Daakye A Ɛyɛ Anigye Ma Mmofra
WƆ WIASE Akannifo Mmofra ho Nhyiam no ase no, wiase akannifo pii de ahotoso kaa daakye ho asɛm. Wɔka siei sɛ “mmere foforo bi” reba ama mmofra, “ahofama foforo ma mmofra ahiade ahorow bi.” Wɔkaa “‘biakoyɛ foforo’ a ɛde ahoɔden bɛma ‘wiase kuw bi a wɔayɛ biako na wɔasi wɔn bo’” sɛ wɔbɛboa mmofra ho asɛm.
Ɛno yɛ nsɛm a eye. Nanso faako a amanaman no bɛyɛ ade akodu na ama wɔatumi adu wɔn botae ahorow no ho no de, akyiri yi na yebehu. Ehia sɛ yɛhyɛ no nsow sɛ amampanyin nhyiam no akyi asram anum no, amanaman no koo ɔko bi a ɛyɛ nea wɔsɛee sika wom sen biara no biako—dɔla ɔpepepem 61—ne nea ɛsɛee nneɛma a atwa yɛn ho ahyia no sen biara wɔ Persian Gulf no mu. Ɔko no akyi no, na nnipa mpehaha pii a wɔwɔ Iraq ne Kuwait ahwere wɔn trabea. Nnipa mpempem pii wuwui—eduu mmere bi no nnipa ɔhaha pii da biara—esiane ɔkɔm, ahobammɔ a wonni, aduan pa a wonnya nni, ne nyarewa nti. Ná bɛyɛ nnipa 10 biara mu 8 yɛ mmea ne mmofra.
Wɔhyɛɛ Ɔhaw Ahorow ho Nkɔm
Onyankopɔn Asɛm asuafo nim sɛ wɔkaa ɔhaw a ɛba mmofra a wɔwɔ wiase so no ho asɛm siei wɔ nea ɛreyɛ adu mfe mpem abien ni. Bible hyɛɛ “nna a edi akyiri” yi ho nkɔm sɛ:
◻ “Na. . . ɔyaredɔm bɛba.”—Luka 21:11.
◻ ‘Na ɔkɔm bɛba.’—Mateo 24:7.
◻ ‘Nnipa bɛsɛe asase no.’—Adiyisɛm 11:18.
◻ “Na ɔman bɛsɔre ɔman so, na ahenni asɔre ahenni so.”—Marko 13:8.
◻ “Mmere a emu yɛ den bɛba. Efisɛ nnipa bɛyɛ ahopɛfo, . . . wɔn a wonni dɔ.”—2 Timoteo 3:1-3.
Bible no hyɛɛ nkɔm nso sɛ ɛrenkyɛ, amanaman no besusuw sɛ wɔredi nkonim wɔ adesamma haw ahorow ho dwuma a wodi no mu araa ma wɔbɛpae mu aka sɛ: “Yɛwɔ asomdwoe ne ahotɔ!”—1 Tesalonikafo 5:3.
Daakye a Ɛyɛ Anigye Bi
Nanso, saa mpaemuka no bekyerɛ sɛ bere aso sɛ Onyankopɔn de ne ho gye adesamma nsɛm mu. Onyankopɔn nam ne soro Ahenni no so beyi mprempren nneɛma nhyehyɛe yi afi hɔ na ɔde wiase foforo bi a nokware asomdwoe ne ahotɔ a enni awiei wom aba ama mmofra ne mpanyin nso.—Mmebusɛm 2:21, 22; Daniel 2:44; Mateo 6:10.
Wɔ Onyankopɔn Ahenni nhyehyɛe fɛfɛ no ase no, “ɔmanfo no mu bi nka sɛ: Magurow!” (Yesaia 33:24) Aduan pa a wonnya nni bɛyɛ ade a atwam: “Asase no so aburofuw bedu mmepɔw atifi.” (Dwom 72:16) Akodi mpo befi hɔ, efisɛ Bible no hyɛ bɔ sɛ: “[Yehowa ma] akodi gyae kosi asase ano.”—Dwom 46:9.
Nanso mmofra—ne afoforo—a aduan pa a wonnya nni, nyarewa, anaa nneɛma afoforo akunkum wɔn no nso ɛ? Onyankopɔn Asɛm a efi honhom mu no se: “Owusɔre a wɔn a wɔteɛ ne wɔn a wɔnteɛ bɛsɔre no bɛba.”—Asomafo no Nnwuma 24:15.
Bere a Yesu wɔ asase so no, ɔkyerɛe sɛ mmofra ka wɔn a wobenyan wɔn aba nkwa mu wɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu no ho. Sɛ nhwɛso no, bere a abeawa bi a wadi bɛyɛ mfe 12 wui no, “na wɔn nyinaa resu, na wɔredi no nkɔmmɔ.” Nanso Yesu soo abofra no nsa na ɔkae sɛ: “Abofra nyan!” Abakɔsɛm mu kyerɛwtohɔ no se: “Ɔsɔree ntɛmntɛm; na ɔhyɛe sɛ wɔmma no biribi nni.” Dɛn na n’awofo yɛe? Bible no bɔ amanneɛ sɛ: “Wɔn ho dwiriw wɔn kɛse.”—Luka 8:40-42, 49-56; Marko 5:42.
Bere foforo no, Yesu hyiaa ayiyɛfo bi a wɔso okunafo bi ba koro a wawu. Yesu ‘bae bɛkaa funu adaka no, na wɔn a wɔso no gyinae, na ɔkae sɛ: Aberante, mise wo sɛ: Sɔre! Na owufo no sɔre traa ase na ofii ase kasae, na Yesu de no maa ne na.’ Wɔn a wɔbɛn hɔ no ‘yii Nyankopɔn ayɛ.’—Luka 7:11-16.
Enti wɔ Onyankopɔn Ahenni trenee nniso tumidi ase no, mmofra, a wɔn ‘a wɔanyan wɔn ka ho, benya daakye a ɛyɛ anigye sen biara a ebetumi aba. Wobetumi anyin wɔ trenee ne asomdwoe wiase a ɛyɛ fɛ, ahobammɔ wom, na wodi yiye wom araa ma Yesu frɛ no ma ɛfata sɛ “Paradise” bi mu.—Luka 23:43.
[Mfonini wɔ kratafa 9]
Wɔ Nyankopɔn wiase foforo no mu no, mmofra benyin a wɔwɔ ahobammɔ, akwahosan pa, ne anigye