Awaregyae—Nkɛntɛnso a Atɔe Famfo Anya wɔ Apuei Famfo So
Efi Japan Nyan! kyerɛwfo hɔ
“MA ME nso minnyae m‘adwuma.” Asɛm yi maa Japan aguadi adwuma kɛse bi panyin a ɔregyae adwuma ho dwiriw no. Ná ne yere pɛ sɛ ogyae no aware. Awaregyae renya nkɔso wɔ wɔn man mu, na nea ɛyɛ nwonwa ne sɛ wɔn a wɔadi mfe aduanan kosi aduosia ne akyi no na wɔtaa yɛ saa. Wɔn a wɔadi mfe 50 kosi 60 a wogyae aware no dodow abu abɔ ho mpɛn abiɛsa wɔ mfe 20 mu. Ɛte sɛ nea aware a wogyae no abɛyɛ hokwan a etwa to a wɔbɛfa so anya asetra a anigye kɛse wom.
Awarefo nkumaa a wɔn ho fono wɔn ho wɔ wɔn ayeforohyia akyi ahomegye mu no nso si gyinae sɛ wɔbɛyɛ Narita rikon (Narita awaregyae) . Narita ne Tokyo amanaman ntam wimhyɛn gyinabea, na asɛm no kyerɛ wɔn a wɔaware foforo a wogu wɔn aware bere a wobedu Narita no. Nokwarem no, awarefo 4 anaa 5 biara mu 1 pɛ sɛ ogyae aware wɔ Japan. Wobu awaregyae sɛ ɔkwan a wɔnam so nya asetra a anigye kɛse wom.
Wɔ Hong Kong a wɔda so ara kura Chinafo gyinapɛn ahorow mu denneennen mpo no, awaregyae dodow buu bɔɔ ho bɛboro mpɛn abien wɔ mfe asia mu fi 1981 kosi 1987. Wɔ Singapore no, Nkramofo ne wɔn a wɔnyɛ Nkramofo a wogyaee aware no dodow nyaa nkɔanim bɛyɛ ɔha biara mu nkyem 70 fi 1980 kosi 1988.
Nokwarem no, wɔakɔ so aka mmea nsusuwii ahyɛ wɔ Apuei Fam bere tenten. Sɛ nhwɛso no. wɔ tete Japan no, na okunu betumi akyerɛw “nsɛm nsensanee abiɛsa ne fã” de agyae ne yere aware. Nea na ɛsɛ sɛ ɔyɛ ara ne sɛ ɔbɛkyerɛw asɛm bi a ɛyɛ nsensanee abiɛsa ne fa na ɔde krataa no ama ne yere de asi awaregyae no so dua. Nea ɛne eyi bɔ abira no, ɛnyɛ mmerɛw mma ne yere sɛ obegyae aware gye sɛ oguan kɔ asɔredan bia ɛhɔ yɛ guankɔbea ma mmea a woguan fi wɔn kununom asisifo nkyɛn no mu. Esiane sɛ na ɔyerenom nni hwee a wɔde bɛhwɛ wɔn ho nti, na ɛsɛ sɛ wɔtra aware a ɔdɔ nnim ne wɔn kununom mpenatwe mpo no ho.
Ɛnnɛ, ɛkame ayɛ sɛ okununom pii a wɔde wɔn homa wɔn nnwuma koraa no pow wɔn mmusua.’ Okunu no nhu mfomso biara wɔ ne ho a ɔde ma n’adwuma koraa no mu. ɛsiane sɛ ɔde ne ho ma n’adwuma saa nti. obu n’ani gu hia a ɛho hia sɛ ɔne ne yere di nkitaho no so, na obu no sɛ afenaa bi a ontua ne ka a ɔnoa aduan, osiesie fie na ɔhoro ne nneɛma ma no.
Nanso, Atɔe Fam nsusuwii horow a ɛreba hɔnom no resakra sɛnea Apuei Fam mmea bu aware ne aware asetra. Asia Magazine se: “Mmea ‘ahofadi’ ne ade titiriw biako a ɛrema awaregyae adɔɔso wɔ Asia no pefee.” Anthony Yeo, Singapore Counselling and Care panyin kae sɛ: “Mmea reka hokwan ahorow a wɔwɔ ho asɛm kɛse, na wɔn ani ku wɔn nidi ho kɛse. Wɔmpɛ sɛ wɔbɛka wɔn ano atom na wɔagyina tebea bɔne ano komm bio. Nnɛyi mmea wɔ nneɛma pii a wobetumi apaw, na wonni ani a wobu gu wɔn so ne ayayade ho koma kɛse. Awaregyae ne ade biako ankasa a wɔn a wontumi nnya aware mu anigye betumi apaw, titiriw bere a aniwu a ɛyɛ sɛ wobegyae aware no so atew na ɛnte sɛ nea na ɛte wɔ mfe 25 a atwam no mu no.”
Nsakrae kɛse aba Atɔe Fam aman mu nso wɔ mfe aduonu anum a atwam no mu. Samuel H. Preston kaa nsakrae no ho asɛm sɛ “ade a asɛe Amerikafo mmusua kɛse wɔ mfe 20 a atwam no mu.” Wɔ 1985 no. na ɛkame ayɛ sɛ afie a mmofra a wonnii mfe 18 wom nyinaa no mu anan biara mu biako yɛ awofo a wonni ahokafo afie, esiane awaregyae titiriw nti. Wɔaka asie sɛ mmofra a wɔwoo wɔn wɔ 1984 mu ɔha biara mu nkyem 60 bɛtra awofo a wonni ahokafo afie mu ansa na wɔadi mfe 18.
Esiane sɛ aware nhyehyɛe no mu reyɛ mmerɛw nti, so awaregyae ankasa na ɛma wonya asetra a anigye kɛse wom? Sɛ yebebua a, ma yenni kan nhwehwɛ nea ɛma nkurɔfo bu awaregyae sɛ wɔn abusua mu nsɛnnennen ano aduru no mu.
[Adaka wɔ kratafa 4]
Aba a “Asetra a ɛte sɛ Nea Wɔagyae Aware” Asow
NEA ɛde awaregyae ankasa dodow bi ba ne “tra a wɔtra ase te sɛ” awaregyaefo no. Wɔ Japan a mmea pii kununom da so ara hwɛ wɔn wɔ honam fam na wɔma wɔbrɛ wɔn ho ase ma atetesɛm a ɛne sɛ ɛsɛ sɛ mmarima di wɔn so no. awarefo betumi de amemenemfe atra ofie biako mu “te sɛ nea wɔagyae aware.” Wɔ saa tebea no mu no, ɔyerenom taa de wɔn ahoɔden nyinaa tete wɔn mma. Ɛnanom yi taa bɔ wɔn mma ho ban tra so. na wɔma ɛyɛ den ma mmofra no sɛ akyiri yi wɔn nkutoo bɛtew wɔn ho atra.
Esiane eyi nti. sɛ mmarimaa a mmea atetew wɔn yi nyin na wɔware a, wonya su a ɛne sɛ “nso me mu.” Saafo yi mfi ɔdɔ mu nso wɔn yerenom mu koraa, bere a wɔaware akyi mfe pii mpo no. Wohyia ɔhaw a wɔato din sɛ “medɔ Mama,” na wɔtaa ware esiane sɛ wɔn maamenom kae sɛ wɔnyɛ saa nti. Sɛnea Asahi Evening News ka no, Ɔbenfo Yasushi Narabayashi. a aware ho afotu titiriw na ɔde ma no ka sɛ ɔhaw no reyɛ kɛse mfe du ni, na mmarima mpem du du pii wɔ hɔ a wosuro sɛ wɔbɛhwehwɛ afotu esiane aniwu nti.