Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g92 4/8 kr. 8-17
  • Wɔn Ho Dwiriw Wɔn Wɔ Nea Wohui No Ho

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wɔn Ho Dwiriw Wɔn Wɔ Nea Wohui No Ho
  • Nyan!—1992
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɛyɛɛ Ɔmanfo Nwonwa
  • Amanaman Ntam Onuayɛ
  • Nneɛma a Wosiesiei
  • Nhyiamfo no Hwɛ
  • Mmɔden a Wɔbɔe sɛ Wɔbɛkɔ
  • Asubɔ ne Nhoma Afoforo
  • Ahofadi a Wɔde Bedi Dwuma wɔ Ɔkwan Pa So
  • Wodii Ahurusi Wɔ Europa Apuei Fam
    Nyan!—1992
  • Biakoyɛ a Ɛma Wiase no Ho Dwiriw No
    Nyan!—1994
  • “Yɛnka Kasa Koro De, Nanso Ɔdɔ Ama Yɛayɛ Biako”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
  • Yehowa Adansefo Amanaman Ntam Nhyiam A Edi Kan Wɔ Russia
    Nyan!—1993
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1992
g92 4/8 kr. 8-17

Wɔn Ho Dwiriw Wɔn Wɔ Nea Wohui No Ho

WƆ AHOHURU bere a etwaam no mu wɔ Europa Apuei Fam mmeae pii ne Kazakhstan ne Siberia a ɛwɔ akyirikyiri no, wohuu Yehowa Adansefo wɔ akwan a wohuu wɔn saa da so so. Ɔman no mufo ne ahɔho a wɔbaa nhyiam horow wɔ saa mmeae no ani gyei, yiw, nea wohui no maa wɔn ho dwiriw wɔn mpo.

Wɔka kyerɛɛ nhyiamfo a wɔkɔɔ Zagreb no mpɛn pii sɛ: “Yɛansusuw sɛ mobɛba!” Na nsrahwɛfo afoforo pii atwa wɔn akwantu ho nhyehyɛe horow mu—nanso Yehowa Adansefo anyɛ saa. The Times a wotintim wɔ London kaa nhyiam no ho asɛm sɛ: “Nokwarem no, ɛne nhyiam a edi kan a Yehowa Adansefo ayɛ wɔ ɔman bi a emufo atwa wɔn ho ko mu.”

Polisifo na wɔn ho dwiriw wɔn titiriw. Obiako a ɔwɔ Zagreb kae sɛ: “Ɛbɛyɛ papa sɛ yɛbɛma nsɛm ho amanneɛbɔfo ahu nea ɛrekɔ so wɔ agumadibea yi mu, wɔ ha pɛɛ, a yehu sɛ Serbiafo, Croatfo, Sloveniafo, Montenegrifo, ne afoforo te bɛn wɔn ho wɔn ho wɔ asomdwoe mu.”

Wɔ Budapest no, wɔka kyerɛɛ polisini bi sɛ ɔmfa Adansefo a wɔahyiam wɔ agumadibea kɛse no mu ntoto nnipadɔm a wɔbɛhwɛ bɔɔl wɔ hɔ daa no ho. Ɔserewee, ɔhwɛɛ soro na ɔkae sɛ: “Nsonsonoe no te sɛ ɔkwan a ɛda ɔsoro ne asase ntam.”

“Wokyerɛ dɛn?”

Obuae sɛ: “Wiɛ, wode hwɛ. Obiara nnom sigaret, nwura nni baabiara, na nnipa no apɔw. Wɔyɛ nea woka kyerɛ wɔn sɛ wɔnyɛ no.”

Wɔ Kiev, Ukraine ahenkurow no mu no, nnipa 14,654 hyiaam wɔ Dynamo Agumadibea, wɔn mu kakraa bi na wutumi hu wɔ nsɛmma nhoma yi anim no. Ɛhɔnom Ɔdansefo bi bisaa polisini panyin bi sɛ na ɛsɛ sɛ ne polisifo no yɛ adwuma denneennen bere a na wɔreyɛ nhyiam no anaa. “Dabi, bere foforo no, yɛde polisifo baanu pɛ bɛbrɛ mo.”

Obisae sɛ: “Dɛn ntia?”

Ɔde fɛw buae sɛ: “Sɛ obiako da a, ɔfoforo no betumi ahwɛ no so.”

Ɛyɛɛ Ɔmanfo Nwonwa

Pesti Hírlap, Budapest atesɛm krataa bi bɔɔ amanneɛ sɛ: “Nnipa 40,000 ne akyi dii dapɛn yi awiei wɔ Népstadion. Wɔannyaw krataa biara, brodo mporoporowa, ne sigaret asinasin biara wɔ hɔ.” Fehérvár Hírlap, kuropɔn foforo mu atesɛm krataa kae sɛ: “Akyinnye biara nni ho sɛ wɔn a wɔfom kwan kɔɔ Népstadion wɔ July 26 ne 28 ntam no ho dwiriw wɔn yiye. . . . Wotumi huu Kristofo abrabɔ ne asetra kwan ho nhwɛso a wɔntaa nhu.”

Dapɛn no awiei no, osu kɛse tɔe wɔ Budapest; ɛtɔɔ kɛse yiye. Nanso amma Adansefo no annyae ba. Wɔtee sɛ polisini bi ka sɛ: “Ɛyɛ nwonwa! Ɛkyere adwene! Wɔkɔ so ba . . . Biribiara ntumi nsiw wɔn kwan.” Dwoda no, atesɛm krataa biako de “Mpaebɔ wɔ Nsu Mu” yɛɛ n’asɛmti, na ɔfaa nhyiamfo no nsɛm kae sɛ: “Nsu no hohoro yɛn ho, ɛmmfa yɛnnkɔ!”

Wɔ Lvov, faako a nnipa 17,531 hyiaam wɔ Central Ukraine Agumadibea no, polisifo bi ka kyerɛɛ Ɔdansefo bi sɛ: “Ɔmanfo adeyɛ biara a nnipa bebree ba ase no, yehia polisifo ɔhaha pii. Yɛmaa du baa mo nhyiam no ase, na na wɔn ho nhia ankasa.”

Afei, polisifo panyin no reda sɛnea n’ani agye nhyiam no ho adi no, ɔkae sɛ: “Mobɔ mmɔden yiye wɔ afoforo a mokyerɛ wɔn nea ɛyɛ papa no mu, moka Onyankopɔn ho asɛm, na monyɛ basabasa. Na yɛresusuw nea enti a yɛtaa mo no ho, na yɛde baa awiei sɛ yɛantie mo, na yennim mo ho hwee.”

Sovietfo atesɛm krataa Leninskiy Put’ sɛnkyerɛwfo bi kɔɔ nhyiam no ase wɔ Usolye-Sibirskoye wɔ Siberia akyi no, ɔkyerɛwee sɛ: “Na ɛyɛ nwonwa sɛ wubehu obu ne sɛnea wotumi hu afoforo ahiade di ho dwuma, a na Yehowa nkoa yi adi kyerɛ wɔn ho wɔn ho no. Me werɛ remfi nsɛm a wɔkae wɔ nhyiam no ase da: ‘Nwia ade! Nni atoro! Mmow nsa! Yɛ nsi! Boa wo yɔnko!’ Eyinom ne nnyinasosɛm ahorow a ɛsɛ sɛ nnipa nyinaa bɔ mmɔden sɛ wɔde bedi dwuma. Nanso yɛn werɛ taa fi.

“Nea ɛyɛ anigye nso ne nidɔ a woyii adi kyerɛɛ afoforo no, ɔpɛ a wɔwɔ sɛ wɔde mmoa bɛma. Ɔbea bi de atesɛm krataa maa yɛn na amma yɛantra akongua a ɛso ayɛ fi so. Bere a osu fii ase tɔe no, ababaa bi a ɔte bɛn me no serew de n’akatawia maa me, na ɔbarima bi a ɔte bɛn yɛn twee abarimaa bi a wɔafɔw hyɛɛ n’akatawia ase. . . .

“Na nhyiam no ase tebea ankasa ma obi ho tɔ no kakra wɔ ɔkwan bi so, ɔpɔw, na onya nidi kɛse. Na ɛyɛ den sɛ woremfa serew nhyia ayamye a ahɔho yii adi kyerɛe no . . . Yefii agumadibea no mu no na yɛte nka sɛ yɛn ho atew, yɛakohu biribi a ɛyɛ fɛ.”

Nnipa 2,000 ne akyi a wofi Moscow ne nnipa bɛyɛ 4,500 a wofi Caucasus na wɔkɔɔ nhyiam no wɔ Kiev. Wɔde amanneɛbɔ pon kosii wimhyɛn gyinabea hɔ, na wɔde Bible nhoma guu so. Nnipa pii bisaa nsɛm a wɔde ayamye ne obu buae. Anwummere bi ɔbarima bi baa hɔ bɛkae sɛ: “Mede bere tenten ahwɛ mo. Me ho adwiriw me wɔ ayamye a mode ka Ahenni no ho asɛm kyerɛɛ nkurɔfo no ho. Mesrɛ mo sɛ momma memfa nhwiren yi mma mo sɛ akyɛde wɔ mo adwuma pa no ho.”

Bere a wɔrebɔ asu wɔ nhyiam no ase wɔ Usolye-Sibirskoye no, sɛnkyerɛwfo bi ani gyei bere a ohui sɛ Rusiafo bi reyɛ Buryatni bi a wɔabɔ no asu foforo atuu na wɔrema no mo no. Ɛwom sɛ wonkura aman afoforo ho adwene a ɛnteɛ wɔ Siberia de, nanso Rusiafo ne saa nnipa no ntaa mfa nnamfo. Sɛnkyerɛwfo no bisae sɛ: “Moyɛɛ dɛn tumi dii amanaman ntam akwanside ahorow yi so?”

Wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Ɛdenam Bible nnyinasosɛm a ese ‘dɔ wo yɔnko sɛ wo ho’ a yɛde di dwuma no so.”

Amanaman Ntam Onuayɛ

Nea na ɛyɛ anigye yiye wɔ amanaman ntam nhyiam abiɛsa no titiriw ase ne nhyiamfo a wofi wiase nyinaa no ntam nkitahodi a ɔdɔ wom no. Nsrahwɛfo a wofi aman 35 mu, a na wɔn mu dodow no ara fi Poland ne Germany no na wɔkɔɔ Budapest, nanso nnipa pii nso fi mmeae afoforo pii kɔe, a nnipa 500 a wofi Soviet Union nso ka ho. Nhyiamfo a wofi aman 39 mu na wɔkɔɔ Prague, na 26,000 ne akyi a wofi Germany, bɛyɛ 13,000 a wofi Poland, ne 900 ne akyi a wofi Italy, 819 a wofi Netherlands, 746 a wofi Sweden ne 743 a wofi Japan ka ho. Nsrahwɛfo a wofi aman 15 mu na wɔkɔɔ Zagreb wɔ ɔmanko ho hu nyinaa akyi.

Wɔ amanaman ntam nhyiam no biara ase no, wɔyɛɛ asɛnka agua ahorow a ani hwɛ agumadibea no afã ahorow wɔ agumadibea no mu. Wofi asɛnka agua yi so de dwumadi mu no nyinaa mae wɔ bere koro mu wɔ kasa horow abiɛsa mu. Wɔ Budapest no, na kasa horow no ne Hungary, Poland, ne German kasa; wɔ Prague no, wɔde mae wɔ Czech/Slovak, Poland, ne German kasa mu; na wɔ Zagreb no, na ɛyɛ Croatia/Serbia, Slovenia, ne Italia kasa mu. Wɔ Bible drama a ɛde nkyerɛkyerɛ ma, a na egyina Esra a ɔtraa ase wɔ tete ne n’ahokafo osuahu ahorow so no mu no, nhyiamfo a wɔka kasa horow no tumi hwɛɛ drama no wɔ mmeae a kuw a wɔka kasa horow abiɛsa no te no fã biara a wɔpaw sɛ wɔbɛtra no.

Sodikuw no mufo maa nhyiam horow no ase ɔkasa atitiriw no mu pii bere koro mu wɔ Engiresi kasa mu. Eyinom mu biara kasa fii asɛnka agua abiɛsa no mu biako so. Nokwarem no, wɔkyerɛɛ ɔkasa horow yi ase maa akuw a wɔka kasa atitiriw abiɛsa yi no, na wɔ Budapest ne Prague no, wɔkyerɛɛ ase kɔɔ kasa afoforo pii nso mu.

Nsɛm asekyerɛfo ma akuw a wɔka kasa horow yi mu biara gyinaa agumadibea no mu wɔ kuw a ɛka saa kasa no anim tee. Na akasam a wɔadan ani akyerɛ kuw pɔtee bi so no ma obi tumi te n’ankasa kasa a kasa ahorow a wɔrekyerɛ ase wɔ mmeae afoforo no anhaw no kɛse. Sɛ nhwɛso no, wɔ Budapest no, wɔkyerɛɛ ɔkasa ahorow a Sodikuw no mufo mae no ase kɔɔ Holland, Finland, Franse, Greek, Italia, Japan, Norway, Spain ne Sweden kasa mu de kaa kasa atitiriw a ɛne Hungary, Poland, ne German no ho.

Wɔ amanaman ntam nhyiam no biara ase no, Sodikuw no mufo baasa na wɔmaa ɔkasa a etwa to a ɛkanyan nnipa no. Na asɛnnennen no ne sɛ wɔn nyinaa bewie wɔn ɔkasa no wɔ bere koro mu sɛnea wobetumi. Ɛno akyi no, aman pii mufo boom too dwom, na awiei koraa no, wɔde koma koro bɔɔ mpae a emu yɛ den de daa Yehowa Nyankopɔn ase wɔ sɛnea ɔmaa nhyiam horow a ɛyɛ anigye yi baa awiei asomdwoe mu no ho.

Bere a wɔkaa “Amen!” de wiei no, na obiara mpɛ sɛ ofi hɔ kɔ. Na nusu nenam nnipa mpempem pii ani ase. Wɔ agumadibea kɛse no mu no, wohinhim dukuu ne akatawia kyerɛɛ wɔn ho wɔn ho ne wɔn nnamfo a wɔdɔ wɔn a wɔakura wɔn mudi mu ama Onyankopɔn wɔ mfe pii a wɔde baraa wɔn na wɔde daa afiase no mu de dii ntetewmu. Wɔ Prague no, nnamfo pii traa hɔ bɛboro dɔnhwerew biako, wɔtoo nnwom na wonyaa fekubɔ mu anigye.

Egyee mmɔdenbɔ ansa na wotumi yɛɛ nhyiam yi wiei wɔ asomdwoe kɛse mu. Ɛnyɛ sɛ Yehowa Adansefo de nnɔnhwerew ɔpehaha pii siesiee wɔn ho bae nko, na mmom nso wɔde dii nneɛma a ɛho hia a na ɛbɛma wɔatumi ayɛ nhyiam yi awie wɔ asomdwoe mu ho dwuma.

Nneɛma a Wosiesiei

Na Prague Strahov Agumadibea kɛse, a nnipa pii nhyiam wɔ hɔ bio mfe pii ni no asɛe yiye a ɛsɛ sɛ wosiesie. Na nkongua a wobetumi atra so 55,000 pɛ na ɛwɔ hɔ, na na esua ma nnipa dodow a na wɔhwɛ kwan sɛ wɔbɛba ahohuru bere no mu nhyiam kɛse a ɛsen biara a wɔbɛyɛ wɔ Europa Apuei Fam no. Enti wokonyaa afiri a wɔde pa dua so a asɛe, wosiesiee no, na wɔde yɛɛ benkyi a sɛ wɔde toatoam mu a, ne tenten bɛyɛ kilomita 18 maa nnipa afoforo bɛyɛ 30,000.

Nokwarem no, benkyi a wɔyɛe no yɛ adwuma no fã bi kɛkɛ. Na ehia nso sɛ wɔde nnuru ka ho, wosiesie mu, wɔdɔw na wosiesie ɛho ne emu nyinaa. Awiei koraa no, wɔde nkuku 8,300 a nhwiren 33,200 ne nnua 1,357 sisi mu siesiee agumadibea no mu. Ɛtɔ mmere bi a, adwumayɛfo apem ba. Sɛ wɔka ne nyinaa bom a, wɔn a wotu wɔn ho mae a wofi Yehowa Adansefo asafo ahorow 260 mu de nnɔnhwerew bɛboro 66,000 yɛɛ adwuma.

Wɔyɛɛ adwuma a ɛte saa ara de siesie agumadibea ahorow mu wɔ Budapest, Zagreb, ne nkuropɔn afoforo mu. Wɔn a wotuu wɔn ho mae bɛyɛ 4,000 de nnɔnhwerew bɛboro 40,000 yɛɛ adwuma wɔ nhyiambea hɔ wɔ Lvov. Wobuu wɔn adwuma no sɛ sika a wotuaa wɔ agumadibea no ho. Wosiesiee agumadibea no mu benkyi nyinaa na wɔkaa ho nnuru, na wosiesiee tiafi no nyinaa yɛɛ no yiye. Afei nso wosii ntayaa ahomegye dan bi a ne tenten yɛ mita 33. Saa ara na wɔ Usolye-Sibirskoye Khimik Agumadibea no, wotuu tiafi 52 kaa ho na wɔakɔ so bere a wɔreyɛ nhyiam no.

Lvov Agumadibea no mfiridwumayɛfo panyin no kae sɛ: “Wɔ m’asetra nyinaa mu no, minhuu nnipa a wɔn ho yɛ nwonwa sɛɛ da. Moreyɛ adwuma sɛ abusua kɛse biako. Mintumi nte ase, nanso adwuma a wɔne mo yɛ yɛ anigye yiye.” Agumadibea no so ahwɛfo kyerɛw asɛm bi a wɔdaa Adansefo no ase wom wɔ “wɔn ho a wɔde ma de yɛ adwuma, ne wɔn su pa ahorow ne asɛyɛde ho dwuma a wodi no” ho. Asɛm no wiei sɛ: “Yegye di sɛ mo nhyiam no bɛba awiei asomdwoe mu wɔ Lvov.”

Wɔ Kiev no, na ehia sɛ wosiesie baabi a wɔbɛnoa nnuan no. Wɔde nnanu wiee adwuma no. Agumadibea no adwumayɛfo baanu bɛhwɛɛ “anwonwade” no, na obiako ka kyerɛ ɔfoforo no sɛ: “Wɔde nnanu awie adwuma a egye yɛn nkurɔfo no asram asia ansa na wɔayɛ awie.” Nsu so agodi kuw no titrani ka kyerɛɛ nhyiam no sohwɛfo sɛ: “Moama agumadibea no asakra kɛse ma yentumi nhu bio.”

Kiev Agumadibea no adwumayɛfo de anisɔ kyerɛwee sɛ: “Yehowa Adansefo nhyiam no nhyehyɛe no ama yɛanya anigye wɔ yɛn komam. . . . Te sɛnea fefɛw bere mu nsuwansuwa ka bom yɛ asuten a eyiri no, saa ara na Yehowa Adansefo nketewa ne akɛse abom resen yuu aba wɔn apontow ase. Eyi fata nkamfo. Bere a edi kan a yɛahu eyi ni. Yɛda mo ase sɛ mode mo nhwɛso no akyerɛ yɛn biribi.”

Nhyiamfo no Hwɛ

Na nnwuma a ɛso sen biara no mu biako ne dabere ho nhyehyɛe a wɔbɛyɛ ama nsrahwɛfo mpempem pii no. Aman no mu Adansefo maa nhyiamfo no bɛdaa wɔn afie. Wɔ Prague nhyiam no ase no, Czechoslovakia Adansefo no maa nnipa 6,280 a wofi Poland no dabere wɔ wɔn ankasa afie. Wɔ Budapest no, nhyiamfo 2,203 traa nnipa ankorankoro afie mu. Na Adansefo 278 a wɔwɔ Kiev no maa nsrahwɛfo bɛyɛ 750 kosi 800 dabere.

Afei nso, wɔde sukuu ne mmeae a wɔteɛteɛ wɔn apɔw mu wɔ Budapest ne Prague yɛɛ dabere. Wɔde sukuu bɛboro 40 yɛɛ dabere maa nnipa 7,930. Wɔ Prague no, nnipa 12,530 dedaa sukuu ne mmeae a wɔteɛteɛ apɔw mu wɔ hɔ mu. Wɔkɔtɔɔ mattress a mframa wom mpempem pii ma wɔdedaa so wɔ mmeae yi. Nnipa 29,000 ne akyi a wɔbaa Prague nhyiam no traa sukuu adan mu, na wɔde mpempem pii nso traa ahɔhodan mu.

Wɔ nhyiam horow no bi ase no, wɔhyɛɛ nhyehyɛe ma nhyiamfo no dedaa keteke a ɛde wɔn bae no mu. Adansefo bɛyɛ mpem abien a wofi Zakarpatskaya Oblast de keteke adan yɛɛ wɔn dabere wɔ Kiev. Afoforo a wofi Caucasus baa Kiev no yɛɛ saa ara. Saa ara nso na Lithuania Adansefo a wɔkɔɔ Tallinn, Estonia, nhyiam no dedaa keteke a ɛde wɔn kɔe no mu.

Nhyiamfo no kodui akyi mpo no, wɔn a wɔkosoɛ wɔn a wosusuw nnipa ho no hwɛɛ wɔn wɔ akwan pii so. Sɛ nhwɛso no, wɔyɛɛ nhyehyɛe wɔ Prague ma wɔde bɔs 40 faa kwan a na bɔs biako pɛ na ɛtaa fa so no so. Bio nso, esiane sɛ wodii kan kotuaa wɔn sika no nti, nhyiamfo no traa aban mfiri ahorow mu kwa de kɔɔ nhyiam no ase anɔpa de san kɔɔ fie anwummere denam wɔn badge a wɔde kyerɛe kɛkɛ no so. Wɔ Soviet Union no, wofi ayamye mu de polisifokar abien kaa bɔs 11 a na efi Angarsk rekɔ nhyiam no ho, na biako di anim na biako nso di wɔn akyi!

Mmɔden a Wɔbɔe sɛ Wɔbɛkɔ

Nhyiamfo a wɔkɔɔ Soviet nhyiam ahorow bi tuaa sika pii de twaa kwan atenten. Ebinom siee sika afe mu no nyinaa de tuaa wɔn akwantu no ho ka. Nhyiamfo bi fi Pasifik Po no ano hyɛn gyinabea kurow a ɛne Vladivostok mu tɔnn twaa kwan bɛboro kilomita 3,200 baa Usolye-Sibirskoye. Na nhyiamfo afoforo dumien nso fi Sakhalin supɔw so wɔ Japan Pasifik Po no kusuu fam. Na wɔn mu biako yɛ abarimaa bi a wadi mfe 20 a mmarimaa afoforo basaa a ɔne wɔn yɛ Bible adesua ka ne ho.

Obi a ɔka bɔs a ofi Sayanogorsk, a na ɔpɛ sɛ wɔbɔ no asu wɔ Usolye, bisaa n’adwumawura mpɛn pii sɛ ɔmma no nna kakraa bi ma ɔmfa nkɔ nhyiam no, nanso n’adwumawura no ampɛ sɛ ɔma ɔkɔ. Ɔbarima no baa Abakan kurom begyee Sovietfo krataa a wɔkyerɛw no afe a etwam no March 27, a egye Yehowa Adansefo tom sɛ ɔsom ahyehyɛde no bi. Wɔ krataa no a n’adwumawura no hui nyinaa akyi no, wampene so ara sɛ ɔbɛma wakɔ. Da a ɔbarima no rebɛkɔ nhyiam no anɔpa, bere wabɔ mpae a emu yɛ den akyi no, ɔsan srɛɛ kwan bio na awiei koraa no, ɔmaa no kwan sɛ ɔnkɔ.

Asubɔ ne Nhoma Afoforo

Na asubɔ no yɛ anigyede wɔ Europa Apuei Fam nhyiam horow no nyinaa ase. Nnipa 18,293 a wɔkɔɔ nhyiam horow yi nam sɛnkyerɛnnede a ɛyɛ nsu mu asubɔ so kae wɔ baguam wɔ adansefo anim sɛ wɔahyira wɔn nkwa so koraa sɛ wɔbɛsom Yehowa Nyankopɔn. Prague asubɔhwehwɛfo kumaa biako a nnansa yi ara wɔmaa no adwuma a n’akatua so kae sɛ: “Metee nka sɛ ɛsɛ sɛ mepaw baasakorofo nyame bi a ɛne U.S. dɔla, Germanfo mark ne Austriafo siren anaasɛ Yehowa. Misii gyinae sɛ mɛpaw Yehowa na mapow adwuma no.”

Wɔbɔɔ wɔn a wogyee asubɔ wɔ Tallinn no asu wɔ asubura bi a ɛbɛn Baltic Po no ho, baabi a na wotumi hu abanneennen bi a anka wɔde di dwuma sɛ afiase wɔ akyi no. Wɔde Estonia Adansefo pii too afiase wɔ ha ansa na wɔde wɔn rekɔ adwumayɛban mu wɔ Rusia wɔ 1950 mfe no mfiase mu hɔ. Hwɛ sɛnea saafo a wɔn mfe akɔ anim no titiriw ani gyei, bere a wohui sɛ gyidifo afoforo 447 yɛ wɔn ahosohyira ma Yehowa no ho sɛnkyerɛnne wɔ baguam no!

Nhyiam horow no mu anigyede foforo ne nhoma afoforo a woyii adi no. Lithuania nnamfo a na wɔwɔ Tallinn no sɔre fii wɔn nkongua so na wɔteɛɛm bere a wɔka kyerɛ wɔn sɛ mprempren no “Hwɛ! Meyɛ Nneɛma Nyinaa Foforo” brochure no wɔ wɔn kasa mu no. Saa ara nso na Romania nhyiam horow no mu ade titiriw ne Revelation—Its Grand Climax At Hand! nhoma a woyii adi no, na wɔ Czech ne Slovakfo a wɔwɔ Prague fam no, na ɛyɛ New World Translation of the Holy Scriptures no a wonyae wɔ wɔn kasa mu no.

Nanso, wɔ nhyiam horow no pii ase no, nhoma a woyii no adi a ɛmaa wɔn ani gyei mmoroso ne nhoma foforo a ɛne Onipa a Ɔsen Biara a Watra Ase Pɛn No. Wɔatintim ɔpepem du wɔ kasa horow 59 mu dedaw.

Ahofadi a Wɔde Bedi Dwuma wɔ Ɔkwan Pa So

Ɛnnɛ, wogye Bible nhoma wɔ Europa Apuei Fam, a Soviet Union ka ho. Wɔde lɔre akɛse a Ɔwɛn-Aban ne Nyan! ayɛ mu ma fi Yehowa Adansefo nhoma tintimbea kɛse a ɛwɔ Selters/Taunus, Germany, no mu tra ahye no kɔɔ Europa Apuei Fam aman no mu. Hwɛ sɛnea ɛnte sɛ bere a na Adansefo no de nhoma fa kokoam kɔ aman yi mu esiane sɛ na wobetumi akyere wɔn no nti!

Sɛ nea ɛkyerɛkyerɛ nsakrae a ɛyɛ nwonwa no mu no, nneɛma a wɔde kɔ amannɔne ne nea efi hɔ ba ho odwumayeni bi ne Yehowa Ɔdansefo bi bɔɔ nkɔmmɔ a edi so yi wɔ bere a wɔyɛɛ nhyiam no wɔ Tallinn no mu:

“Dɛn na ɛwɔ adaka ketewa no mu?”

“Nsɛmma nhoma.”

“Nsɛmma nhoma bɛn? So ɛyɛ Onyankopɔn nsɛmma nhoma?”

“Oo, yiw, ɛte saa.”

“Yehowa Nyankopɔn nsɛmma nhoma?”

“Yiw!”

“Jaa’a, eye. Wubetumi akɔ.”

Budapest nhyiam no akyi no, Arpad Goncz, Hungary ɔmampanyin ka kyerɛɛ Ɔdansefo bi a ɔne no daa afiase dan biako mu wɔ Komunistfo nhyɛso ase no sɛ ɔmmɛsra no. Goncz ne no bɔɔ nkɔmmɔ dɔnhwerew biako, na ɛno akyi no, ɔka kyerɛɛ onua ɔne no daa afiase dan biako mu no sɛ ɔmfa ne nkyia mma Yehowa Adansefo. Wɔn a wɔdɔ Onyankopɔn ahofadi a wɔwɔ baabiara no de aseda ma sɛ mprempren aban mpanyimfo te sɛ Owura Goncz, ma ɔsom mu ahofadi ho kwan wɔ Europa Apuei Fam.

Bere a The New York Times rekyerɛ sɛ Yehowa nkurɔfo de wɔn ahofadi redi dwuma wɔ ɔkwan pa so no, ɔkaa biribi a esii wɔ St. Petersburg (kan Leningrad) no ho asɛm, na ɛkyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Gershwin’s ‘Summertime’ ho nkrataa a ɛsen brɛoo no kɔfaa Asubɔnten Neva so . . . Nkrataa no sen faa nnipa nkurukuruwa a wɔreto awia, mmofra a wɔtaa akraman, adetɔnfo a wɔtɔn tete St. Petersburg asase mfonini ahorow ne Yehowa Adansefo a wɔrehwehwɛ akyidifo ho.”

Yiw, Adansefo no de wɔn ahofadi no redi dwuma de ka asɛmpa no nnamyɛ so! So wobɛpɛ sɛ wuhu pii fa wɔn nkrasɛm no ho? Sovietfo atesɛm krataa Vostochno-Sibirskaya Pravda kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Wubetumi anya wɔn dwumadi ahorow no ho nkyerɛkyerɛmu pii wɔ mmeae a Yehowa Adansefo de Bible nkyerɛkyerɛ mu ma wɔ kurow biara mu no.” Baabiara a ebia wote wɔ wiase no, ntwentwɛn wo nan ase sɛ wubebisa wɔn.

[Nsɛm a wɔahyehyɛ wɔ kratafa 13]

NHYIAM HOROW A WƆYƐE WƆ EUROPA APUEI FAM NE SOVIET UNION

Ɔman Dodow a Ɛsen Biara a Wɔbɔe Asubɔfo a Ɛsen Biara a Wɔbɔe

Czechoslovakia (Prague) 74,587 2,337

Hungary (Budapest) 40,601 1,134

Poland (nkurow 12) 131,554 4,250

Romania (nkurow 7) 34,808 2,260

Soviet Union (nkurow 7) 74,252 7,820

Yugoslavia (Zagreb) 14,684 492

Nhyiam Horow 30 Nkabom: 370,486 18,293

[Pictures on page 8, 9]

Nifa so: Wɔrekyerɛ ɔkasa ase ama akuw a wɔka kasa horow wɔ Prague

Ase hɔ: Nhyiamfo bɛboro 74,000 ayɛ Prague Strahov Agumadibea mu ma

[Kratafa 10 mfonini]

Atifi hɔ: Wɔreyɛ nhyiam wo Tallinn, Estonia

Budapest nhyiam a nhyiamfo 40,000 tiee dwumadi no wɔ bere a na osu tɔ na owia bɔ no nyinaa mu

[Kratafa 15 mfonini]

Atifi hɔ: Tiafi a wɔkɔɔ so wɔ Usolye-Slbirskoye, Siberia, nhyiam no ase no bi

Wɔreka agumadibea no ho na wɔreyɛ benkyi ma wɔatra so wɔ Prague

[Kratafa 16 mfonini]

Bible drama no ne asubɔ Zagreb

[Kratafa 17 mfonini]

Atifi: Ahenni Asa a edi kan a Hungary Adansefo sii anobue wɔ June 1991 mu

Mfinimfini: Nnipa bɛboro 20,000 dedaa sukuu ne mmeae a wɔteɛteɛ apɔw mu wɔ hɔ wɔ Hungary ne Prague

Ase hɔ: Wɔrekyekyɛ nhoma “Onipa a Ɔsen Biara a Watra Ase Pɛn” no wɔ Usolye-Sibirskoye, Siberia

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena