Nkwa—Akyɛde A Ɛsɛ Sɛ Wɔkyerɛ Ho Anisɔ
BERE a Yehowa Nyankopɔn de awo hokwan maa adesamma abusua no, hwɛ akyɛde pa a na ɛyɛ! Ná wɔbɛwo abofra a ne ho yɛ fɛ ato awarefo a wɔdɔ wɔn ho wɔn ho, a wɔasiesie wɔn ho sɛ wɔbɛkyerɛ ade ketewaa yi a afi wɔn aware mu aba no ho anisɔ na wɔahwɛ no no nsa mu. Anigye nkutoo na abusua no benya bere a abofra no renyin no.
Nanso Adam ne Hawa bɔne no de amanehunu abrɛ nkokoaa a wɔwo wɔn to adesamma abusua no mu no. Bɔne nti, wɔde amanehunu ne ɛyaw a yɛn maame a odi kan no bɛte nka bere a ɔwo mma no domee no. Na asetra bɔne a wɔwoo wɔn mma toom no maa abayɛn yɛɛ asɛnnennen. Enti, ɛnyɛ nwonwa sɛ wɔ nnɛyi wiase a emu ayɛ hwanyann yi mu no, nkurɔfo ani ntaa nnye nyinsɛn ho. Nanso, adwene bɛn na Ɔbɔadeɛ no kura wɔ abofra a wɔyem no ho? So abrabɔ a ɛresakra no asakra Ɔbɔadeɛ no adwene wɔ abofra a wɔyem no ho? Ɛnte saa koraa. Adwene a okura wɔ mmofra a wɔyem wɔn ho ne sɛnea odwen wɔn ho no nsakra da.
Kyerɛwnsɛm no da no adi pefee sɛ onipa a ɔda nsow koraa renyin wɔ ɛnã no yafunu mu. Nkwa fi ase wɔ nyinsɛn mu. Wo a wɔwo abofra no ba wiase ma onipa hu abofra a Onyankopɔn nim no dedaw. Hesekiel ka “abofra biara a obue awotwaa ano” ho asɛm. (Hesekiel 20:26, New World Translation) Hiob ka “me maame yafunu apon” ho asɛm, na ɔfrɛ mmofra a wɔpɔn wɔn sɛ “nkokoaa a wɔanhu hann da.”—Hiob 3:10, 16, NW.
Hyɛ obu kɛse a Yehowa Nyankopɔn wɔ ma akokoaa a onni ahoɔden kɛse bere a ɔrenyin wɔ awotwaa mu no nsow. Ɔka kyerɛɛ Yeremia sɛ: “Minnya mennwenee wo ɔyafunu mu no, na minim wo, na wunnya mfii adi mfii awotwaa mu no, na metew wo ho.” (Yeremia 1:4, 5) Dawid kae sɛ: “Me nnompe anhintaw wo, bere a wɔyɛɛ me ahintawee mu na wɔnwenee me, asase mu tɔnn no. Meyɛ mogya tɔw nko no, w’aniwa huu me.” (Dwom 139:15, 16) Hiob frɛ Onyankopɔn sɛ “Nea ɔyɛɛ [me] ɔyafunu mu,” a ɔkɔɔ so ‘siesie yɛn nyinaa ɛna yam.’—Hiob 31:15.
Na adwene bɛn na Onyankopɔn kura wɔ ɔpemfo a ohyia abasamtu a ɔmpɛ abofra no ho? Ɔbɔadeɛ no nim asɛyɛde a emu yɛ duru a ɛwɔ ɔwofoyɛ mu no sen obiara. Nanso sɛ obu a ɔpemfo bi a ɔwɔ tebea a emu yɛ den mu wɔ ma Onyankopɔn ahwehwɛde nti, ɔpaw sɛ ontu nyinsɛn no ngu a, so ɔrenhyira ne gyinaesi no so? Ɔwofo betumi abɔ mpae de ahwehwɛ ne mmoa na ɔde atete abofra a ɔwɔ anigye, na ɛsɛ sɛ ɔyɛ saa. Onyankopɔn de mmofra ntetee ho afotu pa a ɛsen biara ama wɔ n’Asɛm no mu. Nhyira horow befi Bible nnyinasosɛm a wɔde bedi dwuma wɔ abusua asetram no mu aba. Mmofra a wosuro Onyankopɔn ntetee mu anigye ne akatua horow ye sen biribiara a wɔde bɔɔ afɔre wɔ saayɛ mu, sɛnea ɔwofo a ɔwɔ anigye kɛse betumi adi ho adanse no.
So ɛsono sɛnea Yehowa bu asɛm no sɛ mmonnaato anaa mogyafra na ɛma wonyinsɛn akokoaa no a? Ɛwom sɛ wɔadi ɛna no nsɛmmɔne de, nanso wontumi mfa asodi no nto akokoaa no so. Kum a wobekum no no bɛma wɔde nsɛmmɔnedi biako abrɛ foforo ase kɛkɛ. Ɛda di sɛ Yehowa hu nkate mu haw a saafo no hyia, na obetumi aboa ɛna no ne abofra no ma wɔatumi agyina nea ɛbɛba wɔ awo no akyi ano wɔ ɔkwan a ɛkari pɛ so.
Na sɛ oduruyɛfo bi ka kyerɛ ɔpemfo bi sɛ asram akron a abofra no bedi wɔ ne yafunu mu no betumi de ne nkwa ato asiane mu nso ɛ? Oduruyɛfo Alan Guttmacher kae sɛ: “Ɛnnɛ, ɛkame ayɛ sɛ wotumi hwɛ ɔyarefo biara ma otumi tra nkwa mu wɔ ne nyinsɛn bere mu, gye sɛ ɔyare owuyare te sɛ akisikuru anaa ɔyare bi a wɔfrɛ no leukemia, na sɛ saa a, nyinsɛn a wotu gu ntumi mma ɔntra nkwa mu nkyɛ, nkantom agye no nkwa.” The Encyclopedia Americana ka sɛ: “Esiane sɛ wobetumi ahwɛ apemfo a wɔwɔ nyarewa a emu yɛ den mpo mu dodow no ara ma wɔawo dwoodwoo nti, nyinsɛn kakraa bi na ɛho hia sɛ wotu gu de bɔ ɛnã no akwahosan ho ban. Nyinsɛn a wotu gu no mu dodow no ara fi pɛ a wɔmpɛ abofra no nti.” Enti tebea horow a ɛte saa no ntaa mma. Nanso, sɛ tebea a ɛte saa ba wɔ awo bere mu a, ɛnde awofo no na ɛsɛ sɛ wɔpaw sɛ wɔbɛpere ɛna no anaa abofra no nkwa. Wɔn na ɛsɛ sɛ wosi gyinae no.
So ɛyɛ nwonwa sɛ nkwa Bɔfo no de sɛnea ɛsɛ sɛ yɛde yɛn awo tumi ho akwankyerɛ a emu da hɔ pefee di dwuma ama? Wɔ n’ani so no, nkwa a obi yɛ a onsiesiee ne ho sɛ ɔbɛhwɛ so no yɛ bɔne te sɛ nea awudi yɛ bɔne no ara pɛ.
Nokwarem no, wɔbɛkɔ so agye nyinsɛn a wotu gu ho akyinnye kosi nhyehyɛe yi awiei. Nanso wɔ nkwa Bɔfo, Yehowa Nyankopɔn, ne wɔn a wɔkyerɛ ne mmara ho anisɔ nyinaa fam de, nokware a ɛwom no da adi pefee. Nkwa som bo—ɛyɛ akyɛde a ɛsɛ sɛ wɔhwɛ so yiye na wɔkyerɛ ho anisɔ fi ne mfiase pɛɛ.
[Adaka wɔ kratafa 11]
Onyankopɔn Adwene a Yebenya wɔ Nyinsɛn a Wotu Gu Ho
NA ABEAWA a mpenatwe ma onyinsɛn a onsiesiee ne ho koraa sɛ ɔbɛyɛ ɔbaatan no nso ɛ? So ɛsɛ sɛ wɔma no kwan ma ɔwo abofra ba wiase? Sɛnea Onyankopɔn te nka wɔ abofra no ho nsakrae esiane sɛ ne maame yɛɛ ade a nyansa nnim a ɛyɛ ɔbra bɔne nti. Nokwarem no, abofra a ɔbɛwo no no bɛboa ne maame no ma wahu nea afi ne bra bɔne no mu aba no, ma enti wahu nyansa a ɛwɔ Onyankopɔn mmara mu no. Nea efi n’aguamammɔ no mu ba a ɔbɛsɛe no no betumi ama wate asodi nka, anaa ebia ɛbɛhyɛ no den ma wakɔ so abu bra bɔne.
Sɛ wannya agya biara ammoa no a, abofra no ntetee renyɛ mmerɛw. Nanso abusuabɔ a emu yɛ den a ɔne yɛn soro Agya no betumi anya no betumi ama ɛna no anya abrabɔ ne nkate mu ahoɔden, mmoa, ne akwankyerɛ a ɔde bɛyɛ saa. Afei nso ɔde Kristofo asafo no ama na aboa ma awofo a wonni ahokafo haw ahorow so atew.