Biakoyɛ a Ɛma Wiase no Ho Dwiriw No
KOMUNISIM a egui mpofirim ne mmusuakuw mu basabasayɛ a ɛrenya nkɔanim nnansa yi maa wiase no ho dwiriw no. Nanso, bere koro no ara mu no, kuw bi a wɔadi mmusuakuw ne aman ntam ɔtan so—Yehowa Adansefo—nam wɔn biakoyɛ ne wɔn adwuma a wɔyɛ no anigye so no so ama Europa Apuei famfo mpempem pii ho adwiriw wɔn.
Yehowa Adansefo akɔ so akura ɔsom mu biakoyɛ mu bere a akodi atwa wɔn ho ahyia mpo no. Wɔ 1991 mu, bere a nnipakuw a wofi aman horow so a wɔn dodow si Adansefo 14,684 hyiaam wɔ Zagreb, Croatia no, polisini bi kae sɛ: “Ɛbɛyɛ papa sɛ yɛma nsɛm ho amanneɛbɔfo te nea ɛrekɔ so wɔ agumadibea ha yi, beae a yehu sɛ Serbiafo, Croatiafo, Sloveniafo, Montenegrofo, ne afoforo bom tra faako wɔ asomdwoe mu no.”
Saa afe no ara, nsɛm ho amanneɛbɔfo bi a na ɔwɔ nhyiam bi ase wɔ Siberia hui sɛ Russiafo yɛɛ obi a na wɔabɔ no asu foforo a ɔyɛ Buryatni atuu. Esiane sɛ na onim sɛ ɛyɛ den sɛ wobehu adamfofa su ankasa a ɛte saa wɔ nnipakuw a wogu ahorow mu nti, obisae sɛ: “Moyɛɛ dɛn tumi dii saa aman ntam mpaapaemu su ahorow yi so?”
Yehowa Adansefo yɛɛ nhyiam horow 45 ahohuru bere yi mu wɔ Europa Apuei ne Asia, a ná Moscow ne Kiev de no yɛ amanaman ntam de. Sɛ wɔka ne nyinaa bom a nnipa dodow a wɔbaa nhyiam horow 45 no si 368,000—wɔn mu dodow a wɔboro 112,000 baa nea wɔyɛe wɔ kan Soviet Union no bi, na bɛyɛ 11,000 baa bi wɔ kan Yugoslavia nkurɔpɔn anan mu.
Ɛmfa ho ɔko a ɛrekɔ so wɔ hɔ no, Adansefo bɛyɛ 215 fi hɔ kɔɔ nhyiam a wɔyɛe wɔ Belgrade, Serbia, fi August 19 kosi 22 de no ase. Nnipa dodow 3,241 na wɔbaa nhyiam no ase. Nsɛm ho amanneɛbɔfo bi kae sɛ: “Akuw horow a wɔbemmɛn Sarajevo ankasa tumi kɔɔ bi. Wɔfɛmee bɔs tuaa ka, na nnipa 56 bae. Na eyinom fifi Lukavica, Pale, Ilidža, ne Vogošća. Nnipa baanum fii Benkovac bae. Ade biako a ɛfata sɛ yɛhyɛ no nsow ne sɛ ná nnipa 174 a wɔbɔɔ wɔn asu wɔ nhyiam no ase no mu 23 fi amantam a akodi rekɔ so wɔ hɔ no mu.”
Wɔ Moscow ne Kiev
Wɔ July 28, 1993 no, The New York Times atesɛm krataa no de Yehowa Adansefo a wɔwɔ Moscow mfonini kɛse bi baa akyi a na wɔakyerɛw ase sɛ: “Nyamesom hokwan a wɔama wɔ Russia de agyidifo aba Moscow Locomotive Agumadibea ma nnipa pii rebɔ asu sɛ Yehowa Adansefo.”
Times no bɔɔ amanneɛ sɛ: “Kuw no mufo a nusu ataataa wɔn no yeyɛɛ afoforo a wɔabɔ wɔn asu a wofi nsu mu puei no atuu. Nea ɛne su horow a wɔtaa hu wɔ Locomotive hɔ bɔ abira no, wonhu sɛ obiara nom sigaret, ka kasa fĩ anaasɛ wabow nsa wɔ hɔ.” Adansefo a wofi Russia ne aman afoforo bɛboro 30 so de nnanan yɛɛ nhyiam anigye so wɔ agumadibea hɔ, na nnipa dodow a ɛsen biara a wɔbae yɛ 23,743.
Wɔyɛɛ amanaman ntam nhyiam a na ɛyɛ kɛse koraa no wɔ Kiev, Ukraine ahenkurow no mu. Nnipa dodow 64,714 na wohyiaam wɔ Republican Agumadibea a ɛyɛ Europa Apuei fam agumadibea akɛse no mu biako no so. Atesɛm krataa Evening Kiev bɔɔ amanneɛ wɔ kratafa a edi kan sɛ: “Ɛnyɛ baagye bruu a wɔakyerɛw ‘Ɔsoro Nkyerɛkyerɛ’ wɔ so no nkutoo na ɛma Yehowa Adansefo yɛ biako . . . na mmom wɔn nokware gyidi nso.”
Nea Ɛma Biakoyɛ Ba
Ukraine Ɔdansefo bi a n’ani afi kyerɛkyerɛɛ sɛnea wonya saa biakoyɛ no mu wɔ Kiev nhyiam no ase. Ɔde ne nsa kyerɛɛ soro kae sɛ, “Yehowa.” Afei, ɔtenee n’abasam de twaa kɔntɔnkrɔn, maa ne nsateaa biako so. Ná nea ɔrekyerɛ no mu da hɔ fann: ‘Yɛn nyinaa yɛ nnipa biako, Yehowa Nyankopɔn soro nkyerɛkyerɛ no na aka yɛn abom.’
Nea ɛyɛ anigye ne sɛ, Encyclopædia Britannica de amanneɛbɔ bi mae wɔ kan Soviet Union Yehowa Adansefo ho de kyerɛɛ nea enti a wɔyɛ biako no. Ɛkyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Wonim wɔn nkyerɛkyerɛ [a egyina Bible so] no, wɔyɛ nkurɔfo a wɔbɔ mmɔden wɔ afoforo a wɔsakra wɔn mu na wogyina wɔn som mu gyidi ahorow so na wɔyɛ wɔn asetra mu biribiara ho nhyehyɛe.” Enti, hwɛ sɛnea na saa Yehowa Adansefo ahohuru bere mu nhyiam ahorow no asɛmti “Ɔsoro Nkyerɛkyerɛ” no fata!
Yesu Kristo a odii ɔsoro nkyerɛkyerɛ mu akoten no twee adwene kɔɔ biakoyɛ ho nnyinasosɛm titiriw bi so bere a ɔbɔɔ mpae maa n’akyidifo no: “Womfi wiase, sɛnea me nso mimfi wiase no.” Yiw, afa biara a Yehowa Adansefo nni wɔ wiase ntawntawdi mu no ka wɔn bom, sɛnea Yesu srɛe bere a ɔbɔɔ mpae no: “Wɔn nyinaa nyɛ biako, sɛnea wo, agya, wowɔ me mu, na mewɔ wo mu; sɛ wɔn nso nyɛ biako wɔ yɛn mu.”—Yohane 17:16-21.
Ɔdansefo bi a ofi Spain baa nhyiam no bi suahu no kyerɛkyerɛ sɛnea wiase no fa a wɔnyɛ no ka Onyankopɔn nkurɔfo bom mu. Ɔnam kwan so rekɔ Moscow no, ɔtraa ɔbarima bi a ofi Afghanistan nkyɛn na ɔkyerɛe sɛ nkurɔfo a wɔwɔ nyamesom biako mu mpo rekunkum wɔn ho wɔ ɔmanko a ɛwɔ saa ɔman no mu mu. Afei obisae sɛ: “Amanyɔkuw bɛn na wo som bɔ ho dawuru?” Onua no buae sɛ yɛmmɔ “ebiara” ho dawuru. Esiane sɛ Yehowa Adansefo mfa wɔn ho nhyehyɛ amammuisɛm mu nti, wɔmfa wɔn ho nhyɛ mmusuakuw ntam akodi a ɛma onipa bi sɔre tia ɔfoforo no mu.
Nhyiamfo a na wɔretu kwan afi kan Soviet kwasafoman Kazakhstan mu akɔ nhyiam no ankasa huu sɛnea akodi betumi ayɛ hu no. Wɔn keteke a na wɔte mu no kɔkaa akuw abien a wɔyɛ atamfo a na wɔretoto atuo mfinimfini. Hwɛ sɛnea wɔn ani gyei sɛ wokoduu Kiev dwoodwoo na wokonyaa mmusuakuw ahorow a wofifi aman pii so a wɔwɔ agumadibea hɔ no dɔ ne wɔn biakoyɛ no mu anigye!
Nhyiamfo a wofi Germany ne Russia mu dodow bi kyerɛɛ anisɔ titiriw wɔ nea ɔsoro nkyerɛkyerɛ ayɛ ama wɔn no ho. Bere a na wɔyɛ mmerante wɔ awo ntoatoaso a atwam no mu no, na wɔrebɔ mmɔden akunkum wɔn ho wɔn ho wɔ Wiase Ko II no mu. Nanso wɔayɛ biako wɔ Kiev nhyiam no ase wɔ nokware som mu, sɛnea wuhu wɔ kratafa 7 no.
Ɛyɛɛ Bɛhwɛadefo Nwonwa
Bere bi a atwam no, na Moscow, kuropɔn a nnipa bɛyɛ ɔpepem akron te mu no mufo nni hokwan kɛse a wɔne Yehowa Adansefo de bɛbɔ fekuw. Nokwarem no, ná wɔn mu pii ate wɔn taa ne wɔn afiase nna wɔ Komunisim nniso ase no ho asɛm. Afei, ɛde besi ahohuru bere mu wɔ afe yi mu no na wɔahyehyɛ asafo ahorow 18 wɔ Moscow ne 13 wɔ Kiev de agye nnipa pii a wɔkɔ so ba Adansefo no adesua ase no. Nanso afei de ɛhɔfo no huu nhyiamfo ɔpedudu pii a wɔbobɔ baagye wɔ nhyiambea ahorow ne wɔn nkuropɔn no mu! Ɛyɛɛ nnipa a na wɔrehwɛ nea na ɛrekɔ so no mu pii nwonwa.
Moscow odumgya adwuma no panyin kae sɛ: “Saa nhyiam yi hyɛ nkuran kɛse. Ɛyɛ nwonwa sɛ nnipa pii a wofi aman ahorow so tumi nya kasa koro. Mo nkurɔfo no ahotew ne wɔn ade a wɔyɛ no wɔano wɔano no yɛ me nwonwa yiye. Mayɛ adwuma wɔ agumadibea ha mfe 20 ni na minhuu biribi a ɛte sɛɛ da.”
Ɔbea bi a ɔde ahɔho tu mpasa kae sɛ: “Ɛtaa ba sɛ sɛ midi kuw bi anim rekɔ mmeae horow a, koroyɛ a enni wɔn mu da adi bere a wɔafi wimhyɛn gyinabea hɔ no ara. Ɛnte saa wɔ Yehowa Adansefo ho.” Ɔhɔho bi a ɔbaa nsrahwɛ wɔ Kiev nhyiam no ase kae sɛ: “Moyɛ biako ankasa. Hwɛ sɛnea nneɛma yɛ soronko koraa wɔ nhyiambea yi akyi!”
Bere a Moscow nhyiam no fii ase Yawda, July 22 no, wohui sɛ adwumayɛfo a wogyinagyina ɔdan kɛse bi a wɔresi a ɛbɛn nhyiambea no atifi agyae adwumayɛ prɛko pɛ. Ɛda adi sɛ nnipa 23,000 a wɔtoo dwom no nne nnyigyei no na ɛyɛɛ wɔn nwonwa. Na sɛ wohui sɛ na wɔreto dwom no wɔ kasa horow bɛboro dumien abien mu a anka wɔn ho bedwiriw wɔn kɛse mpo. Adansefo a wɔyɛ asotifo a wontumi mfa wɔn nne nto dwom mpo nam wɔn nsa a wɔde yɛɛ nsɛnkye
rɛnne so “too dwom” no bi.
Beae a ɛfata a na wohyiam anwummere wɔ Moscow ne Red Square kɛse a ɛbɛn ɛhɔ aban office dan kɛse no pɛɛ no. Ade rebɛkye ma wɔafi nhyiam no ase anwummere no (esum amma araa kosii anadwo nnɔndu), Adansefo ɔhaha pii a wofi mmusuakuw ne aman horow so hyiaa wɔ hɔ yeyɛɛ wɔn ho atuu anigye so. Nsɛm ho amanneɛbɔfo bi a ɔyɛ adwuma wɔ Moscow Times kopuee hɔ na ɔpɛe sɛ ohu nea asi. Obisae sɛ: “Moyɛ ɛhefo?” Bere a wɔka kyerɛɛ no no, ɔkae sɛ: “Minhuu nnipa pii a wofi mmeae ahorow ahorow a wɔabom ahyia anigye so wɔ Red Square ha saa da. Nnipa dodow sɛɛ a wɔbom hyia wɔ ha no taa yɛ biribi ho ɔyɛkyerɛ anaa kasa a wɔkasa tia biribi.”
Nokwarem no, anigye so a nhyiamfo a wɔbobɔ baagye kyiakyiaa wɔn ho, yeyɛɛ wɔn ho atuu, na wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔne wɔn ho wɔn ho bedi nkitaho no yɛɛ Moscowfo ne Kievfo nwonwa yiye. Odwumayeni bi a na ofi Iran aba Kiev nsrahwɛ kɔɔ Ɔdansefo bi a ofi United States nkyɛn kɔkae sɛ: “Mowɔ biribi a ɛyɛ anigye. Mifi nna kakraa na mahwɛ mo. Mepɛ mo nhoma a ɛwɔ Engiresi kasa mu no bi akenkan.” Ɔkyerɛe sɛ, sɛ ɛnyɛ sɛ ɔresan akɔ Iran adekyee a, anka ɔbɛba nhyiam no ase.
Wɔ Moscow ne Kiev nyinaa—titiriw wɔ mmorɔn so, mmeae ahorow a amanfo hyiam, ne asase ase keteke mu—no nhyiamfo kɔɔ nkurɔfo nkyɛn kɔmemaa wɔn nkratawa ne nhomawa ahorow. Ná wotumi hu sɛ Adansefo no hyiam wɔ beae bi a ɛbɛn Lenin Aboda so wɔ Red Square a wɔredi nkɔmmɔ brɛoo na wɔrekyekyɛ nkratawa. Ná wɔtaa de animtew na egye nkratawa a wɔde mema no. Sɛ wɔde kratawa ma obi wɔ asase ase keteke bi mu a, ná onipa no fi ase kenkan amonom hɔ ara. Ná wɔtaa hu sɛ nnipa baanum anaa baasia tete keteke bi mu a wɔrekenkan Bible nkratawa.
Ná wɔn a wɔforo keteke no taa kyerɛ anisɔ bere a wɔakenkan asɛm no awie no. Ɔbarima bi de kruu Borɔfo kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Yennyaa hokwan nsuaa nneɛma a ɛtete sɛɛ da. Yɛda mo ase paa.” Nkrasɛm no kanyan aberante bi ne ne maame ara ma wosi fii keteke no mu wɔ beae a nhyiamfo sii ne wɔn toaa nkɔmmɔbɔ no so.
Adansefo bɛboro 50,000 a wofi aman bɛboro 30 so baa nhyiam no hyɛɛ Kiev ma, na na wɔn nyinaa hia dabere. Wɔn mu dodow no traa ahɔhodan, afoforo afie, ne sukuu mu, nanso wɔmaa wɔn mu bɛyɛ 1,800 dabere wɔ asubɔnten so ahyɛn asia mu. Ɔbea bi a osiesie asubɔnten so ahyɛn no biako mu kyerɛw asɛm bi too hɔ maa Adansefo no. Ɔkae sɛ: “Ɛyɛ me sɛ mo [Adansefo] yi fi okyinnsoromma foforo so. Mo adeyɛ yɛ fɛ na moyɛ nokoro araa ma mode nhyira ba. Ɛbɛyɛ sɛ mo ne Onyankopɔn mma no. Misusuw eyi ho bere nyinaa.”
Hwɛ sɛnea ɛfata sɛ Yehowa Adansefo tumi yɛɛ wɔn nhyiam akɛse maa aban mpanyimfo ne amanfo nyinaa nso tumi huu wɔn Kristofo su pa ne nneyɛe ahorow a ɛhyɛ Onyankopɔn anuonyam no! Aban mpanyimfo a wɔwɔ mmeae a wɔyɛɛ nhyiam a wɔne Adansefo no yɛɛ adwuma no nni biribi ka gye wɔn ahokokwaw, nidi, ne biakoyɛ a wɔne agumadibea so ahwɛfo ne kuropɔn mu nnwumayɛbea mpanyimfo afoforo de yɛɛ adwuma no ho nkamfo nkutoo.
Aban panyin bi kae wɔ Kiev sɛ: “Wonsiesiee agumadibea ha yiye sɛɛ wɔ mfe 13 a abɛsen mu.” Ɛhɔ polisini bi kae sɛ: “Nnipa bɛn ni! Ɛte sɛ nea yɛwɔ wiase foforo bi mu. Mente nea enti a wɔtaa mo no ase ankasa.”
Nhyiam no ho Nsɛntitiriw
Wɔ Moscow ne Kiev Adansefo no fam no, ebia nhyiam no ho ade titiriw ne nhyiamfo a wofi aman afoforo pii so bae a na Yehowa Adansefo Sodikuw no mufo bi ka ho no. Bɔ a wɔne nnipa dodow a wofi aman ahorow so boom hyiae kɛkɛ wɔ ɔsom biakoyɛ mu no maa wonyaa anigye a enni kabea. Bere a akasafo a wodi akyiri wɔ Moscow ne Kiev nhyiam ase kae sɛ yɛde aseda kɛse ma Yehowa Nyankopɔn a ɔma yetumi yɛɛ yɛn nhyiam yi no, atiefo no sɔre gyinae bɔɔ wɔn nsam simma pii kosii sɛ ɔkasafo no toaa ne kasa so.
Nhyiam no ho nsɛntitiriw foforo nso ne kasa ahorow a Sodikuw no mufo mae wɔ Engiresi kasa mu daa ne amanneɛbɔ ntiantia a na nhyiamfo a wofi aman afoforo so ka kyerɛ no. Wɔkyerɛɛ ɔkasa horow a wɔmae wɔ Engiresi kasa mu no ase kɔɔ kasa ahorow mu bere koro no ara mu. Sɛ nhwɛso no, wɔkyerɛɛ ase kɔɔ kasa ahorow 16 mu bere koro mu wɔ Kiev! Enti bere a akuw a wɔka kasa pɔtee bi traa beae a wɔde ama wɔn wɔ nhyiam no ase no, wotumi tee dwumadi no fã no wɔ wɔn ankasa kasa mu.
Nhyiam no ho asɛntitiriw foforo nso ne nhomawa foforo Dɛn ne Asetra Atirimpɔw? a woyii no adi wɔ Russia ne Ukraine kasa mu no. Nea wɔn ani gyee ho titiriw nso ne Theocratic Ministry School Guidebook a wɔde di dwuma de siesie Yehowa Adansefo ma wotumi ka Bible mu nokware no yiye a woyii no adi wɔ Russia kasa mu no. Nhoma foforo a woyii no adi wɔ Russia kasa mu nso ne Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm, Bible abakɔsɛm ho nsɛm a wɔatwa no tia a wɔkyerɛw maa mmofra titiriw no. Wɔadi kan atintim saa nhoma yi mfuamfua bɛboro ɔpepem 36 wɔ kasa horow bɛboro 80 mu dedaw.
Nokwarem, asuafo dodow a wɔbɔɔ wɔn asu no nso yɛ nhyiam no ho asɛntitiriw. Wohui sɛ wɔn a wɔbɔɔ wɔn asu no mu dodow no ara yɛ mmofra. Atesɛm krataa Osvita nsɛm ho amanneɛbɔfo bi bisae wɔ nsɛnkyerɛwfo nhyiam bi ase wɔ Kiev sɛ: “Ade a yehui wɔ mo nhyiam no ase ne mmofra a wɔdɔɔso. Wɔwɔ ayamye, wɔn ho yɛ fɛ, na woyi su pa adi. Ɔkwan bɛn so na mokyerɛkyerɛ wɔn? So mowɔ nhyehyɛe titiriw bi ma mmofra? Me ne mmofra yɛ adwuma, na m’ani begye kɛse sɛ mehu.”
Ɛwom sɛ ɛsɛ sɛ obi ho so a ohyira ma Onyankopɔn no gyina nimdeɛ so, na ɛnyɛ nkate so de, nanso asubɔ no ankasa da so ara yɛ adeyɛ a ɛka koma. Nnipakuw no sɔre gyinae wɔ Moscow bɔɔ wɔn nsam fi bere a asubɔfo 1,489 no fii ase de wɔn ani kyerɛɛ nsubura abiɛsa a wɔrekɔbɔ wɔn asu wɔ mu no ho araa kosii sɛ wɔn nyinaa bɔɔ asu wiei, nea ɛboro dɔnhwerew biako.
Wɔ Kiev a nnipa bɛboro 64,000 hyiaam no, wɔyɛɛ nsubura asia wɔ agumadibea no fa bi. Bere a wɔbɔɔ nnipa baasia anaa nea ɛboro saa asu bere koro mu wɔ nsubura no mu biara mu no, ná wɔbɔ nnipa a wɔn dodow bedu asafo mũ asu simma abien biara mu. Nanso asubɔ no kɔɔ so ara bɛboro nnɔnhwerew abien! Wɔ 1958 “Ɔsoro Apɛde” Amanaman Ntam Nhyiam ase wɔ New York no, wɔbɔɔ nnipa 7,136 asu. Nanso wɔ Kiev no, Adansefo afoforo 7,402 a wofi Ukraine ne kan Soviet Union kwasafoman ahorow so a wɔbɔɔ wɔn asu no yɛ Kristofo abakɔsɛm mu asubɔ a ɛsen biara. Ná eyinom yɛ nkurɔfo a wɔka Russia kasa nkutoo a wofi nsase a na wɔabara Yehowa Adansefo mfe du du pii a nnansa yi ara na wɔrema wɔn hokwan no so!
Belgrade nhyiam no asɛntitiriw ne nhyiamfo a wofi amantam a akodi rekɔ so wɔ hɔ bae no. Obi a ɔyɛɛ adwuma wɔ nhyiam no ase bɔɔ amanneɛ sɛ: “Saa nhyiamfo yi de aseda ma mpɛn pii wɔ hokwan a wonya baa nhyiam no bi no ho. Nanso, yɛte nka sɛ yɛn a yɛaka a yenyaa hokwan hyiaa wɔn na yehuu wɔn dɔ ne wɔn mmɔdenbɔ wɔ Bible mu nokware ho no na yɛanya nkuranhyɛ kɛse.”
Wɔkenkan krataa bi a ɛka koma a wɔkyerɛw fii Sarajevo wɔ awɔw bere a etwaam no mu no wɔ “Ɔsoro Nkyerɛkyerɛ” Nhyiam no mu dodow ase. Ɔkyerɛwfo no kae sɛ: “Ewim ayɛ nwunu ara yiye. Me ne me yere ne me mma mmarimaa baanu na yɛwɔ ha na yenni anyinam ahoɔden, na nnyina a yɛwɔ sua . . . Yetumi te atuo a ɛto ntɛmntɛm ne atopae nnyigyei. Nanso yɛwɔ akomatɔyam esiane abusuabɔ pa a yɛne Yehowa wɔ nti. . . . Yɛsrɛ sɛ monkɔ so mmɔ Yehowa mpae mma yentumi nnyina saa ahude yi nyinaa ano pintinn wɔ gyidi mu. Yɛbɔ mpae ma mo!”
Nkɛntɛnso Bɛn na Enya wɔ Afoforo So?
Sɛ wode toto mpaapaemu a ɛwɔ wiase no nyamesom ahorow mu no ho a, Adansefo no da nsow koraa. Nanso nkɛntɛnso bɛn ankasa na wobetumi anya wɔ nkurɔfo so? Atesɛm krataa bi kaa Adansefo nhyiam bi a wɔyɛe mfe bi a atwam ni ho asɛm sɛ: “Eye ara sɛ yɛbɛka sɛ sɛ wiase no nyinaa de Yehowa Adansefo [Bible] mmara no retra ase a, anka mogyahwiegu ne ɔtan nyinaa bɛba awiei, na ɔdɔ adi hene.”
Nanso, adesamma mu fã kɛse no ara na wonnii ɔsoro nkyerɛkyerɛ akyi. Wɔ afeha a edi kan no mu no, wɔpow sɛ wobetie Onyankopɔn Ba, Yesu Kristo asɛm mpo. Enti so ɛyɛ den sɛ yɛbɛhwɛ kwan sɛ yebehu wiase bi a biakoyɛ wom da bi? Ɛbɛyɛ dɛn na biribi a ɛte saa atumi aba?
[Kratafa 12 adaka]
EUROPA APUEI NE ASIA NHYIAM HOROW
Ɔman Dodow a Ɛsen Asubɔfo
Biara a Wɔbae
Albania (Nhyiam 1) 598 39
Bulgaria (Nhyiam 1) 704 45
Czech Republic (Nhyiam ahorow 2) 20,025 620
Kan Soviet Union
Estonia (Nhyiam ahorow 2) 4,732 383
Russia (Nhyiam ahorow 3) 32,582 2,454
Ukraine (Nhyiam ahorow 2) 69,333 7,797
Kyrgyzstan (Nhyiam 1) 5,678 604
Kan Yugoslavia
Croatia (Nhyiam 1) 5,003 157
Macedonia (Nhyiam 1) 642 27
Serbia (Nhyiam 1) 3,241 174
Slovenia (Nhyiam 1) 1,961 69
Hungary (Nhyiam ahorow 5) 22,191 798
Poland (Nhyiam ahorow 13) 152,371 4,352
Romania (Nhyiam ahorow 9) 36,615 2,375
Slovakia (Nhyiam ahorow 2) 13,215 473
NKABOM: 368,891 20,367
[Kratafa 7 mfonini]
Nnipa dodow a wɔboro 64,000 hyiaam wɔ Republican Agumadibea wɔ Kiev
[Kratafa 7 mfonini]
Wiase Ko II mu atamfo a wofi Germany ne Ukraine a Bible mu nokware aka wɔn abom
[Mfonini wɔ kratafa 8, 9]
Asomfo a wɔboro 23,000 a wɔyɛ biako wɔ Locomotive Agumadibea wɔ Moscow
Wɔbɔɔ nnipa 7,402 asu wɔ Kiev, na wɔbɔɔ 1,489 nso asu wɔ Moscow
Nhyiamfo a wofi amannɔne de nnuan kilogram pii brɛɛ wɔn a ahia wɔn
Atifi ne mfinimfini: Mmusuakuw pii mufo hyiaam wɔ biakoyɛ mu Ase hɔ: Red Square adansedi
[Kratafa 10 mfonini]
Nhyiamfo no ani gyei sɛ wɔn nsa kaa “Bible mu Nsɛm” nhoma no, “School Guidebook” no, ne nhomawa foforo wɔ wɔn ankasa kasa mu