Nea Mmofra Hia a Wɔde Bɛma Wɔn
ƐDA adi sɛ ɛsɛ sɛ awofo ma wɔn ani kũ mmofra ho kɛse, nanso mmofra pii nnya no saa. Tebea a mmabun wom nnɛ no kyerɛ saa. Nhwehwɛmufo bi kae wɔ Toronto, Canada, atesɛm krataa The Globe and Mail mu sɛ: “Ɛmmae da sɛ yɛn mmofra a wonni asetra mu suahu ne nyansa no ne wɔn awofo ntam atetew saa da.”
Dɛn na atõtõ? So yɛn ani a yɛabu agu mmofra so no na ɔkwan bi so no, ɛde ɔhaw no aba anaa? Adwene ne nneyɛe ho nimdefo bi a ɔboa mmea a wɔn akatua sua ma wohu sɛnea wɔbɛhwɛ wɔn mma a wɔawo wɔn foforo no ka sɛ: “Ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa sua sɛnea wɔtete mmofra. Nea ɛsɛ sɛ yehu ne sɛ, daakye, yebenya bere a yɛsɛe no yɛn mma ho no so mfaso pii.”
Nkokoaa mpo hia akwankyerɛ bere nyinaa. Ɛnyɛ bere tiaa bi adeyɛ na mmom ɛsɛ sɛ ɛyɛ da mũ no nyinaa adeyɛ. Sɛ mmofra benyin yiye a, egyina bere a yebenya ama wɔn fi bere a wɔyɛ mmotafowa no so kɛse.
Hia a Ahosiesie Ho Hia
Nea ɛbɛyɛ na awofo atumi adi wɔn asɛyɛde a emu yɛ duru ho dwuma no, ɛsɛ sɛ wosiesie wɔn ho yiye ansa na wɔawo. Ebia wobesua biribi afi nnyinasosɛm a Yesu kaa ho asɛm faa hia a nhyehyɛe a wodi kan yɛ ho hia no mu. Ɔkae sɛ: “Mo mu hena na ɔpɛ sɛ ɔto abantenten, na ɔrentra ase mmu ho akonta ansa sɛ ɔwɔ nea ɔde betumi awie?” (Luka 14:28) Abayɛn—adeyɛ a wɔtaa frɛ no mfe 20 adwuma—yɛ den sen abantenten a obi bɛto koraa. Enti sɛ wubetumi atete wo ba yiye a, ehia sɛ wunya adwuma no ho akwankyerɛ a edi mu.
Nea edi kan no, sɛ obi begye abawo mu asɛyɛde atom a, adwenem ne honhom mu nsiesie a ɔbɛyɛ no ho hia. Nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ apemfo 2,000 mu wɔ Germany no bɛdaa adi sɛ, na mmofra a wɔn awofo asiesie wɔn ho ama awo no wɔ nkate ne honam mu apɔw-mu-den, sen mmofra a na wɔn nanom nsiesiee wɔn ho no. Nea ɛne eyi bɔ abira no, nhwehwɛmufo bi buu akontaa sɛ, hokwan a ɛwɔ hɔ sɛ ɔbea a ɔte aware bɔne ase bɛwo akokoaa a ɔwɔ nkate mu haw anaa wadi dɛm no dɔɔso sen ɔbea a wanya aware pa no de mmɔho abien.
Ɛnde na ɛda adi pefee sɛ, sɛ abofra betumi anyin frɔmfrɔm a, na agyanom nso ho hia. Oduruyɛfo Thomas Verny ka sɛ: “Nneɛma kakraa bi na sɛ yɛde toto ho a, ebetumi apira abofra wɔ nkate ne honam fam asen agya a ɔyɛ ne yere a ɔyem basabasa.” Nokwarem no, wɔtaa ka sɛ akyɛde a ɛsom bo a abofra betumi anya ne agya a ɔdɔ abofra no na.
Sɛ ɔhaw anaa dadwen hyɛ ɛna no so a, ebetumi ahaw akokoaa a ɔhyɛ yafunum no. Nanso wɔkyerɛ sɛ, sɛ ɔhaw no sõ anaa dadwen no hyɛ ɛna no so kyɛ a na etumi pira abofra no, na ɛnyɛ bere tiaa bi mu abufuw anaa dadwen a ɛba bere ne bere mu no. Ade a ɛho hia kɛse ne sɛnea ɔpemfo no si te nka wɔ akokoaa a ɔyem no no ho no.a
Na sɛ woyem na wo kunu mmoa wo anaa w’ani nnye wo nyinsɛn no ankasa ho nso ɛ? Ɛtaa ba sɛ nsɛm tebea ma ɔbea haw wɔ ne nyinsɛn mu. Nanso kae bere nyinaa sɛ ɛnyɛ akokoaa no na ayɛ biribi. Ɛnde, ɔkwan bɛn so na wubetumi ada odwo su adi wɔ tebea a emu yɛ den yi mu?
Akwankyerɛ a nyansa wom a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm, Bible mu no nso aboa nnipa pii. Ɛka sɛ: “Ade nyinaa mu momfa mpaebɔ ne ɔsrɛ, ɛne aseda mma mo adesrɛ nnu Nyankopɔn asom; na Onyankopɔn asomdwoe a ɛtra adwene nyinaa so no bɛhwɛ mo koma ne mo adwene so Kristo Yesu mu.” Bere a wode saa nsɛm no redi dwuma no, ebetumi aboa ma watie afotu yi: “Monnna nnnwen biribiara nnhaw mo ho.” (Filipifo 4:6, 7) Wobɛte nka sɛ Ɔbɔade no betumi aboa wo na wahwɛ wo.—1 Petro 5:7.
Ebetumi Ato Obiara
Sɛ mmea bi wo foforo a, wɔn werɛ tumi how ma wɔyɛ basaa a wɔnte ase. Mmea a wɔn ani gyee wɔn awo ho no mpo betumi ayɛ mosõõ. Nkate mu nsakrae a ɛte saa no taa si. Nea ɛma ɛba saa ne sɛ, mmea ahommoa tumi sakra kɛse wɔ awo akyi. Ɛtaa ba sɛ, sɛ ɔbea nwoo da na sɛ ɔwo a, hu a ohu nea abaatanyɛ hwehwɛ—aduanma, abofra tam a ɔbɛsesa ne hwɛ a ɔbɛhwɛ abofra a bere nyinaa ɔpɛ sɛ wɔyɛ biribi ma no no betumi abɔ ɛna no hu.
Ná ɛna bi te nka sɛ ne ba no su de guan ne ho ara kwa. Ɛnyɛ nwonwa sɛ abayɛn ho ɔbenfo bi a ɔwɔ Japan kae sɛ: “Dadwen a abayɛn de ba no betumi aka obiara.” Sɛnea ɔbenfo yi kyerɛ no, “ade a ɛho hia titiriw ne sɛ, ɛna no nte nka sɛ ɔno nkutoo na wahu amane.”
Sɛ ɛtɔ mmere bi na sɛ ɛna no te nka sɛ wahaw mpo a, obetumi abɔ ne ba no ho ban na ne su a asakra no anka ne ba no. Time nsɛmma nhoma no bɔɔ amanneɛ sɛ: “Ɛnanom a wanya adwenemhaw nanso wɔbɔ mmɔden sɛ wobedi so, na wɔn ani kũ wɔn mma ho pii, na wɔne wɔn di agoru no tete mma a wɔn adwenem da hɔ na wɔwɔ anigye kɛse.”b
Sɛnea Agya Betumi Aboa
Abofra no agya na mpɛn pii no obetumi de mmoa kɛse ama. Sɛ abofra no resu ɔdasum a, mpɛn pii no agya no betumi ahwɛ abofra no na ama ne hokafo no atumi ada. Bible ka sɛ: “Okununom, mo ne wɔn ntra nimdeɛ mu saa ara, sɛ ɔyere ne ade a ne ho nyɛ den.”—1 Petro 3:7.
Yesu Kristo yɛɛ nhwɛso a ɛyɛ pɛ sɛ okununom nni akyi. Ɔde ne nkwa mpo too hɔ maa n’akyidifo. (Efesofo 5:28-30; 1 Petro 2:21-24) Ne saa nti, okununom a wɔde wɔn ankasa ahotɔ bɔ afɔre na wofi wɔn pɛ mu boa abayɛn no resuasua Kristo. Nokwarem no, abayɛn nyɛ obiakofo adwuma, na mmom ɛsɛ sɛ awofo baanu no nyinaa yɛ.
Adwuma a Awofo Baanu Nyinaa Yɛ
Yoichiro, agya a ne babea anya mfe abien ka sɛ: “Me ne me yere asusuw ɔkwan a ɛsɛ sɛ yɛfa so tete yɛn babea no ho akɔ akyiri. Bere biara a asɛm bi bɛsɔre no, yesusuw ho hwɛ ɔkwan a yɛbɛfa so adi ho dwuma.” Yoichiro nim sɛ ehia sɛ ne yere gye n’ahome, ne saa nti sɛ ɔrepue a, ɔtaa fa ne babea no ka ne ho kɔ.
Tete no a na mmusua akɛse abu so na biakoyɛ wom no, na mma a wɔanyin ne abusuafo boa awofo ma wɔhwɛ wɔn mmofra. Enti ɛnyɛ nwonwa sɛ odwumayɛni bi a ɔwɔ Beae a Wogye Mmofra Ntetee Ho Afotu wɔ Kawasaki, Japan kae sɛ: “Mpɛn pii no, sɛ ɛnanom ka wɔn haw kyerɛ afoforo a, wɔboa wɔn. Ɛnanom pii atumi adi wɔn akwanside ahorow so esiane mmoa kakra a wɔde ma wɔn no nti.”
Parents (Awofo) nsɛmma nhoma no ka sɛ awofo “hia fekuw bi a wobetumi de wɔn nsɛm akɔdan wɔn.” Ɛhe na wobetumi anya fekuw a ɛte saa? Sɛ wɔn a wɔawo foforo de adwempa tie wɔn ankasa awofo anaa wɔn nsenom a, ebetumi aboa wɔn kɛse. Nanso, ɛsɛ sɛ nananom hu sɛ, nsɛm no ho gyinaesi hyɛ awarefo a wonnyinyin pii no nsa.c
Wɔn a wɔawo foforo betumi anya mmoa nso afi nnipa a wɔne wɔn wɔ ɔsom biako mu no. Wɔ Yehowa Adansefo asafo a ɛwɔ mo mpɔtam hɔnom mu no, mobetumi anya nnipa a wɔwɔ abayɛn mu osuahu pii a wobefi wɔn pɛ mu atie mo haw ahorow no. Wobetumi de nyansahyɛ ahorow a mfaso wɔ so ama mo. Mpɛn pii no, mmea a Bible frɛ wɔn “mmerewa,” wɔn a wɔwɔ osuahu kɛse na wɔbɔ wɔn bra sɛ Kristofo no, betumi aboa ɛnanom a wonni suahu no.—Tito 2:3-5.
Nokwarem no, ɛnyɛ afoforo nsusuwii nyinaa na ɛsɛ sɛ awofo gye tom. Yoichiro ka sɛ: “Mpofirim no, na wɔn a wɔbɛn yɛn nyinaa adan abayɛn ho animdefo.” Ne yere Takako ka sɛ: “Mfiase no na nyansahyɛ a afoforo de ma me no haw me, na misusuw sɛ me ho a ɛnkokwawee sɛ ɔwofo nti na wɔyɛ saa.” Nanso, afoforo suahu aboa okununom ne ɔyerenom pii ma wɔanya nea wɔn mma hia a wɔde bɛma wɔn no ho adwene a ɛkari pɛ.
Mmoa a Eye Sen Biara
Ɛte sɛ nea wunni boafo biara mpo a, obi wɔ hɔ a wubetumi de wo ho ato no so ma waboa wo. Ɔne Yehowa Nyankopɔn, onii a ɔbɔɔ yɛn, na otumi hu nnipa a wɔawo wɔn asase so bere a na wɔda so yɛ “mogya tɔw nko no.” (Dwom 139:16) Sɛnea wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ n’asɛm Bible mu no, bere bi Yehowa ka kyerɛɛ ne nkurɔfo a wɔtraa ase tete no sɛ: “So ɔbea werɛ befi ne ba akokoaa, na ne yam renhyehye no ne yafumma ho? Sɛ eyinom werɛ befi po a, me de, me werɛ remfi wo.”—Yesaia 49:15; Dwom 27:10.
Nokwarem no, Yehowa werɛ remfi awofo. Ɔde abayɛn ho akwankyerɛ a eye sen biara ama wɔ Bible no mu. Sɛ nhwɛso no, bɛyɛ mfe 3,500 ni no, Onyankopɔn diyifo Mose kyerɛwee sɛ: “Fa wo koma nyinaa ne wo kra nyinaa ne w’ahoɔden nyinaa dɔ [Yehowa, NW] wo Nyankopɔn.” Afei Mose kae sɛ: “Nsɛm [a afotu a ɛne sɛ wɔnnɔ Yehowa, na wɔnsom no ka ho] yi a merehyɛ wo nnɛ yi nna wo koma so; na fa kyerɛkyerɛ wo mma yiye, na kasa ho, w’afitra mu ne wo kwan so nantew mu ne wo nna mu ne wo sɔre mu.”—Deuteronomium 6:5-7.
Wususuw sɛ aba bɛn na ɛwɔ akwankyerɛ a Onyankopɔn Asɛm de ma yi mu? So ɛnsɛ sɛ wokyerɛkyerɛ wo mma da biara da? Nokwarem no, ɛnnɔɔso sɛ wubeyi bere pɔtee bi asi hɔ ama wɔn bere ne bere mu. Esiane sɛ wo mma betumi ne wo adi nkitaho bere biara nti, ɛsɛ sɛ wotu wo ho ma wɔn bere nyinaa mu. Saa a wobɛyɛ no bɛkyerɛ sɛ woredi Bible mu ahyɛde yi so: “Kyerɛ abofra ɔkwan a ɔmfa so, na sɛ onyin nso a, ɔremfi ho.”—Mmebusɛm 22:6.
Nea ɛka mmofra a yɛbɛtete wɔn yiye ho ne sɛ yɛbɛkenkan ade akyerɛ wɔn. Bible kyerɛ yɛn sɛ na osuani Timoteo a ɔtraa ase bɛyɛ mfe 2000 ni no ‘fi ne mmofraase nim kyerɛw kronkron no.’ Enti ɛda adi sɛ na ne na, Eunike ne ne nanabea Lois kenkan ade kyerɛ no bere a na ɔda so yɛ abofra no. (2 Timoteo 1:5; 3:14, 15) Eye sɛ wokenkan kyerɛ akokoaa no fi bere a woahyɛ ase rekasa kyerɛ no no. Nanso dɛn na wubetumi akenkan akyerɛ akokoaa, na ɔkwan pa bɛn na wubetumi afa so akyerɛ no ade?
Kenkan Bible no ma wo ba nte. Ɛda adi sɛ saa na wɔkenkan kyerɛɛ Timoteo. Afei nso, nhoma ahorow a mfonini a ɛyɛ fɛ wom wɔ hɔ a ebetumi ama mmofra ahu Bible no mu yiye. Eyinom boa abofra ma otwa nneɛma ahorow a Bible rekyerɛkyerɛ no ho mfonini wɔ n’adwenem. Sɛ nhwɛso no, Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm ne Onipa a Ɔsen Biara a Watra Ase Pɛn no wɔ hɔ. Wɔnam nhoma ahorow a ɛte saa so de Bible mu nkyerɛkyerɛ adua mmofra pii adwenem ne wɔn komam.
Bible ka sɛ “[Yehowa, NW] agyapade ne mmabanin [ne mmabea], na yafunu mu aba yɛ akatua.” (Dwom 127:3) Wo Bɔfo no de “agyapade,” abofra a wodɔ no a wubetumi anya ne ho anigye kɛse no, ahyɛ wo nsa. Mmofra a wobɛtete wɔn, titiriw ama wɔabɛyɛ nnipa a woyi wɔn Bɔfo no ayɛ no yɛ adwuma a mfaso wɔ so ampa!
[Ase hɔ nsɛm]
a Ɛnyɛ ɛna no ahommoa a ɛsɔre bere a dadwen ahyɛ no so no nkutoo na ebetumi apira akokoaa no na mmom aduru a wɔfrɛ no nicotine a ɛwɔ tawa mu ɛnne nnuru afoforo nso a ɔbɛnom ka ho. Ɛsɛ sɛ apemfo kwati sɛ wɔbɛnom nnubɔne biara. Afei nso, ɛho hia sɛ wɔhwehwɛ oduruyɛfo akwankyerɛ wɔ sɛnea nnuru a wɔnom betumi aka akokoaa a ɔhyɛ yafunum no ho.
b Sɛ ɛna bi te nka sɛ ne werɛ ahow anaa n’abam abu kɛse ma ontumi nka nkɔ ne ba no ne nnipa afoforo ho a, ebetumi aba sɛ na wanya awo akyi adwenemhaw. Sɛ ɛba saa a, ɛsɛ sɛ okohu oduruyɛfo a ogyee no awo no. Yɛsrɛ sɛ hwɛ Nyan!, August 8, 2002, kratafa 14-18 ne Nyan!, June 8, 2003, Engiresi de, kratafa 21-3.
c Yɛsrɛ sɛ kenkan asɛm “Mmanana a Obi Benya—Emu Anigye ne Nsɛnnennen,” a epuei wɔ Nyan!, April 8, 1999 de no mu.
[Mfonini wɔ kratafa 24]
Sɛnea ɛna te nka wɔ ne ba a ɔyem no no ho hia kɛse
[Mfonini wɔ kratafa 25]
Ɛwom sɛ ɔbea a wawo foforo su betumi asakra wɔ awo akyi de, nanso pii wɔ hɔ a obetumi ayɛ ama ne ba no ate nka sɛ ɔdɔ no na ɔwɔ ahobammɔ
[Mfonini wɔ kratafa 26]
Ɛyɛ agyanom asɛyɛde sɛ wonya abayɛn mu kyɛfa
[Mfonini wɔ kratafa 26]
Ɛsɛ sɛ wokenkan ade kyerɛ wo ba fi ne mmofraase