Wo Mmɔwerɛw So Wudi no Ni?
Efi Nyan! kyerɛwfo a ɔwɔ Sweden hɔ
SƐ OBI ka sɛ, “Ma menhwɛ wo mmɔwerɛw a?” anka wobɛyɛ w’ade dɛn? So wode wo mmɔwerɛw a wudi no ni no bɛkyerɛ no anigye so, anaasɛ wode wo nsa besie w’akyi? Ebia wowɔ ntease pa nti a wode wo mmɔwerɛw besie. Ebia ɛnyɛ fɛ, anaa ebia wowe wo mmɔwerɛw. Anwonwakwan a wɔfaa so yɛɛ yɛn mmɔwerɛw ho ade pii a yebehu no bɛboa yɛn ma yɛakyerɛ ho anisɔ kɛse, na ebetumi akanyan yɛn ma yɛadi no nĩ.
Wo mmɔwerɛw yɛ nkwammoaa a awu ayɛ ntini nketenkete denneennen titiriw. Ɛsono sɛnea nsateaa biara ne onipa biara bɔwerɛw fuw. Sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, mmɔwerɛw fuw milimita 3 ɔsram biara. Mmɔwerɛw a wogyaw ma efuw a wontwitwa no tumi fuw yɛ atenten yiye. Sɛnea The Guinness Book of World Records 1998 kyerɛ no, Indiani barima bi maa ne nsa benkum mmɔwerɛw fuwii araa ma sɛ wɔka ne nyinaa bom a, efuw sɛntimita 574. Ná ne kokurobeti bɔwerɛw tenten yɛ sɛntimita 132.
Ade a Ɛyɛ Nwonwa
Sɛ wuhu bɔwerɛw bere a edi kan a, ebia wubesusuw sɛ ɛyɛ ade biako pɛ, bona no nkutoo. Enti ebia ɛbɛyɛ wo nwonwa sɛ wubehu sɛ mmɔwerɛw wɔ afã atitiriw pii a wohu ne afã bi a wonhu. Ma yɛnhwɛ sɛnea bɔwerɛw no te ankasa yiye.
1. Bona. Eyi ne ade denden a mpɛn pii no yɛfrɛ no bɔwerɛw no. Bona no wɔ afã abien, nea ɛwɔ soro ne nea ɛwɔ fam. Wɔahyehyɛ nkwammoaa a ɛwɔ afã abien yi mu no wɔ akwan soronko so, na ɛsono sɛnea enyin ntɛmntɛm. Ɔfã a ɛwɔ soro no so yɛ toromtorom, na ase no fuw ma ɛne bɔwerɛw ase nam no yɛ pɛ. Ɛsono onipa biara mmɔwerɛw ano, na ɛyɛ ade a wɔnam so tumi hyɛ obi nsow, na ebetumi ama wɔahu onii ko a ɔyɛ.
2. Bɔwerɛw akyi nam. Eyi yɛ ɔfã a ɛwɔ bona no akyi a ano yɛ fitaa a ɛte sɛ ɔsram nkyem fã no. Ɛnyɛ nsateaa nyinaa na ɛwɔ bɔwerɛw akyi nam a wohu. Ntini ketewa bi wɔ bona no akyi a wɔfrɛ no bɔwerɛw akyi ntini na ɛhɔ na bɔwerɛw no fi ase fuw. Eyi yɛ bɔwerɛw no fã titiriw. Bɔwerɛw akyi ntini no bɛka bɔwerɛw akyi nam no so, na enti, ɛyɛ bɔwerɛw no fã a nkwa wom a aniwa hu. Bona no fã a aka nyinaa yɛ nkwammoaa a awu.
3. Bɔwerɛw ho were. Eyi yɛ were a ɛwɔ bona no ho. Wɔfrɛ saa were yi bɔwerɛw ho were efisɛ ɛnyɛ baabi a bona no ano si na ɛno nso ano si, na mmom efi ase wɔ bona a ɛreba foforo no ase na etwa ho hyia. Saa were yi bɔ were foforo a atwa bɔwerɛw no ho ahyia no ho ban boa no.
4. Bɔwerɛw ne akyi nam hye so. Eyi yɛ were no fã ketewa bi a ɛwɔ bona no akyi. Ɛtɔ mmere bi a, wɔfrɛ eyi nam hatahata.
5. Nam hatahata. Nam hatahata no ankasa wɔ bona no akyi nam ase. Ɛyɛ were a enni kɔla biara a ɛfam bona no akyi pɛɛ.
6. Bɔwerɛw ano nam. Bona no fã a eyin wɔ bɔwerɛw no so no.
7. Bona ase nam. Ɛwɔ bɔwerɛw ano nam no ase, saa ntini yi siw kwan a nsu betumi afa mu akɔ bona no ase nam mu no, na ɛbɔ bona ase nam no ho ban fi nyarewa ho.
Ɛso Mfaso
Yɛn mmɔwerɛw so wɔ mfaso wɔ akwan pii so, te sɛ bere a woretiti wo ho no. Ɛso ba mfaso bere a worehuan akutu ho, woresan pɔw, anaa bere a woreyɛ nneɛma nketenkete bi no. Bio nso, bɔwerɛw no boa bɔ nsa ano a ɛte ade nka yiye no ho ban.
Nea ɛnsɛ sɛ yebu ani gu so nso ne sɛnea mmɔwerɛw yɛ fɛ fa no. Yɛn mmɔwerɛw betumi ama yɛn ahosiesie ayɛ fɛ—anaa ayɛ tan. Edi dwuma titiriw wɔ sɛnea yɛde yɛn nipadua si asɛm so dua, na sɛ yedi no ni a, ɛma yɛn nsa yɛ fɛ. Sɛ ɛnyɛ mmɔwerɛw no a, anka nneɛma nkɔ yiye wɔ yɛn da biara da asetra mu, na anka yɛn nsa nso renni mũ nwie.
Sɛ Yɛhwɛ no Yiye a Enya Ahoɔden
Sɛ́ yɛn nipadua a ɛyɛ nwonwa no fã no, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yɛn mmɔwerɛw yiye. Sɛ wowɔ bɔwerɛw ho haw bi a emu yɛ den a, ɛsɛ sɛ wukohu wo duruyɛfo. Nokwarem no, ebia wubehu nipadua mu haw bi ho sɛnkyerɛnne wɔ wo nsa ano. Yiw, wɔkyerɛ sɛ wobetumi ahwɛ wo nsateaa ano ahu nipadua mu nyarewa bi.
So calcium anaa aduannuru pii a wubenya no bɛma wo mmɔwerɛw anya ahoɔden? Bere a Ɔbenfo Bo Forslind a ɔyɛ bɔwerɛw ho nsɛm ho nhwehwɛmufo wɔ Karolinska Asoɛe a ɛwɔ Stockholm, Sweden, rebua saa asɛm yi no, ɔka kyerɛɛ Nyan! sɛ: “Adanse biara nni hɔ a ɛfoa saa asɛm no so. Saa ade yi ho nneɛma nketenkete bi kɛkɛ na calcium a ɛwɔ bɔwerɛw no mu nhwehwɛmu a yɛayɛ no daa no adi.”
Nanso, ade a ɛboa ma wo mmɔwerɛw nya ahoɔden na ɛyɛ fakaa ne nsu. Sɛnea yɛadi kan aka no, ntini wɔ mmɔwerɛw no mu. Saa ntini yi hia nsu na ayɛ fakaa. Ɔbenfo Forslind de nhwɛso yi ma: “Ɛwom sɛ bɔwerɛw ketewa bi betumi ayɛ fakaa bere a woatwa no foforo no de, nanso ebetumi awo ma abubu bere tiaa bi akyi.” Fɔnwini bɛma wo mmɔwerɛw ayɛ fakaa na anya ahoɔden. Nanso ɛhe na fɔnwini yi fi ba? Ɛte sɛ nea bona no yɛ den, nanso nsu tumi fa mu. Fɔnwini a efi bɔwerɛw ase nam mu no fa bona no mu pue soro, na ɛdan ntutuw. Dɛn na wubetumi ayɛ de abɔ mmɔwerɛw no ho ban, sɛnea ɛbɛyɛ a ɛnwo na anya ahoɔden? Ɔbenfo Forslind ka sɛ: “Nku a wode bɛsra so daa no bɛboa.”
Hwɛ a Wobɛhwɛ Ma Afuw Fɛfɛɛfɛ
Esiane sɛ bɔwerɛw no nyin fi bɔwerɛw akyi ntini so nti, saa beae yi a wobɛhwɛ no yiye no ho hia. Bɔwerɛw akyi ntini no a wode srade anaa nku betwitwi hɔ daa no betumi aboa bona no. Bio nso, nku a wode begugu mmɔwerɛw no ano nam no mu nso betumi aboa, efisɛ ɛmma bɔwerɛw no nwo.
Sɛnea wotwerɛ wo mmɔwerɛw so anaa wutwitwa so no betumi ama anya ahoɔden anaa ayɛ nea enni ahoɔden. Wɔkamfo kyerɛ sɛ sɛ woretwerɛ wo mmɔwerɛw so a, fi ase fi mfinimfini. Ma ɛntra w’adwene mu sɛ nkyɛnkyɛn a wobɛtwerɛ no bɛma bɔwerɛw no ayɛ nea enni ahoɔden. Eyi bɛma wo mmɔwerɛw no ayɛ mfeamfeaa, na ɛno ne mmɔwerɛw a enni ahoɔden koraa esiane sɛ nkyɛnkyɛn no nyɛ den nti. Sɛ wo mmɔwerɛw bɛyɛ ntiantiaa na ayɛ den a, wɔkamfo kyerɛ sɛ ma nkyɛnkyɛn no mfuw bɛyɛ milimita 1.5, na twitwa ano no ma ɛnyɛ kurukuruwa te sɛ wo nsa ano.
Ebia mmea bi bɛpɛ sɛ wɔn mmɔwerɛw yɛ atenten kakra. Nanso kɔkɔbɔsɛm bi ni. Mmɔwerɛw a efuw paa no betumi atwetwe adwene a ɛmfata, na ɛremma wuntumi nyɛ nneɛma nketenkete nso. Enti ma wo mmɔwerɛw atenten nyɛ hɔ ne hɔ. Sɛ woyɛ saa a, wo mmɔwerɛw bɛyɛ agyapade na anya afoforo so nkɛntɛnso pa.
Animdefo ka sɛ, mfa adwinnade bi a ano yɛ nnam nyiyi wo mmɔwerɛw mu. Eyi betumi ama bɔwerɛw ase nam ntini a ɛda bɔwerɛw ano nam ase no asɛe. Saa ntini yi yɛ biribi a esiw nsu kwan denneennen de bɔ bɔwerɛw no ase nam ho ban. Sɛ saa beae yi sɛe a, bɔwerɛw no betumi ayi afi ase nam no so na yare aka bɔwerɛw no. Sɛ woreyiyi wo mmɔwerɛw mu a, fa brush a ɛyɛ mmerɛw yɛ.
Ɛte sɛ awosu mu nneɛma bi na ɛma mmɔwerɛw nya ahoɔden. Ɛno nti na nnipa bi wɔ bona a ɛyɛ den na ɛyɛ fakaa, na afoforo mmɔwerɛw yɛ den na ebubu no. Sɛnea wo mmɔwerɛw te biara no, wubetumi adi no nĩ daa ma ayɛ fɛ. Yiw, Sɛnea bɔwerɛw no te, ne dwuma a edi ho ntease a wubenya, na woahwɛ no yiye no ma wunya ho nimdeɛ. Saa nsɛm yi a wode bedi dwuma nyansam no bɛsow aba pa.
Nokwarem no, mmɔwerɛw no yɛ nipadua no fã a ɛyɛ nwonwa. Sɛnea ɛte ne dwuma a edi no di adanse sɛ adwene a emu dɔ bi na ɛyɛe. Ɔhene Dawid a ɔtraa ase tete mmere mu no de ahobrɛase kamfoo ne Bɔfo no, sɛnea wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Dwom 139:14 no: “Meda wo ase sɛ woyɛɛ me ma ɛyɛ hu ne nwonwa; wo nneyɛe yɛ nwonwa, na me kra nim saa yiye.”
[Asɛm a Wɔahyehyɛ wɔ kratafa 19]
(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)
1. Bona;
2. bɔwerɛw akyi nam;
3. bɔwerɛw ho were;
4. bona ne akyi nam hye so;
5. nam hatahata;
6. bɔwerɛw ano nam;
7. bona ase nam;
8. bɔwerɛw akyi ntini;
9. bɔwerɛ ase nam