So Ɛsɛ Sɛ Kristofo Tow Kyakya?
SO ƐSƐ sɛ Kristoni tow kyakya de bɔ mmɔden sɛ obenya adifude ade? Dabi, efisɛ Onyankopɔn Asɛm hyɛ no nkuran sɛ ɔnyɛ adwuma mfa nhwɛ ne ho ne n’abusua: “Sɛ obi mpɛ sɛ ɔyɛ adwuma a, mma onnnidi nso. . . . Sɛ wɔnyɛ adwuma komm mfa mpɛ wɔn anoduan.”—2 Tesalonikafo 3:10, 12.
Asetram nsɛm ho ɔdenimfo bi frɛɛ loto sɛ ‘ɔkwan a ahiafo pii fa so ma nnipa kakraa bi yɛ adefo,’ na eyi fa kyakya biara ho. So Kristoni bɛpɛ sɛ ɔma nnipa a wɔbrɛ ansa na wɔanya bi no ho kyere wɔn na ama wanya ne ho? Ɛsɛ sɛ Kristofo ‘dɔ wɔn yɔnkonom sɛ wɔn ho.’ (Marko 12:31) Nanso kyakyatow kanyan pɛsɛmenkominya mmom, sen ɔdɔ, anibiannaso mmom sen ayamhyehye.
Anibere—adifudepɛ—honhom a ɛnyɛ Kristofo de na ɛtaa kanyan kyakyatow. Wɔ Romafo 7:7 no, Paulo kae sɛ: “Mma w’ani mmere.” Asɛmfua ‘anibere’ no kyerɛ “sɛ wobɛhwehwɛ, wo kɔn bɛdɔ.” So ɛno nkyerɛkyerɛ kyakyatowfo akɔnnɔ a emu yɛ den sɛ obedi ne yɔnko sika no mu? Saa akɔnnɔ no ne Kristofo su a ɛne adekyɛ ne adema no bɔ abira.
Bible no se: “Bɔne nyinaa ntini ne sika ho dɔ a ebinom dii akyiri . . . na wɔde yaw pii wowɔɔ wɔn ho.” (1 Timoteo 6:10 NW) Eyi kyerɛ nea ebetumi ato obi a ontumi nnyae kyakyatow, su a ɛwowɔ no yayaw bere ne bere nyinaa de no ayɛ akoa.
Yesu kae sɛ wobetumi de nnipa “aba” a wɔsow ahu wɔn. (Mateo 7:20) Wɔ amanehunu a wɔn a wontumi nnyae kyakyatow ne wɔn mmusua wom akyi no, efi bere tenten ni no, ɛde nsisi ne nsɛmmɔnedi aba. The New Encyclopadia Britannica ka sɛ: “Kyakyatow dimmɔne no pii fi ne wuranom nsisi.” Nsɛmmɔnedi binom yɛ nea kyakyatow a mmara ma ho kwan ne nea mmara mma ho kwan de aba. So Kristoni bɛpɛ sɛ ɔboa saa adwuma yi, wɔ ɔkwan a ɛnyɛ tẽẽ so mpo?
Sɛnea wɔakyerɛkyerɛ mu wɔ nsɛm a ɛtoatoa so yi mu nea ɛto so abien no mu no, kyakyatow taa yɛ gyidi hunu a wɔde hwehwɛ akraye nɔma ahorow, akraye nna, anaasɛ akraye bere. Kyakyatowfo akyerɛ Eno Akraye ho anigye mfehaha pii de ahwehwɛ sɛ wobenya ne dom. Na Romafo frɛ no Fortuna, na awiei koraa no Roma kuropɔn no ma wosisii abosonnan 26 maa no.
Odiyifo Yesaia kaa onyame bi a ɔte saa ara a wɔfrɛ no gadh, a na lsraelfo awaefo no som no no ho asɛm. Ɔkyerɛwee sɛ: “Mo a mugyaw [Yehowa]. . . na motow pon ma siade bosom [Hebri, gadh]. (Yesaia 65:1 1) Wɔ da a etwa to wɔ afe no mu no, na amanne ne sɛ wɔtow pon a nnuan ahorow pii wɔ so ma Siade Bosom no. Tetefo no susuwii sɛ saa kwan yi so na wɔnam bɛma afe a ɛbɛba no ayɛ afe pa.
Onyankopɔn ani annye wɔn a nim a wonnim de nti wɔde wɔn werɛ hyɛɛ gadh, anaasɛ Eno Akraye mu sɛ ɔno na obedi wɔn nsɛnnennen ama wɔn no ho. Na wobu akraye so a wɔde wɔn ho toe no sɛ nokware Nyankopɔn, Yehowa no a wogyaw no. Sɛ anka Kristofo de wɔn ho bɛto Ahonya ho adwene a ɛyɛ nnaadaa so mmom no, ɛsɛ sɛ wɔde wɔn ho to nokware Nyankopɔn Yehowa no so, Nea ɔde ahonya a ɛsom bo sen biara ahyɛ yɛn bɔ no, Nea ɔrenni yɛn huammɔ da no.