Nkoekoemmoa A Wɔn Ho Yɛ Nwonwa Hyɛ Wimhyɛn A Nnipa Ayɛ Aniwu
WƆ AKODI akyi no, nsɛnkyerɛwfo ne sraadi mu abenfo de nnɛyi akode ahorow a etumi di dwuma yiye no hoahoa wɔn ho. Wɔkamfo akode a n’ankasa tumi tu fa wim a wɔfrɛ no “atopae a wɔaben,” ne wimhyɛn a wɔde tua atamfo a sɛnea wotumi dannan no—na etumi kum nnipa no—bi mmae da. Akyinnye biara nni ho sɛ ahokokwaw a wɔde yɛɛ saa akode yi yɛ nwonwa yiye. Nanso, nkamfo a emu yɛ hyew sɛɛ a wɔde ma owu mfiri yi ntaa mma nokwasɛm tiawa bi nna adi: Sɛ wɔde mfiri a etu fa wim a ɛyɛ nwonwa na anya nkɔso sen biara a nnipa ayɛ no toto ntummoa nketewaa a wɔabu so wɔ abɔde mu ho a, sɛnea wɔhyehyɛɛ nnipa de no ba fam koraa.
Susuw akode a n’ankasa tu fa wim no ho hwɛ. Sɛnea The Wall Street Journal kyerɛ no, “asase mfonini bi a wɔde asie kɔmputa mu na ɛkyerɛ akode a n’ankasa tu fa wim no kwan a ɛmfa so. Mfoninitwa afiri bi ne mfiri afoforo bi ma ɛkɔ nea ɛsɛ sɛ ɛkɔ bere a ɛde ahoɔhare tu fa asase ani no.” Ɛte sɛ nea anya nkɔanim yiye, ɛnte saa? Nanso afei, fa toto akoekoeboa bi a ɔba fam koraa —asu ho ɔdowa—ho hwɛ.
Asase Mfoniniyɛfo Ketewaa
Ben Smith a ɔyɛ kɔmputa ho nsɛmma nhoma BYTE no mfiridwuma ho nsɛm samufo no kyerɛw nnansa yi ara sɛ: “Sɛ wɔde toto asu ho ɔdowa ho a, akode a n’ankasa tu fa wim no nnim nyansa koraa.” Dɛn ntia? Efisɛ wɔ akode a n’ankasa tu fa wim mu mfiri a anya nkɔanim nyinaa akyi no, ɛnyɛ den koraa sɛ wɔbɛdaadaa no. Sɛnea Smith ka no: Ɛno ara ne sɛ wubeyi nea ɛrekɔsɛe no afi hɔ na wagyaw ade foforo bi asi hɔ. Esiane sɛ akode a n’ankasa tu fa wim no ankasa sɛe bere a ɛresɛe ade no nti, entumi nhu da sɛ adi mfomso.”
Nanso ɛyɛ den yiye sɛ wobɛdaadaa asu ho ɔdowa. Abɔde a nkwa wom ho ɔdenimfo bi a ɔresua mmoa yi ho ade bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛyɛ saa. Bere a ohuu sɛ nkoekoemmoa yi pii wɔ mpoano fã ketewaa bi a wɔhyehyɛ ntokuru a ɛne wɔn ho wɔn ho di nsɛ mu no, ɔtwɛn kosii sɛ wɔn mu biako tu fii adi, na afei ɔyɛɛ ntɛm de anhwea kataa ne tokuru no ano. Afei ɔtwɛn hwɛe sɛ aboa no betumi ahu ne tokuru no ano bio anaa. Nea ɛmaa ne ho dwiriw no ne sɛ aboa no besii ne tokuru no ano pɛpɛɛpɛ, na ɔsan tutui! Esiane sɛ ohui sɛ ɔdowa no retu akɔ anaa ɔresan aba mu a, ɔtaa tu fa ne tokuru no so te sɛ nea ɔrehwehwɛ biribi no nti, abɔde a nkwa wom ho ɔdenimfo no susuwii sɛ ebia ebetumi aba sɛ akoekoeboa no de sɛnea asase a atwa ne tokuru ho ahyia no te no resie ne tirim, reyɛ biribi te sɛ asase mfonini wɔ n’adwenem.
Nea ɛbɛyɛ na wahu sɛ nea wahu no yɛ nokware no, ɔsan siw tokuru no ano na saa bere yi de ɔhyehyɛɛ nhaban bi a egugu hɔ no ɔkwan foforo so. Bere a asu ho ɔdowa no resan aba ne fie hɔ bio no, ɔtu faa so hwehwɛɛ hɔ sɛnea ɔyɛ daa no, na osii beae a ɛhɔ nyɛ ne tokuru! N’adwenem yɛɛ no basaa bere tiaa bi. Afei otu faa ne tokuru no so hwehwɛɛ hɔ bio—nanso saa bere yi de, ɔkɔɔ soro kɛse. Ɛda adi sɛ ɔkwan foforo yi a akoekoeboa ketewaa no faa so dii asɛnnennen no ho dwuma no ma onyaa agyiraehyɛde afoforo a obegyina so de ahu ne tokuru no, efisɛ ntɛm ara na ohuu ne tokuru a ɛso asiw no na ɔsan tutui.
Kɔmputa a ɛhyɛ akode a n’ankasa tu fa wim no bo betumi adu bɛyɛ dɔla ɔpepem biako na emu duru bɛyɛ nkaribo 50 kilogram. Amemene a asu ho ɔdowa de yɛ adwuma no kɛse bɛyɛ sɛ akroteaa ti. Ben Smith de ka ho sɛ: “Asu ho ɔdowa nso betumi anantew, atutu fam, ahu faako a ne tamfo wɔ adi no so nkonim, na wahwehwɛ ɔhokafo (ade a ɛbɛma akode a n’ankasa tu fa wim asɛe) .” Smith de ba awiei sɛ: “Sɛ afe yi mfiri a ɛyɛ adwuma kyɛn so no yɛ adwuma pii sen afe a etwaam no de mpo a, ɛnto nea ɔdowa ketewaa amemene tumi yɛ no mpo, na ato nea onipa adwene tumi yɛ.”
Saa ntaban a Ɛyɛ Nwonwa No
Wobetumi aka saa ara afa wimhyɛn a anya nkɔanim sen biara a nnipa ayɛ, te sɛ wimhyɛn a wɔde di ako no ho. Robin J. Wootton a ɔyɛ nkoekoemmoa ho ɔdenimfo wɔ England de bɛboro mfe aduonu asua sɛnea nkoekoemmoa tu ho ade. Ɔkyerɛw nnansa yi ara wɔ Scientific American nsɛmma nhoma no mu sɛ “nkoekoemmoa bi tumi dannan wɔn ho wɔ wim ɔkwan a ɛyɛ nwonwa so. Sɛ nhwɛso no, nwansena betumi abrɛ ahoɔhare a ɔde tu no ase, agyina wɔ wim, adan ne ho a onhia ɔkwan pii a ɔde bɛyɛ saa, asi ne ti ase atu, atow ne ho, amunumunum ne ho na wakosi nsɛmso bi so—wɔ anibu fã mu.”
Dɛn koraa na ɛma mfiri nketewaa a etu fa wim yi tumi tu sen wimhyɛn a nnipa ayɛ sɛɛ yi? Wiɛ, wimhyɛn dodow no ara wɔ ade a wɔfrɛ no gyroscope a ɛboa wɔn ma wɔnhwe ase bere a wɔdannan wɔn ho wɔ wim no. Nwansena nso wɔ wɔn ankasa gyroscope—a wɔfrɛ no haltere, na ɛyɛ biribi a etuatua faako a nkoekoemmoa afoforo akyi ntaban wɔ no. Haltere no ne ntaban no yɛ adwuma bere koro mu. Wɔkyerɛ nwansena no kwan na woso ne mu na bere a otu kyinkyin no wanhwe ase.
Nanso, sɛnea nkoekoemmoa ho ɔdenimfo Wootton kyerɛ no, ahintasɛm no ankasa ne nkoekoemmoa no ntaban no. Ɔkyerɛw sɛ bere a na ɔyɛ osuani a wawie sukuu wɔ 1960 mfe no mu no, ofii ase susuwii sɛ nkoekoemmoa ntaban “nyɛ ntini ne nhoma bi a wɔahyehyɛ ara kɛkɛ,” sɛnea wɔtaa yɛ ho mfonini no. Ose, mmom no, “ntaban no mu biara te sɛ afiri ketewaa a ɛyɛ fɛ bi ma me.”
Sɛ nhwɛso no, ntini atenten a ɛwɔ nkoekoemmoa ntaban mu no yɛ dorobɛn ahorow a emu yɛ den ankasa a ntokuru nketewa a mframa ahyɛ mu ma a wɔfrɛ no trachea beabea mu. Wɔde ntini a ɛsensan mu na akeka ntaban akɛse a emu nyɛ duru nanso ɛyɛ den no abobom. Nhyehyɛe a wonya fi eyi mu no yɛ fɛ yiye; sɛnea Wootton kyerɛ no, ɛte sɛ nnua anaa nnade bi a wɔahyehyɛ no yiye a mfiridwumayɛfo de di dwuma na ama biribi anya ahoɔden na emu ayɛ den no ara pɛ.
Wɔde nhoma bi a abɔde ho nyansahufo nte ase nwie ara ka nim a wonim sɛ ɛwɔ ahoɔden na emu yɛ hare ho no, akata ade a wɔahyehyɛ no hwanyann yi so. Wootton kyerɛ sɛ saa nhoma yi a wɔde akata ntaban no mu ntini a wɔahyehyɛ no so no boa ma taban no nya ahoɔden, na emu yɛ den kɛse, sɛnea mfoniniyɛfo tumi hu sɛ ne ntama a ɔde kata mfonini dua a enni ahoɔden so no ma emu yɛ den no ara pɛ.
Nanso ɛnsɛ sɛ ntaban no mu yɛ den pii. Ɛsɛ sɛ etumi gyina ahoɔhare a wɔde tu mu nhyɛso a emu yɛ den no ne akwanhyia pii ano. Ne saa nti, Wootton nam ntaban no fã a wɔatwa mu nhwehwɛmu a ɔyɛe so huu sɛ emu pii kɔ so yɛ ketewa fi eti de kɔ ano, na ɛma ano no yɛ fakaa. Ɔkyerɛwee sɛ: “Mpɛn pii no, ntaban no mfa ahoɔden a emu yɛ den nhyia nhyɛso a emu yɛ den na mmom emu koa na asan ateɛ te sɛ abaa a mframa bɔ no.”
Ebia nea ɛyɛ nwonwa sen eyi mpo ne sɛ ntaban no tumi sakra sɛnea ɛte bere a aboa no retu no. Ɛyɛ ampa sɛ nnomaa ntaban nso yɛ saa ara, nanso nnomaa de wɔn ntaban mu ntini na edi dwuma de sakra sɛnea ɛte no yɛ no foforo. Akoekoeboa ntini ntra faako a ne ntaban no fĩ ase no. Saa kwan yi so no, akoekoeboa ntaban te sɛ hyɛn mu abrannaa. Sɛ sɛnea ɛte no bɛsakra a, ɛsɛ sɛ wɔyɛ saa fi asehɔ, fi hyɛn mufo a wɔwɔ hyɛn no mu wɔ asehɔ no nkyɛn, anaasɛ fi ntini a ɛwɔ aboa no bo no mu. “Nanso,” sɛnea Wootton kyerɛ no, “nyansa a wɔde yɛɛ nkoekoemmoa ntaban no kɔ akyiri yiye sen nea wɔde yɛɛ hyɛn mu abrannaa ahorow no, na sɛnea esi yɛ anika no yɛ soronko. . . . Ɛwɔ nea sɛ ɛpem biribi a, ɛmma aboa no nte nka kɛse, nea ɛma ne mu duru kari pɛ, nea wɔde siw emu ntetewee a ɛbɛtrɛw kwan, ne adwinnade afoforo pii a esusua nanso etumi yɛ adwuma yiye nyinaa bi, na ne nyinaa na ɛma taban no tumi a ɛde tu fa wim no yɛ kɛse no.”
Otu—Ade a Ɛho Hia Titiriw
Eyinom nyinaa, ne sɛnea wɔahyehyɛ taban no afã afoforo no boa akoekoeboa no ma otumi nya ade titiriw a etwa to a ohia na ɔde atu no: otu. Nokwarem no, Wootton kyerɛkyerɛ akwan pii a ɛyɛ hwanyann a nkoekoemmoa nam so tumi ma wɔn ntaban no tumi a wɔde tu kɔ soro no mu.
Marvin Luttges a ɔyɛ wimhyɛn ho ɔdenimfo no de mfe du asua agyegye-nsu otu ho ade. Saa nkoekoemmoa yi tumi nya tumi a ɛma wotu araa ma Amerika nsɛmma nhoma National Wildlife kaa sɛnea wotu ho asɛm nnansa yi ara sɛ “nyansa a wɔde tu kɔ wim ho anwonwade.” Luttges de nneɛma a emu nyɛ duru pii kyekyeree ebi a wɔfrɛ wɔn widow no mu biako ho, na ohuu sɛ aboa ketewaa no betumi de ne mu duru efi mmɔho abien dekɔ mmɔho abien ne fã atu akɔ wim akyirikyiri—a ɔremmrɛ. Ɛno kyerɛ sɛ, sɛ wɔde wɔn kɛse toto wimhyɛn de ho a, wotumi ma ade so mmɔho abiɛsa sen sɛnea wimhyɛn a nnipa ayɛ a ɛwɔ ahoɔden sen biara no betumi ayɛ!
Ɔkwan bɛn so na wɔfa yɛ no? Luttges ne n’ahokafo no huu sɛ, sɛ agyegye-nsu bɔ ne ntaban mu pɛnkoro biara a, okyim ne taban no kakra de kanyan kyinhyia mframa nketenkete wɔ taban no so. Ɔkwan hwanyann yi a wɔfa so de nea mfiridwumayɛfo frɛ no mframa a ennyina faako di dwuma yi yɛ soronko koraa wɔ sɛnea wimhyɛn a nnipa ayɛ tu no ho; wɔn tu no gyina mframa a egyina faako so. Nanso sɛnea National Wildlife ka no, ɛyɛ agyegye-nsu no ahoɔden “a ɔde twe tumi fi kyinhyia mframa mu” no na ɛde “otu a ɛyɛ nwonwa” yi ba. U.S. Wim ne Nsu so Asraafo nyinaa reboa Luttges adwuma no yɛ na wɔma no sika a ɔde yɛ no. Sɛ wimhyɛn ahorow betumi de nnyinasosɛm a ɛte sɛɛ ayɛ adwuma a, anka ɔkwan a wɔfa so tu no bɛyɛ mmerɛw pii na wobetumi akosi wimhyɛn gyinabea a ɛntrɛw pii so.
Nanso, ɛbɛyɛ den yiye koraa sɛ wobetumi ayɛ wimhyɛn a etumi dannan ne ho te sɛ agyegyensu. National Wildlife ka sɛ efi bere a agyegyensu tu nea edi kan no, ɔyɛ “anwonwade ahorow a nnɛyi wimhyɛn kafo a wɔaben sen biara no ani bɛbere ara kwa no ntɛm so.”
Ɛnde, ɛnyɛ nwonwa sɛ nkoekoemmoa ho ɔdenimfo Wootton de asɛm yi baa awiei sɛ: “Dodow a yɛte nkoekoemmoa ntaban dwumadi ase no, dodow no ara na sɛnea wɔyɛɛ no no yɛ fɛ na ɛyɛ nwonwa.” Ɔde kaa ho sɛ: “Afiri a onipa ayɛ biara nnya mmae a ɛne no sɛ, ebi aba mpo a, nsɛdi no bɛyɛ kakraa bi.”
“Nnya mmae.” Saa asɛm no da awerɛhyem —sɛ ɛnyɛ ahomaso—gyidi a nnipa wɔ sɛ, sɛ wɔma wɔn bere a ɛfata a, wobetumi ayɛ nneɛma a Ɔbɔadeɛ no ayɛ no bi no adi. Akyinnye biara nni ho sɛ nnipa bɛkɔ so ahwɛ abɔde so ayeyɛ nneɛma a ɛyɛ anwonwa pii. Nanso ɛsɛ sɛ yɛkae asɛm biako. Sɛ́ wɔbɛhwɛ biribi so ayɛ bi yɛ ade biako; na sɛ́ wobefi dekode ase koraa no yɛ ade foforo. Sɛnea onyansafo Hiob kae bɛboro mfeha 30 a atwam ni no: “Na eyi de bisa mmoa ɛ, na wɔnkyerɛ wo, ne ɔsoro nnomaa nso, na wɔnka wo. Hena na ɔrenhu eyi nyinaa mu sɛ [Yehowa] nsa na ɛyɛɛ eyi?”—Hiob 12:7, 9.