Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g93 1/8 kr. 11-12
  • “Nteɛso Abaa”​—So Ne Bere Atwam?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Nteɛso Abaa”​—So Ne Bere Atwam?
  • Nyan!—1993
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Adwene A Ɛkari Pɛ
  • Na “Abaa No” Nso Ɛ?
  • Ɔkwan Bɛn So Na Ɛsɛ Sɛ Wɔde Nteɛso Ma
  • Bible No Nhyɛ Ayayadeyɛ Ho Nkuran
  • Atirimpɔw a Ɛwɔ Nteɛso Ho a Yebehu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
  • Nteɛso Sow Asomdwoe Aba
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1988
  • Woreteɛ Wo Ba So a, Sɛn na Ɛsɛ sɛ Woyɛ No?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
  • Nea Yehowa Dɔ No Na Ɔteɛ No So
    Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2021
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1993
g93 1/8 kr. 11-12

Bible No Adwene

“Nteɛso Abaa”​—So Ne Bere Atwam?

“Agyimisɛm kyekyere abofra koma ho, nteɛso abaa bɛma afi ne ho.​—Mmebusɛm 22:15.

“Asotwe biara a ɛka nipadua no pira no wɔ nkate mu na ɛnsɛ sɛ wɔma ho kwan.”​—Parents Anonymous.

“NTEƐSO abaa” din a Bible no bɔ no ma akyinnyegye a emu yɛ den sɔre. Ntease wɔ eyi mu, efisɛ afe biara mmofra mpempem pii wuwu esiane hwe a awofo no mu biako hwe wɔn nti. Ebia eyi nti na Bible ho nkyerɛkyerɛmufo bi dii mfomso kaa ɔhwe a Bible pene so no ho asɛm sɛ “adwene a egyina amammerɛ nsusuwii horow so” kɛkɛ no.

Nanso ɛnyɛ amammerɛ nsusuwii horow so na wɔnam kyerɛw Bible no​—Onyankopɔn na ɔma wɔkyerɛwee (2 Timoteo 3:16) So ntease nni nsɛm a ɛka fa “nteɛso abaa” ho no mu? Ehia sɛ yɛyɛ “abaa no” ho nhwehwɛmu wɔ nsɛm a atwa ho ahyia no mu. Mfatoho bi ni: Ntease kakraa bi na ɛwɔ agoru bi a wɔde mfonini asinasin di dwuma wom no mu. Ɛyɛ bere a wɔde afã horow no nyinaa asisi anim awie no na wotumi hu mfonini no ankasa. “Abaa no” te sɛ saa agoru no mu mfonini sin bi kɛkɛ. Sɛ yebehu mfonini pɔtee no a, gye sɛ yɛde “abaa no” toto Bible mu nnyinasosɛm horow a ɛfa nteɛso ho no ho.

Adwene A Ɛkari Pɛ

So ɔhwe nkutoo na Bible pene so? Susuw afotu a edidi so yi ho:

“Nhyɛ wo mma abufuw”

“Nteɛ wo mma ɛmmoro so, anyɛ saa a mobɛma wɔn koma atu.”

Ebia ebinom bɛka sɛ ‘ntease wɔ eyinom mu sen Bible afotu no.’ Nanso eyi yɛ Bible no mu afotu. Wɔakyerɛw wɔ Efesofo 6:4 (The New Jerusalem Bible) ne Kolosefo 3:21 (Philips) .

Yiw, ntease wɔ adwene a Bible no kura no mu. Egye tom sɛ ɔhwe ntaa nyɛ ɔkwan a etu mpɔn sen biara a wɔfa so kyerɛkyerɛ. Mmebusɛm 8:33 ka sɛ, “Muntie nteɛso,” na ɛnka sɛ ‘Monte nteɛso nka.’ Na Mmebusɛm 17:10 da no adi sɛ “nkaanim hyɛn nhumufo mu kyɛn sɛ mmaa ɔha hyɛn ɔkwasea mu.” Afei nso, Deuteronomium 11:19kamfo nteɛso a wɔde siw biribi ano bere a obi de abrabɔ pa gyinapɛn ahorow dua ne mma mu wɔ bere ne bere mu kyerɛ. Enti, Bible no adwene wɔ nteɛso ho no kari pɛ.

Na “Abaa No” Nso Ɛ?

Nanso, Bible no ka nteɛso “abaa” ho asɛm. (Mmebusɛm 13:24; 22:15; 23:13, 14; 29:15) Yɛbɛte eyi ase dɛn?

Wɔkyerɛ asɛmfua “abaa” no ase fi Hebri asɛmfua sheʹvet mu. Hebrifo fam no, sheʹvet kyerɛ abaa anaa poma, te sɛ nea oguanhwɛfo de di dwuma no. Wɔ asɛm yi mu no, tumidi abaa no kyerɛ akwankyerɛ a ɔdɔ wom, na ɛnyɛ atirimɔden katee​—Dwom 23:4.

Wɔtaa de sheʹvet di dwuma sɛnkyerɛnne kwan so wɔ Bible no mu de gyina hɔ ma tumidi. (2 Samuel 7:14; Yesaia 14:5) Sɛ ɛka awofo tumi ho asɛm a, “abaa no” nkyerɛ ɔhwe nkutoo. Ɛkyerɛ nteɛso ahorow nyinaa, na mpɛn pii enhia sɛ ɛyɛ ɔhwe. Na sɛ wɔhwe obi a, mpɛn pii no ɛkyerɛ sɛ nneɛma afoforo a wɔyɛe no anyɛ yiye nti na wɔyɛ saa. Mmebusɛm 22:15 ka sɛ agyimisɛm “kyekyere” (“ato no sɛkyɛ,” NJB; “ahyɛn no mu tɔnn,” The New English Bible) nea wɔrehwe no koma ho. Ɛnyɛ mmofrasɛm ara kwa.

Ɔkwan Bɛn So Na Ɛsɛ Sɛ Wɔde Nteɛso Ma

Wɔ Bible no mu no, wɔtaa de nteɛso bata ɔdɔ ne odwo ho, na ɛnyɛ abufuw ne atirimɔdensɛm ho. Ɛsɛ sɛ ɔfotufo a ne ho akokwaw “dwo ma nnipa nyinaa . . . ɔbrɛ ne bo ase bɔne ho, na ɔde odwo kasa kyerɛ wɔn a wɔne no di asi, nsɛm mu.”​—2 Timoteo 2:24, 25.

Enti, nteɛso nyɛ ɔkwan a ɔwofo nam so da ne nkate adi. Mmom no, ɛyɛ ɔkwan a wɔfa so kyerɛkyerɛ. Ne saa nti, ɛsɛ sɛ ɛkyerɛkyerɛ abofra a wafom no. Sɛ wɔde abufuw hwe obi a, ɛde asuade a ɛnteɛ ma. Edi ɔwofo no ahiade ho dwuma, na ɛnyɛ abofra no de.

Afei nso, nteɛso a etu mpɔn wɔ anohyeto ahorow. Yehowa ka kyerɛ ne nkurɔfo wɔ Yeremia 46:28 sɛ: “Na mɛteɛ wo so sɛ ɛfata.” Eyi yɛ ade titiriw a ehia sɛ wɔkae bere a wɔhwe obi no. Akokoaa a wɔbɔ no anaa wɔwosow no betumi apira n’adwene anaasɛ akum no mpo.a Ade a wɔbɛyɛ ma atra atirimpɔw nti a wɔde nteɛso ma​—sɛ wɔbɛteɛ na wɔkyerɛkyerɛ​—no, betumi ama woayɛ abofra no ayayade.b

Bible No Nhyɛ Ayayadeyɛ Ho Nkuran

Ansa na Yehowa reteɛ ne nkurɔfo so no, ɔkae sɛ: “Nsuro . . . na midi w’akyi.” (Yeremia 46:28) Ɛnsɛ sɛ nteɛso ma abofra te nka sɛ wɔagyaw no. Na mmom, ɛsɛ sɛ abofra no te nka sɛ ɔwofo no ‘ne no te’ sɛ ɔdɔfo boafo a ɔhyɛ no nkuran. Sɛ wosusuw sɛ ɔhwe ho hia a, ɛsɛ sɛ abofra no te nea enti a ɛte saa no ase. Mmebusɛm 29:15 ka sɛ “Abaa ne animka ma nyansa.”

Ɛyɛ nokwasɛm a ɛyɛ awerɛhow nnɛ sɛ nnipa pii de awofo “abaa no” a ɛyɛ tumi no di dwuma ɔkwammɔne so. Nanso wɔrentumi nnya mfomso bi wɔ Bible nnyinasosɛm ahorow a ɛkari pɛ no ho. (Fa toto Deuteronomium 32:5 ho.) Sɛ yesusuw “abaa no” ho wɔ asɛm a atwa ho ahyia no mu a, yehu sɛ ɛkyerɛkyerɛ mmofra, na ɛnyɛ wɔn ayayade. Na sɛnea ɛte wɔ nsɛm afoforo mu no, Bible no da ne ho adi sɛ “eye ma ɔkyerɛkyerɛ, ntɛnyi, nteɛso ne trenee mu yɛn.”​—2 Timoteo 3:16.

[Ase hɔ asɛm]

a Nhoma Outgrowing the Pain: A Book for and About Adults Abused as Children bɔ kɔkɔ sɛ: “Nsa a wɔde twa abofra to betumi adan ayayade a wɔyɛ abofra no bere a wɔde abufuw ne ahoɔden a ebetumi apira no yɛ saa no. Nnwinnade a wɔde bɔ no, akuturuku a wɔde bɔ no to, mmofra nkumaa a wɔbɔ wɔn ne nipadua no afã horow a ɛbɛma wɔapira (wɔn anim, wɔn ti, wɔn yafunu, wɔn akyi ne wɔn awode) betumi ama asotwe a ɛte saa no adan ayayade a wɔyɛ abofra no.”

b Nhoma Father Power, a Ɔbenfo Henry Biller ne Dennis Meredith kyerɛwee no ka sɛ: “Ehia sɛ ɔhwe no yɛ bɔkɔɔ na atu mpɔn. Sɛ asotwe no fi obi a abofra no dɔ no hɔ, na onim sɛ onnii no dɔ no a, nkate a ɛte saa ara dɔɔso ma abofra no sɛ obesusuw nea ɔyɛe no ho.”

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 11]

The Bettmann Archive

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena