Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g94 4/8 kr. 14
  • Kiev Nsɛm Amanneɛbɔfo bi Kamfo Adansefo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Kiev Nsɛm Amanneɛbɔfo bi Kamfo Adansefo
  • Nyan!—1994
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Biakoyɛ a Ɛma Wiase no Ho Dwiriw No
    Nyan!—1994
  • Wɔn Ho Dwiriw Wɔn Wɔ Nea Wohui No Ho
    Nyan!—1992
  • So Wiase no Bɛyɛ Biako?
    Nyan!—2000
  • “Anigye Wɔ Wo Nifa So Daa”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1994
g94 4/8 kr. 14

Kiev Nsɛm Amanneɛbɔfo bi Kamfo Adansefo

OLEKSA KURPAS kamfoo nhyiam a Yehowa Adansefo yɛe wɔ Kiev, Ukraine, fi August 5 kosi 8, 1993 no kɛse. Ɔkyerɛwee wɔ Democratic Ukraine a wotintim wɔ Kiev mu wɔ August 10 sɛ:

“Nnipa a wɔdɔɔso saa hyiaam wɔ Republican Agodibea hɔ akyɛ . . . Susuw nnipa 64,000 (a wɔn mu mpempem pii yɛ ahɔho) a wɔtete ahɔhodan ahorow mu, wɔkɔ sotɔɔ ahorow mu, na wɔforo bɔs ne keteke ahorow ho. . . . Ná Yehowa Adansefo nhyiam no hyɛ nkuran yiye. Wɔbɔɔ wɔn nsam denneennen maa akasafo a wɔkasae no (te sɛ nea na wɔyɛ no tete hɔ no), na nusu guu me.

“Ɛnyɛ nnipa nyinaa na wonim saa som yi. Nea ɛne Ortodɔks gyidi no bɔ abira no, Yehowa Adansefo gye di sɛ Yesu Kristo yɛ Onyankopɔn Ba, na honhom kronkron no yɛ Onyankopɔn ahoɔden, anaa tumi, (kyerɛ sɛ, wonnye ntom sɛ abiɛsa no bom yɛ Baasakoro Kronkron). Wɔkyerɛkyerɛ sɛ hellgya biara nni hɔ. Wɔ atemmu bi a ɛyɛ hu akyi no, wɔbɛdan wiase no paradise, na saa bere no treneefo bɛtra nkwa mu ma abɔnefo awuwu. Wɔn a wodi saa gyidi yi akyi de wɔn adwene si abusua so titiriw. Eyi yɛ ade kronkron, nneɛma nnyinaso ankasa, ade a ɛyɛ fɛ ne anigye sen biara wɔ wiase. Wɔda adamfofa su kɛse adi kyerɛ wɔn nuanom mmarima ne mmea (na nea ɛyɛ nwonwa sen biara no—wɔda no adi kyerɛ nnipa a ɛsono wɔn gyidi). Minhuu biribiara a ɛte sɛ eyi. . . .

“Biribi a ɛyɛ anigye kɛse sii Memeneda, August 7. Saa da no, wɔbɔɔ nnipa a wɔdɔɔso sen nea wayɛ pɛn biara a na wɔyɛ 7,402 asu wɔ Yehowa Adansefo Amanaman Ntam Nhyiam no ase. Wɔde atare akɛse asia a wotumi tutu sisii Agodibea no fã a wotu mmirika wɔ hɔ maa saa adeyɛ soronko a ɛho hia yi. Mmarima aduosia a wɔn ho akokwaw honhom mu na wɔde saa asɛmpakafo afoforo yi hyɛɛ nsu mu bɔɔ wɔn asu. Saa adeyɛ yi nyinaa dii nnɔnhwerew 2 ne simma 15. . . .

“Asuafo afoforo no fi agodibea no afã anum too santen, na Yehowa Adansefo a wɔbaa nhyiam no bɔɔ wɔn nsam maa wɔn. Nnipa a wɔbɔɔ wɔn asu wɔ Kiev no boro dodow a ɛsen biara a wonyaa no 1958 [a na wɔyɛ 7,136], wɔ amanaman ntam nhyiam a wɔyɛe wɔ New York no ase. Sɛnea ɛte no, esiane sɛ Yehowa Adansefo wɔ ahyehyɛde a edi dwuma fɛfɛ sɛɛ nti, ɛnkyɛ na saa nyamesom kuw yi anya Ortodɔksfo pii a wɔabata saa gyidi no ho akyɛ ma wɔabɛka wɔn ho ɔkwan biara so.

“Ebia nyamesom kuw ahorow no akannifo no bo befuw me de, nanso sɛ wɔannyae wɔn ntam akameakame bɔne no a, wɔbɛhwere nnipa ɔpepem pii a wɔpɛ nyamesom no. Saa nhyiam yi kyerɛe sɛ nnipa a wofi mmusua ne aman a egu ahorow mu betumi anya asomdwoe ne biakoyɛ.”

[Kratafa 14 mfonini]

Nnipa 7,402 a wɔbɔɔ wɔn asu wɔ nhyiam a wɔyɛe wɔ Kiev, Ukraine, ase no bi

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena