Aware—Nea Enti a Pii Gyae
BERE a Asia Magazine retwe adwene asi awaregyae wɔ Hong Kong a Apuei ne Atɔe Famfo amammerɛ adi afra so no, ɛkae sɛ: “Nneɛma a ɛtaa de ɔhaw ba Chinafo ne Atɔe Fam awarefo aware mu ne nkitaho a wonni, wɔn hokafo akyi a wofi, nna mu nsɛnnennen, ne fata a wɔmfata wɔn ho.” Tebea no te saa ara wɔ wiase no mmeae afoforo.
Mmarima ne mmea a wɔn adwuma ho hia wɔn sen biribiara no de wɔn adwuma sesa wɔn mmusua ntɛm so. Enti, eyi mma abusua no nni nkitaho. Bere a okunu no afi adwuma aba a wabrɛ no, ɔde ne bere kenkan atesɛm krataa. Ná Junichi ne ne yere hwɛ adidibea abiɛsa so, na wɔn mu biara yɛ adwuma fi anɔpa nnɔnwɔtwe kosi anadwo wɔ baabi foforo. Junichi gye tom sɛ: “Ɛkame ayɛ sɛ na nkitahodi biara nni yɛn ntam sɛ okunu ne ɔyere.” Nkitaho a na wonni yi de aware mu nsɛnnennen a anibere wom bae.
Ade foforo a ɛma aware sɛe ne adwene a nkurɔfo kura wɔ aware akyi mpenatwe ho. Mprempren aware mu ahokafo a wofi wɔn akyi no abu so araa ma mmarima a wobisaa wɔn nsɛm wɔ nhwehwɛmu bi mu wɔ Japan no mu ɔha biara mu 20 ne mmea a wobisaa wɔn nsɛm no mu ɔha biara mu 8 gye toom sɛ wɔne obi a ɔnyɛ wɔn hokafo ada pɛn wɔ ɔyere biako aware no mu wɔ afe a etwaam no mu. Nea abu so ne Japanni bea odwumayɛni a ofi ne kunu akyi ne mmarima afoforo da no. Okyinkyin mmarima so a n’adwene ne sɛ, “Sɛ me kunu hu a, megyae no aware kɛkɛ.” Nnɛɛmmafo bu wɔn ani gu eyinom so.
Nnɛɛmmafo yi ara ma ‘me na ɛsɛ sɛ midi kan’ su nya nkɔso, ma enti ɛma okunu ne ɔyerebɛyɛ ahopɛfo, a ɛno nso mma wɔmfata wɔn ho, na ayɛ ade foforo a egu aware. Kiyoko se: “Na yɛn sɛ awarefo no betumi agyae aware wɔ bere biara mu. Yɛwaree ara pɛ na me kunu ka kyerɛɛ me sɛ menyɛ nea ɔbɛka akyerɛ me biara. Bere a na nneɛma kɔ yiye ma no no, na eye, nanso bere a nneɛma mu yɛɛ den no, wannye ne mfomso antom na ɔde biribiara ho asodi too afoforo so. Na me nso midi fɔ, efisɛ na metew atua. Na ɛyɛ den yiye ma me sɛ metie me kunu bere a ɔyɛ nea ɛmfata no.”
Nneɛma afoforo a ɛma wogyae aware ne basabasayɛ ne asabow, sika fam ahokyere, awarefo ne nsenom ntam nsɛnnennen, ne adwenemhaw.
Dɛn Nti na Wogyae Aware?
Ɛmfa ho sɛ nneɛma a ɛma wogyae aware no gu ahorow no, biribi titiriw na ama ɛredɔɔso wɔ wiase nyinaa no. Ɛwom sɛ Apuei Famfo bɔ Atɔe Famfo sobo sɛ wɔn nkɛntɛnso na ɛde ɔhaw a wohyia no mu pii aba de, nanso nnansa yi ara na wɔpene awaregyae so wɔ Atɔe Fam. Nokwarem no, awaregyae bu bɔɔ ho mpɛn abiɛsa wɔ United States ne mpɛn anan wɔ Britain wɔ mfe du du kakra a atwam no mu. Ɛwom sɛ Andrew J. Cherlin a ɔwɔ The Urban Institute (nhwehwɛmu ahyehyɛde a ɛhwehwɛ asetra ne sika fam ɔhaw ahorow mu wɔ United States) no gye tom sɛ wɔnte nea ama awaregyae redɔɔso no ase yiye de, nanso ɔka sɛ “ahofadi a mmea anya wɔ sikasɛm mu a ɛrenya nkɔanim” ne “adesamma nyinaa su a asakra no” ka nneɛma a ama aba saa no ho.
Wɔ mmea a wɔwɔ United States ne aman afoforo a wɔanya mfiridwuma mu nkɔanim fam no, sɛ wɔbɛware na wɔafi fie akɔyɛ adwuma no nyɛ wɔn nwonwa bio. Nanso, fie nnwuma a okunu yɛ no ntaa nnɔɔso. Ɛnyɛ nwonwa sɛ mmea binom nwiinwii sɛ: “Nea ɔbea dwumayeni biara hia kɛse ne obi a ɔbɛyɛ ɔyere adwuma!”
Ɛwom sɛ mmea yɛ adwuma dennen de horo nneɛma, siesie fie, noa nnuan, na wɔhwɛ mmofra wɔ United States de, nanso nhoma The Changing American Family and Public Policy ka sɛ “mmarima pii sɛe bere de ‘nantenantew kwa.’” Onipa asetra ho animdefo ka sɛ eyi kɔ so wɔ wiase nyinaa. Wɔ Japan no, mmarima taa pue kogye wɔn ani bere a wɔapɔn adwuma akyi. Wɔkyerɛ sɛ ɛho hia na ama wɔne afoforo anya abusuabɔ pa wɔ adwumam, nanso wobu wɔn ani gu abusuabɔ pa a ɛsɛ sɛ wonya wɔ tie so. Mmarima susuw sɛ esiane sɛ wɔn na wɔbɔ akɔnhama nti, ɛnsɛ sɛ mmea ne mmofra nwiinwii. Nanso, bere a mmea pii yɛ adwuma no, ada adi sɛ saa nsusuwii no yɛ anoyi kɛkɛ.
Ade titiriw foforo a ɛka ho bi na aware gu ne “adesamma nyinaa su a asakra no,” anaa sɛnea The Journal Marriage and the Family ka no, “ade pa a aware a ɛtra hɔ daa yɛ a akɔ fam no.” Tete aware ntam a ɛne sɛ “kosi sɛ owu bɛtetew yɛn ntam” no nkyerɛ saa mma 1990 mfe yi mu ayeforo ne ayeforokununom bio. Wɔkɔ so hwehwɛ ɔhokafo pa foforo. Na sɛ saa na wɔn a wɔaware foforo bu wɔn aware a, ɛbɛyɛ dɛn na emu ayɛ den?
Asetram nsakrae yi nyɛ Bible asuafo nwonwa koraa. Nhoma a efi honhom mu yi da no adi sɛ fi 1914 reba no yɛte “nna a edi akyiri” a ɛyɛ “mmere a emu yɛ den” mu. Nnipa yɛ “ahopɛfo, . . . bonniayɛfo, wɔn a biribiara ho ntew mma wɔn, wɔn a wonni dɔ, apamsɛefo.” (2 Timoteo 3:1-3) Enti awaregyae dan ɔkwan biako pɛ a nnipa a wɔdɔ wɔn ho kyɛn wɔn ahokafo, wonni wɔn aware mu ahokafo nokware, na wɔn adwene nhyia wɔ biribiara ho wɔ wɔn aware mu fa so di wɔn aware mu nsɛnnennen ho dwuma.
So Ɛma Wonya Asetra a Anigye Kɛse Wom?
Mpɛn pii no, awaregyae mma wonnya anigye.a” Bere a adwene mu akwahosan ho nhwehwɛmufo, Judith Wallerstein, de mfe 15 ayɛ awarefo 60 a wɔagyae aware ho nhwehwɛmu akyi no, ɔka sɛ: “Awaregyae yɛ nnaadaa. Ɛyɛ adeyɛ biako pɛ wɔ mmara mu, nanso adwenem no—ɛtɔ mmere bi a-ɛyɛ nsɛm a esisi toatoaso, tu a wotu kɔtra mmeae afoforo ne abusuabɔ a ɛsakra kɛse bere tenten bi.” Ne nhwehwɛmu no daa no adi sɛ mmea baanan biara mu biako ne mmarima baanum biara mu biako asetra nyɛɛ sɛnea ɛte kan no wɔ wɔn awaregyae no akyi mfe du.
Wɔn a wobetumi ahu amane titiriw ne mmofra a wɔn awofo gyae aware no. Wallerstein hu fii nhwehwɛmu koro no ara mu sɛ awaregyae nyaa mmofra no nyinaa so “tumi ne nkɛntɛnso a wɔanhwɛ kwan koraa.” Mmofra binom a wɔka sɛ wonni wɔn awofo awaregyae ho nkate a ɛnteɛ biara no betumi ahu mpofirim sɛ wɔanya saa nkate no akyiri yi wɔ wɔn asetram, bere a wɔhwehwɛ aware mu ɔhokafo no.
Eyi nkyerɛ sɛ wɔn a wogyae aware nyinaa rennya anigye da, efisɛ ebinom nya anigye. Eyinom fam no, nipasu dedaw no boa wɔn ma wotumi nya nipasu foforo. Sɛ nhwɛso no, bere a awaregyae no ho ahodwiriw ne awerɛhowdi ne sɛnea obi som bo ho adwenem naayɛ a ɛka ho no no twam no, ɔhokafo a ne ho nni asɛm no betumi ayɛ obi a ne ho yɛ den na odi mũ bere a wafi amanehunu no mu no.
Ɔyere bi a ne kunu gyaee no aware kɔfaa ɔbea foforo no kyerɛkyerɛ mu sɛ bere a ɛyawdi ne abufuw no ano fi ase brɛ ase no, “wote nka sɛ woayɛ soronko wɔ wo mu. Wo nkate ahorow asesa. Worentumi nyɛ sɛnea na wote kan no bio da.” Otu fo sɛ: “Gye bere fa hu wo ho bio. Wɔ aware mu no, awarefo taa ka wɔn apɛde ne akɔnnɔde hyɛ de gye onipa foforo no de tom, nanso ɛsɛ sɛ wugye bere de hwehwɛ nea wopɛ ne nea wompɛ afei wɔ awaregyae no akyi. Sɛ woka wo nkate horow hyɛ a, ɛremfi hɔ. Ɛbɛsan ada adi da bi, na ebehia sɛ wudi ho dwuma. Enti wubetumi agyina wo nkate horow ano na woadi ho dwuma.”
Esiane sɛ wɔrehu nsɛnnennen a awaregyae de ba yiye nti, ɛnyɛ ade a ani gye ho sɛ wɔbɛyɛ bio. Time nsɛmma nhoma bɔ amanneɛ sɛ afotufo kakra a wɔredɔɔso rehyɛ awarefo a wɔahaw nkuran mprempren sɛ: “Mommom ntra.” David Elkind a ɔwɔ Tufts Sukuupɔn mu kyerɛwee sɛ: “W’aware a ebegu no te sɛ nea wubu wo nan mu wɔ sukyerɛmma so mmirikatu mu: Wo nan a emu abu no bɛyɛ wo yaw ara ɛmfa ho sɛ nnipa afoforo pii nso anan mu abubu.”
Awaregyae nyɛ adeyɛ a ɛyɛ mmerɛw a wɔfa so fi aware mu nsɛnnennen mu. Ɛnde, ɔkwan pa bɛn na wobetumi afa so asiesie aware mu nsɛnnennen?
[Ase hɔ asɛm]
a Ebia mmara kwan so awaregyae anaa mmara kwan so ntetewmu betumi ama obi anya ahobammɔ bi wɔ ayayadeyɛ ntraso anaa pow a wɔhyɛ da pow sɛ wɔbɛhwɛ no no ho.
[Mfonini wɔ kratafa 7]
Nnɛyi awarefo ntumi ne wɔn ho wɔn ho nni nkitaho