Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g92 7/8 kr. 12-15
  • Awotwaa No—Yɛn Fie Nwonwaso a Edi Kan

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Awotwaa No—Yɛn Fie Nwonwaso a Edi Kan
  • Nyan!—1992
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Akwaaba a Emu Yɛ Hyew Twɛn Wo
  • Tumi a Nipadua No De Pow Ade Ano a Wugyinae
  • Aduanma ne Ɔyɛn Kɔ So
  • Wo Fie No a Wone No Di Nkra
  • Mehweree Me Ba a na Ɔhyɛ Yafunum No
    Nyan!—2002
  • Ɛyɛ Hu Ne Nwonwa
    Nyan!—1981
  • Adesua Fi Ase Wɔ Awotwaa Mu
    Nyan!—1992
  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1992
g92 7/8 kr. 12-15

Awotwaa No—Yɛn Fie Nwonwaso a Edi Kan

BEAE nwonwaso bɛn ara na yɛn fie a edi kan no yɛ sɛɛ yi! Emu wɔ ɔhyew ne ahotɔ. Nnuan a ahoɔden wom ayɛ mu ma. Ahobammɔ wɔ hɔ.

Wudii asram dodow bi wɔ hɔ, na wunyinii. Nanso ankyɛ, ɛyɛɛ sɛ nea w’atrae no mu rekyere, kosii sɛ da koro na ɛyɛ den sɛ wobɛdannan wo ho. Akyinnye biara nni ho sɛ eduu saa bere no na woasi wuti ase! Afei, mpofirim ara wotee nka sɛ tumi bi retwe wo, na wupue fii wo fie no pon ano sii wiase a awɔw, dede, ne hann wom mu.

Wonkae osuahu biara a ɛte saa? Akyinnye biara nni ho sɛ wonkae. Nanso wo nkwa gyina beae nwonwaso a wɔde wo trae no so—wo maame awotwaa mu. Wosiesiei a edi mũ maa wo, a ɛwɔ ɔhwɛ ne ahobammɔ a akokoaa a ɔrenyin hia nyinaa. Enti den nti na wonsan ntu kwan nkɔ wo fie a edi kan—awotwaa no mu?

Akwaaba a Emu Yɛ Hyew Twɛn Wo

Akyinnye biara nni ho sɛ w’asetra fii ase bere a worekɔ saa fie fɛfɛ yi mu no. Mmadwowa a anyin a efi wo maame ho faa ɔka bi a wɔfrɛ no Fallopian tube mu. Saa bere no na nkwammoa ɔpepem pii a efi wo papa ho nam saa kwan koro no ara so rekohyia kesua yi. Nkwammoa no biako tumi wuraa kesua no mu, na ɛnam saa kwan yi so na wo bɛyɛɛ wo.

Saa bere yi na wɔreyɛ nsiesiei horow a wɔde begye wo no dedaw. ‘Awotwaa, anaasɛ uterus (efi Latinfo asɛmfua ma “kotoku” uter mu) no afasu asiesie ne ho, na nnuan ahyɛ beae hɔ mã sɛnea ɛsɛ. Awotwaa no mu ayɛ pipirii asen nea ɛte bere nyinaa no bɛyɛ mprenu, na emu ayɛ kufukufu.

Nnansa anaa nnanan akyi na wuduu wo fie foforo no mu. Na wo fam no—nkwammoa a abɔ tɔw a ne kɛse te sɛ paane ti a wɔfrɛ no blastocyst—te sɛ obon bi a emu da hɔ kakraa. Nanso, na ɔkwan a ɛwɔ mu no mu sua koraa. Nokwarem no, awotwaa yɛ akwaa teateaa a tokuru da mu, ɛho trõm na ɛberedum, ne kɛse ne ne hwɛbea te sɛ paya a asi ne ti ase.

Na eyi na ɛbɛyɛ wo fie bɛyɛ nnafua 270 anaa nea ɛboro saa a edi hɔ no, na na wo maame na ɔbɛma wo nnuan a wuhia a nea ɛde bɛba ne nipadua so biara mfa ho na woanyin akosi awo bere. Na adapɛn pii betwam ansa na wo maame ahu mpo sɛ wowɔ hɔ, na na ebedi asram abiɛsa anaa anan bio ansa na n’afuru ayɛ kɛse ma afoforo ahu.

Bere a wotɔɔ awotwaa ɔkã no mu akyi no, wukyinkyinii mu bɛyɛ nnansa bio. Awiei koraa no, wɔ bere a waba awotwaa no mu nnanson akyi no, wotaree awotwaa no fasu no ho. Nsɛwmu kufukufu a wɔfrɛ no endometrium no ani nonom enzyme a efi blastocyst no mu no, na wohyɛn mu kɔdaa ade tofoo no so dwoodwoo. Sɛ nkwaboa anhyɛn kesua biara mu ma ammedu nsɛwmu yi mu a, anka awiei koraa no awotwaa no bɛbɔ kesua no afi wo maame mu na asen sɛ nsabu.

Tumi a Nipadua No De Pow Ade Ano a Wugyinae

Saa bere yi na dwumadi a ɛyɛ nwonwa rekɔ so a ɛbɛma w’asetra no ayɛ nea ɛyɛ anigye. Ade biako ne sɛ, na wuhia ahobammɔ wɔ maame ankasa nipadua mu tumi a ɛko tia nyarewa no ho. Nyansahufo nte nea entia wo maame nipadua ammu wo sɛ ade foforo bi a ɛnyɛ nipadua no fã na ako atia wo no ase. Nea ɛtaa ba ne sɛ, sɛ biribi a ɛyɛ ntuafo bi kɔ nipadua no mu a, tumi a ɛko tia nneɛma no fi ase yɛ adwuma ntɛm. Nanso, na wubenyin abɛyɛ nipadua soronko a ɛyɛ kɛse, wo mu duru yɛ nkaribo pii. Dɛn nti na wɔanko antia wo?

Nhwehwɛmufo David Billington a ɔwɔ Bristol Sukuupɔn mu no kyerɛkyerɛ mu sɛ: ‘Ɔfasu a ɛho hia bi wɔ ɛna no ne akokoaa no ntam. Ɔfasu no siw ɛnã ne akokoaa no ntam nkitahodi biara kwan.’ Na ɔreka nhoma hataa bi a wɔfrɛ no trophoblast a atwa akokoaa no ho ahyia no ho asɛm. Saa ɔhye yi siw wo ne wo maame ntam nkitahodi tẽẽ biara kwan. Na nea enti a ne nipadua mu tumi a ɛko tia nyarewa no ammu trophoblast no sɛ ade foforo anko antia no no yɛ biribi a wɔnte ase. Asemmisa yi ho mmuae no nso betumi akyerɛ yɛn nea enti a nyinsɛn no bi tumi sɛe no. —Hwɛ adaka no mu wɔ kratafa 16.

Aduanma ne Ɔyɛn Kɔ So

Susuw aduan ho akɔnnɔ a emu yɛ den a wowɔ, titiriw wɔ saa mfitiase mmere no mu no ho. Wɔ w’asetra mu adapɛn awotwe a edi kan no mu no, wo mu twee bɛyɛ mpɛn 240, na wo mu duru nyaa nkɔanim bɔɔ ho mpɛm ɔpepem biako sen bere a edi kan a wonyinsɛn wo no. Awiei koraa no, wo mu duru wɔ w’awo bere mu no bɛboro saa bɛyɛ mpɛn ɔpepepem 2.4. bere a wo fie nwonwaso no mu trɛw na wanya ɔkwan atra mu no. Saa bere no na awotwaa no mu duru boro nea ɔba nna mu no so bɛyɛ mpɛn 16, nanso wɔ awo akyi adapɛn kakraa no, ɛsan yɛ ketewaa ma ɛreyɛ ayɛ sɛ nea ɛte kan no. W’asetram asram abiɛsa a edi kan no, wo nipadua yɛbea nyaa mfiase na nkwaadɔm ahorow yɛɛ krado maa onyin mmere a ebedi akyi no.

Mfiase no, ɔba kotoku a nsu wom no bae. Ɛma wunyaa agodi dan a emu yɛ kufukufu a emu hyew yɛ nea ɛfata a wumunimuni kyinkyin mu wɔ w’asetram asram abiɛsa a ɛto so abien mmere no mu. Na worema apɔw mu den a wubehia wɔ kotoku no mu hare a ɛyɛ no akyi no mu ayɛ den. Womemenee ɔba kotoku no mu nsu pii bere nyinaa, faa no sɛ aduan. Nnɔnhwerew abien anaasɛ abiɛsa biara no, na nsu no foforo ba ma wo.

Nhoma nwonwaso bi [awo kotoku] a wɔfrɛ no placenta (Latin asɛmfua ma “tetare”) ba wɔ blastocyst ɔfasu no akyi. Hwɛ nnwuma a ɛyɛ maa wo no bi.

Edii dwuma te sɛ ahrawa, ɛsesaa oxygen ne carbon dioxide wɔ wo ne wo maame ntam. Edii dwuma te sɛ mmerɛbo na ɛtwee wo maame mogya nkwammoaa no mu ahoɔden bi a ehia wo te sɛ iron a wode bedi dwuma sɛɛ. Ɛyɛɛ adwuma te sɛ asaabo ma ɛtwee dwonsɔ fii wo mogya mu de faa wo maame mogya mu kɔfaa n’asaabo mu hwie gui. Awo kotoku no yam nnuan te sɛ nsono. Adeyɛ yi nyinaa kɔɔ so denam funuma hama a ne tenten yɛ sɛntimita 55 no mu.

Bere bi wosusuwii sɛ awo kotoku no yɛ ahobammɔ ade a biribiara ntumi mfa mu, ne sɛ ɛmma ade bɔne a efi ɛnã no ho biara nka ɔba no. Nea ɛyɛ awerɛhow ne sɛ, mprempren nea yɛahu ne sɛ nyarewa pii tumi fa ahobammɔ nhyehyɛe yi mu, sɛnea adubɔne thalidomide tumi yɛ no. Nyarewa te sɛ German ntobro nso tumi yɛ asiane wɔ nyinsɛn mmere no bi mu.

Mogya ne amemene ntam ɔhye a ɛwɔ mpanyimfo mu no mmae papa wɔ akokoaa no amemene a ɛrenyin no mu, na ɛma ɛyɛ nea ntuafo te sɛ sigaret wusiw, nsã a ano yɛ den, nnubɔne, ne nnuru a ano yɛ den afoforo betumi asɛe no. Nhwehwɛmu kyerɛ sɛ nsã a ano yɛ den tumi pira akokoaa a wɔnwoo no no. So caffeine a etumi fa awo kotoku no mu no wɔ akokoaa no nyin so nkɛntɛnso? So aduannuru nsiannanmu ye ma akokoaa a ɔrenyin no wɔ ɔkwan bi so? Ehia sɛ yesua nsemmisa yi ho nneɛma pii.

Enti ɛsɛ sɛ abofra biara ahobammɔ nhyehyɛe fi ne maame ankasa ahwɛyiye a ɔbɛyɛ na womfa nneɛma a wonim sɛ epira nkokoaa no ankɔ ne mu. Wɔ ɔkwan pa so no, aduan pa ne apɔwmuteɛteɛ a oduruyɛfo ahyɛ ho nyansa betumi aboa ma ɛnã no ne akokoaa no nyinaa anya akwahosan pa.

Wo Fie No a Wone No Di Nkra

Bere a asram abiɛsa a ɛto so abiɛsa no adu akyiri no, ahosiesie ma wo kɔ no fii ase. Awotwaa no nam a ɛyɛ den no mu fii ase twetwee bere ne bere mu na ɛyɛɛ adeyɛ a ɛtɔ mmere bi a wɔfrɛ no atoro awoko. Awotwaa no yɛɛ mmerɛw ne fakãã.

Sɛ anka wɔbɛka sɛ, “Akokoaa no sianee no,” ɛyɛ papa mmom sɛ wɔbɛka sɛ awotwaa no nyinaa sianee, a akokoaa no da mu. Eyi te saa efisɛ emu twe yɛ teateaa na ɛba fam kakra na akokoaa no ti atɔ asen mu kwan no mu.

Obiara nnim nea ɛkyerɛe sɛ bere adu sɛ ɛsɛ sɛ wufi adi. Ebetumi ayɛ hormones a efi wo maame, anaasɛ wo, akokoaa no ho na ɛmaa awotwaa no hui. Nkrasɛm no ne sɛ: “Awoko fi ase!”

“Awoko” no kyerɛkyerɛ adeyɛ a ɛwɔ afã horow abiɛsa a awotwaa no fii ase no mu yiye. Nea edi kan no, awotwaa no mu twe na awotwaa no ano kwan ne twɛ no mu trɛw de siesie kwan ma siane a wubesiane no. Ebia, kotoku a nsu wom no pae saa bere yi.

Nea ɛto so abien no, ɛnã no adwuma fii ase ankasa bere a ɔkyem ne ba no ti fa awotwaa ano tokuru ne twɛ no mu no. Akyenkyem no kɔɔ so, emu yɛɛ den na ɛyɛɛ ntɛmntɛm kosii sɛ awiei koraa no wo ti twaa mu wɔ awo kwan no so. Wo fa a aka no dii akyi a na ɛnyɛ den. Wɔ awoko no fa a edi akyiri no mu no, wo maame yii awo kotoku no ne funuma hama nkae, awo akyi ade no.

Enti afei wo na na woda hɔ no—wo ho adwiriw wo, awɔw de wo, na wusu—akyinnye biara nni ho sɛ na wusu esiane wo asram akron anaa nea ɛte saa ahotɔ fie a woafi hɔ mpofirim no nti. Nanso hwɛ anigye ara a wubetumi anya sɛ wowɔ akyɛde a ɛne nkwa na wubetumi anya Ɔbɔadeɛ a ɔwɔ ɔdɔ a ɔhwɛ ma wunyaa otie fɛfɛ fi mfiase pɛɛ no hwɛ mu anigye!

[Kratafa 15 adaka]

Nyinsɛn a Ɛsɛe—Otu a Ɛyɛ Awerɛhow

ASIANE betumi ato ɛnã a ɔhwɛ ne ho yiye no mpo. Wonhu nea ɛma nyinsɛn sɛe no mu yiye na ɛho akyinnyegye mu yɛ den. Nhwehwɛmufo adwene nhyia wɔ mmadwowa a nkwammoa tumi hyɛn mu dodow a ekowie nyinsɛn a n’ankasa sɛe mu no ho. Nkontaabu no fi ɔha biara mu nkyem 10 kosi 20 anaa nea ɛboro saa wɔ apemfo dodow a wɔwɔ United States no mu.

Dɛn nti na ɛtɔ mmere bi a awotwaa no tu ne nkwa foforo no fi mu sen sɛ anka ɛbɛhwɛ na abɔ ho ban wom no? Ebia ɛnã no nipadua mu tumi a ɛko tia nyarewa no ko tia trophoblast no, na ɛsɛe n’ahobammɔ afasu no ma nyinsɛn no sɛe. Emu pii fi nea wɔfrɛ no awosu mu asiane ahorow no, mogyatɔw anaasɛ akokoaa no sɛe araa ma ontumi ntra nkwa mu. Anaasɛ ebetumi ayɛ awo dwumadi no a ɛnyɛ adwuma yiye—kesua no bi kodu awotwaa no mu ansa na emu nsiesiei a ɛde begye nyinsɛn no bere adu anaasɛ ɛka akyi dodo ara ma na endometrium no afi ase resen. Ebia ɛnã no awotwaa mu yare bi na amma abofra no antumi antra mu.

Nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ mmea bɛyɛ 200 mu wɔ Britain (1990) no ma ɛdaa adi sɛ oboninyɛ ne nyinsɛn a ɛsɛe betumi ayɛ nea hormone a ɛnyɛ adwuma wɔ ɔkwan pa so na ɛma ɛba. Hormone a efi pituitary kotoku mu a wɔfrɛ no LH (luteinizing hormone) no ba pii, ɛtaa kɔ soro wɔ bɛyɛ nsabu akyi da a ɛto so 14 na ɛma mmadwoa a anyin no fi mmadwoa kotoku no mu na efi Ntini a mmadwoa fa mu kɔ awotwaa mu no mu akwantu no ase na akohyia nkwaboa. The New York Times no bɔɔ amanneɛ sɛ: “Nea Britania kuw no hui ne LH a ɛyɛɛ pii bere a ɛmfata, nsabu akyi da a ɛto so awotwe, ansa na mmadwoa no afi n’akwantu no ase.” Nhwehwɛmu pii ho hia na wɔde asi nneɛma a wɔahu yi so dua de akyerɛkyerɛ mu.

[Kratafa 14 mfoni]

Akokoaa a wadi asram abiɛsa

Akokoaa a wadi asram asia

Akokoaa a wadi asram akron

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena