‘Wɔayi’ Yehowa Adansefo ‘Ama Mpanyimfo Bagua’
KRISTOSOM ahyia ɔsɔretia fi ne mfiase. Bere a Yesu de akwankyerɛ rema n’asuafo no, ɔbɔɔ kɔkɔ sɛ: “Na monhwɛ mo ho yiye nnipa ho; na wobeyi mo ama mpanyimfo gua, na wɔaka mo mpire wɔn hyia adan mu. Na me nti wɔde mo bɛkɔ amradofo ne ahene anim na adi adanse akyerɛ wɔne amanaman.” (Mateo 10:17, 18) Wɔ aman dodow ara mu nnɛ no, sɔre a wɔsɔre tia Ahenni no ba wɔ anifere kwan so sen awudi kwan so ɔtaa a ɛbae wɔ Yesu wu akyi bere tiaa bi no. Wɔ wiase hwanyann a yɛte mu yi mu no, nsɛm a yɛn atamfo ma ɛsɔre no mfa Ahenni no ho asɛmpaka no nkutoo ho.
Mmofra Sohwɛ Ho Nsɛm
Asennibea bi a wɔakɔ so de Yehowa Adansefo akɔ hɔ ne abusua ho asennibea. Wɔ Austria, Belgium, Canada, France, Norway, United States, ne aman afoforo so no, asɔretiafo akuw ketewaa bi abɔ mmɔden sɛ wɔbɛma nyamesom ayɛ ade titiriw a wɔgyina so kyerɛ nea ɔfata sɛ ɔhwɛ abofra so bere a Yehowa Adansefo anokwafo binom ahokafo a wonnye nni gyae wɔn aware no. Yehowa Adansefo ara kwa a wɔyɛ nti, wɔmma Adansefo awofo nhwɛ wɔn mma so.
Wɔamma Ɔdansefo bi anhwɛ ne babarima a wadi mfe abiɛsa ne fã so, na wɔbaraa no sɛ ɛnsɛ sɛ ɔbɔ nyamesom din mpo bere a wakɔ sra abofra no. Ɔwɛn Aban Asafo no Mmara Dwumadibea de ahyɛde yi kɔdan asennibea foforo nanso wodii fɔ. Afei wɔde asɛm no kɔdan Ohio Mantam no Asennibea Kunini no. Anigyesɛm ne sɛ, wɔ April 15, 1992 mu no, asennibea no buu Ɔdansefo no bem wɔ n’ahofadi ho asɛm yi mu. Nea wɔkae a ɛyɛ nkratafa 11 no bu bɔɔ asɛm no ho ɔdansefo bi a ose ɔyɛ onimdefo, a ɔyɛ obi a wɔatu no afi asafo no mu a ɔkyerɛ sɛ ɔyɛ adwene ne nneyɛe ho ɔbenfo. Asennibea no kae sɛ “ɔde n’adanse no gyinaa asɛm bi a wakyerɛw sɛ Yehowa Adansefo taa nya adwenemyare sen ɔmanfo no nyinaa so. Ná adanse yi yɛ mmɔdenbɔ kɛse a ɔde rekyerɛ sɛ nyamesom bi mufo nyinaa nneyɛe yɛ pɛ. . . . Ntease nni akontaabu mu adanse biako nkutoo yi no sɔ mu.
Asennibea no ahyɛ sɛ wonni asɛm no foforo, na ɛka sɛ: “Wɔrentumi nnye abofra mfi ɔwofo bi nsam sɛ wɔmma ɔnhwɛ no esiane sɛ ɔrenhyɛ abofra no nkuran sɛ onkyia frankaa, onni nnapɔnna, anaa ɔmma ɔmfa ne ho nhyɛ sukuu akyi dwumadi ahorow mu nkutoo nti. Yɛatwe asennibea no ɔhwɛ ne nsrahwɛ ho ahyɛde horow no asan, efisɛ gyinaesi yi gyinaa [ɔwofo no] nyamesom gyidi horow so a ɛyɛ nea ɛnteɛ. Enti, ɛna yi kɔɔ Kristo wu Nkae no ase April 17 a na ne babarima no te ne nkyɛn wɔ Ahenni Asa so.
Ɔwɛn Aban Asafo no Mmara Dwumadibea a ɛwɔ Canada baa dwumadibea no wɔ nsɛm abien wɔ Canada Asenni Kuninibea no anim a wonni nwiei a ɛfa ɔsɛmpɔw koro yi ara ho. Austria baa dwumadibea no adi nkonimbi a ɛyɛ nwonwa wɔ asɛm bi a na ɛda Europa Bagua a wodi Hokwan a Nnipa Wɔ ho nsɛm ho dwuma anim no mu. Bio nso, Belgium, France, ne Norway abɔ nkonim a wɔadi wɔ asennibea ahorow ama Adansefo a wɔagye wɔn hokwan a wɔwɔ afi wɔn nsam wɔ mmofra hwɛ ho nsɛm foforo a wɔkasa tiaa nyamesom titiriw wom no mu. Na wɔ asɛm no biara mu no, sɛnea Yesu kae no, anyɛ adansedi amma asennibea no ne mmaranimfo no nko na mmom aman no nyinaa nso denam nsɛm no a nsɛm ho amanneɛbɔfo trɛw mu no so.
Mogya Ho Asɛm
Ade foforo a Adansefo rehyia ne mogya ho asɛm. Wɔ nnansa yi nyamesom mu ahofadi ne ankorankorɛ ahofadi ho nkonim ahorow a Yehowa Adansefo adi wɔ Florida, Illinois, Massachusetts, ne New York Asennibea Kunini anim, ne mmɔden a Ayaresabea ho Amanneɛbɔ Dwumadibea ne Yehowa Adansefo ayaresabea ntam nkitahodi boayikuw ahorow a ɛwɔ ɔman no mu nyinaa abɔ nyinaa akyi no, mogya ho asɛm yi da so ara sɔre. Nanso, wɔredi ayaresabea adwumayɛfo adanse, na ayaresabea binom rebɔ mmɔden sɛ wobehu ayarefo a wɔyɛ Yehowa Adansefo ntɛm ne pefee
San Diego asennibea bi kyerɛɛ obu maa Japanni Ɔdansefo bi gyinabea wɔ mogya ho. N’amemene ho kae na ade tɔɔ no so. Ne Medical Directive kratasin a wahyehyɛ de ne nsa ahyɛ ase yiye ne oduyɛfo bi a obisabisaa no mogya ho nsɛm pii wɔ afie afie adwuma no mu adanse tumi maa ɔtemmufo no gye dii sɛ na Ɔdansefo a ade atɔ no so no rennye mogya wɔ tebea biara mu.
Ɔwɛn Aban Asafo no Mmara Dwumadibea de asɛm bi a esii wɔ Long Island a wɔkyekyeree Ɔdansefo bi maa no mogya bere a wɔde abankawa guu ne kunu nsa de no fii hɔ kɔe no akɔ New York Asɛnnibea Kɛse no anim. Wɔkae sɛ wommu Yehowa Adansefo bem wɔ hokwan ahorow a wɔn ankasa wɔ no ho, na mprempren wɔredi asɛm no ho dwuma ansa na akɔ asennibea Wɔrebedi asɛm bi ama abarimaa bi a wadi mfe 16 ne ne maame wɔ Atlanta ɔman asennibea. Wɔkyekyeree abarimaa no maa no mogya nnɔnhwerew awotwe. Wosusuw tumi a wobegye afi asennibea de ayɛ eyi no ho wɔ ayaresabea hɔ a wɔanka ho hwee ankyerɛ abarimaa no ne maame. Nsɛm afoforo pii da so ara wɔ asennibea ahorow a wɔde nsɛm kɔdan anim, na afoforo nso sɔre da biara. Wɔabu wɔn bem wɔ nsɛm ahorow mu. nanso hokwan a onipa wɔ ho apereperedi no mmaa awiei ɛ. Yehowa Adansefo hwɛ Yehowa Nyankopɔn kwan sɛ obebu ne mmara a ɛfa saa asɛm yi ho no bem wɔ n’ankasa bere a ɛsɛ mu.
Efi 1943 reba no, Yehowa Adansefo kakraa bi na wɔde wɔn akɔ asennibea wɔ asɛnka ho. Nanso dapɛn biara wɔfrɛ Ɔwɛn Aban Asafo no wɔ telefon so mpɛn pii na wɔn nsa ka nkrataa a efi mpanyimfo akuw horow hɔ a wɔde hwehwɛ mmoa bere a Yehowa Adansefo hyia nsɛnnennen wɔ wɔn baguam ɔsom adwuma no mu no. Ná amanneɛbɔ bi a efi Washington mantam no mu bae no yɛ serew. Ofiewura bi a ne bo afuw too Adansefo kuw bi a wɔte kar mu pon mu sɛ wɔaba n’asase a wagye ho ban so na ɔfrɛɛ polisifo. Abufuw a ɔde teɛteɛm ne sɛnea ohunahunaa wɔn sɛ ɔbɛyɛ wɔn basabasa no maa Adansefo no fi nyansa mu twɛn wɔ wɔn kar mu. Bere a polisifo kar no bae no, sɛ anka wɔbɛkyere Adansefo no sɛ wɔato kwan no, polisifo no daa wɔn ase. Woahu, na polisifo no susuw sɛ saa ofiewura no yɛ mmaratofo bi a wɔhwehwɛ no akyere no, nanso na wontumi nkɔ n’asase no so nkɔyɛ saa. Na afei a wato nsa afrɛ wɔn aba n’asase no so yi de, wohuu onipa ko a ɔyɛ na wɔkyeree ɔne ɔbea a ɔne no te no kɔtoo afiase, na Adansefo no toaawɔn asɛnka ne ɔkyerɛkyerɛ adwuma no so.
Nsɛm tebea horow kyerɛ sɛ wobedi nsɛm wɔ asennibea afa Ahenni nneɛma ho. Ɔwɛn Aban Asafo no ani sɔ Yehowa Adansefo pii a wɔwɔ wiase afanan nyinaa anigye ne wɔn ho a wosusuw no ho, ne mpae a wɔbɔ de bisa Yehowa akwankyerɛ na wɔde adi mmara mu nsɛm hwanyann a wohyia wɔ Onyankopɔn adwuma no yɛ mu nnɛ no ho dwuma. Yehowa ka kyerɛɛ Israel man no sɛ wɔrenni Bɔhyɛ Asase no so nkonim prɛko pɛ, na mmom wɔbɛyɛ no “nkakrankakra”. (Deuteronomium 7:22) Yehowa nkurɔfo a wɔwɔ hɔ nnɛ hokwan a wɔwɔ anya nkɔanim saa ara; wonya nkɔso nkakrankakra. Nanso sɛ́ wodi bem anaa fɔ no, ɛda adi sɛ baabiara a wɔde Yehowa nkurɔfo kɔ amradofo, ahene, asennibea horow, anaa obiara anim no, ɛdan adansedi ma wɔne aman no.
Yehowa bebu ne ho bem koraa nnansa yi ara wɔ mmara mu ɔsɛmpɔw a ɛfa ne tumidi ho na ɛnyɛ mogya ne mmofra hwɛ ho nsɛm nkutoo mu. Afei ne nkurɔfo asom bedwo wɔn afi asɔretiafo nyinaa ho na wɔagye wɔn ani wɔ Ahenni nniso ase—efisɛ Yehowa dɔ atɛntrenee.—Dwom 37:28.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 14]
Wɔkyekyeree abarimaa no maa no mogya nnɔnhwerew awotwe