Wodii Ahurusi Wɔ Europa Apuei Fam
AHOHURU bere a etwaam yi mu no, nnipa ɔpedudu pii kɔɔ Europa Apuei Fam nkuropɔn atitiriw mu. Na nnipa a wobobɔ badge bruu ne fitaa ayɛ nkuropɔn fɛfɛ a ɛne Budapest, Prague, Zagreb, ne afoforo 20 ne akyi mmorɔn so ma. Eyinom daa wɔn ho adi sɛ wɔyɛ wɔn a wɔdɔ Onyankopɔn ahofadi a wɔrekɔ Yehowa Adansefo nhyiam horow.
Wɔ bere a edi kan mu no, wɔyɛɛ nhyiam horow wɔ Soviet Union Europa aman no mu, ne Siberia a ɛwɔ akyirikyiri ne Soviet Asia ɔman a ɛne Kazakhstan nso mu. Sɛ wɔka wɔn nyinaa dodow bom a, nhyiamfo bɛboro 370,000 na wonyaa fekubɔ a ɛyɛ anigye wɔ Czechoslovakia, Hungary, Yugoslavia, Poland, Romania, ne Soviet Union.
Ebia ɛbɛyɛ den ama wɔn a na wonni hɔ bi no sɛ wobehu ahurusi a wodii bere a nnipa 74,252 ne akyi hyiae wɔ Soviet Union som Yehowa Nyankopɔn wɔ baguam a wɔansuro no. Nanso, anigye a enni ano a wonyae no ansen anigye a nnipa 74,587 a wohyiaa mu wɔ Prague ne 40,601 a wɔhyiaa mu wɔ Budapest, a wohyiaa mu wɔ Czechoslovakia ne Hungary agumadibea a ɛsoso sen biara mu, anaasɛ nnipa 14,684 a wohyiaa mu wɔ Zagreb wɔ Yugoslavia no nyae no.
Na eyi yɛ nwonwa yiye efisɛ mfe kakraa bi a atwam ni no, na wɔabara Yehowa Adansaefo wɔ Europa Apuei Fam aman no pii mu. Na wɔatew wɔn afi Atɔe Famfo ho wɔ Ɔko Nwininwini no mu. Na mmara mma kwan mpo sɛ wonhyiam sɛ akuw nketenkete nsom Onyankopɔn. Ɛnyɛ nwonwa sɛ wodii sɛnea wotumi hyiaam wɔ nhyiam akɛse ase no ho ahurusi saa.
Czech Ɔdansefo bi a wadi mfe 59, a Onyankopɔn mu gyidi a ɔwɔ nti wɔde ne nkutoo too afiase dan biako mu asram awotwe bɛyɛ mfe 40 a atwam ni no kae sɛ: “Yɛn a yɛtraa Prague no mu pii dwen sɛnea yebetumi ayɛ nhyiam kɛse bi wɔ agumadibea yi mu no ho, nanso yɛannye anni da sɛ nea yedwen ho no bɛbam wɔ anwonwa kwan a ɛte saa so.”
Aka adapɛn abien ma wɔayɛ Prague nhyiam a wɔyɛe fi August 9 kosi 11 no, kuropɔn no mu atesɛm krataa bi, Večerník Praha kae sɛ: “Esiane sɛ wɔbɔɔ Yehowa Adansefo sobo sɛ wotutu ɔman ase na wɔsɛe sohyialism nti, wɔde wɔn guu Komunistfo afiase mfe pii.” Bere a ɛkyerɛkyerɛɛ mu wiei sɛ ɛrenkyɛ na Adansefo ɔpedudu pii aba kuropɔn no mu no, ɛde baa awiei sɛ: “Ebia worenhyia nnipa ayamyefo pii a wɔsereserew wɔ Prague wɔ bere foforo biara nsen August dapɛn a ɛto so abien no mu.”
Nanso ebia wubebisa sɛ: “So biribi a ɛteɛ nti na wɔtaa Yehowa Adansefo bere bi no? So na wɔyɛ asiane ma amammui atumfo wɔ aman a wɔte mu no mu? Ɛhe na nhyiamfo ɔpehaha pii a wɔbaa Europa Apuei Fam no fi bae? Bere a wɔhyɛɛ wɔn so na wɔamma wɔne Atɔe Fam wiase no anni nkitaho mfe 40 anaa nea ɛboro saa no, ɛyɛɛ dɛn na wotumi dɔɔso yɛɛ bebree saa?’