Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g97 9/8 kr. 16-18
  • Asukɔn So Abohene

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Asukɔn So Abohene
  • Nyan!—1997
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sɛnea Agyegyensu Tu
  • Eti a Aniwa Ayɛ Ho Ma
  • Asetra Kwan a Ɛsesa
  • Adanse a Etia Adannandi
  • Nkoekoemmoa A Wɔn Ho Yɛ Nwonwa Hyɛ Wimhyɛn A Nnipa Ayɛ Aniwu
    Nyan!—1992
  • Abɔde Ma Yehu sɛ Onyankopɔn Wɔ Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
  • Nsemmisa A Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
Nyan!—1997
g97 9/8 kr. 16-18

Asukɔn So Abohene

Efi Nyan! kyerɛwfo a ɔwɔ Spain hɔ

BERE biara a mitu mpase wɔ asubɔnten anaa ɔtare bi ho no, m’ani mpa so sɛ mɛhwehwɛ abohene a m’ani gye ho yiye no bi—ebetumi ayɛ kɔkɔɔ, bruu, anaa ahabammono. Ɛtɔ mmere bi a mihu sɛ ebi si ahaban so a ɔnka ne ho; mitumi hu bi nso a ɔnenam nsu no ani anaa otu betwam m’anim prɛko pɛ mpo. Abohene a ɛyɛ a mehwehwɛ no ne agyegyensu—nkoekoemmoa mu “helikopta” fɛfɛ no.

M’adwene baa saa nsaanodwuma fɛfɛ a wotu yi so nea edi kan mfe pii a atwam ni, bere a mikopuee asuten bi a ɛtene bɔkɔɔ so wɔ kwae mu no. Ná agyegyensu pii retu di akɔneaba wɔ awia no mu—a ebinom ho yɛ bruu hyerɛnn, na afoforo ho yɛ ahabammono a akokɔsrade wom fɛfɛɛfɛ. Mede dɔnhwerew biako hwɛɛ sɛnea wɔdannan wɔn ho wɔ wim a ɛmaa kwae no mu bɛyɛɛ sɛ asaw dan ketewa no. Wɔn ho ayɛ me anika fi saa bere no.

Dodow a misuaa agyegyensu ho ade no, dodow no ara na mibehuu sɛnea wɔn ho yɛ fɛ na wɔsom bo fa. Ade a edi kan a mehyɛɛ no nsow ne sɛ ɛsono agyegyensu na ɛsono ahudede. Agyegyensu nim tu paa, na wɔtaa yɛ akɛse, bere a—sɛnea ne din wɔ Engiresi mu kyerɛ no—ahudede yɛ ahodɔ, na wontu basabasa. Nsonsonoe titiriw a ɛda wɔn ntam ne sɛnea wɔyɛ wɔn ntaban no. Agyegyensu a osi faako no taa trɛw ne ntaban abien abien no nyinaa mu, bere a ahudede bobɔw ne de gyina n’akyi.a

Mifii ase susuw sɛnea ɛyɛ a agyegyensu tumi kyere ntontom wɔ wim a wɔmmrɛ ho koraa no ho. Me fam no, ɛyɛ den yiye sɛ mɛbɔ akoekoeboa kɛse bi a ɔnenam mukaase dan ho ahwe fam. Mibisaa me ho sɛ, ‘Dɛn na agyegyensu de sen me?’ Nneɛma abien: wim ahokokwaw ne aniwa a sɛ ɔwɛmfo nya a, anka n’ani begye ho kɛse no.

Sɛnea Agyegyensu Tu

Frɛ a wɔfrɛ agyegyensu helikopta—mmeran a wɔtaa bɔ no wɔ Spain—no yɛ ntotoho a enhyia ankasa. Afuni a wobu wɔ wim no kɔ hare araa ma ɛtɔ mmere bi a aniwa ntumi nni akyi. Mmoa no bi wɔ hɔ a, ɛha-ne-ha yi ara wobetumi akɔ mmirika kilomita 55 wɔ dɔnhwerew biara mu. Wobetumi nso asensɛn wim anaa wɔatu akɔ anim, akyi, anaa nkyɛnmu wɔ bere tiaa bi mu. Afei nso sɛ agyegyensu dan ne ho prɛko pɛ wɔ wim a, nyansahufo bu akontaa sɛ, ɛko tia tumi a ɛtwe ade ba fam no mu ahoɔden 2.5.

Agyegyensu wɔ ntaban abien abien a ayɛ sɛ atena. Ɛwom sɛ ɛte sɛ nea enni ahoɔden de, nanso saa ntaban yi tumi bɔ bɛyɛ mpɛn 40 wɔ anibu biara mu, na sɛ biribi bɔ no a, entumi no biara. Abɔde a nkwa wom ho nimdefo Robin J. Wootton ka ho asɛm sɛ “nsaano nnwuma nketenkete a ɛda adwinni nyansa adi.”

Ɔde ka ho sɛ: “Dodow a yɛte dwuma a nkoekoemmoa ntaban di ase yiye no, dodow no ara na sɛnea wɔyɛɛ no no yɛ nwonwa na ɛyɛ fɛ ma yɛn. . . . Afiri biara ne no nsɛ.” Ɛnyɛ nwonwa sɛ nnansa yi, wimhyɛn ho animdefo resua ɔkwan a agyegyensu fa so tu no ho ade.

Eti a Aniwa Ayɛ Ho Ma

Sɛnea ɔkwan a agyegyensu fa so tu no yɛ nwonwa no, saa ara na sɛnea n’ani te no nso yɛ nwonwa. Aniwa akɛse abien reyɛ agye agyegyensu ti nyinaa afa. Aniwa yi mu biara mu akyekyɛ bɛyɛ 30,000 a ebiara wɔ afã asia a ɛte sɛ aniwa nketenkete a ɛhyɛ aniwa biako mu, efisɛ emu biara tumi de mfonini soronko kɔ amemene no mu. Nanso ɛno nkyerɛ sɛ agyegyensu hu mfonini ahorow mpempem pii wɔ bere koro mu. Sɛ́ anka ebehu mfonini mũ te sɛ yɛn no, ehu ahokeka, nsakrae, nsonsonoe, ne nneɛma su.

Saa mfonini ahorow no nyinaa hia nhwehwɛmu. Enti, agyegyensu amemene no mu nkyekyem ɔha biara mu 80 di mfonini ho nsɛm nkutoo ho dwuma. Mfoninitwa afiri biara nyɛ nnam saa—agyegyensu betumi ahu ntontom a ɛne ne ntam kwan bɛyɛ mita 20. Bere a owia akɔtɔ ama wim ayɛ kusuu na ɛyɛ den sɛ onipa betumi ahu nkoekoemmoa nketewa no, ɛnyɛ den mma agyegyensu a wɔwɔ nhimahobea sɛ wɔbɛkyere wɔn.

Sɛnea agyegyensu tumi tu prɛko pɛ ahoɔhare so wɔ asukɔn ho afifide mu no hwehwɛ sɛ osisi gyinae ɔhaha pii ntɛmntɛm. Otumi yɛ saa adwumaden yi efisɛ otumi hu mfonini ɔhaha pii fann wɔ anibu biara mu, a ɛsen sɛnea yetumi hu no mmɔho anum. Enti, sini bi a wonya mfonini 24 wom anibu biara mu no bɛyɛ te sɛ mfonini mmiako mmiako a egyina faako wɔ agyegyensu ani so.

Asetra Kwan a Ɛsesa

Sɛ agyegyensu asetra fi ase a, biribiara nkyerɛ sɛ ɔbɛyɛ aboa fɛfɛ a otumi tu yiye saa. Sɛ ne kesua pae a, ɛkame ayɛ sɛ aboa a ɛpae wɔ nsu ani no da ɔtare anaa asuten no ani a ɔnkeka ne ho pii, na ɔtwɛn sɔw aduan biara a ne nsa bedu ho. Bere a aboa no aworɔw ne honam mpɛn pii—wɔ asram, anaa wɔ mmoa no bi fam no mfe bi—akyi no, ɔforo bɛda demmire so. Nsakrae nwonwaso bi kɔ so wɔ hɔ.

Ne kɔn ho baabi bue ma agyegyensu a wanyin awie weawea fi mu. Te sɛ afofantɔ no, aboa a wanyin awie a wafi adi foforo no twɛn nnɔnhwerew kakra bi ansa na ne ntaban mu ayɛ den, na wafi asetra foforo ase. Nna kakraa bi akyi no, nyansa a wɔde adua ne mu no ma otumi hwehwɛ aduan sua sɛnea wotu ahokokwaw so.

Bere tiaa bi akyi no, agyegyensu a onnyinii no ho bɛkokwaw wɔ sɛnea wɔkyere nkoekoemmoa ne ntontom wɔ wim no mu. Bere a otumi kyere nkoekoemmoa a wɔn mu yɛ duru te sɛ ɔno ara da biara no, ɔyɛ adwuma a mfaso wɔ so. Sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya wɔn ano aduan daa no, agyegyensu anini pii tumi gye nsasesin nketenkete bɔ so, kyinkyin so bɔ ho ban.

Agyegyensu ahorow bi tumi kyere aphid anaa amanku we, afoforo nso kyere apɔtorɔ nketewa, na ahudede bi a ɔwɔ nhimahobea we ananse mpo. Otu nenam ananse kɛse bi ntontan ho, na ɔkyere ananse nketewa a wɔba ntontan no mu bɛsesaw nnikae a ananse a ɔnwenee ntontan no agyaw no.

Adanse a Etia Adannandi

Adannandi ho anyansahufo pii bu agyegyensu sɛ wɔyɛ nkoekoemmoa a wotu mu adikanfo. Tete mmere mu mmoadoma ho ade bi a wokohui wɔ France ne agyegyensu ntaban a ɛbobɔ ban ho a na ne tenten yɛ sɛntimita 75 no! Ɔno ne akoekoeboa a ɔso sen biara a wonim, na ne kɛse boro agyegyensu biara a ɔte ase no mmɔho abiɛsa.

Mibisaa me ho sɛ, ‘Ɛbɛyɛ dɛn na aboa bi a ne tu ka nea ɛyɛ nwonwa sen biara a onipa nim no ho, atumi aba ara kwa, a odi mũ?’ Alien Empire—An Exploration of the Lives of Insects nhoma no gye tom sɛ: “Tete mmere mu mmoadoma no mu biara nni hɔ a ɔyɛ adantam wɔ nea onni ntaban ne nea ɔwɔ ntaban no ntam.” Ɛda adi sɛ agyegyensu yɛ Ɔdeyɛfo Panyin bi a onim nyansa nsa ano adwuma.

Ɛkame ayɛ sɛ agyegyensu atumi atra asase so baabiara. Wobetumi atra mmepɔw so asutare ho, asase nkyɛmpɛ ho ɔwora, anaa nkurow nketewa mu atare a woguare mu mpo mu.

Mahu agyegyensu akuw pii a wɔnenam Afrika nhimahobea mpoano, ne afei agyegyensu hempɔn koro pɛ a ɔnenam rebɔ n’asasesin ho ban wɔ Europa atare a wɔn ani gye hɔ no ho. Na bere a mede hyɛmma tuu kwan wɔ Philippines bon a nhaban atwa ho ahyia mu no, ahudede ahorow dii m’akyi baabiara a mekɔe, na wosisii me basa ho mpo.

Ɛwom sɛ ebia agyegyensu ka ntuboa a wɔn ho yɛ nwonwa sen biara wɔ asase so no ho de, nanso bere nyinaa, wɔn fakaayɛ ne wɔn ahoɔfɛ na m’ani agye ho kɛse sen sɛnea wotu no. Sɛ wɔwɔ atare ne asukɔn ho a, wɔma hɔ hyerɛn. Wɔyɛ abohene a ɛfata—a wubenya wɔn ahu wɔn bere nyinaa.

[Ase hɔ asɛm]

a Wɔ bere ne bere no, agyegyensu tumi de wɔn ntaban no kyerɛ fam, na wɔma wɔn mu so kyerɛ owia. Saa na wɔyɛ de dwudwo wɔn ho, efisɛ ɛkata wɔn ho ma owia nhyew wɔn pii.

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 16, 17]

Agyegyensu, a wɔtrɛtrɛw wɔn ntaban mu bere a wosi hɔ no, taa yɛ akɛse sen ahudede a wɔbobɔw wɔn ntaban gyina wɔn akyi no

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena