Aware Asetra—Sɛnea Wɔma Ɛyɛ Anigye Kɛse
Dɛn na ebetumi ama aware ayɛ yiye?
Hena akwankyerɛ na ebetumi de anigye aba aware mu‘?
Wɔbɛyɛ dɛn atumi adi nkitahodi ho nsɛnnennen so?
ESIANE sɛ mmea ahofadi ho nhoma Yasuhiro ne n’adamfowa, Kayoko kenkan nyaa wɔn so nkɛntɛnso nti, wofii ase tra boom, a wɔn adwene ne sɛ wobetumi agu wɔn abusuabɔ no bere biara. Kayoko nyinsɛn akyi nkutoo ansa na wɔde wɔn aware no kɔhyɛɛ mmara ase. Nanso, Yasuhiro adwenem kɔɔ so yɛɛ no naa wɔ abusua nhyehyɛe no ho. Bere a wofii ase hyiaa sika fam ahokyere na wɔtee nka sɛ wɔmfata wɔn ho wɔn ho no, wogyaee aware.
Bere bi wɔ wɔn awaregyae no akyi no, Yasuhiro ne Kayoko nyinaa fii ase ne Yehowa Adansefo suaa Bible no a na wɔn mu biara nnim. Bere bi akyi no, wɔn mu biara huu eyi na wotumi huu nsakrae a ɔfoforo no ayɛ wɔ n’asetra mu denam Bible nnyinasosɛm a ɔde di dwuma no so. Wosii gyinae sɛ wɔbɛsan aware bio. Mprempren, esiane sɛ wokura Onyankopɔn adwene wɔ aware ho nti, wɔwɔ ɔpɛ sɛ wɔde nneɛma bɛbɔ afɔre de asiesie wɔn nsɛnnennen.
Dɛn na ɛmaa wɔn aware a ɛto so abien no yɛɛ yiye? Ɛyɛ obu a wɔwɔ ma aware Hyehyɛfo no. (Genesis 2:18-24) Akwankyerɛ a aware ho ɔfotufo a ne ho akokwaw sen biara, Yehowa Nyankopɔn, de ama no ne ade a ɛma wonya aware mu anigye.
Nea Ɛma Wonya Aware Mu Anigye
Wobetumi adi aware mu nsɛnnennen ho dwuma na aware ahorow angu bere a awarefo baanu no nyinaa de nea Yesu Kristo kae yi di dwuma no: “Dɔ [Yehowa] wo Nyankopɔn wo koma nyinaa mu ne wo kra nyinaa mu ne w’adwene nyinaa mu! Eyi ne mmara no mu kɛse ne nea edi kan. Nea etia abien te sɛ ɛno: Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho!” (Mateo 22:37-39) Nea ɛde aware mu anigye ba ni. Ɛsɛ sɛ okunu ne ɔyere no nyinaa dɔ Yehowa ansa na wɔn mu biara adɔ n’ankasa ho anaa wɔn ho wɔn ho. Wobetumi de abusuabɔ yi atoto hama a ɛbɔ ho abiɛsa ho. “Na sɛ obi tumi obiako a, wɔn baanu a wɔaka abom no betumi ne no adi asi. Na hama a ɛbɔ ho abiɛsa rentumi ntew ntɛm so.”—Ɔsɛnkafo 4:12, New World Translation.
Esiane sɛ nea Onyankopɔn dɔ kyerɛ ne sɛ wobedi n’ahyɛde so nti, ɛsɛ sɛ okunu ne ɔyere de ne mmara ne ne nnyinasosɛm ahorow a ɛfa nnipa su ho no di kan wɔ wɔn asetram. Ɛdenam saayɛ so no, na wɔreyɛ hama a ɛbɔ ho abiɛsa a nea ɛyɛ den sen biara wom ne ɔdɔ a wɔwɔ ma Yehowa. 1 Yohane 5:3 se: “Na n’ahyɛde no nyɛ den.”
Eyi ma wobu aware sɛ nhyehyɛe a ɛtra hɔ daa. (Malaki 2:16) Bere a awarefo bi ato saa fapem no wɔ wɔn aware mu no, ɛbɛka wɔn mawɔasiesie wɔn aware mu nsɛnnennen asen sɛ wobegyae aware de adi ho dwuma.
Wo Yɔnko a Ɔbɛn Wo Sen Biara a Wobɛdɔ No
Sɛ wo ne wo hokafo benya abusuabɔ a ɛtra hɔ daa a, ɛsɛ sɛ woma ɔdɔ a wowɔ ma no, wo yɔnko a ɔbɛn wo sen biara no nyin. Ɛnsɛ sɛ ɛyɛ pɛsɛmenkominya dɔ. Hyɛ sɛnea Bible no hyɛ nnyinasosɛm yi ho nkuran no nsow: ‘Munnya ɔdɔ koro, ɔkra koro, ne adwenkoro, monnyɛ biribi atutupɛ so anaasɛ anuonyamhunupɛ so, na mmom momfa ahobrɛase adwene mmu mo yɔnkonom nkyɛn mo ankasa mo ho. Mommma obiara nnhwɛ ne nko ade na mmom ɔnhwɛ ne mfɛfo de bi.’—Filipifo 2:2-4.
Nokwarem no, ɛyɛ den sɛ worenyɛ biribi atutupɛ so anaa anuonyamhunupɛ so wɔ pɛsɛmenkominya wiase yi mu. Sɛ wo hokafo no anni kan anna ɔdɔ adi a, ɛma pɛsɛmenkominya a worenyɛ mpo no yɛ den; nanso sɛ wunya ahobrɛase adwene, na wosusuw sɛ wo hokafo no kyɛn wo a, ɛbɛyɛ mmerɛw kɛse ama wo sɛ wubesusuw wo hokafo no ahiade ahorow ho. Bible no tu yɛn fo sɛ yennya adwene a na ɛwɔ Yesu Kristo mu no ara bi. Na ɔyɛ honhom a ɔwɔ tumi, nanso “ɔfaa akoa tebea,” na ɔbɛyɛɛ onipa. Ɛnyɛ ɛno nko, na mmom bere a na ɔwɔ asase so no, “ɔbrɛɛ ne ho ase yɛɛ osetie de kosii wu mu” ma ɛde mfaso brɛɛ nnipa a wɔannye no no mpo. (Filipifo 2:5-8) Yesu nam saa su yi a oyii no adi no so maa asɔretiafo pii gyee no toom, na bere a Yesu asuafo no suasuaa no no, wɔyɛe saa ara. (Asomafo no Nnwuma 6:7; 9:1, 2, 17, 18) Ebetumi aba saa ara wɔ wo fam. Sɛ wubu wo hokafo sɛ ɔkyɛn wo na wudwen n’ahiade ho a, obetumi agye wo atom nkakrankakra
Nanso, wo hokafo a wubebu no sɛ ɔkyɛn wo no nhwehwɛ sɛ ɔyere bɛyɛ komm koraa ama ne kunu ahyɛ no so sɛnea ɛte wɔ Apuei Fam no. Ɛsɛ sɛ okunu ne ɔyere nyinaa bu no sɛ ne hokafo no kyɛn no, a ɛkyerɛ sɛ wɔn mu biara wɔ ɔpɛ sɛ ɔde nneɛma bɛbɔ afɔre na ama wayɛ nea ne yɔnko no pɛ. Sɛ awarefo de ahobrɛase adwene yi susuw wɔn nsɛnnennen ho, na wɔkyerɛ wɔn ho wɔn ho anigye a pɛsɛmenkominya nnim, na wodi ɔsoro afotu so a, ɛnde na wɔnam ɔkwan a ɛbɛma wɔatumi asiesie wɔn nsɛnnennen so. Afei ma yensusuw Onyankopɔn afotu ahorow no bi ho.
‘Munngu Aware Mpa ho Fĩ’
Yehowa a ofii aware nhyehyɛe no ase wɔ nea ɛbɛma abusuabɔ pa atra ɔbarima ne ne yere ntam. Bere a wobisaa Yesu Kristo sɛ ebia ɔbarima wɔ ho kwan sɛ asɛm biara nti ogyaa ne yere no, ɔkae sɛ: “Nea Onyankopɔn de abom no, mma onipa nntetew mu!” Ɔkyerɛe sɛ ade biako pɛ na ɛteɛ a wobetumi agyina so agyae aware na wɔasan aware bio bere a ɔtoaa so kaa eyi no: “Enti mise mo sɛ, sɛ ɛnyɛ aguamammɔ nti na obi gyaa ne yere na ɔware ɔfoforo a, na wasɛe aware.”—Mateo 19:3-9.
Sɛ ɔdɔ mpo nti na wɔtwe mpena wɔ aware akyi a, ɛnkyerɛ ɔdɔ koraa mma awarefo baanu no mu biara. Na ɔbarima bi a ɔwɔ Japan mfinimfini ne mmea pii twe mpena wɔ n’aware akyi. Ne yere nyaa adwene sɛ ɔyɛ saa na ɔyɛɛ basaa. Nsɛnnennen baa wɔn aware no mu. Afei da koro ne mpenanom no mu biako ka kyerɛɛ no sɛ ɔbɛka wɔn mpenatwe no ho asɛm akyerɛ ne yere na ɔhyɛe sɛ ɔnware no. Ɔde ahonu ka sɛ: “Saa mpenatwe no mma obiara ani nnye.” Ofii ɔhaw yi mu bere a na wama wɔn a wɔn ho wɔ asɛm no mu nyinaa adi yaw no akyi. Bible gyinapɛn no ka eyi ho asɛm pefee. “Wonni aware ni, ade nyinaa mu, na wonngu aware mpa ho fi; efisɛ nguaman ne awaresɛefo de, Onyankopɔn bebu wɔn atɛn.” (Hebrifo 13:4) Sɛ obi di ahyɛde yi so a, ɔkwati nyarewa a wonya fi nna mu, aware mu ntawntawdi, ne kokoam mpenatwe mu ɔhaw.
Okununom, Monnɔ Mo Yerenom na Munni Wɔn Ni
Onyankopɔn de abusua mu tiyɛ ho nnyinasosɛm nso ama. Efesofo 5:22, 23 ka sɛ: “Ɔyerenom, mommrɛ mo ho ase mma mo ankasa mo kununom, sɛ moyɛ ma Awurade, efisɛ okunu yɛ ɔyere ti, sɛ Kristo nso yɛ asafo no ti no.” Afotu yi a wɔde bedi dwuma no nyɛ mmerɛw. Shoko a na Ogye hokwan a ne kunu wɔ sɛ osi nsɛm ho gyinae a etwa to fii ne nsɛm no gye tom sɛ: “Na ɛyɛ ɔhaw kɛse ma me.” Esiane sɛ osusuwii sɛ ɛsɛ sɛ ɔbarima tɔ ɔdan bere a wadi mfe aduonu rekɔ no nti, ɔhyɛɛ ne kunu sɛ ɔntɔ ɔdan bi a wakohu no. Nanso, bere a ohuu eyi ho Bible nnyinasosɛm ahorow no. ofii ase nyaa ne kunu ho adwene foforo. Bere a ohuu nea ɛte sɛ nea ɛyɛ kommyɛ ne mmerɛwyɛ su wɔ ɔkwan a ɛteɛ so no, ohui sɛ ɛyɛ nhumu, ahobrɛase, ne odwo su.
Saa nnyinasosɛm yi hwehwɛ sɛ okununom hu sɛ wɔhyɛ Yesu Kristo tumi kɛse ase. (1 Korintofo 11:3) Esiane sɛ okunu hyɛ Kristo tumi ase nti, ɛsɛ sɛ ɔdɔ ne yere na odi no ni sɛnea Yesu dɔ n’akyidifono. (Efesofo 5:28-30) Enti, okunu Kristoni besusuw ne yere nkate, n‘apɛde ne ne sintɔ ahorow ho yiye ansa na wasi gyinae ahorow.
“A Nkyene Wom”
Na ɛyɛ asɛnnennen ma Hisako sɛ ɔne ne kunu bedi nkitaho. Bere biara a ɔbɔ mmɔden sɛ ɔne ne kunu besusuw biribi ho no, ɔka sɛ: “Yɛ nea wopɛ” de kwati nkɔmmɔbɔ. Hisako ka sɛ: “Misusuw sɛ odwo a na minni no na ɛde ɔhaw no bae. Sɛ na menkasa ntɛmntɛm dodo a, anka nneɛma bɛyɛ yiye.” Ɛnnɛ, ɔne ne kunu tumi de anigye susuw nneɛma ho. Efi bere a Hisako de afotusɛm a edi so yi dii dwuma no, nsakrae aba. “Momma mo kasa ho mmra nyam daa a nkyene wɔ mu, na moahu sɛnea ɛsɛ sɛ mubua obiara.” (Kolosefo 4:6) Sɛnea aduan a nkyene wom yɛ dɛ yiye no, saa ara na nsɛm a wɔasusuw ho yiye a wɔka no ɔkwan pa so no nso tie yɛ mmerɛw. (Mmebusɛm 15:1) Nokwarem no, sɛnea wokasa ho a wubesusuw kɛkɛ no betumi asiw aware mu akasakasa ano mpɛn pii.
Yiw, Yehowa a wɔdɔ no ne obu a wonya ma ne nnyinasosɛm ahorow yɛ adwuma ankasa. Yehowa dɔ ka wo ma wubu w’aware sɛ abusuabɔ a ɛsɛ sɛ ɛtra hɔ daa, na ɛboa ma wusi wo bo sɛ wobɛkora so. Onyankopɔn de akwankyerɛ pa a ɛbɛboa ma woadi aware mu akasakasa ne nsɛnnennen nyinaa ho dwuma ama, a sɛnea ɛyɛ kɛse mfa ho. Dabi, mpɛn pii no, awaregyae mma wonnya asetra a anigye kɛse wom, nanso Bible nnyinasosɛm a wɔde di dwuma de anigye kɛse ba. Wonam ɔdɔ a wubenya ama Yehowa no so betumi anya nea ɛbɛma woanya saa anigye no. Dɛn nti na wunsua n‘afotu ho nsɛm pii mfi aware ho akwankyerɛ nhoma a wogye tom sen biara, Bible, no mu?
[Kratafa 9 adaka]
Bere a Ɛsɛ sɛ Wɔpaw Awaregyae
ƐWOM sɛ Bible no ma hokwan ma wotumi gyina aguamammɔ so gyae aware san ware bio de, nanso awaresɛe mfa okunu ne ɔyere ntam abusuabɔ mma awiei ɔkwan biara so. Ɔhokafo a ne ho nni asɛm no wɔ hokwan sɛ ɔpaw sɛ obegyae aware anaasɛ onnyae.—Mateo 19:9.
Yasuko hyiaa saa gyinaesi yi. Na ne kunu akɔtra ne mpena nkyɛn. Ne kunu maame bɔɔ Yasuko sobo sɛ:”Wo nam me ba no reyɛ saa.” Na Yasuko su da biara. Nnipa pii tuu no fo, nanso wɔn mu biara ankasa antia nea na ne kunu reyɛ no. Afei, ɔno ankasa maame a na wafi ase resua Bible no ka kyerɛɛ no sɛ: ‘Wɔaka no pefee wɔ Bible mu sɛ awaresɛe yɛ bɔne.” (1 Korintofo 6:9) Yasuko nyaa akomatɔyam yiye bere a ohui sɛ papa ne bɔne ho gyinapɛn da so ara wɔ nnɛyi wiase yi mu no.
Afei na Yasuko ahu nea ɛsɛ sɛ ɔyɛ. Ɛwom sɛ osusuw ho sɛ obegyae ne kunu de, nanso bere a ɔne Yehowa Adansefo suaa Bible no akyi no, otumi hui sɛ na ɔno nso nyɛ ne fam de. Enti osii gyinae sɛ ɔde Bible mu nnyinasosɛm ahorow no bedi ne nsɛnnennen ho dwuma ahwɛ. Ofii ase de dii dwuma (Efesofo 5:21-23) Ɔka sɛ:”Na ɛnyɛ mmerɛw. Na mekɔ so di mfomso wɔ bere ne bere mu. Mede nusu boɔ Onyankopon mpae mpɛn pii.” Bere a ɔsakrae no, ne kunu no nso sakrae nkakrankakra. Bɛyɛ mfe anum akyi no, ne kunu no gyaee ne mpena no koraa. Yasuko de ba awiei sɛ: “Migye di sɛ mfaso ankasa wɔ Onyankopɔn Asɛm sodi so.”
[Adaka wɔ kratafa 11]
Nna Mu Nsɛnnennen ne Awaregyae
AWAREFO pii ka sɛ nna mu nsɛnnennen nti na wogyae aware. Bere a nnɛ abusua nhyehyɛe a ɛresakra ho nhoma bi a wɔato din sɛ Sekkushuaritii to Kazoku (Nna ne Abusua) reka nea ɛde asɛnnennen no ba ho asɛm no, ɛka sɛ: “Okunu biako ne ɔyere biako aware ne nna ho nsɛm a wɔka a wɔtwe adwene si nna ho akɔnnɔ so kɛse nnɛ no nhyia. Nna ho nsɛm pii no ma wonya aware mu nna ho adwene a ɛmfata na ɛsɛe ɔdɔ. Ɛnyɛ nna a wɔtɔn no sɛ aguade nko na ɛsɛe nnipa nkate ne wɔn koma, na mmom video so nguamansɛm ne aseresɛm nhoma a ɛda mmea nipadua adi sɛ aguade no nso. Enti, [okununom] a wɔhyɛ wɔn yerenom ne wɔn da no pira wɔn yerenom, na okununom a wɔne wɔn nna no ho wu.”
Ɔbrasɛe nhoma, video, ne TV so dwumadi ahorow ma wonya nna ho adwene a ɛmfata. Ɛnkyerɛ nea ɛma wonya aware mu anigye ankasa. Ɛsɛe ahotoso a ɛsɛ sɛ okunu ne ɔyere nya na ama wɔn aware ayɛ yiye no nso. Psychology Today ka sɛ: “Ahotoso tumi ma woda wo nkate ne osuro a ɛkɔ akyiri kyerɛ wo hokafo, a wunim sɛ ɔde ahwɛyiye bedi ho dwuma. Ɛwom sɛ ɔdɔ anaa nna ho nkate ano betumi abrɛ ase wɔ bere bi akyi de, nanso, nea eye no, ahotoso tra hɔ bere nyinaa.”
Aware a ɛyɛ yiye nnyina nna so. Ɔyere bi a wahyia aware mu nsɛnnennen ka sɛ: “Nea ɛhyɛɛ me nkuran kɛse ne nsɛm a ɛwɔ nhoma Wo Abusua Asetra a Wobɛma Ayɛ Anigye no mu no:’Nokwarem no, sɛ aware mu nkitahodi afoforo nyinaa ye, na ɔdɔ, obu, nkɔmmɔbɔ pa ne ntease wɔ hɔ a, nna ho asɛm renyɛ nea ɛyɛ den.”a
Nea ɛka awarefo bom ankasa ne ɔdɔ na ɛnyɛ nna. Mfaso nni nna a ɔdɔ nnim so, nanso ɔdɔ a nna nnim tumi tra hɔ. Sɛ awarefo ma nna tra n’afã na wɔamma anyɛ wɔn asetram ade titiriw a, wobetumi anya wɔn nkabom no mu anigye na wɔadi nna mu nsɛnnennen ho dwuma.
[Ase hɔ asɛm]
a Watchtower Bible and Tract Society of New York. Inc., na wotintimii
[Mfonini wɔ kratafa 10]
Obu a awarefo benya ama Bible nnyinasosɛm ahorow no bɛboa wɔn ma wɔatumi afi wɔn pɛ mu adi nkitaho