Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g93 1/8 kr. 13
  • Ɛnyɛ Wura Hunu Bi Kɛkɛ!

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɛnyɛ Wura Hunu Bi Kɛkɛ!
  • Nyan!—1993
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Fango—Ɔkwan Bɛn na Yɛfa So Nya?
    Nyan!—2003
  • Fango—Ɛyɛ Ɔdomfo Kumfo?
    Nyan!—2003
  • Abɛ Dua a Yenya Nneɛma Pii Fi Mu
    Nyan!—1999
  • Fango—Sɛnea Ɛka Wo
    Nyan!—2003
Nyan!—1993
g93 1/8 kr. 13

Ɛnyɛ Wura Hunu Bi Kɛkɛ!

WƆ FIDA, March 24, 1989 mu no, po so hyɛn Exxon Valdez a ɛso fam ngo pem ɔbo wɔ Prince William Sound wɔ Alaska. Eyi maa fam ngo lita ɔpepem 42 sɔn guu nsu no mu. Akwanhyia yi maa nea ɛhɔnom apopofo de bɛhwɛ wɔn ho ho baa asɛm, ɛsɛe ɛpo no ano kilomita ɔhaha pii, na ekunkum nnomaa ne po mu mmoa mpempem pii.

Akwanhyia a Exxon Valdez nyaa yi kɔ so kanyan nnipa a wodwen nneɛma a atwa yɛn ho ahyia no ho nkate. Nanso, “ngo a ɛsɔn” gu a ɛsɛe ade kɛse kɔ so gu da biara. Na ebia eyi rekɔ so wɔ beae a w’ankasa wote!

Sɛnea Consumer Reports kyerɛ no, nnipa a wɔn ankasa sesa wɔn kar engine mu ngo no tow ngo a ayɛ fĩ bɛyɛ lita ɔpepem 750 kosi ɔpepepem 1.5 gu afe biara. Amanneɛbɔ kyerɛ sɛ, “saa ngo yi mu ɔha biara mu nkyem 10 kosi 14 pɛ na wɔfa ɔkwan pa su tow gu.” Wɔsan de saa nkyekyem ketewaa yi yɛ nneɛma afoforo, efisɛ wobetumi anya nneɛma afoforo a mfaso wɔ so afi mu. Nanso, wɔyɛ nkae no dɛn? Ɛda adi sɛ kar wuranom tow gu ara kwa sɛ wura hunu bi.

Afe biara wɔtow fam ngo a asɛe lita ɔpepem pii gu asase mu, asuten mu, anaa nsuka ahorow mu. Anyɛ yiye koraa no ebegye Exxon Valdez 25 mu ngo a ɛsɔn gu na wɔanya fam ngo dodow a ɛte saa! Nanso ngo a wɔde adi dwuma, ne kar mu ngo ahorow te sɛ nea wɔfrɛ no brake fluid, ne ade no nyɛ wura hunu bi kɛkɛ. Enye koraa.

Consumer Reports ka sɛ sɛ ngo yi “kɔ nsu a wɔnom mu a ebetumi de asiane a anibere wom aba: Ngo galɔn biako a wɔde adi dwuma betumi asɛe nsu pa galɔn ɔpepem pii na tumpan fã betumi akata nsu hama biako ani.”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena