Abofra Sohwɛ—Nyamesom Ne Mmara No
WƆ AWAREGYAE ne abofra sohwɛ ho nsɛm mu no, nyamesom betumi ayɛ ade a ɛho hia—ne nea emu yɛ den. Sɛ nhwɛso no, nsɛmmisa te sɛ nea edidi so yi betumi asɔre.
So ɛsɛ sɛ ɔtemmufo susuw asɛm a wɔka de kyerɛ sɛ ɔwofo biako mfata sɛ ɔhwɛ abofra no so esiane sɛ saa ɔwofo no yɛ ɔsom bi muni, titiriw ɔsom a emufo nnɔɔso nti, no ho? So ɛsɛ sɛ ɔtemmufo susuw asɛm a wɔka fa awofo no som mu gyidi ne nneyɛe ahorow ho ho, na ama watumi agyina so akyerɛ ɔsom ko a, sɛnea n’adwene yɛ no no, ɛbɛyɛ papa ama abofra no? So ɛsɛ sɛ afei ɔhyɛ mmara sɛ wɔntete abofra no wɔ ɔsom biako mu, na ɔbara sɛ wɔmmfa ɔsom foforo mu nkyerɛkyerɛ mmma abofra no?
Ɛnnɛ, nnipa pii na wɔnware wɔ wɔn ankasa som ne mmusua mu. Enti sɛ saafo yi gyae aware a, ebetumi aba sɛ na mmofra no de wɔn ho ahyɛ ɔsom abien mu dedaw. Ɛtɔ mmere bi a, na ɔwofo a ɔregyae aware no de ne ho akɔhyɛ ɔsom bi a ɛyɛ soronko wɔ nea na anka ɔkɔ dedaw no mu foforo. Ebia na ɔsom foforo no ne ade a ama ɔwofo no anya ahotɔ wɔ asetra mu, na ɛho hia no yiye, nanso mmofra no nnim ho hwee. Enti asɛmmisa foforo sɔre sɛ, So asɛnnibea betumi abara ɔwofo no sɛ ɔmmfa mmofra no nnkɔ asɔre foforo yi esiane sɛ ɛsono ɛno ne asɔre a na awofo no kɔ dedaw no nti?
Eyinom yɛ nsɛmmisa a emu yɛ den. Ɛnsɛ sɛ ɔtemmufo no susuw abofra no ahiade nkutoo ho, na mmom ɔwofo no yiyedi ne hokwan ahorow a ɔwɔ nso ho.
Hokwan Atitiriw a Awofo ne Mmofra Wɔ
Ɛyɛ nokware sɛ nyamesom ho adwene a atemmufo kura betumi anya wɔn so nkɛntɛnso. Nanso, wɔ aman pii mu no, ɛnyɛ ade a wɔtaa bu ani gu nyamesom mu hokwan a awofo anaa abofra wɔ so. Ebia saa aman yi wɔ amanyɔ mmara ahorow a ɛbara ɔtemmufo no sɛ ɔde anohyeto bɛma ɔwofo no wɔ hokwan titiriw a ɔwɔ sɛ ɔde ntetee bɛma abofra no, a abofra no nhomasua ne ɔsom mu nkyerɛkyerɛ ka ho ho.
Saa ara na abofra no wɔ hokwan sɛ ogye ntetee a ɛte saa fi n’awofo hɔ. Ansa na ɔtemmufo betumi de ne ho agye ɔsom mu ntetee a wɔde rema abofra mu wɔ mmara kwan so no, ɛsɛ sɛ asɛnnibea no nya adanse a edi mũ a ɛkyerɛ sɛ “ɔsom mu nneyɛe pɔtee bi betumi de abofra no honam fam yiyedi ato asiane mu ntɛm ara na apira no kɛse.” (Yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua no.) Ɔsom ho adwene a enhyia kɛkɛ, anaa ɔsom mu akameakame a ɛwɔ awofo ntam nyɛ ade a ɛsɛ sɛ wogyina so ma Aban de ne ho gye asɛm no mu.
Wɔ Nebraska, U.S.A. no, gyinabea a ntease wom a ɛna bi a ɔyɛ Yehowa Adansefo no mu biako pawee wɔ mmofra sohwɛ ho ntawntawdi bi mu no, kyerɛkyerɛ sɛnea saa mmara kwan so nsiesiei ahorow yi bɔ awofo ne mmofra ho ban no mu. Na agya a ɔnyɛ Ɔdansefo no mpɛ sɛ wɔn babea no bɛkɔ Yehowa Adansefo ɔsom nhyiam ase wɔ Ahenni Asa so. Asɛnnibea kumaa bi tee agya no ase.
Enti ɛna no de asɛm no kɔdan Asɛnnibea Kunini a ɛwɔ Nebraska no. Ɛna no kyerɛe sɛ biribiara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ Yehowa Adansefo dwumadi bi betumi de abofra no honam fam yiyedi ato asiane mu ntɛm ara na apira no kɛse. Ɛna no kae sɛ “awofo baanu no som a abofra no de ne ho behyem no . . . bɛma wanya nea obegyina so ahu ɔsom ko a ɔpɛ bere a wanyin na ɔte nneɛma ase sɛnea ɛfata no.”
Asɛnnibea kunini no danee gyinae a asɛnnibea kumaa no sii no, na ɛkae sɛ “asɛnnibea [kumaa] no amfa tumi a ɛwɔ no anni dwuma yiye sɛ ɛde anohyeto ahorow maa ɛna a ɔne ne ba te no wɔ ɔsom mu ntetee a ɔde bɛma ne ba ketewa no ho.” Ná adanse biara nni hɔ ankasa a ɛkyerɛ sɛ Yehowa Adansefo Ahenni Asa so a abofra no kogye ɔsom mu nkyerɛkyerɛ no repira no.
Hokwan Ahorow a Awofo a Mmofra no Nte Wɔn Nkyɛn Wɔ
Ɛtɔ mmere bi a, awofo a wɔagyae aware no bɔ mmɔden sɛ wɔbɛfa ɔsom mu ntetee ho ntawntawdi sɛ ɔkwan a wɔnam so benya mmofra no sohwɛ hokwan. Sɛ nhwɛso no, wɔ Khalsa ne Khalsa asɛm bi a wodii wɔ New Mexico, U.S.A., mantam bi mu mu no, na awofo baanu no nyinaa wɔ Sikhsom mu bere a na wɔyɛ awarefo no. Nanso bere a wogyaee aware akyi bere tiaa bi no, ɛna no kɔɔ Katoleksom mu, na ofii ase ka kyerɛɛ ne mma no sɛ wonnyae Sikhsom.
Ɛhaw agya no ma ɔde asɛm no kɔɔ asɛnnibea bɔɔ mmɔden sɛ obenya tumi pii a ɛbɛma ɔde ɔsom mu ntetee ama mmofra no ma wɔaba ne Sikhsom no mu. Asɛnnibea no yɛɛ n’ade dɛn wɔ agya no abisade no ho? Ampene n’abisade no so. Asɛnnibea no hyɛe sɛ “bere a na mmofra no wɔ [ɔbarima] no nkyɛn no, na wonnya kwan mfa wɔn ho nhyɛ Sikhfo dwumadi biara, a na asɔre mu dwumadi biara, Sikhfo asesebɔ anaa Sikhfo mmotafowa sukuu, ka ho mu, sɛ wɔpɛ anaa wɔmpɛ.”
Agya no de asɛm yi kɔdan New Mexico Asɛnnibea Kɛse no. Saa asɛnnibea kɛse yi penee agya no abisade no so, na wɔdan asɛnnibea kumaa no gyinaesi no ani. Asɛnnibea kɛse no kyerɛe sɛ: “Ɛsɛ sɛ asɛnnibea ahorow di akwankyerɛ a ɛne sɛ wɔnnyɛ nyiyim wɔ ɔsom ahorow ntam nsɛnnii mu no akyi, na bere a ɛsɛ sɛ wɔde wɔn ho gye tebea a ɛho asɛm ka yɛ den, na mmara ma ho kwan no mu nkutoo ne bere a ɛda adi pefee sɛ ebepira mmofra no. Asiane a ɛda adi wɔ anohyeto ahorow a wɔde ma wɔ saa tebea yi ho ne sɛ, anohyeto ahorow a asɛnnibea de ma no bɛsɛe ɔsom hokwan a ɔwofo bi wɔ anaasɛ wobebu no saa.”
Gyinaesi a ɛte saa no gyina nnyinasosɛm ahorow a wogye tom yiye wɔ aman pii mu so. Ɔwofo a ɔwɔ ntease besusuw saa nnyinasosɛm ahorow yi ho. Afei nso, Kristoni a ɔyɛ ɔwofo no besusuw hia a abofra no behia awofo baanu no abusuabɔ, ne asɛyɛde a abofra no wɔ sɛ odi ɛna ne agya no nyinaa ni no ho yiye.—Efesofo 6:1-3.
Asɛm no a Wosiesie Wɔ Fie
Ɛwom sɛ ebia asɛm no a wobesiesie wɔ fie no mu renyɛ den te sɛ nea wɔde bɛkɔ ɔtemmufo anim de, nanso ɛnsɛ sɛ ɔwofo bu no animtiaa. Wobetumi ama apam anaa nhyehyɛe biara a wɔyɛ wɔ ɔhwɛ ho dwumadi yi mu no adi mu denam asɛnnibea a wɔde bɛkɔ ma wɔayɛ no mmara no so. Enti, ɛbɛyɛ nea nyansa wom sɛ ɔwofo bɛkɔ akohu mmaranimfo bi a ne ho akokwaw wɔ abusuasɛmdi ho ma wahwɛ ahu sɛ wɔadi biribiara a ɛfa ɔhwɛ ho no ho dwuma yiye a nsisi nnim.
Ɛsɛ sɛ awofo no mu biara gye bere siesie ne ho ma asɛm a wosiesie wɔ fie no. Ɔwofo nneyɛe a ɔda no adi bere a wɔresiesie asɛm no wɔ fie no betumi anya nkɛntɛnso kɛse wɔ nea ebefi mu aba no so. Ɛtaa ba sɛ, awofo a wɔregyae aware no de abufuw yɛ ade wɔ awaregyae no ho araa ma wobu wɔn ani gu nneɛma a ɛho hia so: Dɛn na ɛso wɔ mfaso ma abofra no yiyedi? Dɛn na abofra no hia na ama watumi anyin wɔ adwene, nkate ne honam fam?
Kae sɛ, wɔ mmara mu de, ɛnyɛ ɔsom anaa ankorankoro ntam akasakasa titiriw nti na wosiesie asɛm no wɔ fie, na mmom sɛnea awofo no betumi anya ntease na wɔayɛ nhyehyɛe bi ma ɛso aba mmofra no mfaso. Ebia ɔwofo betumi ahyia ɔsom, anaa nneɛma foforo ho adwemmɔne, nsɛmmisa a wɔnhwɛ kwan, anaa nnaadaasɛm a n’atirimpɔw ne sɛ wɔde bɛhyɛ abufuw. Wobetumi ada awofo no mu biara sintɔ ahorow adi, anaasɛ wɔagugu mu mpo. Nanso, sɛ wɔn a asɛm no fa wɔn ho no kɔ so da ntease adi a, wobetumi asi gyinae bi.
Ɛtɔ mmere bi a, ebetumi ayɛ sɛ nea asɛm a wosiesie wɔ fie no kyɛ, na ebu abam mpo. Ɔkwan foforo a wobetumi afa so ne manso a wɔbɛtwe wɔ asɛnnibea bere tenten ne emu baguam nneyɛe a ɛhyɛ aniwu, ɛbɔ ka, na enya abofra no so nkɛntɛnso bɔne no. Ɛda adi sɛ ɛno nyɛ papa. Sɛnea ɛte wɔ asetra mu nsɛm a ɛyɛ anibere nyinaa mu no, ɛsɛ sɛ Kristoni a ɔyɛ ɔwofo de mpaebɔ di asɛm a wosiesie wɔ fie no ho dwuma, na ɔkae honhom mu nsato yi a ese, “fa wo kwan hyɛ [Yehowa, NW] nsam, na fa wo ho to no so, na ɔno na ɔbɛyɛ” no.—Dwom 37:5.
Nanso, sɛ wɔantumi ansi gyinae a abodwoe wom, na ɔtemmufo no ma abofra no ne ɔwofo biako kɔtra ɛ? Anaasɛ sɛ awofo a wɔregyae aware no mu biako yɛ obi a wɔatu no afi Kristofo asafo no mu nso ɛ? Afei nso, ɛsɛ sɛ obi bu ɔhwɛ a awofo baanu de ma ne nea obiakofo de ma no dɛn? Yebesusuw saa nsɛmmisa yi ne Bible mu nnyinasosɛm a ɛfa ho no ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu.
[Kratafa 7 mfonini]
Asɛyɛde a emu duru da atemmufo so wɔ abofra sohwɛ ho nsɛnnii mu
[Kratafa 8 mfonini]
Obi betumi aboa awofo ma wɔadi wɔn ntam nsɛmnsɛm ho dwuma a ɛho nhia sɛ wɔde bere tenten kodi wɔ asɛnnibea
[Kratafa 6 mfonini]
Su Atitiriw Abiɛsa
Abusuasɛm ho asɛnnibea temmufo bi a Nyan! bisabisaa no nsɛm kae sɛ su atitiriw a ɔhwehwɛ wɔ ɔwofo ho mu abiɛsa ne nea edidi so yi:
Ntease—ɔpɛ a ɔwɔ sɛ ɔbɛma ɔwofo biako no anya hokwan pii ne abofra no adi nkitaho (sɛ ɔrensɛe abofra no wɔ honam anaa abrabɔ fam a)
Tema—abofra no nkate fam ahiade a obehu
Ahosodi—ofie asetra a ɛfata a ɛbɛma ɛhɔ ayɛ baabi a asomdwoe wɔ a abofra no betumi anyin yiye
[Kratafa 6 mfonini]
Atemmu Ho Akwankyerɛ Ahorow
Atemmufo bi nam akwankyerɛ ahorow a wɔde ma so abɔ mmɔden sɛ wobeyi ɔwofo som ho gyinapɛn ho akasakasa a ɛho nhia afi hɔ. Sɛ nhwɛso no:
1. Ɛsɛ sɛ wɔhyɛ abusuabɔ pa a ɛbɛda abofra ne awofo baanu ntam no ho nkuran. Canada Asɛnnibea Kunini Temmufo John Sopinka, kae sɛ ɛsɛ sɛ wɔma awofo no mu biara kwan “ma onya nnwuma a ɛma ɔwofo no da ne su ankasa adi [a ne som mu nneyɛe ka ho] mu kyɛfa. Wɔnhwɛ kwan sɛ ɔwofo a abofra no nte ne nkyɛn no bɛyɛ n’ade nnaadaa kwan so wɔ mmere a ɔkɔsra abofra no mu.”
2. Sɛ́ wobesiw ɔwofo a abofra no nte ne nkyɛn kwan sɛ ɔmmfa ne som mu gyidi nnkyerɛkyerɛ abofra no yɛ ɔwofo som mu ahofadi a ɔwɔ a wɔsɛe no, gye sɛ adanse a ɛda adi pefee sɛ ebetumi de abofra no yiyedi ato asiane mu ntɛm ara na apira no kɛse wɔ hɔ.