Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g92 11/8 kr. 23-24
  • Abɛ A Wotumi De Yɛ Nneɛma A Egu Ahorow

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Abɛ A Wotumi De Yɛ Nneɛma A Egu Ahorow
  • Nyan!—1992
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Abenu
  • Biribiara Fi Samina so Kosi Nsa So
  • Nkɔanim a Aba Nnɛ
  • Abɛ Dua a Yenya Nneɛma Pii Fi Mu
    Nyan!—1999
  • “Dua A Ɛso Wɔ Mfaso Sen Biara Ma Onipa”
    Nyan!—1993
  • Wɔn a Wɔn Mfe Akɔ Anim No Betumi Asow Aba wɔ Onyankopɔn Som Mu
    Kristofo Abrabɔ ne Yɛn Asɛnka​—Adesua Nhoma (2016)
  • Munni Ahurusi! Ngo Ayeyɛ Kyĩ-amoa Amaama Abu So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
Nyan!—1992
g92 11/8 kr. 23-24

Abɛ A Wotumi De Yɛ Nneɛma A Egu Ahorow

Efi Nigeria Nyan! kyerɛwfo hɔ

EKWE akyene no gyigyee kɛse. Sɛnkyerɛnne yi maa nkuraasefo a anka wɔyɛ wɔn nneɛma bɔkɔɔ no de ahokeka ne ahopere yɛɛ wɔn ade. Ná ɛyɛ afe 1937, na na abenu bere afi ase wɔ Igboland wɔ Nigeria apuei fam.

Esiane sɛ na akuraa no ase hene ate sɛ abɛ a abere no retutu agu fam wɔ mmɛ mfuw no mu nti, na waka akyerɛ akuraa no asefo wɔ nnanu a atwam no mu sɛ wonsiesie wɔn ho nkonu mmɛ no.Wɔboaboaa adwumayɛfo ano, wɔsesew nkrante, na wosiesiee nea wɔde foro no. Nea wɔde foro yi​—nnua nhankare a wɔanwene nhama afa ho​—na ɛboa wɔn a wɔforo abɛ no ma wotumi huruhuruw foro abɛ no.

Abenu

Ná Matthew a wadi mfe 12 no ho pere no sɛ obefi ase anu abɛ no. Na wasua sɛnea wɔforo. Wɔ mfe a atwam no mu no, na waboa mmea no ma wɔaboaboa mpopa a wotwa guu fam no ano, nanso afei de n’agya bɛma no kwan ma waforo mmetiaa no. Ná wobetua no ka wɔ bemu biako biara a obenu no ho. Nanso, nea na n’ani gye ho ankasa ne abɛ a ɔbɛforo no, ade a na akuraa no ase mmarimaa nyinaa de anigye hwɛ kwan.

Bere a Matthew tee akyene no nnyigyei pɛ no, ɔne ne papa ne afoforo a wɔforo mmɛ no de mmirika fii akuraa no ase. Ná ɛnyɛ sɛ eyi yɛ abenu adwuma nko, na mmom na ɛyɛ wɔn a wonim abɛ foro yiye ntam akansi nso. Bere a wɔforo abɛten a ne sorokɔ boro mita 9, na afei wowura berɛw pii a ɛte sɛ ntakra a ɛde mita 5 foforo ka ne sorokɔ ho mu no, wɔbɛkyerɛ sɛ wɔn ho akokwaw wɔ abɛforo mu.

Biribiara Fi Samina so Kosi Nsa So

Ebia a wubebisa sɛ: ‘Dɛn nti na mmɛ nnua ma wonya saa anigye yi nyinaa?’ Esiane sɛ afifide a wotumi de yɛ nneɛma a egu ahorow no so wɔ mfaso kɛse ma ɔmanfo no nti. Sɛ ade kye a, wobetutu abɛ no afi mmɛtema no mu. Wɔde mmɛtema a potassium pii wom no bɛyɛ samina. Wɔde abɛ no ankasa mu fã kɛse no ara kɔ amannɔne kɔtɔn, na wɔyɛ nkae no ho adwuma wɔ akuraa no ase hɔ ara.

Ná Matthew taa hu ne maame sɛ ɔrenoa abɛ no na ama ɛho nnam no ayɛ mmerɛw. Eyi ma otumi de ne nsa kyi ngo no fi mmɛfe no mu. Eyi akyi no ɔde abo bɔ adwe no. Ɔde adwe no yɛ ngo. Ɔde ngo no yɛ nnuan, wɔsra bi, na ɔde bi gu ne nkanea mu. Na ɔde adwe hono dennen no sɔ ogya.

Matthew betumi aka nea wɔde berɛw yɛ no mu biako a ɛbɛn no nso ho asɛm​—wɔde kuru dan so. Ná obetumi de ne nsa afa kɛtɛ a ɔda so no so de akyerɛ sɛ wɔde berɛw na ɛnwenee ɛno nso. Wotumi waewae mpopa no ho de yɛ nhama de nwene nkɛntɛn anaasɛ akyɛ a wɔde yi mpataa. Bio nso, wɔde berɛw gye mfikyifuw ho ban na mmoa ankɔwe nnuadewa no. Wɔde abɛ mpopa no sisi bayere ho ma ne hama dennan so. Na wɔde berɛw no yɛ ɔprae de pra fie nso.

Ɛnyɛ nwonwa sɛ akuraa no ase mpanyimfo yɛ katee wɔ berɛw no twa ho! Twa a wobetwa no basabasa no remma abɛ no mmɔ na ebetumi akum no mpo. Ne saa nti na wɔmpɛ nkyem asɛm koraa no. Wɔtetew berɛw no de nwene wɔn mmerebu, na ɛma mmɛ no pii wuwu.

Nanso na mmɛ a wɔatow ato fam mpo so wɔ mfaso. Mmire fifii wɔ abɛ dua a ɛreporɔw no ho. Abɛ dua no san dɔre akɔkono akɛseakɛse nso​—sɛ wɔde ngo kyew a ɛyɛ aduan a ɛyɛ dɛw na ahoɔden wom. Abɛ dua no mu nsu no tumi ma wonya nsafufu ahina mama pii. Sɛ wɔtwa abɛ a wɔato atow hɔ anaa nea egyina hɔ amono a, emu nsa no yɛ dɛ. Wɔtaa de yɛ vinegar ne kai-kai (akpeteshie) , mmosa a ano yɛ den te sɛ borɔfo nsa.

Nkɔanim a Aba Nnɛ

Nsakrae ahorow pii aba ti 1937 reba no. Nnipa a na wɔde sika a wonya fi abɛ tɔn mu hwɛ wɔn ho kɔ sukuu no atutu akɔtra nkurow akɛse mu. Na abɛnu bere a anka ɛyɛ anigye no abɛyɛ biribi a atwam.

Mprempren mfuw akɛse nam nyansahu kwan so dua mmɛ a egu ahorow a ɛbɔ yiye. Saa mmɛ afoforo yi tumi gyina nyarewa ano, enyin ntɛmntɛm, ɛbɔ pii, na ɛbɔ a bere a ɛkame ayɛ sɛ ɛyɛ ntiantiaa no. Eyi ma ne nu yɛ mmerɛw yiye. Wɔde nkrante ne asosɔw soronko bi nu abɛten no so mmɛ no ma enti enhia sɛ wɔforo bere nyinaa. Nanso, ɛwom sɛ akwan afoforo yi ye de, nanso anigye nnim te sɛ kan abenu no!

Ɔkwan a wɔfa so di abɛ no ho dwuma no nso anya nkɔanim. Wɔ nnwuma akɛse mu no, wɔde mfiri akɛse na ɛbɔ adwe no ahoɔhare so. Wɔde adwe no ase no yɛ aduan bi​—nyɛmmoa nnuan mu atomde bi a ɛho hia. Wɔde emu ngo ahorow no yɛ nneɛma a wodi (te sɛ margarine, nnɔkɔnnɔkɔwade ahorow, ne ice cream) ne nea wonni (samina ahorow, kyɛnere, nnuhuam, nku ahorow ne mfiri nnwuma mu ngo mpo) . Bio nso, wɔde nsu yerɛyerɛw bi a wonya fi nsafufu a akyɛ mu no di dwuma wɔ rɔba nnwuma mu sɛ ade a ɛma biribi da.

Matthew ahu nkɔso ahorow a aba yi fi bere a na ɔyɛ abarimaa wɔ Igboland akuraa bi ase mfe du du pii ni no nyinaa. Nanso saa bere no mu no, wabehu abɛ ho biribi foforo. Wɔ Bible adesua a ɔne Yehowa Adansefo yɛe no mu no, wasua sɛ Onyankopɔn kaa no tete sɛ: “Asase mfuw wura frɔmfrɔm, nhaban a ɛsow aba, nnua a ɛsow adua sɛnea ne su te a n’aba wɔ mu, wɔ asase so.” (Genesis 1:11) Esiane sɛ Matthew nim sɛnea abɛ nyaa ne mfiase nti no, afei obetumi ayɛ pii asen anigye ne anisɔ a obenya wɔ abɛ ho no. Obetumi ayi Yehowa Nyankopɔn, abɛ a wotumi de yɛ nneɛma a egu ahorow no Bɔfo ayɛ.

[Kratafa 23 mfonini]

Ɔrenu nnua no mu biako so de

[Asɛm Fibea]

Peter Buckley/Photo Researchers

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena