Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • mwb17 December kr. 5
  • Ade Foforo a Yebesua Wɔ Kristofo Abrabɔ ne Asɛnka Adesua Ase

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ade Foforo a Yebesua Wɔ Kristofo Abrabɔ ne Asɛnka Adesua Ase
  • Kristofo Abrabɔ ne Yɛn Asɛnka​—Adesua Nhoma—2017
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wubedum Ntamaa Wusiwusi?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Ɔhene no Tenaa Afurum Ba So Kɔɔ Yerusalem
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
  • A7-G Nneɛma Atitiriw a Esisii Yesu Asetena Mu Wɔ Asaase So—Ɔsom Adwuma a Etwa To a Yesu Yɛe Wɔ Yerusalem (Ɔfã 1)
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
  • Woka “Amen” a, Yehowa Ani Sɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2019
Kristofo Abrabɔ ne Yɛn Asɛnka​—Adesua Nhoma—2017
mwb17 December kr. 5
Wiase Foforo Nkyerɛase adesua Bible a ɛwɔ Intanɛt so—Mateo Asɛmpa

KRISTOFO ABRABƆ

Ade Foforo a Yebesua Wɔ Kristofo Abrabɔ ne Asɛnka Adesua Ase

Efi January 2018 no, yɛde adesua nsɛm, mfonini ne video a ɛwɔ online study edition of the New World Translation of the Holy Scriptures (nwtsty) [Kyerɛw Kronkron​—Wiase Foforo Nkyerɛase adesua Bible a ɛwɔ Intanɛt so] mu bɛba asafo nhyiam a yɛyɛ no nnawɔtwe no mu no mu. Sɛ saa Bible no nni wo kasa mu mpo a, yebesusuw emu adesua nsɛm, ne emu mfonini ne video ho. Sɛ woresua nea yebesusuw ho wɔ asafo nhyiam ase a, wei bɛboa wo paa. Nea ehia paa no, yegye di sɛ ɛbɛboa wo ama woabɛn Yehowa, yɛn Agya a ɔdɔ yɛn no!

ADESUA NSƐM

Bible nkyekyɛm pii wɔ hɔ a, adesua nsɛm no ma yehu amammerɛ a na ɛwɔ hɔ, sɛnea na asase no te, ne kasa a na wɔka bere a wɔkyerɛw saa nsɛm no.

Mateo 12:20

Ntamaban a ayɛ wusiwusi: Kanea baako a na wɔtaa sɔ si fie yɛ kuku ketewaa bi a wɔde ngodua ngo agu mu. Ná wɔde ntamaban a wɔde asaawa anwene to mu. Ɛno na na ɛtwe ngo no ma ogya no sɔ. Hela asɛm ‘ntamaban a ayɛ wusiwusi’ no betumi akyerɛ ntamaban a ɛrepuw wusiw esiane sɛ ano gya adum anaa ɛreyɛ adum nti. Nkɔmhyɛ a ɛwɔ Yesaia 42:3 no ka too hɔ sɛ Yesu behu nnipa mmɔbɔ. Dum a na Yesu ‘rennum ntamaban biara a ayɛ wusiwusi’ no kyerɛ sɛ, anidaso kakra a wɔn a wɔhyɛ wɔn so na wɔn asɛm yɛ mmɔbɔ wɔ no, na ɔrennum no, anaa ɔremma ɛnsa.

Mateo 26:13

Nokware: Wɔkyerɛɛ ase fii Hela asɛmfua, a·menʹ mu. Wonyaa Hela asɛmfua no nso fii Hebri asɛmfua ʼa·menʹ a ɛkyerɛ “ɛnyɛ hɔ,” anaa “ɛmmra mu” no mu. Sɛ Yesu reka asɛm bi, ɔrehyɛ bɔ, anaa ɔrehyɛ nkɔm bi a, na ɔtaa ka de fi ase de kyerɛ sɛ ɛyɛ nokware turodoo, na ɛrenni huammɔ da. Sɛnea Yesu de asɛmfua “nokware,” anaa amen dii dwuma no, wɔkyerɛ sɛ ɛda mu fua wɔ sɛnea wɔde adi dwuma wɔ nhoma kronkron ahorow mu. Sɛ Yesu ka saa asɛm no mprenu toa so (a·menʹ a·menʹ), sɛnea yehu wɔ Yohane Asɛmpa mu no a, wɔkyerɛ n’asɛm no ase “nokware nokware.”​—Yoh 1:51.

MFONINI NE VIDEO

Mfonini, nneɛma a wɔadrɔdrɔ, ne video a kasa nnim ma yehu sɛnea na nneɛma bi a Bible ka ho asɛm te.

Betfage, Ngo Bepɔw, ne Yerusalem

Video tiatiaa yi de wo bɛfa apuei fam akopue Yerusalem. Ɛde wo bɛfa kurow a ɛnnɛ wɔfrɛ no et-Tur a wosusuw sɛ ɛno ne Betfage a Bible ka ho asɛm no, na ɛde wo aforo akɔfa Ngo Bepɔw no so. Sɛ wufi Betfage sian Ngo Bepɔw no wɔ apuei fam a, ɛde wo kɔ Betania. Sɛ Yesu ne n’asuafo no kɔ Yerusalem a, na wɔtaa da Betania. Ɛnnɛ wɔfrɛ Betania el-ʽAzariyeh (El ʽEizariya). Ɛyɛ Arab kasa a ɛkyerɛ “Lasaro Kurom.” Ɛda adi paa sɛ na Yesu kɔsoɛ Marta, Maria, ne Lasaro. (Mt 21:17; Mr 11:11; Lu 21:37; Yoh 11:1) Sɛ Yesu fi wɔn fie rekɔ Yerusalem a, ɔkwan a yehu wɔ video no mu no, ɛbɛyɛ sɛ ɛso na na ɔfa. Nisan 9, 33 Y.B., bere a Yesu tenaa afurum ba so fi Ngo Bepɔw no so kɔɔ Yerusalem no, ɛbɛyɛ sɛ ɔfaa Betfage kɔfaa kwantempɔn a ɛkɔ Yerusalem no so na ɛkɔe.

Ɔkwan a ɛbɛyɛ sɛ Yesu faa so fii Betania kɔɔ Yerusalem
  1. Kwantempɔn a efi Betania kɔ Betfage

  2. Betfage

  3. Ngo Bepɔw

  4. Kidron Subon

  5. Asɔrefie Bepɔw

Nantin Dompe a Dadewa Bom

Onipa nantin dompe a dadewa bom

Afe 1968 bere a wɔretutu fam wɔ Yerusalem atifi fam no, wohuu nipa nantin dompe ankasa a dadewa bom. Dadewa no tenten yɛ sɛntimita 11.5 (nsateakwaa 4.5). Nipa no wui wɔ Romafo bere so. Wɔhwɛɛ nea wohui no so yɛɛ bi pɛpɛɛpɛ. Nea wɔyɛe no ho mfonini na ɛda ha no. Tete nneɛma a wɔatutu fam ahu yi ma yenya adanse a ɛkyerɛ sɛ ɛbɛyɛ sɛ na wɔde nnadewa bɔ nnipa asɛnduam kum wɔn. Ɛbɛyɛ sɛ saa dadewa yi ara bi na Roma asraafo de bɔɔ Yesu Kristo asɛnduam no. Ná nantin dompe a dadewa bom no gu ɔbo adaka bi mu. Saa bere no sɛ obi wu na ɔporɔw a, na wɔsesaw ne nnompe a awo wosee no gu ɔbo adaka mu. Wei kyerɛ sɛ obi a wɔabɔ no asɛnduam akum no no, na wotumi sie no.​—Mt 27:35.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena