Sɛ Me So Tumi Tewee A, Obiara So Betumi Atew!
SO WUKYI nsenia a esi w’aguaree no? Na mikyi. Mekae sɛ afe a ɛtwaam no mede abufuw hwɛɛ nsenia no abaa sɛ ɛreforo akɔ soro bio—ɛkaa kakra ma adu kilogram 110. Misee me ho sɛ, ‘Me mu yɛ duru sen wiase nyinaa akuturukubɔfo a wɔn mu yɛ duru sen biara no mu okunini no, na me mu duru sen Amerikafo a wɔde bɔɔlbɔ ayɛ wɔn adwuma no mu bebree. Eyi yɛ aniberesɛm koraa sen fɛwdi ara kwa. Ɛreyɛ hu!’
Ebia wunim obi a ɔte sɛ me—ɔbarima office odwumayɛni a ɔwɔ ne mpanyin mfe so, a na n’ahokeka mu yɛ hyew wɔ ne mmerante bere mu a mprempren ɔntaa nteɛteɛ n’apow mu wɔ bere ano na ɔde bere pii kenkan atesɛm krataa. Me mogya dodow kɔɔ soro, na emu srade dodow kɔɔ soro “kakra” na me mu ayɛ duru aboro so kilogram 20 na meda so ara gye di sɛ ɔhaw no nyɛ na ɛyɛ hu.
Wiɛ, ɔhaw no yɛ hu. Komayare rekunkum nnipa a wɔte sɛ me da biara—wɔn mu bebree anya komayare. Na metumi abu akontaa akyerɛ asiane a obi mu duru a ɛboro so kilogram biako de ba, nanso ɔhaw no nyɛ akontaabu asɛm. Sɛ yɛbɛka no pen a ɔhaw no yɛ akunafo ne nyisaa. Ɔhaw no yɛ mmofra, te sɛ me mma mmea baanu no a wobenyin a wonni agya.
Agyanom, munsusuw ho.
Bere a meyɛɛ m’adwene sɛ mɛtew me mu duru so no, mekaee amanneɛbɔ a ɛkyɛn so a na ɛwɔ May 22, 1989, Awake! no mu asɛm a ese “Is Losing Weight a Losing Battle?”—titiriw no “Akwan Anan a Wɔbɛfa so Adi Nkonim” wɔ nipadua no kɛse yɛ a wɔko tia mu. Akwan anan a wɔhyɛɛ ho nyansa ne: (1) aduan a ɛfata, (2) a wodi no bere a ɛfata mu, (3) na wodi dodow a ɛfata, (4) a apɔw-mu-teɛteɛ a ɛfata ka ho.
Saa akwankyerɛ ahorow yi yɛɛ adwuma yiye! Menam di a midii so no so tew me mu duru so kilogram 30, na wo nso betumi atew wo mu duru so saa ara. Wɔ ne yɛ mu no, misuaa nneɛma kakraa bi a ebetumi aboa wo.
Obi mu Duru a Ɛso Bɛtew no Fi Ase Wɔ Ne Nsusuwii Mu
Yɛn a yɛn mu ayɛ duru mmoroso no mu bebree nyaa no nkakrankakra, kilogram kakra afe biara, ɛtaa fi ase yɛn mfe 30 mu. Efi bere kɔ bere mu no, yɛyɛ nsakrae wɔ yɛn adidi mu na yɛn mu duru so tew kilogram kakra, nanso ɛnkyɛ na yɛn mu san yɛ duru sen sɛnea na anka ɛte no. Bere a eyi too me no, ɛmaa minyaa abasamtu su bi—metee nka sɛ biribiara remmoa me, enti dɛn nti na ɛsɛ sɛ mehaw me ho?
Ɔkwan a wɔfa so di saa abasamtu su yi so ne sɛ wubefi w’adidi so a wotew no ase wɔ wo nsusuwii mu nsakrae a wobɛyɛ wɔ sɛnea wodwen aduan ho, na ɛnyɛ sɛ wo mu duru so bɛtew afi w’asen so ara kwa. Eyi yɛ begye nokwaredi a emu yɛ den, nanso sɛ woanyɛ no saa a, ebia nsakrae a wobɛyɛ wɔ w’adidi mu no adi nkogu afi mfiase pɛɛ.
Wɔ me fam no, nea midi ne nea menom a mehyɛɛ no nsow wɔ dapɛn biako mu no ma mihuu nneɛma bi. Ampa, na mentaa nnidi mmoro so wɔ adidi bere, nanso nnɔkɔnnɔkɔwadea na midi no anwummere no sɛee nkɔso biara a minya fii me ho so a midii wɔ ɛda no mu no. Bere a mibuu kyiss, nkate, nkate a wɔayam ne cookies a na midi wɔ m’anwummeduan akyi ho akontaa no, me ho dwiriw me. Nea enye koraa no, na srade ne asikre ahyɛ saa nnɔkɔnnɔkɔwade no ma. Wɔ me fam no, na adidi mu nsakrae biara remmoa me, gye sɛ migyae anwummere nnɔkɔnnɔkɔwade no di. So wo nso wowɔ ɔhaw koro yi ara mu?
Ade a edi hɔ a mede awerɛhow hyɛɛ no nsow ne sɛ, sɛ na me mu duru so bɛtew na aka hɔ a na ɛsɛ sɛ migyae nsanom koraa. Na ɛnyɛ sɛ nsa mu ahoɔden dɔɔso na etumi dan srade ntɛm so nko, na mmom na nsã kuruwa biako a mɛnom no anwummere no mma mintumi nni me ho so wɔ me tirim a na m’abɔ sɛ merenni nnɔkɔnnɔkɔwade bio no. Nsã kuruwa biako nyɛ nsã kuruwa ara kɛkɛ. Wɔ me fam no, sɛ mɛka a na ɛkyerɛ sɛ, medi cookies asia ne nkate ade ma aka ho! Mihui sɛ tii na na metumi de asi nnɔkɔnnɔkɔwade no ananmu ma afata. Na mprempren, bere a m’adu me botae ho awie mpo no, mennom nsã pii sɛ kan no.
Me ho mu a mede nokwaredi hwehwɛe sɛɛ yi ma mihuu sɛnea akwankyerɛ abien bi a ɛyɛ pintinn som bo wɔ bere a meyɛɛ m’adidi mu nsakrae ma me so tewee no mu.
1. Kwati nnɔkɔnnɔkɔwade a wodi no anwummere nyinaa.
2. Kwati asanom.
Nnuan a Ɛnsɛ sɛ Wudi!
Fransefo bu bɛ bi sɛ, En mangeant, l’appetit vient, a ɛkyerɛ sɛ dodow a wudidi no, dodow no ara na ɔkɔm de wo. Yɛn mu pii fam no, eyi yɛ nokware ankasa. Sɛ yɛtra ase sɛ yɛrebedi yɛn akɔnnɔduan bi a, ebia na ɔkɔm nne yɛn, nanso sɛ yefi ase redidi a biribi ka ne ho wɔ yɛn mu, na ɛma ɔkɔm de yɛn ntɛm ara. Enti yedidi ara kosi sɛ aduan no nyinaa bɛsa anaasɛ, yɛadi asan adi mpɛn anan awie no, afei yɛn yafunu a ɛrehu amane no ntumi bio. Dɛn na ɛbae?
Wɔ me fam no na paanoo ne me haw, titiriw no paanoo a wɔtõ no fie. Ná ɛsɛ sɛ meyere a ɔwɔ abodwokyɛre a ɔto paanoo a ɛyɛ dɛ no gyae tõ kosi mmere bi. Ɛwɔ faako a onipa betumi agyina sɔhwɛ ano akodu! Wɔ wo fam no ebia ɔhaw no bɛyɛ chocolate anaa biribi foforo. Asɛm no ara ne sɛ, hu wo tamfo no. Kyerɛw nnuan a sɛ wudi a ɛma ɔkɔm de wo no na kwati saa nnuan no. Nnuan afoforo pii a wubetumi apaw wɔ hɔ. Mihui sɛ nhaban ne nnuadewa yɛ dɛ na ɛmee me, nanso ɛmma me kɔn nnɔ sɛ medi pii.
Tebea ɛ Ɛyɛ Den ɛ Wubedi So Nkonim
Obi mu duru so a ɔtew na ɛsan ba bio no yɛ ntetekwaa agodi a nea ɛyɛ ara ne sɛ ɛbɛma nnipa a wose wɔboa afoforo ma wɔatew wɔn mu duru so, a wɔabu so wɔ Atɔe Fam aman a wɔanya nkɔanim so no nya wɔn ho ara kwa. Bere a me nso mayɛ obi a ɔtew ne mu duru so na ɛsan ba akyi no, misii me bo sɛ saa bere yi de ɛbɛyɛ soronko. Nanso ɔkwan bɛn so?
Mfɛre sɛ wobɛhwehwɛ mmoa. Wone wo duruyɛfo nkasa. Hwehwɛ nkurɔfo a wɔbɛkamfo wo na wɔayi wo ayɛ dapɛn biara, bere wo mu duru so tew no. Eyi betumi ayɛ adamfo bi a ɔno nso reyɛ n’adidi mu nsakrae, obusuani, anaasɛ nnipa a wɔwɔ beae a wɔboa nkurɔfo ma wɔtew wɔn mu duru so a agye din. Adwuma a mobɛbom ayɛ ne ahoɔden foforo bɛboa wo ma woadi tebea a ɛyɛ den no so—ma woatumi atra faako a wo mmɔdenbɔ wɔ wo mu duru a wopɛe sɛ wotew so tɔɔ nsu mu no ho. Saa bere yi wubenya atenka pa, na nkurɔfo befi ase ayi wo ayɛ wɔ sɛnea wohu wo no ho. Efi hɔ rekɔ no, adwenem tebea nyinaa bedi aboa sen sɛ ɛbɛko atia wo.
Ade foforo a ɛbɛma woatumi adi tebea a ɛyɛ den no so nkonim ne sɛ wobɛyɛ adidi mu nsakrae a ntease wom, a ɛremma wonte ɔkɔm ne adehwere nka. Mihui sɛ adidi ho afotu a eye sen biara a minyae no kyerɛkyerɛɛ asɛm a ɛwɔ May 22, 1989, Awake! no mu a ɛfa adwen a ɛfata ho no mu kɔɔ akyiri ara kwa. Nea na ɛka nnuan a na midi a ɛbɛ- ma me so atew ho ne nnuan a srade nnim pii anaasɛ ɔfam a srade kakraa na ɛwom ne akutu fã a na midi no anɔpa, na awia aduan yɛ nhaban ne ade a wɔde asra ho a srade nnim pii na anwummereduan yɛ nnuadewa ne nnam a srade nim pii, a paanoo anaa nnɔkɔnnɔkɔwade biara nka ho. Adidi mu nsakrae yi a na ɛma minya calories 1,200 kosi 1,500 da biara no mu yɛ katee de, nanso na ɛnyɛ nea ɛkyɛn so dodow. Mede aprɛ yi m’anom awia, na mmere horow a na mintumi mmu m’ani ngu ɔkɔm a mete nka so no, mede me kokoam akode a ɛko tia adidi ntraso di dwuma, ɛyɛ obi a mmara wɔ n’adidi ho kokoam asɛm a ɛyɛ nwonwa a ɛsɛ sɛ wo nso wuhu.
Kokoam Akode Ahorow
Dɛn ne saa kokoam ade no? Ɛyɛ ade bi a eye ma wo, ɛkame ayɛ sɛ ɛmee wo amonom, srade biara nnim, na ne bo nyɛ den! Nsu. Nea nsu nkuruwa asia kosi awotwe a wobɛnom no da biara bɛyɛ de aboa wo ma woatumi adi nkonim wɔ w’adidi mu nsakrae mu no yɛ nwonwa. Sɛ wo nipadua no nya sua hu sɛ nsu kuruwa biako ne nea woabɔ wo tirim sɛ wode bedi wo yafunu mu ɔkɔm nka a wote ho dwuma a, efi ase gyae. Nsu ne ade a ɛsen biara a ɛboaa me ma midii anwummere nnɔkɔnnɔkɔwade di a na ayɛ m’asetram adeyɛ no so nkonim.
Apɔw mu a wɔteɛteɛ no bere nyinaa yɛ kokoam akode foforo a ɛboa ma nipadua mu duru a wɔtew so no tra hɔ kyɛ. Ɛyɛ ampa sɛ obiara ate sɛ apɔw-mu-teɛteɛ boa ma nipadua mu duru so tew, enti dɛn ne ahintasɛm a ɛwom no? Wɔ asɛm yi mu no, ahintasɛm no ne anigye kɛse a yenya wɔ yɛn adwenem esiane sɛ yɛte nka sɛ yɛn ho ye na yɛn ho ayɛ fɛ nti. Saa akatua no di adehwere nka a wɔte esiane nnuan bi a wonni nti no so koraa. Ɛboa wo ma wo toa so, na ɛmma w’ani mmere, sɛ ɛba sɛ afoforo a wɔne wo te redi chocolate na wodi kwadu a ayɛ nwini mpo a.
Adidi mu nsakrae ne apɔw-mu-teɛteɛ tumi bom yɛ adwuma yiye. Wo mu duru a ɛso bɛtew no nkyerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ woyɛ sɛ ɔyarefo. W’apɔw mu a wobɛteɛteɛ no daa no bɛma w’anim atew sɛ obi a ɔte apɔw na ama wo mpɔw mu ayɛ den. Nokwarem no, me mpɔw mu a ɛkɔɔ so yɛɛ den no ma afoforo susuwii sɛ na me so retew ntɛmntɛm sen sɛnea na ɛte ankasa! Mihui sɛ na mihia agodi a na metumi ne afoforo abom adi te sɛ tennis ne apɔw-mu-teɛteɛ a me nkutoo metumi ayɛ no bere biara te sɛ nneɛma a wɔmema so de teɛteɛ apɔw mu. Sɛnea apɔw-mu-teɛteɛ ma ɛyɛɛ sɛ m’adidi mu nsakrae no reyɛ adwuma yiye no, saa ara na adidi mu nsakrae no ma apɔw-mu-teɛteɛ yɛɛ adwuma yiye denam ntini horow a na sradewere akata so bɛyɛ mfe du ni a eyii no adi no so. Bere a me mu duru so tew fii kilogram 110 kosi 80 no, mifii ase hwɛɛ kwan sɛ menya mpɔtam hɔ mmofra a wonnii mfe aduonu a wɔwɔ ahoɔden no bi ne wɔn ateɛteɛ yɛn apɔw mu ahwɛ sɛ wobetumi ne me ayɛ a!
Sɛ wo mu ayɛ duru aboro so bere tenten sɛ me a, ɛnde na wo ho a ɛyɛ wo duru ne ɔbrɛ nka a wote no anɔpa biara bere a wosɔre, twe a wotwe wo ho ase da mũ nyinaa, ne agua mu a wotra tɔ nko anadwo no akokwaw wo. Sɛ wo mu duru boro so ti kilogram 20 kosi 30 a ɛte sɛ nea woso adesoa a emu yɛ duru wɔ asetra mu! Ná menkae sɛnea sɔre a wɔsɔre fi mpa mu ahoɔhare so anɔpa a wɔwɔ ahoɔden a wɔde bedi dwuma da mu no nyinaa te ankasa. Mprempren minim.
Ɔko a Enni Awiei
Wo mu duru ho botae ho a wudu no te sɛ nea wodi nkonim wɔ ɔko bia wɔde bere tenten ako mu. Nanso bere a na ɔko a edi kan no aba awiei no, na afei koraa na akodi no ankasa afi ase. Ɛsɛ sɛ yɛn mu binom a yɛwɔ yɛn mpanyin mfe so na yɛtra faako yɛ adwuma no hwɛ nea yedi no yiye, sɛ yɛbɛkwati kɛseyɛ a yɛyeree yɛn ho tew so no a. Asɛm no ne sɛ wobɛfa wo ho a wotwe fi nnuan bi ho no sɛ ɛyɛ wo nkwa nna nyinaa adwuma bi. Sɛ wobɛyɛ nsakrae wɔ mu a na ɛyɛ wo mu duru a wopɛ sɛ enya nkɔanim na mmom ɛnyɛ ɛso a wopɛ sɛ ɛtew, nanso ɔko no mma awiei ankasa. Sɛ wosan fi w’adidi su dedaw no ase a, wo mu duru a ɛboroo so no bɛsan aba.
Wudu wo mu duru a wohwehwɛ ho botae no ho a, dɛn nti na womfa ntade foforo a wobɛtɔ ahyɛ so nnye w’ani? Afei susuw ntade dedaw no a wubeyi afi wo ho ho. Kora a wobɛkɔso akora ntade akɛse dedaw no so, na ɛba sɛ wosan yɛ kɛse a woahyɛ no te sɛ nea woreyɛ wo nkogudi ho nhyehyɛe. Hyɛ ntade a ɛnyɛ akɛse pii, na sɛ kɛseyɛ a wompɛ no fi ase ba a atwe w’adwen akɔ so. Bere a nnuan a wubedi na ama woakɔ so akura wo mu duru mu no gu ahorow pii sen nea wudi de tew wo mu duru so no, hwɛ yiye sɛ wobɛyɛ nsakrae ma wo nnuan a wudi ayɛ nea srade ne asikre nnim kɛse, wo nkwa nna nyinaa mu. Nnyae wo daa apɔw mu ateɛ-teɛ no nso. Ɛno na ɛbɛma wanya atenka pa.—Wɔkyerɛw mae.