Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g89 2/8 kr. 10-14
  • Nea Eye Kyɛn So Ma Wo Ba No Ho Ade A Wobɛyɛ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nea Eye Kyɛn So Ma Wo Ba No Ho Ade A Wobɛyɛ
  • Nyan!—1989
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Mmofra no Da so Ara ne Awofo Baanu wɔ Abusuabɔ
  • Mommɔ Mmɔden sɛ Mubesiesie
  • Ɔkwan a Wɔbɛfa so Ama Wɔn Ano Akɔ Bɛnkoro Mu
  • Bere a Ɛsɛ sɛ Mokɔ Asennibea
  • Nea Eye Kyɛn So a Wubenya Afi Tebea no Mu
  • Abofra Sohwɛ—Nyamesom Ne Mmara No
    Nyan!—1997
  • Abofra Sohwɛ—Ɛho Adwene a Ɛfata
    Nyan!—1997
  • Abusua Mu Ɔhaw Ahorow a Wosiesie Denam Bible Afotu So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1987
  • Awofo a Wonni Ahokafo, Nsɛnnennen Pii
    Nyan!—2002
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1989
g89 2/8 kr. 10-14

Nea Eye Kyɛn So Ma Wo Ba No Ho Ade A Wobɛyɛ

ƐMFA ho faako a abofra sohwɛ ho akasakasa bɛkɔ akowie biara no, mmofra no da so hia awofo baanu no nyinaa ɔdɔ ne akwankyerɛ. Bere a ɔtemmufo no asi ne gyinae akyi no, awofo no da so ara wɔ adwuma a ɛne sɛ wɔbɛboa wɔn mma no ma wɔagyina nea ebefi mu aba no ano. Ɛwom sɛ asennibea asenni no yɛ den ma awofo de, nanso ɛyɛ nkate mu nhyɛso kɛse mpo ma mmofra no.

Sɛ nhwɛso no, bere a Mary Ann dii mfe asia no, asennibea de ne sohwɛ maa n’agya. Nanso wɔ mfe du a edii akyi no mu no, ne na koe dennen sɛ ne nsa bɛka abeawa no. Bere a Mary Ann ahaw kɛse wɔ asennibea kɔ bɛboro 40 akyi no, ɔkyerɛkyerɛɛ ano aduru a ɔwɔ mu. Ɔkae sɛ: “Dɛn nti na wɔnkyɛ me mu abien? Me maame betumi afa m’anim na m’agya nso afa m’akyi.”

Ɛda adi sɛ mmara mu ɔko tenten nyɛ nea eye kyɛn so ma abofra no bere nyinaa. Ayaresabea a ɛboaa Mary Ann no kwankyerɛfo kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Mansotwe tenteenten bo yɛ den wɔ sikasɛm ne nnipa no nyinaa fam.”

Mmofra no Da so Ara ne Awofo Baanu wɔ Abusuabɔ

Bere a ahokafo a wɔagyae aware wɔ hɔ no, mmofra a wɔagyae wɔn biara nni hɔ. Ɔtemmufo bi rentumi ntetew mogya abusuabɔ a mmofra wɔ no mu da. Sɛnea ɛbɛyɛ a wobɛte abofra no nwenehosɛm no ase no, fa w’ani bu sɛnea wobɛte nka sɛ ɔwofo bere a wɔka sɛ paw wo mma no mu bi no. Wɔn muhena na wobɛpaw no? Hena na wubegyaw no? Ɛnsɛ wɔde gyinaesi a ɛte saa no si awofo anaa mmofra anim. Mpɛn pii no mmofra dɔ awofo baanu no nyinaa, enti nhyɛso a ɛbɛma wɔapaw wɔn mu bi no de nokwaredi mu ntawntawdi a emu yɛ yaw ba.

Wɔ nhoma bi a ɛfa asɛm yi ho a ɛne Beyond the Best Interests of the Child mu no, akyerɛwfo no kyerɛe sɛ nokwaredi ho ntawntawdi a ɛte saa no “betumi de nneɛma a enye aba denam abofra no abusuabɔ pa a ɔne awofo baanu no nyinaa wɔ a ɛsɛe no so.” Sɛ nhwɛso no, Julie a ɔyɛ abofra bi a ofi abusua a emu apaapae mu no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Wowɔ ɔwofo biako wɔ fie a wodɔ no ankasa, na wodɔ ɔfoforo no nso. Na ɛyɛ den yiye bere a Papa ba bɛfa yɛn dapɛn awiei biara no. Na mehwɛ no na mahwɛ Mama, na na minim sɛ okyi no. Na misuro sɛ mɛda me nkate no mu biara adi akyerɛ wɔn mu bi.”

Hu wo ba no nkate mu abusuabɔ a ɔwɔ wɔ awofo baanu no nyinaa ho no. Ɛsɛ sɛ awofo no mu biara kyerɛ obu ma ɔfoforo no gyinabea wɔ abofra no asetra mu no na odi no ni na ama abofra no anya nipasu mu onyin a eye. Bɔ mmɔden sɛ wubehu mmeae ahorow bi a mo baanu nyinaa betumi aboa abofra no yiyedi. Nka sɛ biribiara a wo kan ɔhokafo no bɛyɛ yɛ mfomso. Texas asennibea bi kyerɛkyerɛɛ mu sɛ ɛyɛ “mo mu biara asɛyɛde sɛ ɔbɛka ɔwofo foforo no ho asɛmpa wɔ abofra no anim ne n’adwenem, anaasɛ anyɛ yiye koraa no mukwati akasakasa a ebetumi asɛe ade no.” Eyi hwehwɛ sɛ awofo tew wɔn ankasa ntawntawdi so na wonya abofra no ahiade ho adagyew.

Mommɔ Mmɔden sɛ Mubesiesie

Ansa na mode bɛkɔ asennibea no, monhwehwɛ akwan biara a ebetumi ayɛ yiye a mobɛfa so asiesie asɛm no. Mmara mu nsamana te sɛ ɔko; egyaw apirakuru ne nkate mu etwã a emu dɔ a ebia wɔrentumi nsa da. Ɛyɛ bere a wɔafa akwan a ntease wom nyinaa so sɛ wobesiesie na anyɛ yiye no nkutoo na ɛsɛ sɛ wɔde kɔ asennibea. Wɔ Yesu Bepɔw so Asɛnka no mu no, ɔde mmara kwan so nnyinasosɛm bi mae a ada adi sɛ eye kɛse: “Wo ne wo nkurobɔfo wɔ kwan so no, wo ne no mmom ntɛm.”​—Mateo 5:25.

Wontumi nhu nea ebefi asenni mu aba no da. Atemmufo ahu sɛ wɔn mmofra sohwɛ nsɛm ahorow mu efi ɔha biara mu 80 kosi 90 no fa awofo a wodwen wɔn mma ho ho, wɔn mu biara nni hɔ a ɔmfata. Eyinom nyinaa ma ano aduru a ɛma akomatɔyam a wobenya no yɛ den kɛse. The Custody Handbook a Persia Woolley kyerɛwee no kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Ɛnyɛ nwonwa sɛ ɛtɔ bere bi a ɔtemmufo no de ehu to ne nsa na obisa nea enti a awofo no . . . nsiesie wɔn ntam asɛm no.”

Awaregu asennibea pii wɔ nhyehyɛe a ɛma ahokafo no ankasa hwehwɛ ɔkwan a wɔbɛfa so ahwɛ mmofra no. Akyinnye biara nni ho sɛ awofo na wonim mmofra ahiade ne wɔn tebea horow yiye na wobetumi asi nhyehyɛe a ɛbɛma awofo no mu biara anya mmofra no asetra so nkɛntɛnso a ntease wom no ho gyinae. Awofo pii de mmara kwan so mmoa aka abom ayɛ abofra sohwɛ nhyehyɛe a eye a ɛsohwɛ a wɔka bom yɛ wɔ faako a wobetumi akyɛ no ka ho. Nokwarem no, wosiesie mmofra sohwɛ nsɛm ɔha biara mu 90 ansa na awofo no akɔ asennibea ankasa mpo.

Ntamgyinafo bi a wɔatete no betumi aboa ma wɔayɛ ho biribi wɔ tebea horow a emu yɛ den mpo mu. Sɛ nhwɛso no, awarefo bi a wɔn ani abere mmoroso yɛɛ nhyehyɛe sɛ wɔ wɔn awaregu akyi no wɔbɛtetew wɔn ntam akwansin 3,000. Nanso wɔn mu biara pɛe sɛ ɔhwɛ wɔn mma baanu no so. Ntamgyinafo no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛsɛ sɛ munya biakoyɛ kakra bi wɔ mo ntam. Bere bi na mopɛ mo ho mo ho asɛm, enti momma yɛnhwɛ nea yebetumi ayɛ sɛnea ɛbɛyɛ a mo mma no renhwere mo mu biako koraa.” Wɔyɛɛ nhyehyɛe bi sɛnea ɛbɛyɛ a awofo baanu no nyinaa betumi anya afã a ɛho hia wɔ mmofra no asetra mu.

Nokwarem no, ntamgyina yɛ akwan pii a wobetumi afa so adi abofra sohwɛ ho dwumadi a asennibea ɔko remma mu biako pɛ.

Ɛsɛ sɛ wɔde ani si nea aba mprempren no ho dwumadi so sen sɛ wɔbɛkaakae nea atwam no. Ntamgyina botae titiriw ne sɛ ɛbɛboa awarefo no ma wɔanya nhyehyɛe a eye ma wɔn nyinaa (a obiara rente nka sɛ ɔno na odii nkonim anaasɛ nkogu) a ɛho bɛba mmofra no mfaso. Bere a eyi nyɛ nsɛm no nyinaa ano aduru a ɛyɛ pɛ no, ɛyɛ ɔkwan a ebetumi ama wɔremmɔ ka kɛse​—sikasɛm ne nkate mu​—sɛnea ɛte wɔ asennibea ɔko ho no. Mmɔdenbɔ a ɛyɛ nokware sɛ wobesiesie asɛm no betumi abɔ akasakasa a ano yɛ den ho ban na ama mmofra no akura wɔn ho a wɔde afam awofo baanu no nyinaa ho no mu.

Ɔkwan a Wɔbɛfa so Ama Wɔn Ano Akɔ Bɛnkoro Mu

Ɛda adi sɛ sɛ abusua mu paapae na aware mu ahokafo tetew mu a, wɔn mu biara rennya abofra no sodi koraa. Ɛsɛ sɛ awofo baanu no nyinaa nya ntease na wogyae nneɛma bi mu. Ntamgyina hwehwɛ sɛ wɔyɛ nhyehyɛe. Nhyehyɛe kyerɛ sɛ awofo no biara rentumi nnya nea ɔhwehwɛ biara.

Mommma mo werɛ mfi da sɛ abofra no wɔ hokwan sɛ osua biribi fi awofo baanu no mu biara hɔ. Enti, ɛbɛyɛ ade a wɔnhwɛ nkɔ akyiri sɛ ɔwofo biako bɛhwehwɛ sɛ wosiw abofra no kwan wɔ ɔfoforo no ɔsom, amammerɛ anaasɛ asetra mu dwumadi ahorow ase a ɔbɛkɔ anaasɛ obenya mu kyɛfa bere a abofra no wɔ saa ɔwofo no nkyɛn no ano. Saa ara nso na ɛbɛyɛ nea ɛmfata sɛ ɔwofo bi bɛpaw gyinabea pɔtee bi wɔ abofra no sukuu ne sukuu akyi dwumadi, fekubɔ, ahomegye anaasɛ ntoaso sukuukɔ ho a onsusuw ɔwofo foforo no ade a ɔde bɛkyerɛkyerɛ ne nea abofra no ankasa paw sɛ ankorankoro no ho.

Sɛ nhwɛso no, wɔ mmofra sohwɛ ho akasakasa a awofo no mu biako yɛ Yehowa Adansefo mu biako na ɔfoforo no nyɛ bi pii mu no, wɔn baanu no atumi asiesie nsɛm kama denam pene a wɔpene so sɛ nea ɔnyɛ Ɔdansefo no benya bere pii wɔ abofra no ho mfe no mu nyinaa a akwamma bere ne mmere afoforo a ɛho hia ma nea ɔnyɛ Ɔdansefo no titiriw ka ho no mu. Awofo no apene so sɛ wɔbɛma wɔn ho wɔn ho kwan ma wɔanya nhomasua, asetra ne nnuruyɛ mu nsɛm a ɛfa mmofra no ho no mu ano aduru a eye. Anyɛ yiye koraa no awofo baanu no nyinaa na wɔde abofra no baa wiase na enti wɔwɔ awo mu hokwan sɛ wotumi ka ne ntetee ho biribi.

Ɛsɛ sɛ Ɔdansefo ɔwofo no hyɛ abofra no nkuran ma ɔkyerɛ obu ma hokwan a ɔwofo a ɔnyɛ Ɔdansefo no wɔ sɛ onya n’ankasa ɔsom ho nsusuwii no na ɔma ɔkyerɛ n’ayamye ne akyɛde ahorow ho anisɔ. Sɛ awofo baanu no nyinaa susuw nea eye kyɛn so ma mmofra no ho a, ntoboase ne ntease bedi nkate ne ahohoahoa a ɛho aka so.

Wɔ nsɛm no pii mu no, saa nhyehyɛe ahorow yi yɛ yɛ den wɔ nkate mu. Enti, ebia ɛbɛyɛ papa sɛ mmaranimfo anaasɛ ananmusifo afoforo di asɛm no siesie no ho dwuma. Saa mmoa yi bɛyɛ nea ɛtaa tumi yi ntease a wonnya wɔ nneɛma pɔtee a ɛwɔ asiesie no mu ho no pii fi hɔ.

Divorce Mediation Center (Awaregu Ntamgyina Dwumadibea) a ɛwɔ Charlotte, North Carolina, no de awofo a wɔpawee sɛ wɔbɛma ntamgyinafo asiesie wɔn nsɛm no totoo wɔn a wɔpawee sɛ wɔbɛkɔ asennibea sɛ atamfo no ho. Wɔn a wɔpaw ntamgyinafo no mu ɔha biara mu 93 na wɔdaa akomatɔyam adi wɔ nea efii mu bae no ho a sɛ wɔde toto ho a wɔn a wɔkoe wɔ asennibea a wɔkyerɛɛ akomatɔyam no yɛ ɔha biara mu 56 pɛ!

Nanso sɛ wo kan ɔhokafo no pow sɛ mode ntease pa bɛyɛ nhyehyɛe anaasɛ ɔhwehwɛ ɔsom mu anosiw ahorow bi a wurentumi mma ho kwan nso ɛ? Ɛnde ebia na ɛho behia sɛ wusiesie wo ho kɔ asennibea.

Bere a Ɛsɛ sɛ Mokɔ Asennibea

Wɔ nsɛm no pii mu no, mmaranimfo a wɔatete no wɔ mmofra sohwɛ nsɛm mu a wubenya no ho hia na ama asɛm no abaawiei kama.a Mmara kwan so afotu a wubenya mfiase no betumi abɔ mfomso ahorow a ɛbɔ ka ho ban mpɛn pii. Afei nso, mmaranimfo a ɔbɔ mmɔden betumi de ne nkɛntɛnso aboa ma moasiesie asɛm no ansa a wɔakodi. Wɔ asenni no mu mpo, biribi betumi aka ɔhokafo bi ma wayɛ asiesie ho nhyehyɛe. Mo adwene a ebehyia sɛnea eye ma mo mu biara wɔ asenni no bere biara mu ye sen sɛ mobɛtwe ɔko no mu tenteenten.

Nea atemmufo pii hwehwɛ wɔ wɔn gyinaesi mu no a wubehu tumi boa. Atemmufo 80 mu nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ 1982 mu no kyerɛe sɛ nea edi kan koraa a wɔhwehwɛ ne (1) awofo no mu biara adwene mu a ɛda hɔ ne (2) awofo no mu biara tumi a otumi di asɛyɛde ho dwuma. Nea ɛbɛboa asennibea no ma wɔatumi ahu nokwasɛm ahorow no, ebia adwenem akwahosan ho ɔbenfo bi bebisabisa awofo no ne mmofra no nsɛm. Mpɛn pii no nea ɔka wɔ adwene ho no so na asennibea no gyinaesi gyina.

Nhwehwɛmu a ɛtete saa no nyɛ biribi a ɛsɛ sɛ wosuro. Sɛ wɔrehwehwɛ Kristoni bi gyidi ahorow mu mpo a, biribiara nni hɔ a enti ɛsɛ sɛ oyiyi ne ho ano anaasɛ ɛnsɛ sɛ ɔboa. Bible no kamfo kyerɛ sɛ: “Momma nnipa nyinaa nhu mo dwo!”​—Filipifo 4:5.

Kae, ɛnyɛ nhwehwɛmu a ɛte saa no bere mu na ɛsɛ sɛ woma Bible mu ɔkasa. Ɛyɛ bere a ɛsɛ sɛ wode ka wo ne abofra no dwumadi nyinaa ho asɛm a ahomegye, nhomasua, akwamma bere, nhyehyɛe a woayɛ a ɔde ne ɔwofo foforo no di nkitaho, ne asetra mu dwumadi ahorow a mo ne nnamfo ne abusuafo de mo ho hyem ka ho. Bua nsemmisa nokwaredi mu ne ɔkwan a emu da hɔ so. Susuw asɛm no ho yiye sɛnea ɛbɛyɛ a wubetumi akyerɛkyerɛ sɛnea wudi abofra no nkate ne honam fam yiyedi ho dwuma no mu ɔkwan pa so ne ntiantia mu.

Sɛ wɔrebisabisa wo nsɛm wɔ asennibea nso a nnyinasosɛm koro no ara tumi di dwuma. Sɛ wusiesie wo ho yiye a wubetumi akyerɛkyerɛ akwan horow pii a ɛnam so a Onyankopɔn Asɛm mu “ɔkyerɛ pa” boa wo ma woyɛ ɔwofo a odi asɛyɛde ho dwuma no mu bere a ɛrenyɛ asɛnka.​—2 Timothy 4:3.

Nea Eye Kyɛn So a Wubenya Afi Tebea no Mu

Ɛtɔ mmere bi a wɔ wo mmɔdenbɔ a ɛsen biara nyinaa akyi no, ebia ɔtemmufo no bedi atia wo. Wɔhyɛ Kristofo sɛ “wɔmmrɛ wɔn ho ase mma mpanyinni ne tumi horow no” na “wonntwiri [na mmom] wonnwo.” (Tito 3:1, 2) Enti, Kristoni mmu asennibea bi ahyɛde animtiaa.

Sɛ wo bo nnwo wɔ asennibea bi ahyɛde ho a, wubetumi de mmara kwan so afotu ahwehwɛ nea wubetumi ayɛ no mu. Ebia wobɛpɛ sɛ wode asɛm no kɔdan asennibea kɛse bi. Wɔ nhwɛso bi mu no sɛ nsɛm tebea no sakra a wubetumi ahwehwɛ sɛ wɔnsan nhwɛ ahyɛde no mu bio wɔ asennibea hɔ wɔ bere bi akyi. Nanso bere tenten a ahyɛde no da so wɔ hɔ no, ɛsɛ sɛ wotra ho saa ara.

Atemmu a etia no mpo nkyerɛ sɛ asɛm asa. Awofo baanu no nyinaa ne mmofra asetra sakra. Nneɛma bi betumi asisi a eye ɛwom sɛ na wɔnhwɛ kwan de. Wubetumi anya wo boasetɔ no so akatua kɛse.

Ɛwom sɛ bere a wubenya wɔ wo ba no ho sɛ ɔwofo a ɔkɔ nsrahwɛ no sua de, nanso wubetumi anya nkɛntɛnso a ɛsom bo wɔ wo ba no asetra so. Ɛnyɛ sɛ mmofra a wɔkɔ so nya wɔne awofo baanu no nkitahodi a ɛbɛn so daa no nhu awaregyae no mu amane kɛse nko na mmom nso wonyinyin yɛ mpanyimfo a wɔn ho akokwaw na wɔasesɛw wɔn yiye. Enti yɛ adwuma ma wo ne wo ba no ntam abusuabɔ nyin. Wubetumi anya wo ba ɔsom ne abrabɔ mu gyinapɛn ahorow so nkɛntɛnso denam wo nhwɛso pa so. “Ɔtreneeni a ɔnam ne pɛyɛ mu, wobehyira ne mma wɔ n’akyi.” (Mmebusɛm 20:7) Sɛ woankasa mpo a, wubetumi ayɛ pii de akyerɛ wo ba koma ne n’adwene kwan. Obehu ɔkwan a wofa so ne afoforo di, w’asetra mu botae atitiriw, ne sɛnea wote nka wɔ Onyankopɔn ho no.

Nokwarem no, nea eye sen biara ma wo ba no ho dwuma a wubedi no gye nokware dɔ. Bible no se ɔdɔ “nhwehwɛ nea ɛyɛ n’ankasa de . . . ɛmfa bɔne nhyɛ ne yam . . . [na mmom] enya ade nyinaa mu anidaso, ɛtɔ ne bo ase ade nyinaa mu. Ɔdɔ to ntwa da.” (1 Korintofo 13:4-8) Ɔdɔ a pɛsɛmenkominya nnim saa no betumi de mfaso kɛse aba. Abofra bi a wadi mfe 11 a n’awofo gyaee aware no a wasua sɛnea ɔde nea eye ma no bedi wɔn akasakasa kan no kae sɛ: “Meda ase sɛ m’awofo dɔ me sɛnea ɛma me nso medɔ wɔn baanu nyinaa!”

[Ase hɔ nsɛm]

a Sɛ wunnim sɛnea wobɛpaw mmaranimfo mu yiye a, hwɛ “Mihia Mmaranimfo” a epuei wɔ March 8. 1979 Awake! mu no mu. Sɛ ɔsom mu ahofadi ho nsɛm wom a, Ɔwɛn Aban Asafo no baa dwumadibea pii betumi de nsɛm a ɛbɛboa ama. Ankorankoro a wɔrehyia awaregu asenni wɔ United States anaasɛ wɔ mmeae afoforo a Ɔmanfo Nyinaa Mmara no di wɔn so no betumi anya nsɛm aka ho afi Yehowa Adansefo baa dwumadi a ɛwɔ U.S. ne Canada no hɔ.

[Kratafa 13 adaka]

Mfaso Horow A Ɛwɔ So Sɛ Awofo Ankasa Besiesie Sen Sɛ Wɔde Bɛkɔ Asennibea

◼ Obiara nni hɔ a onim mmofra no ahiade yiye sen awofo; enti, wɔn na wobetumi asi nea eye kyɛn so ma wɔn mma ho gyinae.

◼ Mmofra nte nka kɛse sɛ ɛsɛ sɛ “wogyina obi afã na enti ɛsɛ sɛ wɔpaw awofo mu bi.

◼ Ntamgyina taa ma wonya nkɔmmɔbɔ hokwan a eye, ma enti wotumi te mmfra ne awofo nyinaa ɔhaw ne ahiade ho nsɛm pii.

◼ Mo ano a ɛbɛkɔ bɛnkoro mu no siw abufuw a ɛba bere a asennibea de gyinasi bi a ɛmfata ma a ɛsɛ sɛ awofo baanu no nyinaa tra ho no pii ano.

◼ Wɔmmɔ mmaranim ho ka pii.

[Kratafa 14 adaka]

Mmofra Nya Mu Mfaso!

Sɛnea osuahu ahorow abien edi so yi kyerɛ no, sɛ awofo a wɔgyae aware de wɔn ntam nsonsonoe nyinaa to nkyɛn na wosusuw nea eye kyɛn so ma wɔn mma ho a, mmofra no nya mu mfaso ankasa.

Ɔbea kumaa bi a ɔwɔ ne mfe 20 mfiase mu hɔ se: “Na m’ani gye kɛse bere nyinaa bere biara a mehu me papa no. Ɛnyɛ nea na yɛyɛ no na ɛho hia kɛse saa no, na mmom sɛ mepue abehu no ara kwa no. . . . Na mehwɛ dapɛn awiei a ɔbɛba no kwan efisɛ na minim sɛ yɛbɛka biribiara a ɛnkɔ yiye wɔ sukuu mu no ho asɛm na ɔbɛboa me. Na ɛyɛ mmerɛw kɛse sɛ mene no bɛka eyi ho asɛm sen sɛ mene me maame bɛyɛ saa, ɛwom sɛ na medɔ me maame yiye de. Na nneɛma bi wɔ hɔ a ɛyɛ mmerɛw sɛ mene me maame bɛka ho asɛm​—mehwɛ a wubetumi de wani abu​—nanso na nneɛma afoforo wɔ hɔ a na mepɛ sɛ meka ho asɛm kyerɛ me papa. Sɛ nhwɛso no me maame kunu a ɔto so abien no. Ɛno ara ne sɛ yentumi mmɔ. Papa maa me afotu pa wɔ sɛnea wobɛyɛ anifere ho, ɛno na na mihia. . . . Mede no nneɛma pii ho ka, efisɛ nea meda no ɛho ase no, na mewɔ awofo baanu bere nyinaa, ɛwom mpo sɛ na wɔagyae aware de.

Aberantewaa bi a wɔfrɛ no Donald kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Misusuw sɛ m’agya a na mihu no pɛnkoro dapɛn biara no kanyan m’akɔnnɔ sɛ mɛkɔ ne nkyɛn. Enti bere biara a mehu no no, na mede ahwɛyiye tie no na meyɛ aso. Na mepɛ sɛ misuasua m’agya bere nyinaa. Mehui sɛ ɔdɔ Yehowa Nyankopɔn, na na mepɛ sɛ meyɛ nea ɔyɛ no bere nyinaa. Nanso, minyaa mfaso fii me maame su pa ahorow no mu. Ɔwɔ adamfofa so su kɛse, na ɔtrɛw mu ne afoforo bɔ, ɛma afoforo bɔ nkɔmmɔ. Ɔne obiara kasa na wotumi ka kɔ ne nkyɛn. Eyi boaa me ma midii me fɛre so.

[Kratafa 10 mfoni]

Abofra bi kae sɛ: “Wowɔ ɔwofo biako wɔ fie a wodɔ no ankasa, na wodɔ ɔfoforo no nso.”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena