Ayaresa Ma Adwene Ne Nipadua
NHWEHWƐMU kyerɛ sɛ ɔserew a ɛkyɛ boa ma adwene ne nipadua nya ahomegye ne akwahosan. Your Better Health nsɛmma nhoma no ka sɛ “ɛnyɛ sɛ ɛma basaayɛ gyae nko, na mmom ebetumi ama hokwan a ɛwɔ hɔ sɛ wo ho bɛtɔ wo bere a ɔyare a emu yɛ den abɔ wo no ayɛ kɛse.” Ɛte sɛ “apɔw-mu-teɛteɛ ma nipadua no mu nkwaa.” Nhwehwɛmu ahorow da no adi sɛ ɔserew a ɛkyɛ betumi abrɛ ɛyaw ase, na afei ayɛ apɔw-mu-teɛteɛ ama koma no. Mogya sen fa nipadua no mu yiye, ɛnam hatahata a ɛda koma ne yafunu ntam no yɛ adwuma, na mogya no mu mframa pa kɔ soro. Koko, anim, eti ne aniwa mu ntini a ɛma nusu ba nso yɛ adwuma.
Journal of the American Medical Association kaa nhwehwɛmu bi a “ɛkyerɛ sɛ ɔserew a wɔde sa yare betumi ama nnipa a wɔwɔ nyarewa a enni sabea no asetra ayɛ papa asen kan no, na ɔserew tumi ma sɛnea ɔyare ho sɛnkyerɛnne nya ayarefo yi so tumi no gyae” ho asɛm. Nea efi adwene fam ayaresa yi mu bae no maa British Columbia Cancer Agency no de “ɔserew dan” kaa wɔn nhomakorabea ho.
Nanso, asetram biribiara a yɛde bɛyɛ aseresɛm no remma yɛn akwahosan pa. Mmom no, ehia sɛ yɛkari pɛ. Bible no ka sɛ ɔserew wɔ ne bere na kommyɛ wɔ ne bere. Ɔserew a nyansa nnim betumi ahyɛ afoforo abufuw, na wɔde toto dede a nsɔe a eturuturuw ɔsɛn ase yɛ ho, efisɛ ɛso nni mfaso na ɛmma denhyɛ biara.—Ɔsɛnkafo 3:4, 7; 7:6.