Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g93 2/8 kr. 31
  • So Woyɛ Ɔwofo A Wokyerɛ Wo Mma Ho Anigye?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Woyɛ Ɔwofo A Wokyerɛ Wo Mma Ho Anigye?
  • Nyan!—1993
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Awofo—Montete Mo Mma Wɔ Ɔdɔ Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
  • Wubu Wo Mma Dɛn?
    Nyan!—1980
  • Awofo—Mommoa Mo Mma Ma Wɔnnɔ Yehowa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2022
  • Awofo a Wonni Ahokafo, Nsɛnnennen Pii
    Nyan!—2002
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1993
g93 2/8 kr. 31

So Woyɛ Ɔwofo A Wokyerɛ Wo Mma Ho Anigye?

SO WODƆ wo mma? Wutumi de wɔn hoahoa wo ho? Wote nka sɛ wɔn mu biara yɛ ankoroankoro titiriw, a ɔda nsow, na obiara ntumi nsi n’ananmu? Awofo pii te nka saa. Nanso so woka kyerɛ wo mma sɛ wote nka saa? So wokamfo wɔn pɔtee bere a wɔayɛ adepa no? Na so wokyerɛ wɔn ho anigye wɔ akwan afoforo so​—denam agodi a ɛyɛ bɔkɔɔ, wɔn mu a woso de awerehyɛm ma wɔn, bam a wofi ɔdɔ mu bɛbam wɔn so?

Ebinom bɛka sɛ, “Nanso ɛnyɛ me su nen. Menna me nkate adi kɛse saa.” Nokwarem no, ɛnyɛ obiara na ofi awosu mu da ne nkate adi. Nanso, ebia ɔdɔ a wobɛkyerɛ ama wo mma no ho hia sen sɛnea woasusuw ho pɛn.

Nyansahufo kuw bi toaa mmotafuwa 400 ho nhwehwɛmu bi a wofii ase 1951 mu so. Nneɛma atitiriw bi daa adi wɔ mmarima ne mmea 94 a wɔn nsa kaa wɔn no mu. Sɛnea New York Times kyerɛ no, ɛte sɛ nea mmofra a na wɔwɔ awofo a wɔkyerɛ wɔn ho anigye na wɔwɔ ɔdɔ no asetra yɛ anigye bere a wonyinyin no. Ná wɔwɔ aware a ɛyɛ anigye, wɔatete mmofra, wɔn ani gye wɔn adwuma ho, na wɔyɛ nnamfo pa. Ɔbenfo Carol Franz, a odii nhwehwɛmu no anim no bɔɔ amanneɛ kyerɛɛ atesɛm krataa no sɛ wɔn “daa adwene ne nneyɛe a emu tew, anigye ne abotɔyam a wɔwɔ wɔ wɔn ho mu ne wɔn asetram adi.”

Nea ɛne no bɔ abira no, Franz hui sɛ “wɔn a wɔwɔ awofo a wɔankyerɛ wɔn ho anigye na wɔpow wɔn no hyiaa tebea a ɛyɛ den sen biara wɔ akyiri yi asetra mu​—wɔ adwumayɛ mu, wɔ nsakrae ahorow wɔ abusuabɔ mu, ne wɔ adwene ne nneyɛe mu ahotɔ mu.” Nokwarem no, nhwehwɛmu no kyerɛe sɛ anigye a awofo nkyerɛ betumi apira mmofra wɔ akyiri yi asetra mu sen sɛnea awofo awaregyae, sadweamyɛ, ne ohia betumi ayɛ.

Ɛnsɛ sɛ eyi yɛ Bible asuafo anokwafo nwonwa. Wonim sɛnea Yesu ne mmofra dii no yiye. Ná wɔsom bo ma no, ɔde wɔn bataa ne ho, na ɔdaa ɔdɔ a ɔwɔ ma wɔn no adi. (Marko 10:13-16; Luka 9:46-48; 18:15-17) Nokwarem no, ná ɔresuasua ne soro Agya no ara kwa wɔ eyi mu​—Onii a ɔyɛ nyisaa Agya no. (Dwom 68:5) Yehowa ne Ɔwofo a ɔyɛ pɛ no; anigyesɛm ma wɔn a wɔdɔ no ne sɛ, obetumi ama wɔn nsa aka nea awofo a wɔtɔ sin amfa amma wɔn biara.​—2 Korintofo 6:18.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena