Abofra Sohwɛ—Ɛho Adwene a Ɛfata
MPƐN pii no, asɛnnennen no ankasa ba wɔ awaregyae no akyi, bere a wɔpere hwehwɛ abofra no dɔ ne ne sohwɛ no. Asɛm a wɔka sɛ, “Egye nnipa baanu na wɔko” no nyɛ nokware bere nyinaa. Ɔwofo biako a ɔyɛ nhyɛso na ɔpɛ sɛ wɔyɛ nneɛma sɛnea ɔno pɛ no betumi de aba. Abusua ho mmaranimfo bi a ɔwɔ Toronto, Canada, kae sɛ: “Wɔ abusua ho mmara mu no, biribiara kanyan nkate, na ɛka koma.”
Sɛ́ anka awofo binom bedwen nea ɛso wɔ mfaso kɛse ma abofra no ho no, wɔkɔ so bɔ sobo ahorow wɔ asɛnnibea wɔ nsɛm a ɛho nhia ho de twe nsɛm mu. Sɛ nhwɛso no, ebinom abɔ mmɔden sɛ wɔbɛkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wɔsesa abofra no trabea esiane sɛ ɔwofo biako no yɛ Yehowa Adansefo no mu biako, na ɔremma abofra no ‘nnya asetra a ɛfata’ nti.
Nea ɔnyɛ Ɔdansefo no betumi de awoda, Buronya, anaa Halloween afahyɛ a wonni mpo ayɛ asɛm aka. Ebinom betumi aka sɛ sɛ abofra no ankyia frankaa a, ɛbɛma ne fekubɔ ne ne ntetee ho aba asɛm. Anaasɛ ebinom betumi akyerɛ sɛ sɛ abofra no ka ɔwofo no ho kɔka Bible ho asɛm kyerɛ afoforo a, ɛbɛsɛe n’adwene. Awofo a wɔnyɛ Adansefo binom mpo akyerɛ sɛ abofra no nkwa bɛtɔ asiane mu, efisɛ, ɔwofo a ɔyɛ Ɔdansefo no remma wɔmma abofra no mogya.
Ɔkwan bɛn so na Kristoni begyina nsɛm a ɛhyɛ abufuw saa no ano? “Sɔ a ɔbɛsɔ so abufuw so”—ɔyaw a ɔde bɛhyɛ ɔyaw ananmu—renyɛ papa. Sɛ wɔde asɛm no kɔ ɔtemmufo anim a, awofo no mu biara benya hokwan aka n’asɛm. Ɛho hia yiye sɛ wobɛkae Bible afotu yi: “Dan w’adesoa to [Yehowa, NW] so, na obeso wo mu, ɔremma ɔtreneeni ntwiw n’ananmu da.” (Dwom 55:22) Sɛ awofo dwennwen eyi ho na wɔde Bible nnyinasosɛm di dwuma a, Yehowa bɛboa wɔn ma wɔatumi agyina asɛm biara a ɛfa abofra sohwɛ ho ano.—Mmebusɛm 15:28.
Ntease
Nea ɛso wɔ mfaso kɛse ma abofra no ne ade titiriw. Sɛ ɔwofo bi yɛ nhyɛ a, abofra no sohwɛ betumi afi ne nsa, na wɔde anohyeto ama no wɔ hokwan ahorow a ɔde bɛsra abofra no mpo ho. Ɔwofo a onim nyansa yɛ n’ade wɔ asomdwoe mu, na ɔkae Bible afotu yi: “Mommfa bɔne nntua obiara bɔne so ka! . . . Munnyaw mma [Onyankopɔn] abufuw! . . . Mma bɔne nnni wo so nim, na mmom fa papa di bɔne so nim!” (Romafo 12:17-21) Sɛ ebia awofo wɔ asɛnnibea, mmaranimfo adwumayɛbea, anaasɛ wogyina abofra sohwɛ ho odwumayɛfo anim no, ɛsɛ sɛ wɔma ‘nnipa nyinaa hu wɔn ntease.’—Filipifo 4:5.
Ɛtɔ mmere bi a ɔhokafo a watetew mu no bɛbɔ mmɔden sɛ ɔbɛka nnaadaasɛm ne nsɛm a enni ano de adan afoforo adwene. Nyansa wom sɛ wubedi nnipa nkate a ɛma wɔyɛ ade tra so wɔ kasatia a ɛtete saa ho no so. Akwahosan, nyamesom, ne nhomasua yɛ nsɛm a ahokafo a wɔatetew mu gyina so ka nsɛmmɔne wɔ abofra sohwɛ ho asɛnni mu.—Mmebusɛm 14:22.
Nea ɛkyerɛ sɛ obi wɔ ntease ne sɛ otumi susuw nokwasɛm ho na odi ho dwuma ɔkwampa so. Ɛnsɛ sɛ ɔwofo ma ne werɛ fi sɛ, wɔ awaregyae no akyi mpo no, abofra no da so ara wɔ awofo baanu. Awofo no atetew mu, nanso wɔne abofra no ntetew mu. Enti, gye sɛ tebea a ɛyɛ soronko koraa mu nkutoo na ɛsɛ sɛ ɔwofo biako nya hokwan hwɛ abofra no sɛ ɔwofo bere a ɔne abofra no te no. Ɛsɛ sɛ wɔn mu biara nya hokwan da ne nkate ne asetram suahu ahorow adi kyerɛ abofra no, na ɔwofo no ne abofra no bom yɛ nnwuma a mmara ma ho kwan, sɛ́ ɛyɛ nea ɛfa ɔsom anaa biribi foforo ho.
Ma yensusuw nea ebetumi afi asɛnni mu aba no ho: (1) awofo baanu a wɔhwɛ abofra so, (2) ɔwofo biako a ɔhwɛ abofra so, ne (3) nsrahwɛ hokwan ho nhyehyɛe a wɔyɛ. Nsonsonoe bɛn na ɛwɔ awofo baanu a wɔhwɛ abofra so ne ɔwofo biako a ɔhwɛ abofra so no mu? Sɛ abofra sohwɛ fi wo nsa a, wobɛyɛ dɛn agyina ano? Na sɛ wɔatu awofo no mu biako nso ɛ?
Awofo Baanu a Wɔhwɛ Abofra So
Atemmufo binom te nka sɛ ehia sɛ awofo baanu no ne abofra no kɔ so nya nkitahodi. Wɔn nsusuwii no gyina nhwehwɛmu ahorow a wɔayɛ a ɛda adi sɛ sɛ awofo baanu no tumi nya mmofra no hwɛ mu kyɛfa wɔ awaregyae akyi a, mmofra no nnwennwen pii na wompira wɔ nkate fam ahe biara no so. Sɛ́ anka abofra no bɛte nka sɛ ɔwofo biako apo no no, ɔbɛte nka mmom sɛ awofo baanu no nyinaa dɔ no, na wɔma onya wɔn baanu nyinaa fie nnwuma mu kyɛfa. Abusua ho mmaranimfo bi ka sɛ: “Awofo baanu a wɔhwɛ abofra so yɛ ɔkwan a awofo baanu no nyinaa nam so nya abofra no hwɛ mu kyɛfa.”
Nanso, Ɔbenfo Judith Wallerstein, a ɔyɛ Asoɛe a Ɛhwɛ Abusua mu Nsakrae Ho Nsɛm So wɔ Corte Madera, California, no kwankyerɛfo panyin no bɔ kɔkɔ sɛ, sɛ awofo baanu a wɔhwɛ abofra so ho nhyehyɛe bɛyɛ adwuma a, ehia awofo a wɔwɔ ntease ne abofra a odwo na otumi ne afoforo bɔ. Saa su ahorow yi ho hia efisɛ wɔ awofo baanu a wɔhwɛ abofra so ho nhyehyɛe mu no, mmara ma awofo baanu no nyinaa kwan ma wonya kyɛfa wɔ gyinaesi atitiriw a ɛfa abofra no akwahosan, nhomasua, ɔsom mu ntetee, ne n’asetra ho nsɛm ho mu. Nanso sɛ awofo baanu no kɔ so da ntease adi wɔ bere a wɔresusuw nea ɛso wɔ mfaso kɛse ma abofra no ho sen sɛ wɔbɛhwehwɛ wɔn ankasa yiyedi a, ɛno ansa na eyi yɛ adwuma.
Ɔwofo Biako a Ɔhwɛ Abofra So
Asɛnnibea no betumi de abofra no sohwɛ ahyɛ ɔwofo a wosusuw sɛ ɔno na obetumi ahwɛ abofra no yiye nsa. Ɔtemmufo no betumi asi gyinae sɛ ɔwofo a abofra no te ne nkyɛn no nkutoo na onsisi gyinae atitiriw a ɛfa abofra no yiyedi ho. Mpɛn pii no, bere a asɛnnibea no atie nhwehwɛmufo anom nsɛm awie na wosi saa gyinae yi—nhwehwɛmufo yi taa yɛ adwene ne nneyɛe ho nimdefo, adwenem ayaresafo, anaa asetram nsɛm ho adwumayɛfo.
Wɔn a wɔkamfo ɔwofo biako a ɔhwɛ abofra so kyerɛ no te nka sɛ nhyehyɛe no ma abofra no nya ahotɔ pii. Atemmufo pii paw abofra sohwɛ nhyehyɛe yi bere a awofo no ne wɔn ho wɔn ho nkasa papa, anaa ɛda adi sɛ wɔrenkasa no. Nokwarem no, wonyi ɔwofo a abofra no nte ne nkyɛn no mfi abofra no asetram nsɛm mu. Wɔtaa ma kwan ma ɔwofo a abofra no nte ne nkyɛn no kɔsra abofra no, na awofo baanu no betumi akɔ so ama abofra no anya akwankyerɛ ne ɔdɔ a ohia no.
Nsrahwɛ Hokwan Ahorow
Ɛnyɛ papa sɛ awofo bebu abofra sohwɛ sɛ asɛm a obiako di “nkonim” na ɔfoforo di “nkogu” wɔ mu. Awofo di yiye na wodi “nkonim” bere a wohu sɛ wɔn mma nyinyin bɛyɛ mpanyimfo a wɔn ho akokwaw, wɔbɔ mmɔden, na wobu wɔn no. Yiye a obi di wɔ abofra ntetee mu nnyina ɔhwɛ a ɔnam mmara kwan so nya so. Kristoni nam asɛnnibea nhyehyɛe ahorow a ɛfa abofra sohwɛ ho a obegye atom, bere a ɛte sɛ nea eyinom nteɛ mpo so da no adi sɛ ‘ɔbrɛ ne ho ase ma atumfoɔ a wɔkorɔn.’ (Romafo 13:1, NW) Ehia sɛ wokae nso sɛ ɛnyɛ saa bere yi na ɛsɛ sɛ wubu ɔwofo biako no animtiaa de sɛe ɔne mmofra no ntam, na ama mmofra no adɔ wo anaasɛ wɔaba w’afã.
Awofo a wosuro Onyankopɔn a esiane tebea ahorow nti wɔn mma fii wɔn nkyɛn ho nhwɛso ahorow wɔ Bible mu. Sɛ nhwɛso no, Amram ne Yokebed, Mose awofo a wɔyɛɛ ade a eye sen biara maa wɔn ba no, de no too adaka ketewa bi a ɛtɛn nsu ani mu “kɔtoo wura mu wɔ asubɔnten [Nil, NW] ano.” Bere a Farao babea kɔfaa akokoaa no, wɔkɔɔ so de wɔn ho too Yehowa so. Saa awofo anyansafo anokwafo yi nyaa “nsrahwɛ” hokwan a wɔde dii dwuma yiye tetee abarimaa no wɔ Yehowa kwan so no so mfaso. Mose nyinii bɛyɛɛ Onyankopɔn nokware somfo a ɔda nsow.—Exodus 2:1-10; 6:20.
Na sɛ wɔatu awofo no mu biako nso ɛ? So ɛsɛ sɛ ɔwofo a ɔyɛ Kristoni no ma nea wɔatu no no bɛsra abofra no? Ade a sɛ wotu obi fi asafo no mu a onni ho kwan nkutoo ne honhom fam abusuabɔ a ɔne Kristofo asafo no benya. Nokwarem no, etwa ne honhom fam abusuabɔ mu. Nanso ɔwofo ne ɔba ntam abusuabɔ kɔ so tra hɔ. Ɛsɛ sɛ ɔwofo a abofra no te ne nkyɛn no kyerɛ obu ma ɔwofo a wɔatu no no nsrahwɛ hokwan a ɔwɔ no. Nanso, sɛ ɔwofo a abofra no nte ne nkyɛn no betumi de abofra no yiyedi ato asiane mu ntɛm ara na apira no kɛse a, ɛnde ebia asɛnnibea no (ɛnyɛ ɔwofo a abofra no te ne nkyɛn no) bɛyɛ nhyehyɛe ma onipa foforo aka ɔwofo no ho bere a ɔkɔsra abofra no.
Ɛnkaa Wo Nko Ɛ
Awaregyae ho nsɛm ne abofra sohwɛ ho akasakasa a ɛka ho yɛ asɛm a ɛhaw adwene yiye. Aware a efii ase fɛfɛɛfɛ ne awarefo no atirimpɔw, nhyehyɛe, ne wɔn anidaso nyinaa asɛe. Sɛ nhwɛso no, awaresɛe anaa ɔhwe ntraso betumi ama ɔyere nokwafo ahwehwɛ ahobammɔ wɔ mmara kwan so ama ne ho ne ne ba. Nanso, obetumi ate afobu ne sintɔ nka bere a osusuw nea ankɔ yiye anaa ɔkwan a anka wobetumi afa so adi asɛm no ho dwuma yiye paa ho no. Awarefo pii dwen nea wɔn mma bɛyɛ wɔ abusua no a emu apaapae ho no ho. Apere a wodi wɔ asɛnnibea de hwehwɛ nea ɔbɛhwɛ abofra no so no bɛyɛ adwennwene a ɛnyɛ obi mudi mu kura nkutoo na ɛsɔ hwɛ sɛ ɔwofo a odwen ne mma ho, na mmom ɛsɔ gyidi ne ahotoso a obi wɔ wɔ Yehowa mu nso hwɛ.—Fa toto Dwom 34:15, 18, 19, 22 ho.
Sɛ ɔhokafo a ne ho nni asɛm yɛ sɛ obegyae aware esiane mmofra mmonnaato anaa hwe a ne hokafo hwe no dodo anaasɛ sɛ ɔyɛ saa de bɔ ne ho ban fi nyarewa a wonya fi nna mu a obetumi anya afi ɔhokafo a onni nokware no ho nti a, ɛho nhia sɛ ɔhokafo a ne ho nni asɛm no te nka sɛ odi fɔ anaasɛ Yehowa apo no. (Dwom 37:28) Ɔhokafo a onni nokware anaa ɔyɛ afoforo ayayade no na wasɛe aware apam kronkron no, ‘atwa’ ne hokafo “nkontompo.”—Malaki 2:14.
Kɔ so ‘nya ahonim pa’ wɔ onipa ne Yehowa anim denam Bible nnyinasosɛm ahorow a wode bedi dwuma, adi wo hokafo a watetew mu no ni, na woayɛ fakaa wɔ mmofra sohwɛ nhyehyɛe ahorow no mu so. “Onyankopɔn pɛ sɛ muhu amane sɛ papayɛfo a, eye kyɛn sɛ muhu sɛ bɔneyɛfo.”—1 Petro 3:16, 17.
Mmofra no de, awerɛhyem a wohia ne sɛ wobehu sɛ awaregyae no mfi wɔn. Ɛtɔ mmere bi a nneɛma nkɔ yiye sɛnea wɔyɛɛ ho nhyehyɛe no. Nanso Bible nnyinasosɛm ahorow a mode bedi dwuma no betumi adwudwo ɔhaw a awaregyae de ba no ano denam nkɔmmɔ a emu dɔ, na ntease wom a awofo no ne mma bɛbɔ so. Sɛ nhwɛso no, mubetumi ayɛ eyi denam awaregyae no akyi abusua asetra ho nhyehyɛe a mobɛma mmofra no anya mu kyɛfa yiye so. Ɛdenam abotare ne ayamye a mobɛda no adi, na moama mo ani aku mo mma nkate horow ho, na moatie nsɛm a wɔka so no, mubetumi ayɛ pii aboa wɔn ma wɔatumi adi bere ne asetra ho nhyehyɛe foforo no so.
Afoforo Betumi Aboa
Ɛnyɛ awofo nkutoo na wobetumi aboa abofra a mpaapaemu aba n’abusua mu no. Abusuafo, akyerɛkyerɛfo, ne nnamfo betumi ayɛ pii de aboa mmofra a wɔn awofo agyae aware no ma wɔanya awerɛhyem. Nananom titiriw betumi ayɛ pii de aboa mmofra no ma wɔanya ahotɔ ne awerɛkyekye.
Nananom a wɔyɛ Kristofo betumi de honhom fam nkyerɛkyerɛ ama wɔn, na wɔne wɔn ayɛ nnwuma a ɛfata, nanso ɛsɛ sɛ wɔkyerɛ obu ma awofo no gyinaesi ahorow a ɛfa ɔsom mu ntetee ho, efisɛ ɛyɛ awofo no na wɔwɔ abrabɔ fam ne mmara kwan so tumi sɛ wosisi gyinae ahorow yi, na ɛnyɛ nananom.—Efeso 6:2-4.
Sɛ wɔn a wɔagyae aware no mma nya mmoa a ɛte saa a, wobetumi agyina wɔn awofo awaregyae no ano. Na wobetumi akɔ so ahwɛ Onyankopɔn nhyira wɔ wiase foforo no mu kwan, bere a mmusua nyinaa benya ahofadi afi “ɔsom a ɛsom porɔwee no mu akɔ Onyankopɔn mma anuonyam adehyedi mu” no.—Romafo 8:21; 2 Petro 3:13.
[Kratafa 11 adaka]
Nneɛma a Afoforo Nte Ase a Yɛbɛkyerɛkyerɛ Mu
“Anyansafo tɛkrɛma ma nimdeɛ yɛ dɛ,” na Kristoni a ɔyɛ ɔwofo nya hokwan a ɛyɛ papa a ɔde bɛkyerɛkyerɛ nneɛma a afoforo nte ase anaa nsɛm a ɛnyɛ nokware ankasa mu. (Mmebusɛm 15:2) Sɛ nhwɛso no, ɛdefa wɔn akwahosan ho nsɛm ho no, “Yehowa Adansefo pene nnuruyɛ ne oprehyɛn a wɔbɛyɛ wɔn no so,” nanso sɛ wɔpaw Ɔdansefo sɛ ɔwofo a abofra te ne nkyɛn a, ɔwɔ hokwan sɛ ɔkyerɛ n’adwene wɔ ayaresa no ho.a—The Journal of the American Medical Association.
Yehowa Adansefo bu wɔn som a egyina Onyankopɔn Asɛm, Bible, so no aniberesɛm. Eyi ma wɔyɛ agyanom, ɛnanom, mma, nnamfo, afipamfo, ne ɔmamma pa. Kristofo a wɔyɛ awofo teɛ wɔn mma so wɔ ɔdɔ mu, na wɔma wonya obu ma tumidi, siesie wɔn ma wonya asetra mu gyinapɛn ahorow a ɛfata.b—Mmebusɛm 13:18.
Nhomasua yɛ abofra ntetee fã titiriw, na Yehowa Adansefo pɛ sɛ wɔn mma nya nea eye a wɔn nsa bɛso so.c—Mmebusɛm 13:20.
[Ase hɔ nsɛm]
a Hwɛ How Can Blood Save Your Life? nhomawa, a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., yɛe no mu.
b Hwɛ Nea Ɛde Abusua mu Anigye Ba nhoma no atiri 5-7, 9, a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., yɛe no mu.
c Hwɛ Yehowa Adansefo ne Nhomasua nhomawa a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., yɛe no mu.
[Kratafa 10 mfonini]
Sɛ abofra reka nea ɛkɔɔ so wɔ ɔwofo a abofra no nte ne nkyɛn no nsrahwɛ mu ho asɛm a, ɛsɛ sɛ ɔwofo a abofra no te ne nkyɛn no tie no yiye