Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g89 2/8 kr. 5-9
  • Abofra Sohwɛ​—So Ɛsɛ Sɛ Ɔsom Yɛ Ɔsɛmpɔw?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Abofra Sohwɛ​—So Ɛsɛ Sɛ Ɔsom Yɛ Ɔsɛmpɔw?
  • Nyan!—1989
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Asennibea no ne Ɔsom
  • Mmofra Di Yiye
  • So Ɔsom mu Nsonsonoe Ma Mmofra Adwene Tu Fra?
  • Abofra Sohwɛ—Nyamesom Ne Mmara No
    Nyan!—1997
  • Wɔperee sɛ Wobenya Ahofadi De Asom
    Onyankopɔn Ahenni Redi Tumi!
  • Nea Eye Kyɛn So Ma Wo Ba No Ho Ade A Wobɛyɛ
    Nyan!—1989
  • Norway Asennibea Kunini Gye Ɔsom Mu Hokwan Ahorow Tom
    Nyan!—1995
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1989
g89 2/8 kr. 5-9

Abofra Sohwɛ​—So Ɛsɛ Sɛ Ɔsom Yɛ Ɔsɛmpɔw?

KARON “wɔ mmofra ho dɔ na ɔbɔ mmɔden sɛ ɔbɛhwɛ wɔn yiye. Nanso ne gyidi sɛ Yehowa Adansefo mu biako no na edi kan, na ɛdenam ne nneyɛe ne gyidi ahorow no so no, ɔde mmofra no akwahosan, yiyedi ne nea eye ma wɔn sen biara no reto asiane mu”

Saa asɛm a asennnibea ɔtemmufo bi kae yi kaa Karon te sɛ amparuwbo. Na ɛkyerɛ sɛ wahwere ne mma nkumaa baanu​—a biako yɛ abotafowa a wadi asram 11 no​—sohwɛ. Afei de ne kunu no a ansa na wɔregyae aware no ɔkae sɛ, “Ɛyɛ Yehowa Adansefo anaasɛ me!” no na na wanya mmofra no sohwɛ no. Dapɛn awiei nkutoo na na Karon betumi ahu ni mmeawa no.

Karon a ɔyɛ ɔbea warefo wɔ Missouri mantam a ɛwɔ United States no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Me mmaranimfo maa me awerɛhyem sɛ wɔrentumi nnye me mma no mfi me nsam esiane me som nti mmom gye sɛ wotumi kyerɛ sɛ meyɛ ɛna a ɔmfata. Mehawee kɛse.” Na ɛnyɛ nwonwa, efisɛ wɔde adanse a wontumi nnye ho akyinnye mae wɔ asennibea hɔ a na ɛkyerɛ sɛ ɔyɛ ɛna a ɔwɔ ɔdɔ a ‘onya bere a eye ma ne mmeawa no.’

Afei na ɛsɛ sɛ Karon twa akwansin ɔha kɔ kurow bi mu ansa na wakɔsra ne mmeawa no. Karon kae sɛ: “Bere biara a mɛkɔ akɔsra wɔn a mepɛ sɛ mesan no, na ɛsɛ sɛ me kan kunu no awofo a wɔn na na wɔhwɛ mmofra no twe wɔn ankasa fi me srɛ so ansa na manya kwan makɔ. Na wɔtoto wɔn anan na wɔteɛteɛm sɛ, ‘Dɛn nti na yɛrentumi ne wo nkɔ fie?’ Na mmere bi wɔ hɔ a esiane me nusu nti migyina ɔkwan nkyɛn bere a merekɔ fie no na mebɔ mpae sɛ Yehowa mma me ahoɔden.” Karon de asɛm no kɔdan asennibea kɛse bi.

Wɔ gyinaesi bi a Missouri Asennibea Kɛse no atemmufo baasia nyinaa ano kɔɔ bɛnkoro mu mu no, wɔsan de ne mmeawa no maa no. Ɔtemmufo John Bardgett a wɔde asɛm no kɔdan no no kae sɛ “ogye di yiye sɛasennibea a edii asɛm no dii mfomso” wɔ nea wɔkyerɛe sɛ “Yehowa Adansefo som no mufo, sɛ kuw ne esiane nea ɛwɔ saa gyidi no mu nti, wɔmfata sɛ wɔhwɛ mmofra so” no mu.a

Asennibea nketewaa binom a ɛwɔ Australia, Federal Republic of Germany, Japan, Canada, South Africa, ne aman afoforo so no nso amfa awofo mma sohwɛ amma wɔn esiane wɔn gyidi ahorow nti. Ɛwom sɛ asennibea akɛse asan saa gyinaesi ahorow yi pii akyi de, nanso ntɛnkyea a ɛtete saa no akɔ so.

Awofo a ɛnyɛ wɔn na wɔhwɛ abofra no so nso ahyia ɔsom mu nsisi. Massachusetts asennibea ketewaa bi ɔtemmufo kɔɔ akyiri buu atɛn sɛ wɔ agya nsrahwɛ mu no “ɛnsɛ sɛ ɔne mmofra no kenkan Bible anaasɛ ɔde wɔn kɔ asɔre (anaasɛ mpo ɔka Mmara Nsɛm Du no kyerɛ wɔn).”b Ɔsɛnkyerɛwfo bi kae sɛ: “Ebia wobɛte nka sɛ ade no nyinaa yɛ agoru bi​—gye sɛ gyidi ahorow a ɛwom no yɛ w’ankasa wo de.”

Yiw, sɛ ɛyɛ wo gyidi ahorow ɛ? Nea ɛwɔ ɔwofo bi som mu a asennibea bi bu ho atɛn no yɛ kɛse. Los Angeles Times kyerɛ sɛ: “Wɔn a wonsusuw Yehowa Adansefo ho ahe biara no mpo dwen ho sɛ ɛyɛ asennibea bi de sɛ ɛbɛka akyerɛ agya bi sɛ ɔnnka Mmara Nsɛm Du no nkyerɛ ne mma anaasɛ ɔnnkenkan Bible no nkyerɛ wɔn anaa.”

Asemmisa a eyi ma ɛsɔre ne sɛ, Ɛsɛ sɛ Ɔman no de ne ho hyehyɛ ne manfo no ankasa nsɛm mu kodu he? Nokware no ankasa nsɛm mu kodu he? Nokwarem no, mmara ho sɛnkyerɛwfo bi bɔɔ kɔkɔ sɔ nneyɛe a ɛtete sɛɛ no betumi “akowie mmara mu gyinapɛn ahorow ma mmofra a wɔde nkyerɛkyerɛ koro no ara tete wɔn a wogye tom ma mmusua nyinaa mu.” So wobɛpɛ sɛ ɔtemmufo bi a ebia ɔwɔ ɔsom mu ntease foforo si eyi ho gyinae ma wo?

Asennibea no ne Ɔsom

Asennibea ahorow no ankasa ahu sɛnea wonni hokwan pii sɛ wɔbɛyɛ mmara kwan so nhwehwemu wɔ ɔsom mu gyidi ne nneyɛe ahorow ho no. Bere a Ɔtemmufo Jeffers a ɔwɔ Washington Ɔman Asennibea Kɛse no mu no reka asɛm biako bi ho asɛm no, ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Yennye hokwan a ɔman no wɔ sɛ esiw ɔsom mu nneyɛe ahorow a ɛde abrabɔ to asiane mu, ne ebia nea enye mma ɔmanfo ahobammɔ, akwahosan ne nhyehyɛe pa, no ano no ho akyinnye, nanso ɛde besi saa bere yi sɛnea ɛda adi wɔ saa asɛm yi mu adanse ahorow mu no, wɔ yɛn adwene mu no, Yehowa Adansefo nkyerɛkyerɛ no nyɛ nea wobetumi de aka eyinom biara ho.”c

Enti, sɛ ɔsom mu nneyɛe ahorow mpira “ɔmanfo ahobammɔ, akwahosan ne nhyehyɛe pa” anaasɛ “adanse pintinn biara nni hɔ sɔ ɔsom mu nneyɛe ahorow bi de abofra bi yiyedi to asiane mu ntɛm ara ne ɔkwan biara so” a, ɛnde na ɛnsɛ sɛ asennibea no di ma awofo no mu biara som. Ontario, Canada, Asennibea Kunini no kae pefee sɛ: “Ɛnyɛ Asennibea no de sɛ ebesi ɔsom abien no ho gyinae.” Sɛ wɔremfa abofra sohwɛ mma esiane animhwɛ nti no yɛ “asotwe a emu yɛ duru [ma ɔwofo] sɛ wobetua wɔ ɔsom mu gyidi bi akyidi ho, bere a ɛnyɛ nea mmara mpene so anaasɛ ɔbrasɛe no.”d

Wɔ mmere bi mu no, “abenfo” a wokura ɔsom ho adwenkyea no ayɛ nyiyim. Susuw adwene ho adwenkyea no ayɛ nyiyim. Susuw adwene ho nimdefo bi adanse yi ho: “Mise enye sɛ wɔbɛtete saa abofra yi sɛ Yehowa Adansefo mu biako. . . . Esiane sɛ ɔte ɔman yi mu nti, ɛho hia sɛ ɔtra ase sɛnea amammerɛ atitiriw no te. Ɔrenyin na ɛnyɛ Yehowa Adansefo man. Sɛ ɔmanfo no mu dodow no ara yɛ Yehowa Adansefo a, anka yɛrennya nsɛnnennen biara.”

Sɛ wodi afotu a ɛte saa akyi a, ɛbɛkyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ wɔma gyidi akuw nketewaa biaramu ɔwofo hwɛ ne mma so! Ɛyɛ ahobow sɛ atemmufo bi a wɔwɔ Florida mantam no mu maa saa adanse no dii wɔn so na wɔpowee sɛ wɔbɛma ɛna bi babea a wadi mfe anan no atra ne nkyɛn a adanse a wontumi nnye ho akyinnye wɔ hɔ sɛ na abeawa no “fam ne na no ho kɛse.”

Nea ɛho hia no, Ɔtemmufo Baskin powee sɛ ɔbɛpene saa gyinae a ɛnteɛ a na atemmufo afoforo baanu a wɔwɔ Florida Mantam mu Asennibea Kunini mu no asi no so. Ɔtemmufo Baskin kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Nea ɛda adi wɔ kyerɛwtohɔ no mu ne ɔbenfo no ankasa adwenkyea a etia ɛna no som no a oyi no adi. Saa ɔtan a ɔwɔ wɔ ɛna no som no ho no kaa no ma ɔde n’ani buu ɔhaw a ebetumi aba abofra no so daakye ɛwom sɛ na ɔhaw ho adanse biara nni hɔ de. Ɛda adi sɛ nsusuwii ahorow yi a enni mũ biara no na ɛdan ɔtemmufo a odii asɛm no ti . . . na ɛnsɛ sɛ n’atemmu no gyina.”e

Nea saa asennibea a ɛwɔ United States no yɛe no ne nea na wɔyɛ wɔ katabaako man bi mu bere a na Hitler di ade no yɛ ade koro. Wɔ 1937 mu no ɔmantam asennibea bi a ɛwɔ Nasi Germany no yii abusua bi a wɔwɔ ɔsom kuw ketewaa bi mu no mmofra no kɔe. Ɔkwan bɛn so na wɔkae sɛ eyi teɛ? Asennibea no kyerɛe sɛ: “Sɛ awofo nam wɔn ankasa nhwɛso so kyerɛkyerɛ wɔn mma asetra mu nyansapɛ bi a ɛma wɔsɔre tia nsusuwii ahorow a Germanfo dodow no ara bata ho no wɔ ɔkwan a wontumi nyɛ no yiye so a, ɛnde eyi yɛ wɔn ɔhwɛ hokwan a wɔwɔ no a wɔsɛe no . . . [enti ɛsɛ sɛ] woyi awofo ntetee nkɛntɛnso bɔne n hɔ na wobubu mu.”f

Mmofra Di Yiye

Sɛ mmofra ne kuw ketewa bi bɔ a so ɛsɛe wɔn adwene? Wɔ Karon a yedii kan bɔɔ ne din no asɛm no mu no, ɔtemmufo a odii asɛm no de n’ani bui sɛ ne mmabea no “nyin a wobenyin abɛyɛ ɔman mma pa” ne ‘sukuu ne ɔmanfo mu a wobetumi atra’ no bɛyɛ nea wɔn na ɔsom kuw ketewaa no mu a ɔbɛtete wɔn no besiw ano. So na ne de no teɛ? Susuw tebea no ho mprempren wɔ mfe du akyi.

Mmeawa no a mprempren wɔyɛ Adansefo a wɔyɛ hyew no sukuu mu amanneɛbɔ kratasin da no adi pefee. Monica a wadi mfe 11 no kratasin a na mma a ɛkɔ soro wɔ so no bɔɔ amanneɛ sɛ na n’ankasa ne n’asetra mu onyin “ye.” Ne kyerɛkyerɛfo kyerɛw kratasin no so sɛ: “Monica yɛ ɔdɔfo na wotumi de ho to no so kɛse. Ɛyɛ me anigye sɛ ɔwɔ me dan no mu.” Karon babea foforo no, Shelly a wadi mfe 13 no nyaa “Nhomasua mu Adenya a Ɛda Nsow” ho akyɛde a efi United States ɔmampanyin hɔ. Afei nso wɔpaw no sɛ “Ɔsram no mu Ɔman Ba a Ɔsen Biara” esiane ɔne “akyerɛkyerɛfo ne sukuufo abusuabɔ pa ne n’adesua su pa ahorow” nti. So eyinom yɛ mmofra a wɔansesɛw wɔn yiye?

Obi gyidi ahorow a ɔko ma no ma onya su pa ne adwene a ɛwɔ ahoɔden. Ɔtemmufo Panyin Struckmeyer a ɔwɔ Arizona Asennibea Kɛse no mu no kae wɔ abofra sohwɛ asɛm foforo a na ɛfa Ɔdansefo bi ho no mu sɛ: “Ɛnyɛ nea yennim sɛ nea wɔhwɛ kwan ho a obi dan fi no taa de fɛwdi ne kasatia ba. . . . Ɔkasatia mu na wɔsɔ suban hwɛ. Akyi a wobedi no kum adwene a ɛde ɔporɔw ba no ano.”g

Nokwarem no, mmofra a wofi mmofraase tete wɔn ma wɔkasa ma wɔn gyidi ahorow no sua sɛnea wɔde wɔn adwene bedi dwuma. Sɛ anka saa ntetee yi ‘bekum wɔn adwene ano’ mmom no, ɛho wɔ mfaso, sɛnea ɛda adi wɔ nea efii mmofra 394 a wɔadi mfe 12 mu nhwehwɛmu bi mu bae mu no. Australiafo nhwehwɛmufo no daa no adi sɛ: “Na mmofra a wotumi de wɔn adwene yɛ ade kɛse no mu dodow a ɛmfata yɛ Yehowa Adansefo. Na abeawa a onyaa mma nkabom a ɛkɔ soro sen biara [wɔ nea wotumi de wɔn adwene yɛ no mu ho sɔhwɛ mu], ne abeawa a ɔno nkutoo ne abofra, abarimaa anaa abeawa, a na ɔka adeyɛ nsusuwii anum no nyinaa mu ɔha biara mu 20 a wodi kan no ho no baanu nyinaa yɛ Yehowa Adansefo.”​—Journal of Personality, March 1973.

Yehowa Adansefo awofonom ɔsom mu gyidi ahorow no nti na wɔfa hia a ɛho hia sɛ ‘wɔdɔ wɔn mma’ aniberesɛm na wɔhyɛ abrabɔ gyinapɛn a ɛkorɔn ho nkuran no. (Tito 2:4, 5) Asennibea ahorow pii ahu ɔhwɛ a eye saa no. Sɛ nhwɛso no wɔ 1986 mu abofra sohwɛ asɛm bi wɔ Muscatine, Iowa, U.S.A. no mu no, agya no ne nea wose ɔyɛ ɔbenfo a wɔfrɛɛ no sɛ ommedi adanse no fii ase kasa tiaa ɛna a ɔyɛ Ɔdansefo no som. Ɔtemmufo Briles anhwɛ anim, na ɔkyerɛe sɛ: “Asennibea no rentumi nnyina afã biara.”

Ɔtemmufo Briles maa agya no nsrahwɛ hokwan kɛse, na ɔde abofra no sohwɛ maa ɛna no efisɛ, sɛnea ɔkae no: “Asennibea no wɔ akomatɔyam sɛ sɛ wogyaw saa mmofra yi ma [ɛna] no a, biribiara nni hɔ a wobenyinyin abenya sɛ anigye ɛwom sɛ ɛte sɛ nea ne som ne Amerikafo asɔre akɛse no nkɔ de. Asennibea no wɔ akomatɔyam nso sɛ saa mmofra yi a wobeyi wɔn afi ɔdɔ, dwoodwoo asetra ne su a ɛte saa a wobenya daa no ho no bepira nea eye kyɛn so ma mmofra no.” Iowa Asennibea Kunini no foaa saa gyinaesi yi so.h

So Ɔsom mu Nsonsonoe Ma Mmofra Adwene Tu Fra?

Wɔ abofra sohwɛ asɛm foforo bi mu no, Julie osuahu no si nyansa a ɛwɔ gyinaesi a ɛwɔ atifi hɔ no mu no so dua. Julie kuraa n’awofo a wogyaee aware bere a na wadi mfe asia no baanu no nyinaa a ɔkɔ wɔn nkyɛn mu. Mprempren a wadi mfe 20 no ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Mete nka sɛ na ɛyɛ mfaso ankasa. M’ankasa mihuu nsonsonoe a ɛwɔ Katoleksom ne Adansefo no mu no. Mene me nuabarima no kaa Mama ho kɔɔ Ahenni Asa so, nanso Kwasida biara no yɛne Papa kɔɔ asɔre efisɛ na yedi dapɛn awiei biara wɔ ne nkyɛn.”

Ɛwom sɛ mmofra a wɔte saa no hyia ɔsom mu nsusuwii ahorow a ɛbɔ abira de, nanso kakraa bi pɛ na wɔahu sɛ ɛhaw wɔn, sɛ ebi wɔ hɔ saa mpo a. Nhwehwɛmu bi a Canadani nhwehwɛmufo James Frideres yɛe no de baa awiei sɛ: “Nsonsonoe kakraa bi pɛ na wɔahu wɔ mmofra a wɔwɔ aware ahorow a wɔafrafra [wɔ ɔsom mu] ne wɔn a wɔwɔ kuw koro no ara mu no ntam. Nsɛm a ɛfa saa ɔsɛmpɔw yi ho no mmoa nhwehwɛmu a na wɔadi kan ayɛ a na ɛkyerɛ sɛ mmofra a wofi aware ahorow a wɔafrafra mu no bɛyɛ nea ‘wonsi pĩ wɔ adwenem no.”​—Jewish Social Studies, 1973.

Abofra wɔ hokwan sɛ ɔte awofo baanu no nyinaa ɔsom mu nsusuwii ahorow ase. Sɛ onyin a, n’ankasa betumi apaw nea ɔpɛ. Wɔ Julie asɛm no mu no, asennibea no kuraa ɔfã biara a enni wɔ ɔsom mu gyinabea ho no mu na ɛde ani sii nea eye kyɛn so ma abofra no so. Sɛ asennibea no ma mmofra no kwan ma wohu nea awofo baanu no mu biara ka na akyiri yi wosi wɔn ankasa gyinae wɔ ɔsom ho nsɛm mu a, na wɔadi atɛntrenee ho dwuma. Sɛ asennibea ahorow nyinaa bekura saa gyinabea yi mu a, anka eye dɛn ara!

[Ase hɔ nsɛm]

a Waites v. Waites, 567 S.W.2d 326 (Mo. 1978).

b Felton v. Felton, 383 Mass. 232, 418 N.E.2d 606 (1981).

c Stone v. Stone, 16 Wash. 2d 315, 133 P.2d 526 (1943).

d Osier v. Osier, 410 A.2d 1027 (Me. 1980) ; In re Custody of Infants Bennett, (1952) 3 D.L.R. 699 (Ont. Ct. App.) ; Quiner v. Quiner, 59 Cal. Rptr. 503 (Ct. App. 1967).

e Mendez v. Mendez, 85-2807 (Fla. Dist. Ct. App. April 28, 1987).

f Ɔmantam Asennibea, Waldenburg, Silesia, September 2, 1937. (VIII, 195) Wɔfa fii Deutsche Justiz (a ɛyɛ German Mmara Sohwɛ no aban mu krataa) a wɔkyerɛwee November 26, 1937 no mu.

g Smith v. Smith, 90 Ariz. 190, 367 P.2d 230 (1961) .

h In re Deierling No. 36651, (Scott County Dist. Ct. Nov. 12, 1986) , affirmed, 421 N.W.2d 168 (Iowa Ct. App. 1988) .

[Kratafa 7 adaka]

So Yehowa Adansefo Gyidi Ahorow no Pira?​—Mmara no Kasa

◼ “Nnyinaso a egyina adanse so biara nni hɔ a wɔde bɛka sɛ mmofra baanu no a wɔde Yehowa Adansefo [gyidi] tetee wɔn no apira wɔ wɔn akwahosan ne nkate gyinabea mu.”​—Koener v. Koener, No. 002793 (Conn. Asennibea Kɛse, October 2, 1979).

◼ “Mintumi nhu sɛ wobehu amane afi wɔn agya a wɔbɛka ne ho wɔ n’asɛnka mu no mu. . . . Mintumi nnyaa adanse biara wɔ saa asɛm yi mu a ɛma migye di sɛ Yehowa Adansefo nam wɔn som so pɛ sɛ wɔsɛe yɛn asetra mu nhyehyɛe no.”​—Evers v. Evers, 19 F.L.R. 296 (New South Wales Asennibea Kɛse, Australia, 1972).

◼ “Owura yere Ayers a wɔremma ɔnhwɛ abofra no so no . . . bɛyɛ te sɛ nea wɔahu sɛ asetra kwan a wɔn a wɔnyɛ Yehowa Adansefo no fa so no ye sen Yehowa Adansefo de; sɛ Yehowa Adansefo nyɛ awofo pa. Adwene a ɛte saa no bɛyɛ nea ntease nnim na ɛbɛyɛ ɔsom mu hokwan anosiw a wontumi mma kwan.”​—Ayers v. Ayers, (British Columbia Ɔmantam Asennibea, Canada, Abusuasɛm Dwumadibea, April 8, 1986).

[Kratafa 9 adaka]

So Mmofra no Hwere Biribi?

Wɔ Quebec, Canada no, agya bi kae sɛ obi a na anka ɔyɛ ne yere a ɔye Ɔdansefo no gyidi ahorow ma ne mma hwere biribi na ɛhaw wɔn nkate mu. Obisae sɛ asennibea no mfa ne ho nnye mu. Na ɛsɛ sɛ mmofra no di adanse. Hyɛ ne babea a wadi mfe 16 no mmuae no nsow:

A.: Asetra bɛn na wowɔ se Ɔdansefo?

M.: Mefa no sɛ metra ase sɛnea mmofra a wonnii mfe 20 nyinaa bɛyɛ no. Menhwere hwee. Mimmmu me ho sɛ meyɛ soronko fi obi foforo ho.

A.: Dɛn na wunya fi saa nhyiam horow a mokɔ wɔ Ahenni Asa so no mu?

M.: Nea edi kan koraa no, ɛma minya asetra mu botae bi. Minim nea mede me daakye bɛyɛ a egyina me gyidi ahorow no so. Nea ɛto so abien no, mewɔ nnamfo pii wɔ hɔ a metumi ne wɔn abɔ fekuw.

A.: So wo nhyiam horow no boa wo wɔ sukuu mu?

M.: Yiw, efisɛ wɔ yɛn nhyiam no ase no yegyina nnipa anim ma simma anum ɔkasa. Wɔ sukuu mu no sɛ yɛreyɛ ɔkasa ho adesua a, sukuufo no mu pii ho wosow kɛse. Nanso esiane sɛ mema ɔkasa ahorow dedaw nti, mewɔ asuasua bi dedaw.

Ɔtemmufo no bisae wɔ ne gyinaesi no mu sɛ: “Ɔsom dwumadi a ɛte saa no wɔ tumi bɛn? Asennibea no huu nnepa mmom sen adanse a na [agya no] pɛ sɛ ɔde ma wɔ ne kasa no mu no.” Bere a ɔtemmufo no abu atɛn ama ɛna a ɔyɛ ɔdansefo no akyi no, ɔka kyerɛɛ mmaranimfo baanu no nyinaa sɛ, “Me yam a anka mewɔ mma te saa!”

[Kratafa 8 mfoni]

Esiane Karon som nti nea edi kan no wɔpowee sɛ wɔbɛma wahwɛ ne mmabea baanu

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena