti wɔn ani gyee wɔn nyamekyerɛ ho no na wɔde baa hɔ.” Wɔ Ravensbrũck mmea adwumayɛban no nkutoo mu no, wɔbɔɔ amanneɛ sɛ Rusiafo mmabaa pii gyee Bible nkrasɛm a Yehowa Adansefo bɔɔ no dawuru no toom.
Ɔko no akyi no, Europa Apuei Fam aman mu nneduafo a na wɔabɛyɛ Yehowa Adansefo no san kɔɔ wɔn kurom. Ɛhɔ na wɔde nnamyɛ kyerɛkyerɛe sɛ Onyankopɔn Ahenni tumidi ne asomdwoe a enni awiei ho anidaso biako pɛ. Enti, Adansefo a wɔwɔ Europa Apuei Fam no dodow kɔɔ anim wɔ anwonwa kwan so. Ebeduu 1946 April mu no, na mpem anan ne akyi reka asɛm wɔ Soviet Union, na wɔn dodow yi bu bɔɔ ho ntɛmntɛm. Wɔ September 1946 mu no, Romania Adansefo no yɛɛ nhyiam bi wɔ Bucharest a nnipa 15,000 na wɔbaa ase.
Ɛno akyi pɛɛ no, Ɔko Nwininwini no fii ase, na eyi maa Europa Apuei Fam ne Atɔe Fam ntam akwantu ne nkitahodi gyaee. Afei nso, Europa Apuei Fam atumfo afoforo no fii ase sɔre tiaa Yehowa Adansefo. Awerɛhosɛm ne sɛ wobuu Adansefo no sɛ nnipa a wɔn ho yɛ hu, na wɔde wɔn mu pii guu afiase. Eyi nyinaa akyi no, ebeduu 1951 no, na Adansefo a wɔyɛ nnam 3,705 wɔ Czechoslovakia; 2,583 wɔ Hungary; 617 wɔ Yugoslavia; na 15,000 ne akyi wɔ Poland.
Wɔsɔre Tiaa Wɔn, nanso Wonyaa Nkɔanim Ara
Wɔ 1967 mu no, Maurice Hindus kyerɛw Yehowa Adansefo ho asɛm wɔ ne nhoma The Kremlin’s Human Dilemma no mu. Nea ɔkae no fa Soviet Union ne Europa Apuei Fam mmeae afoforo Adansefo nso ho. “Ɛwom sɛ wɔyɛ wɔn ade wɔ kokoam de, nanso na wokyin hwehwɛ wɔn, na wɔma wɔn afiasenna asotwe a emu yɛ den. Nanso wɔantumi amma wɔannyae wɔn dwumadi no. Sɛ wɔka wɔn hyɛ wɔ baabi a, wokopue wɔ baabi foforo . . . Ɛte sɛ nea wontumi nsɛe wɔn te sɛ Sovietfo polisifo ara pɛ.”
Wɔ 1951 fefɛw bere mu no, asɛm a emu yɛ den too Soviet Union Yehowa Adansefo. Wɔkyeree wɔn a wɔwɔ Soviet Europa aman no mu mpem ason ne akyi, na wɔde wɔn koguu afiase wɔ ɔman no mmeae a ɛwɔ akyirikyiri a Siberia ne Vorkuta a ɛwɔ kusuu fam tɔnn ka ho no mu. Dɛn na efii mu bae?
Kolarz kae sɛ: “Na eyi nkyerɛ ‘Adansefo’ no awiei wɔ Rusia, na mmom mfiase foforo ara kwa wɔ wɔn asɛnka adwuma no mu. Wɔbɔɔ mmɔden mpo sɛ wɔbɛka wɔn gyidi ho asɛm bere a wɔrekɔ nnommumfa mu na wogyinagyinae wɔ keteke gyinabea ahorow no. Wɔ twa a Rusia Aban twaa wɔn asu no mu no, ɛboaa wɔn ma wɔkaa wɔn gyidi no ho asɛm kɛse mmom. Woyii ‘Adansefo’ no fii wɔn akuraa a atew ne ho no ase baa wiase a ɛtrɛw mu, sɛ na eyi yɛ wiase a emu yɛ yaw a ɛyɛ adwumayɛban ne nkoayɛ mu mpo a.”
Afiase Mu ne Akyi
Te sɛ nea afeha a edi kan no mu Kristofo kɔɔ so kaa asɛm a wɔannyae bere a wɔretaa wɔn no, saa ara na Yehowa Adansefo yɛe wɔ Soviet Union. (Asomafo no Nnwuma 5:42) Helene Celmina, Latviani bi a wose wadi nsɛmmɔne nti wɔde no too afiase no ka sɛ na nneduafo bɛyɛ 350 na wɔwɔ Potma adwumayɛban a wɔde no too afiase wɔ hɔ fi 1962 kosi 1966 mu no mu. Ose: “Na wɔn mu bɛyɛ fã yɛ Yehowa Adansefo.” Celmina kyerɛw nea ohui wɔ adwumayɛban no mu ho asɛm wɔ ne nhoma Women in Soviet Prisons no mu sɛ:
“Na wɔnam kokoam ne akwan a wɔayɛ ho nhyehyɛe yiye so de nhoma a efi Brooklyn ba hɔ daa, na ɛnsɛee, na ná ɛdɔɔso bebree . . . Na obiara ntumi nte sɛnea wotumi de nhoma a wɔabara—a efi United States nso—tumi ba asase a wɔde dade hama agye ho, na wontumi ne nnipa nni nkitaho kɛse no so! Ɔwɛn-Aban nsɛmma nhoma no kakraa bi a wɔwɔ wɔ wɔn adan mu nti, wɔde Yehowa Adansefo pii too afiase mfe du sɛ wɔmma wɔnyɛ adwumaden. Esiane sɛ na wɔkyere nnipa wɔ nhoma yi a wokura ho nti, wotumi te aban no dadwen ne abasamtu wɔ nhoma yi a na wɔde ba adwumayɛban no mu no ase.”
Yehowa mmoa nti, biribiara antumi ansiw honhom fam aduan yi a wɔkyekyɛe no kwan! Celmina kae sɛ: “Obiara ntumi nhuu ɔkwan a na [Ɔwɛn-Aban] no fa so ba adwumayɛban no mu no. Anyɛ yiye koraa no, sɛ wobu wɔn fɔ a, woyi ɔdeduani biara ho ntade nyinaa na wɔhwehwɛ ne ho nyinaa. Sɛ wodu adwumayɛban no mu a, wɔsan hwehwɛ ɔdeduani biara ho nyinaa, wɔhwehwɛ no yiye. Wɔhwehwɛ bag ahorow mu hwɛ sɛ ase no yɛ abien anaa. Wɔmma ɔhɔho biara mma adwumayɛban no mu kɛkɛ. Sɛ wobue nneduafo no fi adwumayɛban no mu sɛ wɔnkɔyɛ adwuma wɔ mfuw mu a, awɛmfo a wokura akode twa wɔn ho hyia, na wɔmmma obiara mmɛn wɔn. Sɛ wɔsan ba adwumayɛban no mu anwummere a, wɔhwehwɛ ɔdeduani biara ho nyinaa. Nanso, wɔn ho a na wɔhwehwɛ saa yi nyinaa akyi no, Brooklyn nhoma no bedu n’akenkanfo nkyɛn.”
Bere koro no ara mu no, Kristofo a wɔyɛ den a na wɔmfaa wɔn ntoo afiase wɔ Soviet Union no bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛtoa wɔn baguam asɛnka ne ɔkyerɛkyerɛ dwumadi no so. Nea edi eyi ho adanse ne nhoma ne sini ahorow a wɔyɛe de bɔɔ mmɔden sɛ wɔde besiw wɔn som adwuma no ano no. Sɛ nhwɛso no, wotintim nhoma Truths About Jehovah’s Witnesses wɔ 1978 mu sɛ “wɔde Onyankopɔn a onni hɔ ho nkyerɛkyerɛ bɛma wɔ ɔsom ahyehyɛde yi mufo mu,” sɛnea wɔkyerɛkyerɛɛ mu wɔ nhoma no nnianim asɛm no mu no.
Nsɛm a nhoma no kyerɛwfo V. V. Konik daa no adi no bi ne sɛ Yehowa Adansefo taa ma baguam ɔkasa ahorow wɔ wɔn ayi ne ayeforohyia ase. Ɔkyerɛwee sɛ: “Sɛ nhwɛso no, wɔ August 1973 mu no, ahyehyɛde no mufo baanu waree wɔ Krasnaya Polyana, wɔ Krasnodarskiy mantam mu, na nnipa bɛyɛ 500 kɔe. Asɛnkafo baasia maa ɔkasa ahorow kyerɛɛ wɔn, na wɔkasa guu akasam abien mu. Afei wɔyɛɛ drama bi de kyerɛɛ sɛnea Yehowa Adansefo ne asɔre afoforo mufo ne wɔn a wonnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ no bɔ nkɔmmɔ.”
Yiw, wɔ wɔn adwuma a wɔbarae no nyinaa akyi no, Yehowa Adansefo kɔɔ so de nnamyɛ kaa Onyankopɔn Ahenni no ho asɛmpa de dii Kristo nkɔmhyɛ mu ahyɛde no so. (Mateo 24:14) Awiei koraa no, wɔ May ne June 1989 mu no, wogyee Yehowa Adansefo toom wɔ mmara mu wɔ Poland ne Hungary, wɔ Romania wɔ April 1991 mu, wɔ Soviet Union wɔ March 1991 mu, ne wɔ Bulgaria wɔ July 1991 mu. Na wɔyɛ wɔn adwuma no wɔ Czechoslovakia nso a wonsiw wɔn kwan.
Nhyiamfo a Wɔwɔ Anigye
Nsɛm a esisii yi a wɔama woahu no nti, ebia wobɛte nea enti a nhyiamfo ɔpedudu pii a wɔkɔɔ Europa Apuei Fam nhyiam horow no dii ahurusi—wosui, wɔyɛɛ wɔn ho atuu, wɔbɔɔ wɔn nsam, wohinhim wɔn nsa wɔ agumadibea ahorow no mu kyerɛɛ wɔn ho wɔn ho no ase.
Wɔtoo Budapest, Prague, ne Zagreb nhyiam no din sɛ “amanaman ntam nhyiam horow,” na wɔyɛɛ nhyehyɛe soronko bi sɛ wɔbɛma nhyiamfo ɔpedudu pii a wofi aman afoforo so bae no dabere. Wɔ Soviet Union no, wɔyɛɛ nhyiam horow wɔ nkuropɔn ason mu na nnipa 74,252 na wɔbae; nnipa 131,554 na wɔbaa Poland nhyiam horow 12 no ase; na 34,498 kɔɔ nhyiam 8 a wɔyɛe wɔ Romania no ase. Ɛwom sɛ Yehowa Adansefo antumi anyɛ nhyiam wɔ Bulgaria de, nanso bɛyɛ ahasa traa ɔhye no kɔɔ Thessalonica, Greece, kotiee dwumadi no wɔ wɔn ankasa kasa mu wɔ hɔ.
Na ɛnyɛ mmerɛw sɛ Europa Apuei Fam Adansefo no besiesie wɔn ho agye nhyiamfo mpempem pii sɛ ahɔho. Susuw ho hwɛ: Na wɔnyɛɛ nhyiam a ɛte saa da wɔ Soviet Union! Na ahɔho mpempem pii a wogye wɔn ani, te sɛ nea Adansefo no yɛe wɔ Budapest ne Prague no, yɛ adwuma kɛse. Afei nso, susuw nhyiam a wɔyɛe wɔ Zagreb bere a na ɔmanko reyɛ asi hɔ na wɔte sɛ wɔtotow atopae no ho!
Akyinnye biara nni ho sɛ w’ani begye sɛ wobɛkenkan nhyiam horow yi ho amanneɛbɔ a edi so yi.
[Asase mfonini a ɛwɔ kratafa 7]
(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ no nyinaa a, hwɛ nhoma no mu)
NKUROW A WƆYƐƐ AMANAMAN NTAM NHYIAM ABIƐSA WOM NO NE NKUROW A WƆYƐƐ NHYIAM ASON WOM WƆ SOVIET UINON
SOVIET UNION
TALLINN
KIEV
LVOV
CHERNOVTSY
ODESSA
POLAND
GERMANY
CZECHOSLOVAKIA
PRAGUE
AUSTRIA
HUNGARY
BUDAPEST
ROMANIA
YUGOSLAVIA
ZAGREB
BULGARIA
ALBANIA
ITALY
GREECE
TURKEY
[Asase mfonini]
SOVIET UNION
ALMA-ATA
USOLYE-SIBIRSKOYE