Yehowa Adansefo Amanaman Ntam Nhyiam A Edi Kan Wɔ Russia
NEA WONIM no yiye fa Russia kurow St. Petersburg ho ne nea ɛhɔfo frɛ no “anadwo fitaa”—bere a bɛyɛ adapɛn abiesa ntam wɔ June mu no, wim nnuru sum koraa. Nanso na June 26 kosi 28 wɔ 1992 mu no yɛ nna titiriw.
Wɔ saa nna no mu no, Yehowa Adansefo yɛɛ nhyiam a ɛnyɛ hann ankasa a ɛhyerɛn kuropɔn St. Petersburg so nnɔnhwerew aduonu anan no so na ɛtwee adwene sii, na mmom ɛtwee adwene sii honhom mu hann a nokware Kristofo yi no adi no so. Ɛno nti na na nhyiam no asɛmti ne: “Hann Kurafo.”
Ná eyi ne Adansefo no amanaman ntam nhyiam a edi kan wɔ kan Soviet Union. Nhyiamfo a wofi wiase aman bɛyɛ 30 so a Britain, Canada, Denmark, Finland, Germany, Italy, Japan, Netherlands, Norway, Sweden, Switzerland, ne United States ka ho na wɔbae.
Bio nso, Adansefo bɛyɛ 29,000 a wofi kan Soviet Union mu baa ase. Ebinom fĩ Estonia, Georgia, Latvia, Lithuania, Moldova, ne Ukraine bae. Ná dodow a wɔbae no yɛ nwonwa, sɛ wususuw sikasɛm mu ahokyere a na Russia wom no ho a. Nea na ɛhyɛ nkuran kɛse ne Russia nhyiamfo a wotwaa kwan bɛyɛ kilomita 8,000 fi Vladivostok ne mmeaeafoforo a ɛwowɔ Russia apuei fam mpoano bae no.
Amannɔne nhyiamfo a na wɔdɔɔso sen biara no fi Finland a ɛbɛn hɔ no mu na wɔbae, na wɔboro 10,000. Wɔkyɛɛ agumadibea no mu abien—wɔn a wɔka Russia kasa ne wɔn a wɔka Finland kasa, a na wɔn mu biara wɔ asɛnka agua a wofi so kasae.
Ahosiesie
Ná nhyiambea no ne Kirov Agumadibea a adi mfe 42, na ɛwɔ Krestovsky supɔw so a efi St. Petersburg kurow no mfinimfini kɔ hɔ yɛ kilomita kakraa bi pɛ no. Etumi fa nnipa bɛyɛ 60,000 na ɛno ne agumadibea kɛse a ɛto so abien wɔ kan Soviet Union. Na wotumi hu Asubɔnten Neva nsu a ɛkɔbɔ Finland Po mu no wɔ akyiri hɔ.
Nanso, na ɛho hia sɛ wosiesie agumadibea no. Woyiyii nnorobɛn a nsu fĩ fa mu no mu, na wosisii agyanan afoforo kaa nea na ɛwɔ hɔ no ho. Na ɛsɛ sɛ wɔka agumadibea no mu mmeae a wɔtra a ne tenten bɛyɛ kilomita 32 no so aduru. Nea ɛka ho no, wotwitwaa nnua nketewa a atwa agumadibea no ho ahyia so, na wotwaa sare no so. Egyee adapɛn pii ansa na wowiee saa adwuma yi.
Akwantu ne Dabere
Esiane sɛ wɔtoo nsa frɛɛ amannɔne nhyiamfo 17,000 nti, akwantu ne dabere ho nhyehyɛe yɛɛ adwuma kɛse. Nyɛ sɛ Russia aban mpanyimfo de mmoa kɛse mae wɔ aban anamusifo dwumadibea ahorow a ɛwɔ amannɔne hɔ nko na mmom wɔ ahye so ne St. Petersburg amanaman ntam wimhyɛn gyinabea hɔ nso.
Wɔne ahɔhodan nnwuma 32 yɛɛ nhyehyɛe na agye amannɔne nhyiamfo 17,000 no mu dodow no ara. Wɔmaa nhyiamfo 29,000 a wofifi kan Soviet Union mmeae horow bae no dabere wɔ sukuu ahorow ne mmeae a wɔhwɛ mmofra 132 mu. Na nhyiamfo no hia mfiri a wɔde bɛkɔ nhyiambea hɔ da biara, na wɔfɛmee bɔs ahorow 390 maa saa dwumadi yi.
Amannɔne nhyiamfo no mu dodow no ara didii wɔ wɔn ahɔhodan horow no mu. Nanso, asram dodow bi ansa na nhyiam no bere redu no, na nhyiamfo mpempem bebree a wofi kan Soviet Union mmeae horow reba no adidi ho nsɛm haw St. Petersburg atumfo no. Wɔkaa sɛ aduan a ɛwɔ kurow no mu no nnɔɔso ma na ɛsɛ sɛ Adansefo no de nnuan fi baabi foforo ba.
Na saa pɛpɛɛpɛ na wɔyɛe. Ɔwɛn Aban Asafo baa ahorow no de nnuan bebree bae. Finland baa no nkutoo de nnuan tɔn 200 bɛkyɛe sɛ wɔmfa nyɛ nhyiam no! Bio nso, amannɔne nhyiamfo no mu dodow no ara de nkankyee mu nnuan, nnuaba ne nkate, paanoo, ne nnuan afoforo boaa pii bae. Wɔ nhyiam no da a etwa to no, wɔkyekyɛɛ nnuan nnaka a ayeyɛ lɔre pii mu amaama wɔ hɔ maa nhyiamfo a wofi kan Soviet Union no sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya aduan adi bere a wɔretu kwan asan akɔ wɔn nkurow mu no.
Dawurubɔ Ɔsatu Kɛse
St. Petersburg ne kurow kɛse a ɛto so abien wɔ Russia, a nnipa a wɔte mu bɛyɛ ɔpepem anum. Bere a edi kan koraa no, wɔmaa Yehowa Adansefo a wɔwɔ Russiahokwan ma wɔyɛɛ dawurubɔ ɔsatu kɛse bi.
Wofii ɔsatu a ebi mmae da yi ase adapɛn pii ansa na nhyiam no bere redu. Wotintim nsaano nkrataa bɛyɛ ɔpepem biako wɔ Russia kasa mu na wɔkyekyɛe. Wɔ nsaano krataa no anim no, na wɔato nsa afrɛ amanfo sɛ wommetie baguam ɔkasa no Memeneda awia. Ná wɔakyerɛkyerɛ Kwasida dwumadi no mu wɔ akyi. Wɔkyekyɛɛ nhomawa Dɛn Na Yehowa Adansefo Gye Di? bɛyɛ 750,000 nso maa wɔn a wɔte St. Petersburg. Eyi maa wohuu Adansefo no nkyerɛkyerɛ ho biribi.
Nhyiamfo no mu dodow no ara duu St. Petersburg fi aka da koro kosi nnanan ma nhyiam da no adu. Wɔ saa nna no mu no, nhyiamfo no mpempem kyekyɛɛ nsaano nkrataa na wɔde nkratawa ne nhoma akɛse afoforo a ɛwowɔ Russia kasa mu memae wɔ mmorɔno so. Bio nso, wosiesie amanneɛbɔ apon akɛse bebree na wɔde sisii St. Petersburg kuropɔn no mu mmorɔn a nnipa wɔ hɔ pii no. Na n’atenten bɛyɛ mita 3 na ne trɛw bɛyɛ mita 1.5, na na wɔakyerɛw nsa a wɔto frɛ amanfo sɛ wommetie baguam ɔkasa no fɛfɛɛfɛ wɔanim ne akyi nyinaa. Wɔde bi sisii asase ase akwan a adagyew nni so koraa no abobow ano.
Dwumadi Nhyehyɛe No
Awiei koraa no, nhyiam no da a edi kan dui, na na wɔn a wɔbae boro 45,000! Wɔyɛɛ nsiesiei wɔ dwumadi no mu maa nhyiamfo pii a wɔnka Russia anaa Finland kasa no na ama wɔanya mu mfaso. Sɛ nhwɛso no, wɔmaa ɔkasa ahorow no pii wɔ Engiresi kasa mu na wɔkyerɛɛ ase kɔɔ Finland ne Russia kasa mu. Yehowa Adansefo Sodikuw no mufo baason maa ɔkasa ahorow yi bi.
Nhyiam no mu da biara no, na wɔde amanneɛbɔ ne osuahu ahorow a efi aman afoforo so a ɛka sɛnea Yehowa rehyira asɛnka adwuma no so wɔ saa nsase no so ho asɛm ma. Wɔde amanneɛbɔ ahorow yi ne osuahu ahorow pii nso mae wɔ Engiresi kasa mu na wɔkyerɛɛ ase kɔɔ Finland ne Russia kasa mu.
Na baguam ɔkasa a wɔmaa no Russiafo afã hɔ no fa asemmisa bi a ɛhaw Russiafo bebree nnɛ ho. Na asɛmti no ne “So Onyankopɔn Dwen Yɛn Ho Ampa? Wɔ ɔkasa no akyi no, nhyiamfo no ani gyee sɛ wɔn nsa kaa nhomawa foforo So Onyankopɔn Dwen Yɛn Ho Ampa? wɔ Russia ne Finland kasa mu.
Wonni dwom nhoma a Yehowa Adansefo de di dwuma wɔ wɔn nhyiam horow ase no wɔ Russia kasa mu. Ɛno nti, Ɔwɛn Aban Asafo no siesiee nhomawa titiriw bi a nnwom ahorow a na wɔbɛto wɔ nhyiam no ase nyinaa mu nsɛm wom. Russia nhyiamfo no nsa kaa wɔn nnwom nhomawa no bere a na wɔrehyɛn agumadibea no mu no. Hwɛ sɛnea na egu awɔse sɛ wobɛte sɛ nnipa 46,000 a wofi aman ahorow 30 so reto Yehowa ayeyi nnwom wɔ wɔn mu biara kasa a wɔka mu, a na Russia kasa ka ho!
Mfe dudu pii na wɔde akyerɛkyerɛ adannandi wiase yi mu afã horow, a kan Soviet Union nsase ka ho. Mprempren Yehowa Adansefo a wɔwɔ saa nsase yi so no asiesie wɔn ho yiye sɛ wɔbɛpa atosɛm a ɛwɔ saa nkyerɛkyerɛ yi mu ho ntama na wɔatrɛw nokware a ɛfa nkwa Bɔfo no ho mu. Anigye bɛn sɛɛ na nhyiamfo no nyae sɛ bere a Kwasida anɔpa dwumadi no baa awiei no, Sodikuw no muni yii nhoma Life—How Did It Get Here? ByEvolution or by Creation? no wɔ Russia kasa mu no! Obiara nyaa biako sɛ akyɛde.
Wodii kan maa amannɔne nhyiamfo no asõ tee sɛ Adansefo a wɔwɔ Russia no mu bebree nni wɔn ankasa Bible. Enti wɔde Bible mpempem a ɛwɔ Russia kasa mu bɛkyɛɛ wɔn. Wɔboaboaa Bible ahorow no nyinaa ano wɔ faako, na akyiri yi wɔde akɔ Yehowa Adansefo asafo ahorow no mu akɔkyekyɛ ama wɔn a wohia bi.
Wɔn Ho Dwiriw Wɔn!
Memeneda no, fi anɔpa kosi awia nyinaa no, nnipa a wɔnyɛ Adansefo toaa so yɔɔ baa agumadibea hɔ. Na wɔrepɛ biribi ahu na na wɔpɛ sɛ wɔde wɔn ani ankasa hu nea na ɛrekɔ so. Bebree ho dwiriw wɔn. Na wɔn mu bebree ntee Yehowa Adansefo ho asɛm da ansa na wɔtoo nsa frɛɛ wɔn baa baguam ɔkasa no ase. Ebinom nam TV amanneɛbɔ so na ɛtee nhyiam no ho nsɛm. Na nnipa a wɔbaa nhyiam no ase dodow a ɛsen biara yɛ 46,214.
Ababaa biako a ɔkɔ Russia Ortodɔks Asɔre kae sɛ: “M’ani agye Adansefo no ho yiye. Wɔyɛ nkurɔfo a wɔpɛ asomdwoe, wobu ade, na wɔfata obu.” Ɔhɔho foforo kae sɛ: “Yɛhwɛ kwan sɛ Yehowa Adansefo bɛyɛ nhyiam afoforo pii wɔ St. Petersburg ha.” Russia polisifo anaa milihyiafo panyin bi, a wɔma ɔbɛyɛɛ adwuma wɔ nhyiambea hɔ kae sɛ “ɛyɛ anigye sɛ wobɛba nhyiam yi ase ha.”
Ɛhɔnom aban panyin bi kae sɛ ‘wobu Yehowa Adansefo sɛ sum ase kuw bi a wɔte sum bi mu a wɔteetee mmofra ne wɔn ankasa ho. Nanso mihu nnipa a wɔn adwenem da hɔ, wɔn anim sereserew, a woye sen nnipa pii a minim wɔn. Wɔyɛ nkurɔfo a wɔpɛ asomdwoe na wodwo, na wɔwɔ ɔdɔ ma wɔn ho wɔn ho yiye.’ Ɔde kaa ho sɛ: “Mente nea enti a nkurɔfo ka mo ho atosɛm saa no ase ankasa.”
Memeneda awiabere no, asɔretiafo bi bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛsɛe nhyiam no. Na wokurakura frankaa akɛse a wɔakyerɛw atosɛm ahorow a etia Adansefo no wɔ so. Bere a asɔretiafo no redɔɔso na wɔn dede yɛɛ kɛse no, polisifo no maa wɔde aboafo pii bɛkaa wɔn ho na wɔabɔ nhyiamfo no ho ban. Asɔretiafo no antumi anhyɛn apon no mu. Awiei koraa no, wɔde abasamtu fii hɔ kɔe.
Nhyiamfo no mu biako a ohuu nea ɛkɔɔ so no ani gyee mmoa a asraafo no de mae no ho yiye. “Ɛyɛ me nwonwa sɛ mihu asraafo no sɛ wɔrebɔ mmɔden sɛnea wobetumi de abɔ yɛn ho ban. Mfe kakraa a atwam ni no, na wobu Yehowa Adansefo sɛ Ɔman no atamfo. Nanso mprempren asraafo no rebɔ yɛn ho ban ankasa!” Ɔsraani panyin bi fi nokwaredi mu daa ne nkate adi bere a ɔka kyerɛɛ nhyiamfo no binom sɛ: “Yɛmpɛ sɛ musuro yɛn. Yɛwɔ ha sɛ yɛbɛbɔ mo ho ban na yɛahwɛ sɛ biribiara bɛkɔ so yiye.”
Biribiara kɔɔ so yiye. Ná ewim tebea mpo ye. Nhyiam no da biara no, na ewim yɛ wosee, na anim atew.
Wɔbɔ Mpempem Pii Asu
Wɔ bebree fam no, na nhyiam no mu ade titiriw ne mpempem pii a wɔbɔɔ wɔn asu no. Asafo biako a ɛwɔ St. Petersburg a emu adawurubɔfo yɛ 254 bɔɔ amanneɛ sɛ wɔbɔɔ emufo 108 asu! Ɛyɛ den sɛ wɔde nsɛm bɛkyerɛkyerɛ nkate a emu yɛ den a nhyiamfo no nyae bere a wohuu asubɔfo 3,256 sɛ wɔasɔre agyina no. Ɔkasafo no bisaa wɔn nsemmisa abien faa wɔn ahosohyira ma Yehowa no ho, na wɔde nne kɛse gyee so sɛ “da” (yiw) .
Wɔbɔɔ mpaebɔ wiei no, wɔkyerɛɛ mmea a wɔwɔ mu no kwan kɔɔ adan a wɔbɛsesa wɔn ho wom no mu, na mmarima no nso kɔɔ adan afoforo a wɔbɛsesa wɔn ho wom no mu. Bere a wɔn mu ɔhaha refi agumadibea hɔ no, wɔne atiefo no nyinaa hinhimii wɔn nsa kyerɛɛ wɔn ho wɔn ho.
Anigye maa atiefo no mu bebree sui. Afoforo kɔɔ so bɔɔ wɔn nsam bere ne bere mu bɛboro simma 45. Finland nhyiamfo no mu biako antumi anni ne nkate so ma ofii ase sui. Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Wɔ 1943 mu no, wɔfaa me wɔ Finland sraadi mu sɛ menko ntia Russiafo. Ná ɔko no yɛ hu. Na mprempren, nhyiam yi ase no, mihu Russiafo mpempem pii a wɔrehyira wɔn nkwa so ama Yehowa! Mihui sɛ ebinom tete abubuafo nkogua mu na afoforo retotɔ apakye no misui. Mibisa me ho sɛ: ‘So wɔn nso yɛ wɔn a wɔakɔ ko pɛn?’ So Finland asraafo na epirapiraa wɔn?’ Ebia mprempren Yehowa betumi aboa me ma matumi aboa me nuanom Russiafo no.”
So anuanom a wɔka Russia kasa no ani sɔɔ Yehowa nsiesie a ɛne nnansa honhom mu apontow, nhyiam kɛse a edi kan a wosiesie maa wɔn wɔ St. Petersburg no? Bere a ɔkasafo a odi akyiri koraa no rema ne kasa a etwa to no, ɔkae sɛ: “Nea ɛsen ne nyinaa no yɛda Yehowa ase wɔ nhyiam a ɛyɛ nwonwa a ɛte sɛ eyi ho.” Atiefo no sɔre gyinaa wɔn anan so de anigye bɔɔ wɔn nsam bɛboro simma anum. Na ɛyɛ osebɔ kɛse a wogyina hɔ de ma Yehowa!
Nokwarem no, Yehowa Nyankopɔn, hann Fibea no, gyina hann kurafo mpempem pii a wɔwɔ saa asase yi a anka ɛyɛ Soviet Union fã bi so no akyi. Wɔ bɛboro mfe aduɔson anohyeto ne ɔtaa akyi no, ɛda adi mprempren sɛ saa bere yi nyinaa na Yehowa rema ne bɔhyɛ a ɛwɔ Yesaia 60:22 no abam, faako a ɔka sɛ: “Nea osua koraa no bɛdan apem, na akumaa adan ɔman a ɛyɛ den. Me, [Yehowa] mɛyɛ no ntɛm ne bere mu.”
[Adaka wɔ kratafa 26]
Nhyiam Afoforo
Sɛ wɔka ne nyinaa bom a, nhyiam ahorow asia na wɔyɛe ahuhurubere a etwaam no me wɔ kan Soviet Union. Wɔn a wɔkɔe nyinaa ano si 91,673, na wɔbɔɔ afoforofo 8,562 asu. Eyi kyerɛ sɛ nhyiamfo a wɔkɔe no ɔha mu nkyem 9.3 na wɔbɔɔ wɔn asu wɔ saa nhyiam horow no nyinaa ase Nokwarem no, sɛ ɛnyɛ sɛ amannɔne nhyiamfo 17,000 baa amanaman ntam nhyiam a wɔyɛe wɔ St. Petersburg no ase a anka saa nkyekyem yi bɛkɔ soro asen saa mpo.
Visoki Zamok, a wotintim no wɔ Lviv (kan Lvov) , kae se: “Ayamye ne nokwaredi na ada adi kɛse wɔ agumadibea no so wɔ nnansa nhyiam no ase. Nnipa dodow a ɛte saa a wɔbae no nyinaa akyi no, asase no so tew te sɛ nea na ɛte ansa na wɔreyɛ nhyiam no. Ade a wɔyɛ no ano wɔ ano ne asomdwoe mu daa adi wɔ baabiara.”
Mprempren yi a Yehowa Adansefo anya ahofadi a wɔde bɛsom Onyankopɔn baguam wɔ kan Soviet Union yi, bebree na wɔanya hokwan sɛ wɔn ankasa behu sɛnea Adansefo no te ankasa. Russia atesɛm krataa, Krasnoyarskii Komsomolets, kae sɛ: “Wɔyɛ nkurɔfo a wɔn ho yɛ fɛ, wɔwɔ adamfofa su, na wɔtwe wɔn ho fi amammuisɛm ho koraa; wɔhyɛ nsiyɛ ho nkuran, na ɛnyɛ ‘sika a wɔmmrɛ ne nya’ akyi di.”
Nhyiam Horow a Wɔyɛe Wɔ Kan Soviet Union
DA KUROW DODOW A WƆBAE ASUBƆ
June 26-28 St. Petersburg, Russia 46,214 3,256
July 10-12 Lviv, Ukraine 15,011 1,326 829
Alma-Ata, Kazakhstan 6,605 829
July l7-19 Kharkov, Ukraine 17,425 2,577
July 24-26 Irkutsk, Siberia 5,051 536
Tallinn, Estonia 1,367 38
NKABOM 91,673 8,562
[Mfonini wɔ kratafa 23]
Amanneɛbɔ apon a wɔde bɔɔ nhyiam no ho dawuru
[Mfonini wɔ kratafa 24]
Russia nhyiamfo nsa ka n’ankasa Bible
Wɔde nnwom nhomawa bi a wɔhyɛɛ da yɛe na dii dwuma
[Mfonini wɔ kratafa 25]
Wɔbɔɔ nnipa dodow a ɛhyɛ nkuran 3,256 asu