Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g92 8/8 kr. 20-23
  • Mpaebɔ—Nsɛm A Wotĩ Mu Ka Anaasɛ Efi Nkate Mu?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mpaebɔ—Nsɛm A Wotĩ Mu Ka Anaasɛ Efi Nkate Mu?
  • Nyan!—1992
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sɛnea Mpaebɔ Te
  • Dɛn Na Kristo Yesu Kae?
  • Sɛnea Mpae a Efi Komam Boa
  • So Onyankopɔn Tie Wo Mpaebɔ?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1982
  • Bɛn Onyankopɔn Wɔ Mpaebɔ Mu
    Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa?
  • “Momfa Mo Adesrɛ Nto Nyankopɔn Anim”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
  • Sɛnea Wubetumi Abɛn Onyankopɔn
    Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1992
g92 8/8 kr. 20-23

Bible No Adwene

Mpaebɔ—Nsɛm A Wotĩ Mu Ka Anaasɛ Efi Nkate Mu?

WIMHYƐN wɔ ahunmu mita 12,500. Na Pasifik po wiriduduudu no da n’ase. Mfiri no biako gyae adwuma yɛ mpofirim. Afei abiɛsa a aka no ahoɔden so tewee. Wimhyɛn no sii ne ti ase de simma abien baa fam kilomita 10! Nanso eduu mita 2,100 no, enyaa ahoɔden bio na etumi kogyinaa San Francisco dwoodwoo. Emufo no mu biako kae sɛ: “Mebɔɔ mpae a emu yɛ den sen bere biara wɔ m’asetram.”

Wɔ amanehunu, asiane, anaasɛ awerɛhow a emu yɛ den bere mu no, nnipa pii, mpo wɔn a wɔmpɛ nyamesom no, dan kɔ Ade Nyinaa so Tumfoɔ no hɔ kɔhwehwɛ mmoa. Nea ɛne eyi bɔ abira no, wɔn a wɔpɛ nyamesom no tĩ mpae a wɔahyɛ da ahyehyɛ mu wɔ asɔre adan ne abosonnan mu anaasɛ wɔ fie. Nnipa pii a wɔde rosary di dwuma no ka Yɛn Agya a Ɔwɔ Soro ne Mo Maria. Afoforo de mpaebɔ nhoma ahorow di dwuma. Apuei Famfo ɔpepem pii kyinkyim nkyimii a mpaebɔ wom sɛ ɔkwan a wɔfa so tĩ mpaebɔ mu ka no ntɛmntɛm.

So woabisa pɛn sɛ, ‘Ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae dɛn? So ɛsɛ sɛ mpaebɔ yɛ nea wotĩ mu ka daa anaasɛ ɛsɛ sɛ efi nkate mu?

Sɛnea Mpaebɔ Te

Fa no sɛ w’agya a wodɔ no yiye, a ɔte ɔman foforo so, ahyɛ wo nkuran sɛ frɛ no wɔ telefon so bere biara a wopɛ—a wuntua hwee. So wɔrentaa mfrɛ no? So woani rennye ho sɛ wubekura, anaa mpo wobɛhyɛ mo ntam abusuabɔ a ɛsom bo no mu den? So worenka wo haw ahorow nkyerɛ no na wonna no ase wɔ mmoa biara ne nkuranhyɛ a ɔde ama wo wɔ w’asetra mu nyinaa no ho? Saa abusuabɔ no bɛyɛ nea ɛsom bo ma wo yiye, ɛnte saa?

Wɔ wo telefon so kasa ahorow no mu no, ebia wobɛka nsɛm bi mpɛn pii, nanso worenkenkan wo nsɛm no mfi nhoma mu anaasɛ woremfi nsɛm a woahyɛ da ahyehyɛ mu, anaa wobɛyɛ saa? Ɛnde, saa ara nso na ɛnsɛ sɛ Kristofo mpaebɔ yɛ saa. Nokwarem no, Kristo Yesu kae sɛ ɛnsɛ sɛ mpaebɔ yɛ biribi a ɛte saa.

Dɛn Na Kristo Yesu Kae?

“Na sɛ mobɔ mpae a, monnka asɛm koro mpɛn pii sɛ abosonsomfo; na wosusuw sɛ wɔn kasa dodow nti wobetie wɔn.”a(Mateo 6:7) Nkyerɛase ahorow ka no ɔkwan yi so sɛ: “Mo mpaebɔ mu no, monnkasa basabasa te sɛ abosonsomfo.” (The New English Bible) “Wɔ mo mpaebɔ mu no monnnkansɛm huhuw te sɛ Amanaman mufo.” (Revised Standard Version).

Nnipa pii di mfomso susuw sɛ kasa mmoroso kyerɛ nyamesuro, anotew kyerɛ ahofama, ntĩm ne kasa tenten kyerɛ sɛ wobenya mmuae. Nanso, ɛnyɛ mpaebɔ tenten na ɛma ɛsom bo wɔ Onyankopɔn anim. Ɛda adi sɛ na Yesu mpɛ sɛ n’akyidifo fa ɔkwan katee bi so bɔ mpae anaasɛ wotĩ wɔn mpaebɔ mu ka. Enti, mfaso a ɛtra hɔ daa bɛn na ɛwɔ rosary, mpaebɔ nhoma, anaasɛ nkyimii a mpaebɔ wom no so?

Bere a Yesu aka nea ɛwɔ atifi hɔ akyi no, ɔmaa n’asuafo no mpaebɔ nhwɛso—Awurade Mpaebɔ a wonim no yiye no. (Mateo 6: 9-13) Nanso so na ɔpɛ sɛ wɔkɔ so ka saa nsɛm no bi pɛpɛɛpɛ? Dabi. Nokwarem no, bere a Yesu mpo san kaa bio ɛno akyi afe no, wanka emu nsɛm no pɛpɛɛpɛ (Luka 11:2-4) So kyerɛwtohɔ bi wɔ hɔ sɛ tete Kristofo no yɛɛ saa anaasɛ wotĩĩ mpaebɔ afoforo a wɔahyɛ da asua bi mu kae? Ɛha nso dabi.

So eyi kyerɛ sɛ yentumi nka abisade bi ho asɛm bio anaasɛ yɛnsrɛ mpɛn pii anaa? Ɛnte saa koraa, efisɛ Yesu kae nso sɛ: “Monkɔ so mmisa, na wɔde bɛma mo; monkɔ so nhwehwɛ, na mubehu.” (Mateo 7:7, New World Translation) Ɛtaa ba sɛ ɛyɛ a na ehia sɛ yebisa biribi mpɛn pii. Ɛno ma Yehowa hu sɛnea abisade no ho hia yɛn yiye ne yɛn nkate wɔ asɛm no ho.

Sɛ nhwɛso no, wɔ afeha a ɛto so anum A.Y.B. mu no, na ɔbarima nyamesuroni bi a wɔfrɛ no Nehemia yɛ Yudafo nnomum no mu biako wɔ Babilon. Na ɔyɛ Persia hene nsahyɛfo. Bere a wɔka kyerɛɛ no sɛ ne kuromfo, a wɔakɔtra Yudea no tebea nnye no, ɔbɔɔ mpae “awia ne anadwo” na wɔanya ahotɔ. (Nehemia 1:6) Wotiee ne mpaebɔ no. Yehowa kanyan Persia sodifo a ɔwɔ ayamhyehye no ma ɔmaa Nehemia tumi sɛ ɔnkɔ Yerusalem nkosiesie nsɛm tebea. Ɔyɛɛ eyi ma ne nkurɔfo ani gyei na ɛma wɔkɔɔ so kuraa wɔn gyidi mu.—Nehemia 1:3-2:8.

Sɛnea Mpae a Efi Komam Boa

Ɛwom sɛ Yehowa yɛ amansan Hene de, nanso ɔto nsa frɛ ne “mma” sɛ womfi koma nyinaa mu mmɛn no. Yesu suani Yakobo ka sɛ: “Mommɛn Onyankopɔn, na ɔbɛbɛn mo.” (Yakobo 4:8) Nanso ɔkwan bɛn so? Wiɛ, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae wɔ Yesu din mu. (Yohane 14:6, 14) Afei bio, Paulo kae sɛ: “Gyidi nnim a, obi ntumi nsɔ ani. Na ɛsɛ nea ɔba Onyankopɔn nkyɛn no sɛ ogye di sɛ ɔwɔ hɔ, na ɔyɛ wɔn a wɔhwehwɛ n’akyi kwan no katuafo.”—Hebrifo 11:6.

Wɔn a wɔwɔ nsɛnnennen, wɔn a wɔayɛ bɔne ahorow a anibere wom mpo no betumi abisa na wɔanya mmoa ne fafiri. Yesu de nyamesom ɔkannifo a bere a ɔbɔ mpae no ɔdaa Onyankopɔn ase sɛ ne ho tew sen afoforo no yɛɛ eyi ho mfatoho; nanso towgyeni bi (saa bere no na wɔmpɛ wɔn asɛm na wobu wɔn nnebɔneyɛfo koraa) kae tiawa sɛ: “Onyankopɔn hu me debɔneyɛfo mmɔbɔ!” Nokwarem no, na saa mpaebɔ tiawa no mfi nhoma bi mu. Na Yesu kasa tiaa nyamesom mu nyaatwomni no nanso ɔkaa ɔfoforo no ho asɛm sɛ: “Nea ɔbrɛ ne ho ase no, wɔbɛma no so.”—Luka 18:10-14.

Wiase nsɛm tebea bɔne ma dadwen ka nnipa pii na wonya adwenemhaw Kristofo gyinabea a wɔwɔ wɔ Onyankopɔn anim no ho asɛm mpo betumi ahaw wɔn. Nanso nkate mu a wobefi akɔ Yehowa hɔ bere nyinaa, mpɛn pii akogye mmoa no betumi de mfaso horow a ɛsen nea wɔhwɛ kwan aba. Paulo kyerɛwee sɛ: “Monnna nnnwen biribiara nnhaw mo ho, na mmom ade nyinaa mu momfa mpaebɔ ne ɔsrɛ, ɛne aseda mma mo adesrɛ nnu Nyankopɔn asom; na Onyankopɔn asomdwoe a ɛtra adwene nyinaa so no bɛhwɛ mo koma ne mo adwene so Kristo Yesu mu.”—Filipifo 4:6, 7.

Ɔsrɛ yɛ adebisa a emu yɛ den, mmoa a wɔsrɛ fi Onyankopɔn hɔ, yɛka nea ɛwɔ yɛn komam nyinaa kyerɛ no te sɛ nea abofra bɛyɛ akyerɛ ne wofo a ɔwɔ ɔdɔ ne ntease no. Mpaebɔ a ɛte saa no mfi nhoma mu, na ɛnyɛ nea wotĩ mu ka ntɛmntɛm no bi. Efi koma a ɛhwehwɛ mmoa na ɛwɔ gyidi ankasa wɔ Yehowa, “mpaebɔ Tiefo” mu no mu.—Dwom 65:2.

[Ase hɔ nsɛm]

a Wɔde asɛmfua a wɔkyerɛ ase “ka asɛm koro mpɛn pii” (bat·ta·lo·geʹo) no di dwuma pɛnkoro pɛ wɔ Bible mu na ɛkyerɛ “‘sɛ wɔbɛkasa basabasa’ a adwene no ne sɛ wɔbɛbɔ mmɔden ama wɔabua wɔn mpaebɔ denam nsɛm a wotĩ mu ka so.—Theologlcal Dictionary of the New Testament.

[Kratafa 20 mfonini fibea]

Drawings of Albrecht Dürer/Dover Publications, Inc.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena