Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g99 3/8 kr. 24-25
  • Abɛ Dua a Yenya Nneɛma Pii Fi Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Abɛ Dua a Yenya Nneɛma Pii Fi Mu
  • Nyan!—1999
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Abakɔsɛm a Edi Mũ
  • Emu Nsu Kɔkɔɔ Ho Adwumayɛ
  • Fi Ice Cream Kosi Nku So
  • Abɛ A Wotumi De Yɛ Nneɛma A Egu Ahorow
    Nyan!—1992
  • Fango—Ɔkwan Bɛn na Yɛfa So Nya?
    Nyan!—2003
  • Fango—Ɛyɛ Ɔdomfo Kumfo?
    Nyan!—2003
  • Fango—Sɛnea Ɛka Wo
    Nyan!—2003
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1999
g99 3/8 kr. 24-25

Abɛ Dua a Yenya Nneɛma Pii Fi Mu

Efi Nyan! kyerɛwfo a ɔwɔ Solomon Islands hɔ

GUADALCANAL—wɔ nnipa pii fam no supɔw yi din ma wɔkae Wiase Ko II no mu atirimɔden akodi a ɛsen biara no mu bi. Nanso, nnɛ, obiara a ɔbɛkɔ baabi a kan no na wodi ako wɔ Solomon Isalands no behu biribi foforo koraa—biribi te sɛ asraafo dɔm a enni ano, nanso ɛnyɛ asraafo, na mmom mmɛ akɛse.

Dɔte a ɛwɔ mmɛ a enyin frɔmfrɔm akɛse akɛse yi ase no yɛ nea kan no na atopae ne akode afoforo a ɛyɛ hu nkae tɔn pii hyehyɛ mu. Nanso wɔayiyi akode yi nyinaa adua mmɛ. Ɔkwan bɛn so na saa dua yi dua fii ase? Dɛn nti na yebetumi aka sɛ saa dua fɛfɛ tenten yi di atirimpɔw pii ho dwuma?

Abakɔsɛm a Edi Mũ

Venetiani Alvise Ca’da Mosto a otutu akwan kɔhwehwɛ sɛnea Afrika atɔe fam mpoano te no yɛɛ kyerɛwtohɔ a ɛfa bere a edi kan koraa a wɔkaa dua a ɛnnɛ ɛte sɛ abɛ dua ho asɛm wɔ afeha a ɛto so 15 ntam hɔ ho no. Afei, bɛyɛ mfe 500 a abɛsen kɔ no, Afrika nkoa de mmɛfua no bi twaa Atlantic po no kɔɔ aman afoforo so. Enti ngo kɔkɔɔ abɛyɛ ngo a wɔde di dwuma kɛse wɔ wiase nyinaa nnɛ no mu biako. Ngo a wonya fi abɛfuw hama biako mu no dɔɔso sen afifide biara a ɛma ngo a ɛno nso kɛse te saa ara mu. Afei nso, abɛ yɛ dua a ɛso aba na ɛma ngo afe mũ nyinaa de kosi mfe 25 anaa 30.

Wɔ 1970 mfe no awiei mu no wohuu biribi titiriw a ɛboa ma wonya ngo, titiriw wɔ Akyirikyiri Apuei fam nsase binom so. Bere bi a atwam no na wosusuw sɛ mframa titiriw na ɛma abɛ nhwiren yɛ aba. Saa nti, na wosusuw sɛ afum nnɔbae bi a entumi mmɔ yiye no fi wim tebea a enye. Nanso, nhwehwɛmu a wɔayɛ no nnansa yi ara ada no adi sɛ nkoekoemmoa titiriw na ɛma abɛ nhwiren yɛ aba! Enti nea ɛma etumi yɛɛ yiye ne nkoekoemmoa a wotumi ma abɛ bɔ a wotu fii Afrika Atɔe Fam kɔɔ Akyirikyiri Apuei no.

Ngo ahorow abien na yenya fi mmɛfua a abere ne nea agyigye no mu. Wɔde n’abien no nyinaa di dwuma ahorow, a emu bi na ebia wotaa de di dwuma. Ansa na yebesusuw eyinom ho no, ma yɛnkɔhwehwɛ baabi a wɔde mfiri yɛ ngo kɔkɔɔ na yɛnhwɛ ɔkwan a wɔfa so yi ngo no.

Emu Nsu Kɔkɔɔ Ho Adwumayɛ

Bere a yɛbɛn baabi a wɔyɛ ngo no, nea ɔde yɛn bekyinkyin adwumam hɔ no ma yɛn akwaaba de yɛn kɔ mu. Mfiri akɛse a ɛreyɛ adwuma atwa yɛn ho ahyia. Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ, mmɛfua no ho adwuma a edi kan koraa ne sɛ wɔde bemu no nyinaa begu fononoo kɛse bi mu anoa. Mmɛfua bɛyɛ 200 a ɛbobɔ ho na etuatua bemu biara ho dennennen. Fononoo no ma mmɛfua no gono wɔ bemu no ho na ama wɔatumi atutu.

Nea edi hɔ ne sɛ wɔde afiri bi a wɔfrɛ no stripper betutu mmɛfua no afi bemu no ho. Afei wɔde abɛ a wɔatutu no gu afiri kɛse bi a wɔde yam ade mu ma no pɔw mmɛfe no fi adwe no ho. Afei wɔde afiri kɛse a wɔfrɛ no extruder, kyi mmɛfe no mu yi mu ngo no. Sɛ wɔnoa ngo no na wɔsɔn so wie a, na ɛho adwuma asa, afei wobetumi de akɔ amannɔne.

Nanso, ngo a ɛto so abien nso wɔ hɔ. Eyi fi adwe no mu. Ɛsɛ sɛ wodi kan bɔ adwe no. Ɛno akyi no, wɔyam adwe no yi emu ngo a ehia no. Wɔfrɛ saa ngo yi sɛ adwe ngo.

Wɔde adwe a wɔayam ase no yɛ mmoa aduan a ahoɔden wom. Saa ara nso na, bere a wɔatutu mmɛfua no afi bemu no ho awie no, wɔde bemu dua no ne mmɛtema no san kogu afuw mu de dura asase no ani ma asase no so yɛ nwunu. Wɔdan mmɛfe no ani nso, de sɔ gya ma mfiri a wɔde noa ngo no. Ɛyɛ dwumadi a etu mpɔn!

Fi Ice Cream Kosi Nku So

Soyabean ngo akyi no, ngo kɔkɔɔ na wɔde yɛ nneɛma pii wɔ wiase nyinaa. The World Book Encyclopedia ka sɛ: “Wɔ 1700 mfe mu no, Engiresi aborɔfo de ngo yɛɛ aduro ne nku a wɔde sra.” Nanso, nnɛ, ebi wɔ ice cream, margarine, bɔta, anwa horow a wɔde noa nnuan, ne nneɛma ahorow a yenni te sɛ samina ne nnuhuam mu.

Wɔde adwe ngo nso yɛ margarine ne chocolate ne nnɔkɔnnɔkɔwade afoforo nso. Nanso ɛnyɛ nea wɔde ngo yɛ nyinaa ne no. Bere a wɔde nneɛma afoforo afrafra mu awie no, wɔde ngo ne adwe ngo ho nneɛma ahorow nso yɛ nnuru, samina, kyɛnere, ne atuduro mpo!

Nokwarem no, wɔagye abɛ atom wɔ Solomon Islands. Esiane sɛ nneɛma a ɔman no tɔn no amannɔne no ɔha mu nkyem 13 fi dua yi mu nti, yetumi hu ɛso mfaso a wonya no yiye.

Sɛ yɛhwɛ abɛdua a, ɛyɛ anigye sɛ yebesusuw sɛ biribi a efi saa aduaba kɔkɔɔ yi mu betumi asosɔ abofra a ɔreserew tɛkrɛma so sɛ ice cream, na ebetumi aba sɛ ne maame nso de sra n’anim bere a ɔresiesie ne ho no. Yiw, abɛ yɛ dua a wɔde di dwuma pii, na yebetumi akyerɛ aba pii a ɛsow no ho anisɔ.

[Kratafa 25 adaka/mfonini]

Wɔde Wɔn Nsa Nu Tɔn Abien Da Biara

Tim . . . tim. Tim . . . tim! Sɛ adwumayɛfo wɔ mmɛfuw mu rennu mmɛ a, wɔte bemu a efi soro hwehwe fam no nnyigyei wɔ baabiara. Ɔkwan bɛn so na wotumi nu abɛ no bere a ɛwɔ sorosoro wɔ dua no so no?

Wɔn a wonu abɛ no de sɔsowa namnam a ɛhyɛ dua tenten bi ano no twa bemu no fi abɛ dua a ɛtɔ da a ne tenten bɛyɛ sɛ abansoro a ɛtoa so anan no so to fam. Sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, dabiara odwumayɛni biara nu bemu 80 kosi 100, na ɔsoa de kɔ kwan ho ma kar bɛfa. Esiane sɛ bemu biara mu duru bɛyɛ sɛ kilogram 25 nti, ɛma wopagya nneɛma a emu yɛ duru pii! Egye abɛ tɔn anan ne fã na wɔatumi anya ngo tɔn biako.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena