Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g92 12/8 kr. 17-19
  • Yɛn Nsa A Ɛyɛ Nwonwa No

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yɛn Nsa A Ɛyɛ Nwonwa No
  • Nyan!—1992
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wɔyɛe No Anwonwa Kwan So
  • Ahyɛnsa Kotoku a ɛfata Pɛpɛɛpɛ
  • Nkwaadɔm Mpempem Pii
  • Ɛka Yɛn ho Nsɛm
  • Wo Mmɔwerɛw So Wudi no Ni?
    Nyan!—1998
Nyan!—1992
g92 12/8 kr. 17-19

Yɛn Nsa A Ɛyɛ Nwonwa No

ABERANTE no de nteɛm a emu yɛ den gyaw asae no to fam na oso ne kokurobeti mu te sɛ nea ɔpɛ sɛ oyi ɛyaw no fi mu. Sɛ́ anka ɔbɛbɔ dadewa no so mmom no, wabɔ ne kokurobeti so​—bio.

Ɛda adi sɛ, saa bere no nea ɔpɛ sɛ ɔyɛ duadwumfo no te nka sɛ, sɛ ne kokurobeti no nni hɔ a anka ɔpɛ. Nanso kokurobeti a ɛtaa yɛ “tebɔɔ” no yɛ adwinnade bi a ɛsom bo sen biara a yɛn mu biara wɔ bi no fã​—onipa nsa.

Esiane sɛ yehu yɛn nsa​—nsateaa ahorow a etumi yɛ ade ntɛmntɛm, akwaa a emu yɛ fakaa, nkwaadɔm a ɛte ade nka, ne nea ɛkeka ho​—daa nti, ɛyɛ mmerɛw sɛ yebebu yɛn ani agu so. Nanso adwuma biara nni hɔ a yebetumi akwati yɛn nsa ayɛ. Ɔhene Salomo onyansafo no hyɛɛ yɛn nkuran sɛ: “Biribiara a wo nsa bɛka sɛ wobɛyɛ no, fa w’ahoɔden yɛ.” (Ɔsɛnkafo 9:10) Ɛfata sɛ ɔpaw nsa de gyinaa hɔ maa onipa dwumadi ahorow, efisɛ nokwarem no, ɛyɛ adwinnade a ɛyɛ biribiara pɛpɛɛpɛ a ɛso nni.

Wɔyɛe No Anwonwa Kwan So

Yɛn nsateaa ahorow betumi abobɔ, adekyerɛw afiri (typewriter) so nkyerɛwde ahorow no so ntɛmntɛm a ebia ɛbɔ nsɛmfua bɛboro ɔha wɔ simma biako mu. Wobetumi adannan wɔn ho wɔ sanku kɛse ahama 88 no so na adan dwom a wɔakyerɛw agu krataa so ma ayɛ dwom a ɛyɛ dɛ yiye. Na kokurobeti no nso ɛ? Wiɛ, yɛ eyi hwɛ: Trɛw wo nsam, na ma wo nsateaa ahorow no nhwɛ soro. Kõa nsateaa no mu biara mu, fl ase fl ketewa no so. Wohyɛɛ sɛnea ɛyɛ den sɛworemma nsateaa a aka no nso nkeka wɔn ho no nsow? Afei kõa wo kokurobeti mu, fa kɔ soro bra fam, fa twa kɔntɔnkrɔn. Wubetumi ayɛ saa a nsateaa a aka no nkeka wɔn ho koraa. Sɛnea kokurobeti no atew ne ho ɔkwan a ɛda nsow sɛɛ yi so—a nea ɛma etumi yɛ saa ne akwaa fakaa a ɛwɔ ase hɔ ne sɛnea ɛno ankasa wɔ ne ho nam no​—ma etumi yɛ nneɛma atitiriw pii.

Eyinom mu biako ne sɛ yɛn kokurobeti no be tumi aka nsateaa afoforo a aka no mu biara ano, anaasɛ ebetumi ne emu biara adi nhwɛanim aso biribi mu denneennen. So eyi yɛ biribi a ɛho nhia? Bɔ mmɔden sɛ wobɛfa kaperɛ afi fam, anaa wubebue tunpan so, anaa wubekyim ɔpon funuma a wo kokurobeti nka ho. Yɛn adamfo duadwumfo no mpo hia kokurobeti a ɛyɛ “tebɔɔ” no na watumi aso dadewa mu yiye anaa watumi ahim n’asae. Nokwarem no, nea ɛbɛyɛ a atamfo asraafo a wɔafa wɔn nnommum rentumi nyɛ hwee nti, tete aman bi dii atirimmɔdenne a ɛne wɔn kokurobeti a wotwitwae no akyi.​—Atemmufo 1:6, 7.

Adwuma a nsateaa ahorow no yɛ nyinaa akyi no, wɔn ho nam yɛ kakraa bi ma ɛyɛ nwonwa. Esiane sɛ nam pii kyerɛ ahoɔden pii nti, sɛ yɛannwen ho ankɔ akyiri a, ebia eyi bɛyɛ te sɛ nea enye. Nanso sɛ wɔde ɛnam di dwuma daa a, enyin. Sɛ wɔde ɛnam a ɛwɔ ahoɔden na ɛyɛɛ yɛn nsateaa ahorow no a, anka dɛn na ebesi? Esiane adwuma pii a yɛn nsateaa ahorow no yɛ nti, anka ɛrenni da bi na yɛn nsa ayɛ sɛ atabon, na ɛbɛma adwuma a egye ahwɛyiye yɛ ayɛ den anaasɛ ne yɛ renyɛ yiye. Hwɛ sɛnea yebetumi ada yɛn Bɔfo no ase sɛ ofi nyansam de ɛnam no mu fa kɛse no ara hyɛɛ abasa a edi kan no mu na ɔnam ntini a ɛwɔ ahoɔden so de soo nsateaa ahorow no mu!

Ahyɛnsa Kotoku a ɛfata Pɛpɛɛpɛ

Nam a ɛwɔ wo nsa akyi no sen nnuraho kɛkɛ. Ti wo nsa akyi nam no hwɛ. Wubehu sɛ emu gow na etumi him. Ɛma wutumi ka wo nsa mua. Na wo nsam nso ɛ? Ɛyɛ den yiye sɛ wo nsam nam no bɛma ne ho so afi wo nsam. Sɛ nam no him kɔ anim ne akyiri a, susuw sɛnea anka ɛbɛyɛ den sɛ wubetumi aso biribi mu denneennen no ho hwɛ. Nea ɛbɛyɛ a ebetumi aso biribi mu den nti, wɔde nam bi ahyehyɛ nsa no yam. Saa nam yi yɛ titirii wɔ nsateaa ahorow no ase pɛɛ ne wɔ nsa no ase​—faako a yɛtaa de di dwuma bere a yeso biribi mu den anaasɛ yemia biribi so no.

Sɛ wohwɛ wo nsayam yiye a, wubehu sɛ emu nam no nyɛ torotoro pii. Nsensanee akɛse a ɛda adi wɔ yɛn nsayam no akyi no, nsensanee nketenkete pii a edi nsɛ ne ntokuru a wɔfrɛ no papillary ridges wɔ nsa no ho nyinaa. Te sɛ nsensanee a ɛwɔ wo mpaboa ase no, saa nsensanee yi ma nsa no tumi fa ade na ɛso mu yiye.

Nsensanee no ano na ntokuru nketenkete bi a fifiri fam bɛfɔw nsa no mu no wɔ. Akyinnye biara nni ho sɛ woahu sɛ odwumayɛni bi de ne nsa twiw ne nsam ntɛmntɛm ansa na wafi adwumaden bi ase. Eyi nyɛ suban bi ara kwa. Nsa a wɔde twiw nsam no ma ɔhyew a ɛkanyan fifiri ntokuru no. Fifiri no mma wo nsam nyɛ toro, na etumi so ade mu yiye. Sɛ ɛyɛ den sɛ wubebuebue nhoma bi a ne nkrataa yɛ hatahata nkratafa a, dɛn na woyɛ? Ebia ade koro no ara​—wode wo kokurobeti twiw wo nsateaa ano na ama ayɛ mmerɛw sɛ wubebuebue nkratafa hatahata no.

Wo nsateaa ano nsensanee no mu ntokuru a akyeakyea no di dwuma foforo bi​—ɛno na ɛyɛ wo nsateaa ano nsensanee a ɛne onipa foforo biara de nsɛ no. Ebia ɛbɛyɛ den sɛ wubegye adi de, nanso wo nsateaa ano ketewaa no so na nsensanee nhyehyɛe a ebi a ɛne no sɛ biara nni nsateaa ne kokurobeti afoforo bɛboro ɔpepepem 5O a ɛwɔ hɔ so no wɔ. Ɛwom sɛ ebia ntafo bɛsɛ wɔn ho de, nanso wɔn nsateaa ano nsensanee ma ɛda adi sɛ ɛsono wɔn mu biara. Nea ɛyɛ anigye ne sɛ, wɔ bɛyɛ afeha a ɛto so abiɛsa A.Y.B mu tɔnn no, na Chinafo aguadifo nam nsateaa ano nsensanee so na ehu wɔn adetɔfo, na na ɛyɛ biribi a wotumi de ho to so te sɛ nea wɔnam nkyerɛwee so de nsa ahyɛ krataa bi ase. Nokwarem no, sɛ wupira wo nsateaa mpo a, nsensanee no rensakra. Sɛ opira no ankɔ mu kɛse a, ɛbɛsan aba a ɛrensesa.

Nkwaadɔm Mpempem Pii

Ɛwom sɛ yɛn nsa ntumi nhu ade, nte asɛm, anaa nhua de, nanso ɛyɛ akwan atitiriw a yɛnamso hu nea atwa yɛn ho ahyia no mu biako. Sɛ nhwɛso no, sɛ wowɔ ɔdan bi a emu wɔ sum kabii mu a, dɛn na woyɛ? Woteɛteɛ wo nsa, trɛtrɛw wo nsateaa mu, na wode wo nsa suso ɔdan no mu nneɛma mu. Yiw, yɛn nsa nyɛ nnwinnade a ɛyɛ adwuma pɛpɛɛpɛ nko, na mmom ɛte nneɛma nka nso. Ɛde amanneɛbɔ ma yɛn bere nyinaa ​—muka no yɛ hyew, mpopaho no afɔw, atade yuu no yɛ sirikyi, agyinamoa no ho nhwi yɛ bɛtɛɛ, ne nea ɛkeka ho. Yɛn nkatede a ɛto so anum, nea wɔde kã ade no,fi ase fi yɛn nsa.

Yɛn nsateaa ano te ade nka kɛse saa efisɛ nneɛma a wɔde te ade nka pii na ɛwom​—9,000 wɔ sɛntimita 1,400 biara mu. Sɛ wuso akroteaa abien mu, a ɔkwan a ɛda ntam no yɛ milimita 6 na wode wɔ w’anim a, wobɛte no sɛ nea akrotaaa biako pɛ na awɔ wo. Nanso fa akroteaa abien koro no ara wɔ wo nsateaa ano hwɛ, na nkwaadɔm a ɛte ade nka a wɔbobɔ so pii wɔ hɔ no bɛka akyerɛ wo ntɛm ara sɛ wɔte akrotɛaa abien nka. Eyi na ɛma onifuraefo tumi kenkan anifuraefo nkyerɛwee. Hena na ose nsa nhu ade?

Nsa no fã a ɛnte ade nka ne awerɛw no nkutoo. Nanso ɛno nkyerɛ sɛ mfaso nni so. Na ɛne no bɔ abira no, awerɛw no de mmoa ne ahobammɔ ma nsateaa ano a ɛte ade nka ntɛmntɛm nanso ɛnyɛ den no. Afei nso, ɛboa bere a ehia sɛ wuhuan akutu ho, twerɛw nkekae ketewa bi, anaasɛ wofa ahene ketewa bi fi fam no. So woasusuw sɛnea awerɛw no fuw ntɛmntɛm no ho pɛn? Egyina nneɛma ahorow bi so. Yɛn awe- rɛw no fuw ntɛmntɛm wɔ ahohurubere mu sen awɔwbere mu. Efuw ntɛm sen biara wɔ kokurobeti no mu, na emfuw ntɛm koraa wɔ kokɔbɛto no mu. Efuw ntɛm kɛse wɔ nsa a wɔde yɛ adwuma kɛse no mu. Wobu akontaa sɛ dodow a efuw da biara no yɛ bɛyɛ milimita 0.1.

Ɛka Yɛn ho Nsɛm

Yɛn nsa betumi aka pii afa yɛn ho. Nsam a wokyia anigye so, nsa a wɔde bɔ bɔkɔɔ, nsa a wosi no twɛre, nsateaa a wɔwosow​—ne nyinaa ka biribi fa yɛn ho. Nokwarem no, ɛbɛyɛ den ama yɛn mu dodow no ara sɛ yɛbɛkasa a yɛrentoto yɛn nsa mfa nsi nsɛm so dua anaa yɛmfa nkyerɛkyerɛ mu. Asotifo fam de, sɛnea wotumi de nsa kasa yi yɛ ade a wontumi nkwati. Faako a wontumi nkasa no, nsa no betumi afa sɛnkyerɛnne kwan so kasa so adi dwuma. Amerika indiafo, Hawaiifo, ne Afrikafo Ahamufo nyinaa wɔ wɔn ankasa sɛnkyerɛnne kwan so kasa.

Wɔ ka a yɛn nsa ka yɛn ho nsɛm akyi no, ɛka biribi kyerɛ yɛn nso. John Napier kyerɛw wɔ ne nhoma Hands mu sɛ: “Onipa nsa da nsow kɛse wɔ faako a wɔde di nkitaho kodu, a ɛnyɛ nsɛm a wɔka nko na mmom nkate ne nsusuwii horow nso mu no mu.” Ɛwom mpo sɛ mmoa pii nsa te sɛ yɛn de no ara de, nanso ɔkwan soronko a wɔfaa so yɛɛ onipa nsa ne nea etumi yɛ no nyɛ nea wobetumi afa adannandi a ntease nnim a wogye di no so abrɛ no ase. Mmom no, ɔkwan a ɛyɛ nwonwa a wɔfaa so yɛe no da nyansa a ne Yɛfo, ade nyinaa Yɛfo ne Ɔbɔadeɛ, Yehowa Nyankopɔn, wɔ no adi pefee.​—Adiyisɛm 4:11.

Enti, bere a yɛn duadwumfo kumaa no fa n’asae kura ne nsam, na ɔde ne kokurobeti ne n‘akyerɛkyerɛkwan no so dadewa no mu bio no, ebia wanya obu foforo ama ne nsa abien a ɛsom bo no. Ampa, wɔasiesie yɛn yiye ama biribiara a yɛn nsa bɛka sɛ yɛbɛyɛ no.

[Kratafa 19 mfonini]

Nsateaa anaa kokurobeti abien biara nni ɔpepepem 50 no akyi a ɛwɔ hɔ no mu a wɔahu sɛ ne nsensanee yɛ ade koro

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena