Wɔ Anibu Biako Mu
MPREMPREN ara na woyɛɛ bio. Nnɛra woyɛɛ bɛyɛ mpɛn 15,000. Akyinnye biara nni ho sɛ na wunnim sɛ woreyɛ nanso wokɔɔ so yɛ de bɔɔ wo nneɛma a ɛsom bo sen biara no mu abien ho ban. Wɔ adeyɛ no mu no, wokyerɛɛ sɛnea w’amemene yɛ adwuma a na wunnim. Woyɛɛ eyinom nyinaa dɛn? Wubuu w’ani.
Sɛ w’ani yɛ adwuma a, ɛnde ɛyɛ akwaa a ɛyɛ mmerɛw sen biara a wowɔ. Wɔde ɔdesani aniwa a wobu no sɛ adwini mu anwonwade no toto kamera a n’ankasa tumi yɛ adwuma, etumi hwɛ ade kɔ mmeae abiɛsa, n’ankasa hu ade, ɛkɔ so twa mfonini, ɛkyerɛ ade biara su nyinaa, etwa mfonini a ɛkeka ne ho ho. Sɛ ɛnyɛ adwuma a, wɔde ade kata kamera no ahwehwɛ a ɛho hia yiye no anim. Nanso ani no yɛ nea ɛsen saa.
Ani no fã kɛse de ne ho asie anipon no mu. Nanso ne nkyem ɔha mu 10 a aka no so da hɔ wɔ mframa a emu wɔ tutuw ne efĩ a ɔyare wom no mu. Nea ɛbɛyɛ na abɔ aniwa no ho ban afi ntua ho asiane yi ho no, wɔayɛ nipadua no wɔ ɔkwan bi so a etumi twe “ani nkataso”—ani akyi hono—no kata so. Ani akyi hono a ɛyɛ nipadua no were a ɛyɛ hataa sen biara a ɛwɔ ntini nketenkete a ɛhyɛ mu den no kata ani no so na abue. Anibu no ba wɔ simma nkyem du mu na ɛbɛyɛ mpɛn 15 simma biara.
Nanso saa adeyɛ ketewaa bi a ɛte sɛ nea wonhu no tumi yɛ nneɛma pii. Bere a ani akyi hono no kɔ so kata na ebue no, ɛma nsu bi fɔw ani no so, na ɛhohoro so fɛfɛɛfɛ. Ɛpopa ani no so nso. Enti wobetumi de ani akyi hono no atoto biribi a ɛyɛ ahwehwɛ nkataso, ɛhohoro so, na ɛpopa so nso ho. Adwini ankasa, anaa ɛnte saa?
Nanso ɛho biribi wɔ hɔ a nyansahufo nhu mu yiye bere tenten: Esiane bere a egye na ani so nsu no annan nti, ɛsɛ sɛ anibu biako anaasɛ abien tumi hohoro so popa so. Na anibu pii a ɛka ho no nso ɛ? Ɛte sɛ nea mmuae no wɔ adwene no mu.
Nhwehwɛmufo akyerɛ sɛ anibu ne adwennwene wɔ abusuabɔ. Sɛ nhwɛso no, dadwen ma wubu w’ani mpɛn pii. Sɛ woresua helikɔta ka, anaasɛ mmaranimfo a ɔmpɛ w’asɛm rebisabisa wo nsɛm, anaasɛ woredwennwen a, akyinnye biara nni ho sɛ wubebu w’ani pii asen sɛnea wotaa yɛ. Sɛ woyɛ obi a ɔde kaseɛbɔ ma wɔ TV so a, ebia wɔaka akyerɛ wo sɛ mmu w’ani pii na watiefo ansusuw sɛ kaseɛbɔ no ama wo koma atu.
Nea ɛne no bɔ abira no, sɛ wugyen w’ani si adeyɛ bi so, sɛ ebia wode w’ani di nsanee bi akyi, woreka afiri wɔ mmorɔn so, anaasɛ wokenkan abasosɛm bi a, wontaa mmu w’ani. Sɛ nhwɛso no wimhyɛn akafo gyen wɔn ani sen wɔn aboafo, enti wommu wɔn ani pii. Titiriw no anibu mma ntɛmntɛm bere a obi wɔ asiane ankasa mu na ɛsɛ sɛ ani no kɔhwɛ nkyɛnkyɛn na ɛsan n’akyi bio no.
Abusuabɔ foforo nso wɔ adwene ne anibu ntam. Canada The Medical Post kyerɛ sɛ, nhwehwɛmu ada no adi sɛ “anibu betumi aba wɔ bere a yegyae ade hwɛ na yefi ase dwen mu.” Sɛ nhwɛso no, onipa a ɔpɛ sɛ ɔkae asɛm bi no, sɛ ɔkenkan asɛm ko a ɔpɛ sɛ ɔde sie n’adwenem no wie a, ɛda adi sɛ obebu n’ani ntɛm ara. Anaasɛ wɔ gyinaesi mu no, Post ka sɛ nhwehwɛmu ahorow kyerɛ sɛ “adwene no ma wubu w’ani bere a anya nsɛm a ɛdɔɔso a wubegyina so asi gyinae pa no,” na ɛde ka ho sɛ: “Nhwehwɛmu ahorow kyerɛ sɛ anibu te sɛ adwenem nkyerɛwee mu nsɛnkyerɛnne de.”
Mfe mpem abiɛsa a atwam ni na wɔde honhom kaa onyansafo bi ma ɔkyerɛw sɛ: “Woyɛɛ me ma ɛyɛ hu ne nwonwa.” (Dwom 139:14) Yɛn bere yi mu aduruyɛ mu nyansahu nkɔanim asi saa asɛm no so dua. Wode susuw ho hwɛ: sɛ ɛbɛpopa ahwehwɛ soronko bi ho de aduru afa ho, akyerɛ faako a amemene no dwennwene ade ho kodu, na akyerɛ adehu mu agyinagyina—ne nyinaa ba wɔ anibu biako mu!
[Kratafa 14 mfonini]
Ani no ɔha mu nkyem 10 pɛ a yehu no