Abusua Mu Ɔhaw Ahorow a Wosiesie Denam Bible Afotu So
1, 2. (a) Nneɛma a ɛde abusua mu mpaapaemu ba no bi ne nea ɛwɔ he? (b) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ wɔn a wɔwɔ mmusua a emu a paapae mu ɔhaw ahorow no ho hia yɛn nyinaa? (1 Korintofo 12:26)
“ƆYERENOM penee so sɛ wobegyaa wɔn, mmofra penee so sɛ wobɛpow wɔn, . . . sen sɛ worenni Kristo nokware,” saa na Arnobius a wɔkyerɛ sɛ ɔyɛ Kristoni a, ɔtraa ase wɔ afeha ɛto so anan no mu kae.a Yiw, saa bere no mpo nyamesom mu ɔsɔretia a ano yɛ den a efi wɔn’a wonnye nni hɔ paapae mmusua mu, Yesu kae sɛ wɔn a ‘wɔpɛ’ abusua mufo sen no no nsɛ no. Enti, “nkrante” a ɛde mpaapaemu ba bɛwɔ hɔ, esiane sɛ nea ogye di no nyi ɔdɔ kɛse a ɛte saa adi mma n’abusua, yiw “ne n’ankasa ne kra nso” nti. (Mateo 10:34-37; Luka 14:26) Abusua mu mpaapaemu yi ako so abedu yɛn bere yi so.
2 Ɛwom sɛ ebia Kristoni bɛyɛ nea obetumi nyinaa de aka abusua no abom de, nanso ahokafo a wonnye nni no binom ‘mpene sɛ wɔne Kristoni no bɛtra’ na eyi de ntetewmu anaa awaregyae ba. (1 Korintofo 7:12-16) Mmusua mu paapae efisɛ wo “wiase awiei” yi mu no, ɔdɔ ma Onyankopɔn ne ne mmara horow a nea ɛfa aware ho nso ka ho no ‘ano adwo.’ (Mateo 19:6, 9; 24:3, 12) Wɔ Amerika no, nnipa a wogyaee aware no dodow boroo ɔha biara so 236 wo 1960 ne 1980 mfe no ntam hɔ nkutoo! Esiane sɛ aware anum a egu wɔ Amerika no mu abiɛsa yɛ nea mmofra wom nti, wɔn a wɔwɔ afie a ɛte sɛɛ mu no hyia ɔhaw ahorow pii. Sɛ nkurɔfo sua Onyankopɔn Asɛm mu nokware no a, wɔn abusua asetra taa yɛ yiye, nanso nnipa binom gyaee aware ansa na wɔrebɛyɛ Yehowa Adansefo. Ɛtɔ bere bi a Kristoni a wamfa Bible afotu anni dwuma kɛse wɔ fie no mpo aware gu. (Yohane 13:17) Dɛn na awofo Kristofo betumi ayɛ de atete wɔn mma ma wɔadɔ Yehowa wɔ tebea horow yi mu?
“Tema” Ho Hia
3. Amanehunu bɛn na awaregyae de ba?
3 Wɔ Malaki bere so no na Israelfo mmarima binom nam nkontompo so gyae wɔn yerenom. Ná mmea a wɔagyaa wɔn yi “osu ne ahomegu,” bere a wɔsrɛɛ Onyankopɔn hɔ mmoa no te sɛ nea wɔde “kata [Yehowa] afɔremuka so.” (Malaki 2:13-16) Awaregu yɛ biribi a ɛyɛ yaw saa ara nnɛ, sɛ ɛyɛ nea awaregu no wɔ Kyerɛwnsɛm mu nnyinaso a ɛyɛ den mpo a. Ɛwom sɛ okunu ne ɔyere no hu amane de, nanso mmofra no na wɔtaa hu amane kɛse.
4. (a) Akwan horow bɛn so na mmofra hu amane bere a wɔn awofo agyae aware no? (b) Ɔkwan bɛn so na ɔwofo betumi aboa abofra no?
4 Sɛ awaregyae no ma wɔde wɔn ho wɔ ayayade bi mu mpo a, ɛba bɛyɛ te sɛ nea abofra no wiase nyinaa aba awiei. Enti, ɛyɛ nea ɛho hia sɛ ɔwofo a ogye di no yi ɔdɔ soronko ne ntease adi wɔ asɛm no ho dwumadi mu. Abofra bi a n’agya a ɔyɛ Kristoni gyinaa Kyerɛwnsɛm so gyaee aware bere a ɔno abofra no adi mfe anum kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Ná maka mfinimfini bere nyinaa. Ná mete nka sɛ me mu akyɛ abien. Manka sɛnea mete nka ankasa ankyerɛ obiara. Eyi maa m’adwenem haw me.” Boa a wɔbɛboa abofra a ɔwɔ tebea a ɛte sɛɛ mu hwehwɛ sɛ ɔwofo no benya “tema” na ne ‘yam ahyehye no.’ (1 Petro 3:8, NW) Ebia abofra no bɛyɛ komm esiane afobu nka a ɔte nti a osusuw sɛ wɔ ɔkwan bi so no ɔno na wama awaregu no aba. Ɛho hia sɛ ɔwofo no de boasetɔ kyerɛkyerɛ mu kyerɛ abofra no sɛ ɔdɔ no na ɛnyɛ ɔno nti na awaregu no aba.
5. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ ɔwofo Kristoni bɔ mmɔden sɛ obegyaa ɔne ne kan ɔhokafo ntam nitan mu?
5 Awofo yi ntam abufuw no betumi ayɛ den, ne titiriw no, bere a asɛm no fa nyamesom ho no. Nanso, sɛ́ anka ɔwofo a ogye di no de ‘bɔne betua bɔne so ka anaasɛ ɔde ɔyaw betua ɔyaw so ka’ no, ɛsɛ sɛ osusuw abofra no yiyedi ho mmom. (1 Petro 3:9) Linda Francke ka wɔ ne nhoma Growing Up Divorced no mu sɛ: “Awofo a wɔatentan wɔn ho no ma mmofra yi ɔhaw no mu yɛ den kɛse na ɛsɛe ade mpo. Esiane sɛ abofra no rempɛ sɛ ɔne awofo no mu biara ntam sɛe nti, obetumi agyae abusuabɔ ankasa biara a ɔne awofo baanu no benya. Yiw, ɛnyɛ sɛ “nitammɔne ne atutuw” nye nko na mmom ebetumi atwe abofra no afi wo ho nso. (Yakobo 3:14, 16) Kasa a wobɛkasa atia ɔwofo a onnye nni no betumi ahaw abofra no kɛse. (Mmebusɛm 12:18) Sɛ nea onnye nni a anka ɔyɛ wo hokafo no pɛ sɛ ɔkɔ so ara de ntawntawdi ba a, ɛnde, “sɛ ebetumi a, [wo a wugye di no] ne nnipa nyinaa ntra asomdwoe mu.”—Romafo 12:18-21.
Bɔ Wo Ba Koma Ho Ban
6. Bere a wɔakyerɛ nea ɔbɛhwɛ abofra no so no, dɛn na ebetumi ayɛ ɔhaw ama awofo binom?
6 Bere a wɔakyerɛ nea ɔbɛhwɛ abofra no, ebia ɛbɛyɛ nea nsɛnnennen ahorow bi wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ wugyina ano. Amanneɛbɔ bi a efi Ɔwɛn Aban Asafo no baa dwumadibea a ɛwɔ Australia no ka sɛ: “Ɔhaw akɛse no mu biako ne sɛ ɔwofo a onya hokwan sɛ ɔbɛhwɛ abofra no toto ne nsa ase . . . Ɔwofo a ɔwɔ nokware no mu mpo werɛ betumi afi atirimpɔw titiriw nti a na ɔpɛ sɛ ɔhwɛ abofra no. Nea ɛsɛ sɛ ɛyɛ wɔn atirimpɔw titiriw ne sɛ wɔbɛtete wɔn ma wɔabɛyɛ Yehowa nokware asomfo.” Eyi yɛ gye mmɔden a wɔbɛbɔ bere nyinaa.—Efesofo 6:4.
7. (a) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ wɔkyerɛ abofra ma onya obu ma ɔwofo a onnye nni no? (b) Ɔkwan bɛn so na sɛ nea onnye nni no yɛ biribi a ɛne Kristofo abrabɔ nhyia a, wubetumi ne abofra no asusuw nsɛm ho?
7 Ɛwom, asennibea taa ma kwan sɛ ɔwofo a ɛnyɛ ɔno na ɔrehwɛ abofra no betumi akɔ sra no. So wubetumi apene eyi so na bere koro no ara woabɔ abofra no koma ho ban? Yiw, na sɛnea ɛfata no, ɛsɛ sɛ abofra no nya obu a ɛfata ma ɔwofo a onnye nni no. Bere a ɔwofo a onnye ni no aba hɔ no, sɛ ɔyɛ biribi a ɛne Kristofo abrabɔ nhyia a, sɛ anka wobɛma nitan ho kwan denam saa ɔwofo no a wɔbɛkasa atia no so no, wubetumi akyerɛkyerɛ mu akyerɛ abofra no mmom sɛ Onyankopɔn de abrabɔ ho gyinapɛn ahorow asisi hɔ wɔ Bible no mu, ne sɛ “yɛn nyinaa bebubu yɛn ho akontaa mmiako mmiako akyerɛ Onyankopɔn,” ɔtemmufo a otwa to no. (Romafo 14:12) Ma onhu sɛ ɛnsɛ sɛ osuasua saa abrabɔ no. Fi nyansa mu kyerɛ no sɛ ɛwom sɛ nnipa binom ntra ase Sɛnea nnyinasosɛm ahorow yi te de, nanso ɛnkyɛ na pii sesa esiane Kristofo abrabɔ pa ho nhwɛso a wohu wɔ abofra no ne nea anka ɔyɛ ɔhokafo no mu nti. Wɔ saa kwan yi so no ebia ɛbɛyɛ yiye sɛ abofra no benya obu ama saa ɔwofo no. Ɛnsɛ sɛ ɔhokafo a wagyae aware ani a ennye nyamesom ho no siw ɔwofo no kwan wɔ ntetee a ɔde bɛma wɔ ɔkwan pa so no mu. ɔwofo Kristoni ‘bɛma nnipa nyinaa ahu ne dwo.’ (Filipifo 4:5) Na sɛ nea onnye nni no bɔ mmɔden sɛ ɔbɛsɛe ntetee pa a wode rema no nso ɛ?
8. Ɔkwan bɛn so na awofo baanu siesiee wɔn mma maa wɔn kan ahokafo a wɔyɛ asɔretiafo nsrahwɛ ahorow?
8 Nea ehia titiriw ne abofra no a wubesiesie no ama nsrahwɛ no! Ɛna Kristoni bi a ne kunu a ogyaa no bɛyɛɛ ɔwaefo bɔɔ amanneɛ sɛ: “Ansa na mmofra no bɛkɔ akɔsra no no, me ne wɔn sua sɛnea Yehowa bebu wɔn abrabɔ no ho ade. Yɛyɛ sɛnea tebea no bɛyɛ ho ade. Meka sɛ: ‘Sɛ mo agya ka sɛɛ anaa sɛɛ a, mubebua dɛn?’” Kristoni foforo a esiane sɛ ɔbɛyɛɛ ɔdansefo nti wogyaa no de ka ho sɛ: “Ansa na me mma baanu a wɔrebɛn mpanyin afe so no bɛkɔ akɔsra wɔn agya dapɛn awiei no, yɛbɔ mpae srɛ Yehowa sɛ ɔnka wɔn ho na ɔmmoa wɔn ma wontumi nni wɔn agya adanse, ne titiriw no, denam wɔn abrabɔ pa so.”
9. Ɔkwan bɛn so na awofo Kristofo betumi asuasua Mose ne na nhwɛso no?
9 Ebia ɔwofo a onnye nni a ɔwɔ nsrahwɛ hokwan bɛbɔ mmɔden sɛ ɔde akyɛde ahorow a ne bo yɛ den, anigyede akɛse, ne nneɛma a ɛtete saa bɛsɛe abofra no. Ná Mose ne na Yokebed, (ne Amram, sɛ na ɔda so ara te ase a) nim nea na Mose behyia bere a wɔde no ama Farao babea no. Akyinnye biara nni ho sɛ ɔboaa no ma ohuu nea ɛsɛ sɛ ɔma ɛsom bo ma no bere a na ɔwɔ ne nkyɛn no. (Exodus 2:1-10) “Misraim ahonyade” ho sɔhwɛ a Mose hyiae nyinaa akyi no, n’ankasa sii gyinae sɛ obedi nnyinasosɛm pa akyi. “Obuu” hokwan ahorow a onyae wɔ honhom mu no sɛ ahonyade ankasa! (Hebrifo 11:23-26) Saa ara na ɛsɛ sɛ Kristofo awofo siesie wɔn mma ma wogyina sɔhwɛ ahorow a ɛte sɛɛ ano denam Kyerɛwnsɛm mu nneɛma a esi honhom mu ademude so dua ho a wobesusuw no so.b Mmofra taa hu adwene a ɛnteɛ a ɔwofo bi a ɔpɛ sɛ ɔde nneɛma tɔ wɔn wɔ no.—Mmebusɛm 15:16, 17.
10. Wɔ tebea a emu yɛ den mu no, nsɛm a ɛsɛ sɛ ɔwofo susuw ho no bi ne nea ɛwo he?
10 Wɔ nsɛm bi a emu yɛ den mu no, ebia nsrahwɛ a ɛte sɛɛ bɛyɛ asiane kɛse ama abofra no. Ɛsɛ sɛ ɔwofo no si gyinae wɔ nea ɔbɛyɛ wɔ tebea no ho, na ofi mpaebɔ mu susuw aniberesɛm a asiane no yɛ, mmara kwan so mmoa a ɛwɔ hɔ, ne nea ebetumi afi nsrahwɛ ho kwan a ɔremma no mu aba ho.c Ɛnyɛ ade wɔ kwan a ɛbɛma fata a wofata sɛ ɔwofo no ho aba asɛm so.—Galatifo 6:5; Romafo 13:1; Asomafo no Nnwuma 5:29; 1 Petro 2:19, 20.
Fa “Nyansa Ankasa” Di Dwuma
11. Sɛ ɛnyɛ nea abofra no wɔ ɔwofo Kristoni no nsam bio a, dɛn na ɛsɛ sɛ obu?
11 Na sɛ ɔwofo Kristoni no mmom na wɔama no nsrahwɛ hokwan no nso ɛ? Sɛ abofra no nni Kristofo fie hɔ bio a, ɛnde honhom mu tumi kakraa bi na ɔwofo no wɔ wɔ abofra no so. (1 Korintofo 7:14) Sɛ nhwɛso no, ɛyɛ nea anka Abraham bɛpɛ sɛ ohu sɛ ne ba Ismael aware obi a, ɔne no som wɔ ɔkwan koro so te sɛ Isak. Nanso bere a wɔpamoo Ismael ne ne na Hagar fii fie bere a na ɔda so ara yɛ abofra akyi no, Abraham antumi ansiw Hagar kwan wo nhyehyɛe a ɔyɛ maa Ismael waree Misrini a ɛda adi sɛ ɔnsom Yehowa no mu.—Genesis 21:14, 21; 24:1-4.
12. (a.) Mmɔden pa bɛn na ɔwofo Kristoni a ɛnyɛ ɔno na abofra no wɔ ne nkyɛn betumi abɔ? (b) Yɛ sɛnea ɔwofo Kristoni betumi de ‘nyansa adi dwuma yiye’ ho nhwɛso.
12 Wo hokwan kabea bi a ebia ɔwofo Kristoni a ɛnyɛ ne nkyɛn na abofra no wo wɔ mu no, obetumi ayɛ pii de Yehowa ho dɔ kɛse abrɛ abofra no mu. Wɔ ɛno yɛ mu no, ɛsɛ sɛ ɔwofo no de “nyansa ankasa ne adwempa sie.” (Mmebusɛm 3:21, NW) Yiw, mmɔdenbɔ kɛse ho hia. “Sɛ obi dade ano akum ne wansew ano a, ɛnde gye sɛ ɔma ahoɔden dɔɔso [na watumi ayɛ biribi kakra], na mfaso a wɔde di yiye ne nyansa.” (Ɔsɛnkafo 10:10) Sɛ nhwɛso no, ebia ɛtɔ bere bi a nea onnye nni no de anoyi ahorow bɛma de asiw abofra no ho kwan a wubenya ano. Sɛ́ anka ɔwofo no bɛma eyi ayɛ asɛm wɔ hɔ ara no, ebia Mmebusɛm 25:15 a ɔde bedi dwuma no bɛma biribi pa afi mu aba mmom: “Abodwokyɛre dan ɔtemmufo ti, na tɛkrɛmabere bu dompe mu.” Ɛwom sɛ ɛnyɛ mmerɛw sɛ obi beyi abodwokyɛre ne odwo adi bere a wɔde anohyeto a ɛnteɛ ma no no de, nanso ebetumi ama obi a ɔsɔretia a ɔde ba no ano yɛ den te sɛ dompe no mpo ayɛ mmerɛw. (Fa toto 2 Timoteo 2:23-25 ho.) Wubetumi akwati akameakame denam wo bere so a wubedi na woadi nyansahyɛ ahorow (a ɛne Kyerɛwnsɛm mmɔ abira) ɔwofo a abofra no wɔ ne nkyɛn de ma a ɛfa abofra no hwɛ ho no akyi. Sɛ ɛhaw wo sɛ nea onnye nni no reka nsɛm a enye wɔ wo ho kyerɛ abofra no a, kae 1 Petro 2:15: “Sɛ mode papayɛ siw nnipa a wonni adwene no nkwaseasɛm ano.” Sɛ woyɛ nhwɛso pa a, abofra no behu nea ɔteɛ.—Mmebusɛm 20:7.
13. Ɔkwan bɛn so na ɔwofo a ogye di betumi ama ne nsrahwɛ no ho aba mfaso ankasa?
13 Wɔ nsrahwɛ no mu no, bɔ mmɔden fa Onyankopɔn Asɛm hyɛ abɔfra no koma mu, wɔ baabi a ebetumi, denam honhom mu nneɛma ho ade a wo ne no besua ne asafo nhyiam a wode no bɛkɔ no so. Sɛ mmara kwan so anohyeto a ano yɛ den wɔ hɔ mpo a, ɔwofo no betumi atwe abofra no adwene asi Onyankopɔn adebɔ nnwuma so, na waboa no wɔ akwan foforo so ma wadɔ Onyankopɔn. (Romafo 1:19, 20; Mateo 6:28-30) Yesu huu n’atiefo sintɔ ahorow. ‘Ɔkaa asɛm kyerɛɛ wɔn, sɛnea wotumi te ase.’ (Marko 4:33, 34) Enti wɔ honhom mu nneɛma ho a mususuw akyi no, monyɛ nneɛma afoforo a ɛhyɛ nkuran te sɛ nnamfo pa a mobɛkɔ akɔsra wɔn a n’atipɛnfo ka ho. (Mmebusɛm 13:20) Mommom nni agoru a ɛho tew. Ma nsrahwɛ no nye bere a ɛsom bo. Nteɛso a ɛfata kyerɛ ɔdɔ. (Mmebusɛm 13:24) Nanso, ɛtɔ bere bi a ebia ɛbɛyɛ te sɛ nea ɔhaw ahorow no abunkam wo so. Ɔkwan bɛn so na wubetumi agyina eyi nyinaa ano?
Fa Wo Ho To Yehowa So
14. Awerɛhyem bɛn na yɛwɔ wɔ Dwom 37:23, 24?
14 Ɛdefa onipa a ne kwan “sɔ [Yehowa] ani” ho no, Dawid kyerɛwee sɛ: “Sɛ ɔhwe ase a, ɔremmea fam koraa, efisɛ [Yehowa] kura ne nsam.” (Dwom 37:23, 24) Yiw, ebia ɛtɔ bere bi a Kristoni a ɔrehyia abusua a emu apaapae mu ɔhaw ahorow no ‘bɛhwe ase’ wɔ abasamtu, huammɔdi, ne mmara kwan so ne sika fam ahokyere mu de, nanso “ɔremmea fam koraa” wɔ honhom mu. Sɛnea New Berkeley Version ka no no: “Sɛ ɔhwe ase a, ɔremmea hɔ na wafi mu.” Dɛn ntia? Efisɛ Yehowa teɛ ne nsa de ma no so denam ne honhom kronkron no ne n’asomfo a wɔwɔ ɔdɔ so.—Yakobo 1:27.
15, 16. Ɔkwan bɛn so na wɔahyɛ ebinom a wɔwɔ mmusua a emu apaapae mu den?
15 Bere a wɔde Kristoni ɔbea bi mma nkumaa baanu maa ne kunu asɔretiafo a wagyaa no sɛ ɔnhwɛ wɔn no, ɔkae sɛ: “Bere a wogyee wɔn fii me nsam koraa no, misuae sɛ mede me ho bɛto Yehowa so ankasa. Masua sɛ megye nea ɔma ho kwan atom a memmɔ mmɔden sɛ mɛyɛ ade sɛnea m’ankasa pɛ. Migu so ara resua. Ɛyɛ asuade a ɛyɛ den.” Nanso ɔde nsrahwɛ hokwan a ɔwɔ no redi dwuma kɛse a ɛnyɛ ne kunu foforo a ɔyɛ Kristoni ɔpanyin nokwafo no nkutoo nkyɛn na wanya awerɛkyekye afi na mmom afoforo a wɔwɔ asafo no mu nso nkyɛn.
16 Kristoni foforo a ne kunu a wagyaa no yɛ ɔwaefo faa mmofra no asram pii bere a asennibea aka sɛ ɛnsɛ sɛ ɔyɛ saa no, kae sɛ: “Ɛhaw me ara ma na misusuw sɛ biribi bɛyɛ me. Ade biako a amma m’adwene ansɛe wɔ saa bere no mu ne me ho a mede hyɛɛ asɛnka adwuma no mu.” Ne babea a na wadi mfe ason saa bere no gyinaa Yehowa afã pintinn na ogyinaa hwe a n’agya hwee no mpɛn pii esiane sɛ wampɛ sɛ ɔbɛkenkan n’awaefo nhoma nti no ano. Bere a ɔsan baa ne na nkyɛn no, na wasi ne bo sa ɔde ne ho bɛbɔ Yehowa kɛse. Eyinom ne asomfo anokwafo afoforo ahu Dwom 54:2-7 mmamu, sɛ: “Onyankopɔn, tie me mpaebɔ, . . . Hwɛ, Onyankopɔn ne me boafo, [Yehowa] nko ne nea oso me kra mu. . . . wagye me, amane nyinaa mu.” Yiw, yebetumi de yɛn ho ato Yehowa mmoa so!—1 Korintofo 10:13.
17. Ɔkwan bɛn so na awofo a wɔwɔ mmusua a emu apaapae mu betumi aboa wɔn mma, na akatua bɛn na ebetumi afi mu aba?
17 Enti sɛ woyɛ ɔwofo a ɔwɔ abusua a emu apaapae mu a, hu wo ba no nkate ahorow ntɛm ara. Fa Onyankopɔn Asɛm no hyɛ ne koma den. Sɛ nsrahwɛ hokwan nkutoo na wowɔ a, ɛnde bere a wode eyi di dwuma no, fa “nyansa ankasa” nso ka ho. Nya tumi a Onyankopɔn Asɛm a woadua wɔ koma a egye di mu wɔ no mu ahotoso. (1 Tesalonikafo 2:13) Hu a wubehu sɛ wo ba anya ɔdɔ ama Yehowa no fata ɛho mmɔden biara a wobɔ.
[Ase hɔ nsɛm]
a Against the Heathen, Nhoma II, 5.
b Hwɛ “Hokwan a Ɛsen Biara a Abofra Wɔ” a ɛwɔ April 1, 1986 Ɔwɛn-Aban mu no mu, ne afei “Wubu Honam Fam Ahonyade Dɛn?” a ɛwɔ Your Youth—Getting the Best out of It nhoma a Ɔwɛn Aban Bible ne Nhomawa Asafo a ɛwɔ New York tintimii no mu.
c Amerika Aware ne Awaregyae Mmara no ka sɛ: “Ɔwofo a ɛnyɛ ɔno na abofra no wɔ ne nkyɛn wɔ nsrahwɛ hokwan, gye sɛ asennibea no hu wɔ bere a wɔatra ase adi asɛm no akyi sɛ nsrahwɛ a ɛte saa betumi de abofra no akwahosan ato asiane mu anaasɛ ɛbɛka ne nkate kɛse.”
So Wokae?
◻ Ɔkwan bɛn so na ɔwofo Kristoni a ɔno na ɔhwɛ abofra no betumi abɔ ne koma ho ban?
◻ Ɔkwan bɛn so na “nyansa ankasa” bɛboa ɔwofo a ogye di a nsrahwɛ hokwan nkutoo na ɔwɔ no?
◻ Awerɛhyem bɛn na wode ama wɔ Dwom 37:23, 24, na ɔkwan bɛn so na Yehowa ma bɔhyɛ yi bam?
[Mfonini wɔ kratafa 29]
Fa nsrahwɛ hokwan di dwuma fa nokware no hyɛ wo ba koma mu, nanso fa dwumadi afoforo a ɛho tew ka eyi ho