Ɔserew Anim Ahorow Ahorow No
Spania Espasa-Calpe encyclopedia no kyerɛkyerɛ ɔserew ahorow a ɛwɔ hɔ mu: “Wɔ ɔdesani koma no ho nimdeɛ ketewaa bi a obi wɔ no nyinaa akyi no, obi betumi ahu nsonsonee a ɛda ɔserew a bɔne bi nnim no ne nea bɔne wom no mu; nea ne de mu da hɔ pefee ne nea adwemmɔne wɔ akyi no mu; ɛna serew a emu dwo ne adamfo de mu; onipa a ɔwɔ tumi no serew ne nea ɔmpɛ ne ho asɛm na odwo no de; nea ɛda fɛwdifo serew ne nea ohu mmɔbɔ no de ntam; ɔserew a efi ɔhyɛ mu ne nea ɛyɛ nokware a nhyɛso biara nnim no ntam.”—Enciclopedia Universal llustrada p. 803. Vol. 51.