Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g92 5/8 kr. 6-8
  • Nea Ɛde Sika Ho Dadwen Ba

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nea Ɛde Sika Ho Dadwen Ba
  • Nyan!—1992
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sika—Ɔkwan Bɛn Na Wɔfaa So Yɛe?
    Nyan!—1983
  • Wobu Sika Sɛn?
    Nyan!—2015
  • Sika
    Nyan!—2014
  • So Wotaa Gye Akyinnye Wɔ Sika Ho?
    Nyan!—1981
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1992
g92 5/8 kr. 6-8

Wiase Aguadi Mfiase Ne N’asehwe

Nea Ɛde Sika Ho Dadwen Ba

ADESAMMA nyamesom ne amammui mu nneɛma bi fi Nimrod a ɔkyekyee Babilon mfe mpempem pii a atwam ni no bere so. Ebia nnipa pii nnim de, nanso eyi te saa nso wɔ nnwuma ne aguadi ho nsɛm, binom ho.—Genesis 10:8-12.

Na adesamma Bɔfo no, Nea ɔfata sɛ ɔkyerɛ gyinapɛn a eye ne nea ennye no betumi ayɛ sikasɛm nhyehyɛe pa a ebedi adesamma abusua kɛse a na onim sɛ ɛbɛba no ahiade ahorow ho dwuma pɛpɛɛpɛ. Nanso bere a nnipa baanu a wodi kan no pow ɔsoro akwankyerɛ na wɔpam wɔn fii Paradise no, adesamma bɛyɛɛ wɔn a wonni ɔkwankyerɛfo. (Genesis 3:1-24) Esiane sɛ na wonni ɔsoro akwankyerɛ nti, nea edi hɔ a nnipa yɛe ne sɛ wɔhyehyɛɛ wɔn ankasa nyamesom ne wɔn ankasa nniso. Na bere a ɛbɛdaa adi sɛ ofiehwɛ bi ho hia na adi wɔn abusua a na ɛreyɛ kɛse no honam fam ahiade ahorow ho dwuma no, wɔyɛɛ nea yɛfrɛ no sikasɛm nhyehyɛe. Eyi nso wɔanyɛ no ɔsoro akwankyerɛ ase.

Ɛda adi sɛ eduu Nimrod bere (bɛyɛ 2270 A.Y.B.) so no, na nhyehyɛe a ɛte saa nhyɛase wɔ hɔ. The Collins Atlas of World History kyerɛkyerɛ mu sɛ “efi mfe apem a ɛto so abiɛsa no so reba no, ná Mesopotamia [Babilon] anya nnwumayɛfo akuw a ɛyɛ den. Wɔboaa nneɛma ano, bɔɔ wɔn tirim, de nneɛma ahorow bi yɛɛ sika, na wɔde nneɛma a wɔatwa, titiriw no dwetɛ a emu biara mu duru ne ne kɛse na ɛtɔ mmere bi a nsɛnkyerɛnnede wowɔ so dii dwuma.” The Encyclopedia Americana ka sɛ ná tete Shinafo—sɛnea anka wɔfrɛ Babilon—no wɔ “sikafɛm, boseabɔ, sika a wɔde to ade ase ne adefiri ho nkrataayɛ nhyehyɛe bi a ɛyɛ nwonwa na asete yɛ den.”

Na adeyɛ bi a ɛte sɛ nea wɔyɛ wɔ Mesopotamia nkutoo ne sɛ wɔde dwetiri ma sɛ aguade na wɔagye adwuma a wɔde yɛ no ho mfɛntom. Enti, sika bɛyɛɛ ɔkwan a sikasɛm mu nhyɛso nam so ba. Kyerɛwtohɔ ahorow a wɔatutu wɔ Babilon amamfo so no da adwumayɛ ho nhyehyɛe ahorow a wɔde sisii ne manfo no mu binom esiane tebea bɔne a wɔkɔɔ mu nti no adi. Saa bere no mpo, na nnɛyi ɔkwammɔne a wɔfa so pɛ afoforo ho mfaso no wɔ hɔ. Ɛnyɛ nwonwa sɛ na wɔtaa de ɔtan ne animtiaabu na ɛka Babilon ne Niniwe aguadifo ho asɛm.

Wɔnka Nimrod bere so aguadi ho asɛm tee wɔ Bible no mu. Nanso, nsɛm a wohu wɔ ne nhoma a edi kan no mu te sɛ, ‘adetɔ,’ ‘adetɔn,’ ne “wɔnyɛ adwuma,” no kyerɛ sɛ anyɛ yiye koraa no wɔ saa bere no akyi mfeha kakraa bi mu no, na aguadi nyɛ na.—Hwɛ Genesis 25:31; 34:10, 21; 39:1; 41:56, 57.

Ɛyɛ nokware nso sɛ bere tenteenten no, cuneiform nkyerɛwee ahorow anka Babilonfo aguadi ho asɛm. Nhoma Ancient Mesopotamia gye tom sɛ ɛyɛ den sɛ wobetumi akyerɛkyerɛ eyi mu de, nanso ɛka sɛ “obi ntumi nka sɛ wogyaee aguadi wɔ saa mfe apem no mu nyinaa, titiriw esiane sɛ wonim sɛ enyaa nkɔso pii wɔ bere a edi ɛno akyi no mu nti.” Eyi kyerɛ sɛ ebia saa bere no na Aramfo titiriw na wɔyɛ aguadifo ne sɛ ná papyrus ne mmoa nhoma na wɔkyerɛw so.

Na wonim Mesopotamia ne Misrifo nyinaa sɛ wɔyɛ aguadifo. Akyiri yi Foinikefo de po so aguadi sii asase so de ananmu. Carthage, Tyre, ne Sidon mpoano bɛyɛɛ aguadi nkurow a agye din. Wɔde nneɛma a wɔde gye nneɛma afoforo no dii gua kosii bɛyɛ afeha a ɛto so awotwe A.Y.B. mu bere a Helafo fii ase de sika pa dii dwuma sɛ ade a wɔde tɔ nneɛma no. Na sɛnea The Collins Atlas of World History ka no, “ná mfehaha a edii [500 A.Y.B.] akyi no yɛ nea aguadi, sika, sikakorabea, nteaseɛnam bere kɔɔ so wom ma enti abakɔsɛm akyerɛwfo pii de toto kapitalist mmere a sɛ wɔde anihaahaa na ɛka mpo a, ntease wom no ho.”

Nokwarem no, efi tete nyinaa no, sikasɛm nhyehyɛe no agyina sika so. Bere a Onyankopɔn ma dwuma a wɔde di wɔ ɔkwampa so no ho kwan no, ɔmma dwuma a wɔmfa nni wɔ ɔkwampa so no ho kwan. (Ɔsɛnkafo 7:12; Luka 16:1-9) Sikapɛ ho akɔnnɔ bɔne ama nnipa abu atɛnkyea, ayiyi nnamfo ama, adi atoro, na wɔadi awu mpo. Nanso, hyɛ no nsow sɛ eyi mfi sika ankasa na mmom nnipa a wɔpɛ no adifudepɛ adwene. Ɔkwan biara so no ɛnyɛ anihaahaa sɛ wɔbɛka sɛ ‘sika na ɛma wiase no twa ne ho,’ anaasɛ ayɛ saa akwan horow pii so mfe mpempem pii.—Hwɛ adaka no, kratafa 7.

Enti, mfehaha pii ansa na Kristofo mmere reba no, wɔtoo aguadi ne sikasɛm mu nneɛma a yehu nnɛ no nhyɛase. Nanso wɔ aguadi abakɔsɛm a akyɛ nyinaa akyi no, entumi nnyaa sikasɛm nhyehyɛe a edi mũ a wɔde besiw dadwen kwan. Nanso ɛnsɛ sɛ yɛn aba mu bu. Sikasɛm ho dadwen awiei abɛn. Wɔ nsɛm anum a edi hɔ a ɛbɛba no mu no, yɛbɛkɔ so akyerɛkyerɛ mu.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 8]

Sikapɛ ho akɔnnɔ bɔne ama nnipa abu atɛnkyea ayiyi nnamfo ama, adi atoro, na woadi awu

[Kratafa 7 adaka/mfonini]

Efi Nkyene Abɛyɛ Amãne

Nkyene:

Na wɔde nkyene na etua Roma asraafo ka, nanso akyiri yi wɔde sika anaasɛ salarium sii akatua ananmu. Na wɔde nantwi (pecus) tɔ nneɛma wɔ tete Roma. Wonyaa nsɛmfua “salary” ne “pecuinary” no fii Latin nsɛmfua yi mu.

Nnade:

Wɔ Mesopotamia (afeha a ɛtɔ so 18 kosi 16 A.Y.B.) no, na dwetɛ na wɔtaa de di dwuma wɔ adwuma nhyehyɛe horow mu. Wɔ tete Misraim no, na wɔde kɔbere, dwetɛ, ne sika kɔkɔɔ na edii dwuma. China abakɔsɛm ho ɔbenfo Hans Bielenstein ka sɛ wɔ China Ming ahenni (1368-1644 Y.B.) bere so no, “kɔbere kɔɔ so yɛɛ nea wɔde gyina hɔ ma sika a ne bo sua, na wɔde dwetɛ dii dwuma sɛ nea ne bo kɔ soro.”

Sikapa:

Lydiafo a wofi Anatolia twaa sika kɔkɔɔ ne dwetɛ a adi afra nkuruwankuruwa a emu duru ne bo a ɛsom no yɛ pɛ wɔ afeha a ɛto so ason A.Y.B. mu, na akyinnye biara nni ho sɛ na ɛne sikapa ankasa a edi kan; ɛno akyi bɛyɛ mfe ɔha no, sikapa twa kɔɔ so wɔ Hela.

Krataa:

Wiase no krataa sika a edi kan no bae wɔ China, bere a aguadi mu ntrɛwmu a ɛsen biara maa sikapa ho yɛɛ nã no. Ɔbenfo Bielenstein ka sɛ: “Na wɔasɔ Krataa sika yi ahwɛ bɛyɛ 811 mu wɔ T’ang mmere no mu. Na aban no ayɛ sika nkrataa a na wobetumi de adi dwuma na akyiri yi wɔde agye sika.” Wɔ1821 mu no, aman pii a wɔde sika kɔkɔɔ gyinapɛn no dii dwuma no fii ase wɔ England, kyerɛ sɛ na ɔman mma no betumi de wɔn krataa sika no akogye sika kɔkɔɔ ankasa a wɔn nniso horow de asie no. Nanso efi bere a wogyaee sika kɔkɔɔ gyinapɛn no, nnɛyi nniso horow ka sɛ wɔn sika som bo ara kwa a wɔmfa biribiara nnyina akyi.

Check:

Check a Engiresi sikakorabea na wɔyɛe wɔ afeha a ɛto so 17 mu no yɛ tumi nkrataa a wɔnam sikakorabea so de atua ka; adwuma a wɔyɛ no saa kwan yi so a asiane nnim na eye yi abɛyɛ ade a nnipa pii ani gye ho na ɛwɔ wiase nyinaa.

Amãne:

Wɔyɛɛ nkrataa a wɔde firi nneɛma a ebinom frɛ no amãne sika, wɔ United States wɔ 1920 mfe no mu na ankyɛ, na nnipa a wɔwɔ wiase nyinaa ani gyee ho. Nanso nneɛma a wonsusuw ho na wɔtɔ ne akɛsesɛm sɛe mfaso a ɛwɔ so no.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena