Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
So anidaso bi wɔ hɔ sɛ akokoaa a owu wɔ ne maame yafunum no benya owusɔre?
Ebia ɛbɛyɛ den ama wɔn a wɔnpɔn wɔn mma da anaasɛ wɔn mma nkokoaa nwui da no sɛ wɔbɛte sɛnea wɔn a ebi ato wɔn pɛn no te nka no ase. Awofo binom di owu a ɛte saa ho awerɛhow paa. Ɛna bi mma baanum wuwui wɔ ne yafunum. Bere bi akyi no, ɔwoo mmabarima baanu a wɔte apɔw tetee wɔn. Nanso, na ɔkae ne mma a wowui wɔ ne yafunum no mu biara. Bere a ɔte ase no, na obu mfe dodow a sɛ ne mma a wowui wɔ ne yafunum ne wɔn a ɔpɔn wɔn no te ase a, anka wɔadi. So Kristofo a wɔte saa no wɔ biribi a wobegyina so anya anidaso sɛ wɔn mma a wɔpɔn wɔn anaa wowui wɔ yafunum no benya owusɔre?
Asɛmmisa yi ho mmuae tiawa ne sɛ yennim. Bible nka no tẽẽ wɔ baabiara sɛ nkokoaa a wɔpɔn wɔn anaa wowu wɔ yafunum no benya owusɔre. Nanso, nnyinasosɛm bi wɔ Onyankopɔn Asɛm mu a ɛfa saa asɛm yi ho a ebetumi ama awerɛkyekye kakra.
Ma yensusuw nsɛmmisa abien a ɛfa asɛm yi ho no ho nhwɛ. Nea edi kan, wɔ Yehowa ani so no, bere bɛn na onipa nkwa fi ase—bere a wɔanyinsɛn no anaa bere a wɔawo no no? Nea ɛto so abien, Yehowa bu akokoaa a ɔhyɛ yafunum a wonnya nwoo no no dɛn—sɛ́ onipa ankasa anaasɛ nkwammoaa a abɔ tɔw da ɔbea awotwaa mu kɛkɛ? Nnyinasosɛm a ɛwɔ Bible mu ma yenya nsɛmmisa abien yi nyinaa ho mmuae a emu da hɔ.
Mose Mmara no ma ɛdaa adi pefee sɛ ɛnyɛ bere a wɔawo onipa na ne nkwa fi ase, na mmom efi ase bere tenten ansa na wɔawo no. Dɛn na ɛma yehu saa? Mmara no daa no adi sɛ sɛ obi kum akokoaa a ɔhyɛ yafunum a, wobetumi akum no bi. Hyɛ saa mmara yi nsow sɛ: “Ɔkra nsi ɔkra ananmu.”a (Ex. 21:22, 23) Enti akokoaa a ɔhyɛ yafunum no wɔ nkwa, na ɔyɛ ɔkra teasefo. Esiane sɛ Kristofo ɔpepem pii ate ase sɛ akokoaa a ɔhyɛ yafunum no wɔ nkwa nti, aboa wɔn ma wonntu nyinsɛn ngu; wobu no sɛ ɛyɛ bɔne a anibere wom a etia Onyankopɔn.
Ɛwom sɛ akokoaa a ɔhyɛ yafunum no wɔ nkwa de, nanso Yehowa bu saa akokoaa no nkwa sɛ ɛsom bo dɛn? Mmara a yɛaka ho asɛm no kyerɛe sɛ sɛ onipa bi a wanyin ma akokoaa a ɔhyɛ yafunum wu a, wonkum no. Ɛnde, ɛda adi pefee sɛ akokoaa a ɔhyɛ yafunum no nkwa som bo paa wɔ Onyankopɔn anim. Bio nso kyerɛw nsɛm pii ma yehu sɛ Yehowa bu akokoaa a ɔhyɛ yafunum no sɛ onipa ankasa. Sɛ nhwɛso no, honhom kaa Ɔhene Dawid ma ɔkaa Yehowa ho asɛm sɛ: “Wode me siee me maame yam. . . . Bere a meyɛ mogyatɔw mpo no, w’aniwa huu me, na wɔkyerɛw m’akwaa nyinaa wɔ wo nhoma mu, nna a wɔnwenee no.”—Dw. 139:13-16; Hiob 31:14, 15.
Yehowa hu nso sɛ nkokoaa a wɔhyɛ yafunum no kura wɔn ankasa suban ahorow, na wobetumi ayɛ nneɛma akɛse daakye. Bere a Isak yere Rebeka nyinsɛn ntafo no, Yehowa hyɛɛ nkɔm bi faa mmarimaa baanu a na wɔredi apere wɔ ne yafunum no ho, a na ɛkyerɛ sɛ, Yehowa ahu su bi wɔ wɔn mu dedaw a ɛbɛka nnipa pii.—Gen. 25:22, 23; Rom. 9:10-13.
Osuboni Yohane asɛm no yɛ nhwɛso foforo a ebetumi ama asɛm yi mu ada hɔ. Asɛmpa no ka sɛ: “Elisabet tee Maria nkyia no ara pɛ, akokoaa a ɔhyɛ ne yafunum no huruwii; na honhom kronkron hyɛɛ Elisabet mã.” (Luka 1:41) Bere a oduruyɛfo Luka reka eyi ho asɛm no, ɔde Hela asɛmfua a ebetumi akyerɛ akokoaa a ɔhyɛ yafunum anaa akokoaa a wɔawo no na edii dwuma. Bere a ɔreka Yesu a ɔyɛ akokoaa a ɔda mmoa adididaka mu ho asɛm no, ɔde asɛmfua koro no ara na edii dwuma.—Luka 2:12, 16; 18:15.
Sɛ yesusuw eyinom nyinaa ho a, so yebetumi anya biribi wɔ Bible mu agyina so de ahu sɛ nsonsonoe kɛse wɔ akokoaa a ɔhyɛ yafunum ne akokoaa a wɔawo no foforo ntam? Ɛnte saa ankasa. Na ɛno ne nea nyansahufo a wɔwɔ hɔ nnɛ ahu no hyia. Sɛ nhwɛso no, nhwehwɛmufo ahu sɛ akokoaa a ɔhyɛ yafunum no tumi te nea ɛrekɔ so wɔ abɔnten, na ɔkeka ne ho. Enti, ɛnyɛ nwonwa sɛ ɔpemfo ne ne ba a ɔrenyin wɔ ne yafunum no nya abusuabɔ a emu yɛ den saa.
Ɛsono bere dodow a abofra biara di wɔ yafunum ansa na wɔawo no. Susuw nhwɛso yi ho hwɛ: Ɛna bi wo akokoaa a ne bere anso, na abofra no wu wɔ nna kakra bi akyi. Ɛna foforo nso de, akokoaa no bere so, nanso owu wɔ ne yafunum ansa na wawo no. So ɛna a odi kan no wɔ anidaso sɛ ne ba akokoaa no benya owusɔre esiane sɛ ɛkɔbae sɛ ɔwoo akokoaa a ne bere anso no nti, bere a ɛna a ɔto so abien no nni anidaso biara a ɛte saa?
Ɛnde, sɛ yɛbɛbɔ no mua a, Bible kyerɛkyerɛ pefee sɛ onipa nkwa fi ase bere a wɔanyinsɛn no, na Yehowa bu akokoaa a ɔhyɛ yafunum no sɛ onipa ankasa a ɔsom bo. Esiane saa nokwasɛm a ɛwɔ Kyerɛwnsɛm mu yi nti, ebia ebinom bɛte nka sɛ sɛ wɔka sɛ anidaso biara nni hɔ sɛ akokoaa a owu wɔ yafunum no benya owusɔre a, na ɛne nokwasɛm a ɛte saa a ɛwɔ Bible mu no nhyia. Nokwarem no, ebia wɔbɛte nka sɛ sɛ obi ka asɛm a ɛte saa a, ɛbɔ gyidi a yɛwɔ sɛ Kyerɛwnsɛm no kasa tia nyinsɛn a wotu gu a egyina saa nokwasɛm a ɛwɔ Bible mu so no gu.
Saa nsɛmma nhoma yi abisa nsɛm bi wɔ bere bi a atwam a na ɛrepɛ akyerɛ sɛ nkokoaa a wowui wɔ yafunum ansa na wɔrewo wɔn no rennya owusɔre. Nsɛmmisa no bi ne sɛ, so Onyankopɔn de akokoaa a na ɔda so ara yɛ mogyatɔw no bɛsan akɔhyɛ ne na awotwaa mu wɔ Paradise? Nanso, nhwehwɛmu a ɛkɔ akyiri a Sodikuw no ayɛ, nsɛm ho a wɔadwinnwen, ne mpae a wɔabɔ ama wɔahu sɛ nsɛm a ɛte saa no mfa owusɔre anidaso no ho. Yesu kae sɛ: “Onyankopɔn fam de ade nyinaa betumi ayɛ yiye.” (Mar. 10:27) Nea esii wɔ Yesu ankasa fam no maa nokwasɛm a ɛwɔ saa asɛm yi mu daa adi; woyii ne nkwa fii soro bɛhyɛɛ ababaa bi a ɔyɛ ɔbaabun awotwaa mu—nokwasɛm ne sɛ ɛyɛ biribi a onipa biara ntumi nyɛ da.
Ɛnde, so eyi nyinaa kyerɛ sɛ Bible kyerɛkyerɛ sɛ mmofra a wowuwu wɔ yafunum ansa na wɔawo wɔn no benya owusɔre? Yɛresi so dua sɛ Bible mmua saa asɛmmisa no tẽẽ, enti biribiara nni hɔ a nnipa betumi agyina so aka no denneennen sɛ wobenya owusɔre. Saa asɛm yi betumi akɔfa nsɛmmisa pii a enni ano aba. Nanso nokwarem no, ɛbɛyɛ papa sɛ yɛremfa yɛn adwene mmu biribiara. Nea yenim ne sɛ: Asɛm no wɔ Yehowa Nyankopɔn a ɔyɛ adɔe na ɔwɔ mmɔborɔhunu pii no nsam. (Dw. 86:15) Akyinnye biara nni ho sɛ nea Yehowa pɛ paa ne sɛ ɔnam owusɔre so beyi owu afi hɔ. (Hiob 14:14, 15) Yebetumi anya awerɛhyem sɛ ɔyɛ nea ɛteɛ bere nyinaa. Ɔbɛma ɛyaw pii a wiase bɔne yi mu asetena ma yedi no afi hɔ bere a ofi ɔdɔ mu kyerɛ ne Ba no kwan ma ‘ɔsɛe Ɔbonsam nnwuma’ no.—1 Yoh. 3:8.
[Ase hɔ asɛm]
a Ɛtɔ mmere bi a wɔkyerɛ kyerɛwsɛm yi ase ma ɛbɛyɛ sɛ sɛ obi kum akokoaa no maame nkutoo a, ɛnna wobekum no bi. Nanso, mfitiase Hebri nkyerɛwee no ma ɛda adi sɛ na mmara no reka bɔne bi a ɛbɛba akokoaa a ɔhyɛ yafunum no anaa ne maame so ma wawu ho asɛm.
[Mfonini wɔ kratafa 13]
Yehowa beyi ɛyaw a nnipa fa mu nyinaa afi hɔ