Kyakyatow So Akatua A Ɛyɛ Yaw No
Wohui sɛ ná Bobby awu da kar bi a esi London kusuu fam borɔn bi so mu. Wadi mfe 23 pɛ na wadi ne ho dɔm yi.
Na ɔbarima a ne mfe akɔ anim no adeda mmɔnten so bere tenten bi ansa na wɔde no rekɔ nnipa yiyedi ho adwumayɛbea. Na wayɛ bɛtɛɛ, na onnidii nnanan, na na ɔnnom ne komayare ho aduru a wɔakyere no no.
Ná Emilio a ne mma yɛ baanum no were ahow. Ne yere ne ne mma agyaw no hɔ. Mprempren wɔne no nkasa mpo.
OBI a wadi ne ho dɔm, obi a ne ho akyere no, ne agya a wɔapow no: awerɛhosɛm abiɛsa, ɛda adi sɛ wɔntaa nka ho asɛm nanso ɛnyɛ ade a ɛnyɛ nã wɔ nnɛyi asetram. Nanso na ɔhaw no mu biara fi ade biako—kyakyatow a wontumi nnyae.
Wɔn a wontumi nkwati kyakyatow no mu pii nnye ntom sɛ wɔwɔ asɛnnennen, na wɔn abusuafo taa kata so ma wɔn na anyɛ animguasede. Nanso wɔ wiase nyinaa no, da biara da afie ɔpepem pii hyia amanehunu ne abasamtu esiane adebɔne a wontumi nnyae yi nti.
Obiara nnim nnipa dodow a wontumi nkwati kyakyatow no. Wɔ United States no, ɔpepem du yɛ nea wɔasusuw aka. Esiane sɛ kyakyatow hokwan ahorow redɔɔso wɔ aman pii mu nti, ayɛ bebree. Wɔafrɛ kyakyatow a wontumi nkwati no sɛ “ade a wontumi nnyae a enya nkɔanim ntɛmntɛm sen biara.”
Wɔn a wɔbɛyɛɛ wɔn a wontumi nnyae nkyɛe no mu pii afi ase nnakoro nnakoro bi de hwɛe sɛ “wɔn ti bɛyɛ yiye anaa”. Na afei wɔbɛdanee wɔn a wontumi nnyae kyakyatow.
Bere a Wontumi Nni Wɔn Ho So Wɔ Kyakyatow Mu
Dɛn na ɛma wɔn a wɔtow kyakya nnakoro nnakoro bi no dan wɔn a wontumi nkwati no? Nea ɛma ɛba saa no sonsonoe, nanso wɔ ɔkwan bi so no edu bere bi wɔ kyakyatowfo asetram a, wɔte nka sɛ wɔantow kyakya a wontumi ntra ase. (Hwɛ adaka no mu wɔ kratafa 7.) Ebinom nya anigye bi a wonnya wɔ wɔn asetram no wɔ kyakyatow mu. Kyakyatowfo biako kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Sɛ medi anaasɛ minni no mfa me ho. Sɛ meto nkyia, anaasɛ metow sen wɔn a wɔatwa me ho ahyia no a, mete nka sɛ mene onipa titiriw a ɔsen biara wɔ wiase. Nnipa bu me. M’ani gye yiye.”
Ebinom tow kyakya esiane ankonamyɛ anaasɛ adwenem basaayɛ nti. Ná Ester a ɔwɔ mmabaanan no ware ɔsraani bi a ɔntaa ntra fie. Ɔtee nka sɛ ɔyɛ ankonam na ofii ase tow kyakya wɔ anigyebea ahorow. Bere tiaa bi mu no, na ɔde nnɔnhwerew pii tow da biara. Na sika a ɔde kɔ gua so no nsõ bio, na ɛmaa nsɛnnennen no yɛɛ kɛse. Ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔrenka sika a ɔsɛe no no nkyerɛ ne kunu, na ɔyeree ne ho bɔɔ bosea fii sikakorabea anaa afoforo hɔ de kɔɔ so tow ne da biara dɔla 200 kyakya a ontumi nnyae no.
Ebinom nso wɔ hɔ a sika kɛse a wodii no na ɛma wonyaa wɔn suban no. Robert Custer a ɔyɛ wɔn a wontumi nkwati kyakyatow ho ɔbenfo no kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Titiriw no wɔn a wɔn kyakyatow no mu no wodii bi ntɛm na wɔtaa di no na wɔdan wɔn a wontumi nnyae.” Ɛno akyi no akɔnnɔ a wonya sɛ ɛsɛ sɛ wɔkɔ so di no mu bɛyɛ den.
Gyidi Hunu Nnaadaa Afiri No
Wɔn a wɔtow kyakya no mu pii di nkate akyi mmom sen sɛ wɔbɛdwene. Sɛ obi a ɔpɛ sɛ ɔtow kyakya ma ntease pa nkutoo kyerɛ no kwan a, ɛho akontaabu tiawa kɛkɛ remma ɔntow. Sɛ nhwɛso no wɔ United States no, asiane a ɛwɔ hɔ sɛ aprannaa betumi akum obi no yɛ 1 wɔ mpɛn 1,700,000 mu. Hokwan a ɛwɔ hɔ sɛ obi betumi adi ɔman loto no yɛ anyɛ yiye koraa no ɛno saa mpɛn abien.
Hena na ɔhwɛ kwan sɛ aprannaa bɛbɔ no? Gye sɛ obi a ɔyɛ ohufo kɛse. Nanso, ɛkame ayɛ sɛ obiara a otwa loto no susuw sɛ wɔbɛbɔ ne nɔma no. Ɛyɛ nokware sɛ, loto a obi bedi no yɛ akwanhwɛ a ɛyɛ anigye pii de, nanso ntease a ɛma nnipa pii de wɔn ani to biribi a ɛkame ayɛ sɛ anidaso biara nnim so no yɛ gyidi hunu. Wɔn “akraye nɔma ahorow” a wɔpɛ a wɔpaw no ma wogye di sɛ wobetumi adi.—Hwɛ adaka no mu wɔ kratafa 8.
Claudio Alsina a ɔyɛ Spainni nkontaabu ho ɔbenfo no aka sɛ, sɛ mmeae a wɔtow kyakya ne loto dwumadibea ahorow de nkyerɛwde si nɔma no ananmu wɔ kyakyatow mu a, hokwan a ɛwɔ hɔ sɛ wobedi no bɛyɛ sɛnea ɛte no ara, nanso nkɛntɛnso no—ne akyinnye biara nni ho sɛ dodow a wotwa no—so bɛtew. Sɛnea nɔma ahorow bi twetwe adwene no yɛ soronko. Nɔma a ebinom pɛ yiye ne 9, 7, 6 ne 0, bere a afoforo paw wɔn ankasa “akraye nɔma” fi nneɛma te sɛ awoda anaasɛ nsoromma mu hwɛ ho nsɛm a wɔkenkan mu. Ebinom nso wɔ hɔ a anwonwasɛm a esisi na ɛkyerɛ wɔn kwan.
Da koro ɔbarima bi hyiaa biribi a n’ani nnye ho mpofirim bere a ɔrekɔ Monte Carlo kyakya dan no mu no. Aborɔnoma bi a ɔnam soro kɔɔ tiafi guu ne kyɛw so. Saa da no ara odii $15,000. Esiane sɛ ogye dii sɛ aborɔnoma tiafi no yɛ nhyira nti, wanhyɛn kyakya dan no mu bio da bere a onnii kan nkyinkyin ɛho sɛ obenya “sɛnkyerɛnne a efi soro” foforo. Enti gyidi hunu ma kyakyatowfo pii susuw sɛ bere a wɔde bedi kyakya no remma awiei da. Nanso nea ɛtaa ka eyi ho ne nsusuwii bi a ne mpokyerɛ mu yɛ den, a ɛkɛntɛn wɔn so a awiei koraa no ebetumi asɛe wɔn.
Esiane Sika Ho Dɔ Nti
Nnipa tow kyakya na wɔanya sika, sɛ ebetumi ayɛ yiye a, sika kɛse. Nanso wɔ obi a ontumi nkwati kyakyatow fam no, sika a odi no nya nkɛntɛnso titiriw bi. Wɔ n’ani so no, sɛnea Robert Custer kyerɛkyerɛ mu no, “sika kyerɛ sɛnea obi ho hia. . . . Sika ne adamfofa . . . Sika yɛ aduru.” Na dɛn nti na sika ho hia no pii saa?
Wɔ kyakyatowfo mu no, nnipa ani gye nea odi kɛse anaasɛ nea ɔsɛe sika pii wɔ ho no ho. Wɔpɛ sɛ wɔbɛn no. Enti, sika a nea ɔtow kyakya no adi no kyerɛ no sɛ ɔyɛ otitiriw, ne sɛ n’ani atew. Sika no nso ma ne werɛ fi ne nsɛnnennen, ɛboa ma onya akomatɔyam, na ɛma n’ani gye. Nhwehwɛmufo Jay Livingston se, wɔn a wontumi nnyae kyakyatow “de wɔn werɛ nyinaa hyem.” Ɛyɛ mfomso a ɛyɛ awerɛhow.
Sɛ ne nsa si fam na wɔkɔ so di ne sika a, sika bɛyɛ ade a ɛho hia no kɛse sen kan no mpo. Afei ɔde anibere hwehwɛ sɛ ne nsa bɛka nea wahwere no. Ɔbɛyɛ dɛn anya sika a ɛdɔɔso a ɔde betua wɔn a ɔde wɔn aka no ka, na wafi ase adi bio? Ɛnkyɛ koraa na n’asetra asɛe ayɛ nea ɔhwehwɛ sika bere nyinaa.
Saa ahokyere yi ne wɔn a wɔtow kyakya ɔpepem pii asetram abrabɔ. Mmarima ne mmea, wɔn a wɔadi mfe ahorow a wɔn nsɛm tebea gu ahorow nyinaa ka ho. Na ebetumi anya obiara so nkɛntɛnso, sɛnea yetumi hu fi nnansa yi kyakyatow a wontumi nnyae a ɛwɔ wɔn a wonnii mfe aduonu ne mmea awarefo mu no.
Wɔn a Wonnii Mfe Aduonu ne Mmea Awarefo a Wontumi Nnyae
Mmofra na kyakyatow mfiri anaasɛ agoru afoforo a ebetumi ama wɔanya sika ntɛm ho anigye no yi wɔn wɔ ɔkwan a ɛyɛ mmerɛw so. Nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ Engiresi kuropɔn bi mu daa no adi sɛ wɔn a wɔadi mfe 14 no mu 5 biara mu 4 tow kyakya daa, na wɔn mu pii fii ase bere a na wɔadi mfe 9. Na wɔn mu binom bɔ ko fi sukuu kɔtow kyakya. Nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ U.S. ntoaso sukuu adesuafo mu no ma ɛdaa adi sɛ wɔn mu ɔha biara mu 6 “su kyerɛe sɛ wobetumi adan nnipa a wontumi nnyae kyakyatow.”
Manuel Melgarejo a ɔyɛ wɔn a wɔboa wɔn ho kuw bi a emufo yɛ wɔn a wɔagyae kyakyatow wɔ Madrid, Spain, panyin no kyerɛkyerɛ mu kyerɛ Nyan! sɛ kyakya kɛse a abofra a n’adwenem yɛ hare biara bedi pɛnkoro pɛ no betumi ama wayɛ obi a ne yɛ aka ne hɔ. Bere tiaa bi mu no kyakyatow bɛyɛ ade a ɔde gye n’ani na ɔpɛ yiye. Ɛnkyɛ koraa na abofra a ontumi nnyae kyakyatow no afi ase atontɔn abusua no agyapade ahorow anaasɛ obewia abusua no, ɔbɛbobɔ korɔn nketenkete anaasɛ obesi tuutuu mpo na wanya sika de atow kyakya no.
Abenfo ahu nso sɛ mmea awarefo a wontumi nnyae kyakyatow reyɛ pii. Sɛ nhwɛso no wɔ United States no, wɔn a wontumi nnyae kyakyatow mu ɔha biara mu 30 yɛ mmea, nanso wobu akontaa sɛ ebedu afe 2000 mu no ɛbɛyɛ ɔha biara mu 50.
María a ɔyɛ ɛnã odwumayɛfo a ɔwɔ mmabea baanu no yɛ mmea awarefo a wontumi nnyae kyakyatow no ho nhwɛso. Mfe ason ni no, wasɛe $35,000—abusua no sika titiriw—wɔ kyakya ho. Ɔka sɛ: “Sika no kɔ koraa. Mepɛ da a mɛhyɛn kyakya dan bi mu a mewɔ $50 wɔ mepɔsmu na menya ahoɔden de atɔ biribi ama me mma mmom sen sɛ mede bɛtow kyakya.”
Adaeso a Ɛdan Daebɔne
Adaeso so titiriw na kyakyatow gyina. Wɔ wɔn a wotow kyakya no mu binom fam no, ahonya ho adaeso yɛ bere tiaa mu adeyɛ, nanso wɔn a wontumi nnyae twa no fam no, ɛbɛyɛ ne nsusuwii, nsusuwii a odi akyi denneennen kosi sɛ ne sika nyinaa bɛsa, ɔbɛkɔ afiase, obewu mpo.
Kyakyatow kura ahiade ahorow ho bɔhyɛ—ade a ntease wom a wɔde gye wɔn ani, anigye kakra, sika kakra, anaasɛ ade a ɛma werɛ fi da biara da mu ɔhaw ahorow—nanso ɛso akatua no betumi ayɛ yaw pii, sɛnea wɔn a wontumi nnyae kyakyatow de awerɛhow ahu no. So wobetumi adi ahiade ahorow yi ho dwuma wɔ beae foforo?
[Kratafa 7 adaka]
Obi a Ontumi Nnyae Kyakyatow Su
OBI a ɔtow kyakya no kɔ so tow a nea ɔhwere biara mfa ho. Na sɛ odi a, ɔde sika no san tow. Bere a ebia ɔbɛka sɛ obetumi agyae bere biara a ɔpɛ no, obi a ontumi nnyae kyakyatow a ɔwɔ sika wɔ ne kotoku mu no rentumi ntra ase bere tenten a ɔntow kyakya no bi. Ɔwɔ kyakyatow ho akɔnnɔ a emu yɛ den.
Ɔbɔ ka bere nyinaa. Sɛ ontumi ntua wɔn a ɔde wɔn aka no ka a, ɔde ahopere bɔ bosea pii de tua aka a ɛhaw no no na wanya kwan akɔ so atow kyakya no. Ɛnkyɛ koma na wayɛ obi a onni nokware. Obetumi de n’adwuma wura sika atow kyakya mpo. Ɛtaa ba sɛ ebewie akyiri no na wayi no afi adwuma mu.
Biribiara, ne yere ne ne mma mpo, ho ahia no sɛ ne kyakyatow no. Gyae a ontumi nnyae no de aware mu ntɔkwaw ba ɔkwan biara so, na awiei koraa no etumi de ntetewmu anaasɛ awaregyae ba.
Afɔdi a emu yɛ den nka a ɔte no ma bere nyinaa ɔyɛ obi a ɔnka ne ho nkɔ nnipa mu. Ɛyɛ den ma no sɛ ɔne afoforo bɛbɔ. Awiei koraa no, onya adwenemhaw a emu yɛ dɛn na ebetumi aba mpo sɛ ɔbɛbɔ mmɔden sɛ obedi ne ho dɔm; ontumi nhu ɔkwan foforo biara a ɔbɛfa so adi n’asɛnnennen no ho dwuma.
[Kratafa 8 adaka]
Ɔbarima a Oguu Sikakorabea wɔ Monte Carlo
CHARLES WELLS a ɔyɛ Engiresini barima bi kɔɔ Monte Carlo kyakyatowbea wɔ July 1891 mu. Wɔ nna kakraa bi mu no, ɔde frans ɔpedu dii ɔpepem biako, na nea ɛyɛ nwonwa ne sɛ ɔsan yɛɛ saa ara bio ɛno akyi asram anan. Kyakyatowfo afoforo bɔɔ mmɔden sɛ wobehu ne “kwan no” nanso ɔkwa. Wells kae bere nyinaa sɛ onni ɔkwan titiriw biara. Nokwarem no, afe a edi hɔ no ɔhweree ne sika no nyinaa, na owui a na onni sika koraa. Anwonwasɛm ne sɛ asɛm a esii yi maa kyakyatowbea no gyee din yiye. Egyee din araa ma ɛnyerae da.
Monte Carlo Nnaadaa No
Kyakyatowfo pii gye di sɛ kyakyatow mfiri no tumi de nsɛm sie. Enti, nea ɔtow rafol no susuw sɛ sɛ nɔma ahorow bi ba a, nkyimii no de nɔma binom a ɛne no nam bɛba. Saa ara nso na nea ɔde kyakya mfiri no di dwuma no fa no sɛ sɛ wonnii kyakya no wɔ afiri pɔtee bi so bere tenten bi a, ɛnkyɛ na wobedi bi. Wɔfrɛ saa mfomso adwene a wonya no Monte Carlo nnaadaa.
Rafol no ne ɔkwan a kyakya afiri no fa so yɛ adwuma no nyinaa ba ara kwa. Enti nea asi dedaw biara mfa ho hwee. Wɔ saa agoru a hokwan na wɔde di yi mu no, sɛnea The New Encyclopadia Britannica ka no, “biara a wɔbɛtow no te sɛ afoforo no ara pɛ wɔ nea ebefi mu aba no mu.” Enti sɛ́ ebia wobedi anaa worenni no te saa ara bere biara. Nanso Monte Carlo nnaadaa no abɔ kyakyatowfo pii fam na ama kyakyatowbea ahorow anya sika pii.