Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g93 10/8 kr. 31
  • “Afoforo ho Koma a Yebenya”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Afoforo ho Koma a Yebenya”
  • Nyan!—1993
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ahofadi a Wɔbɔ Ho Ban Ɔkwan Bɛn So?
    Nyan!—1999
  • Abotare—Ebi a Wonni ne Nea Ɛtra So
    Nyan!—1997
  • Ɛsɛ Sɛ Yɛma Biribiara Ho Kwan?
    Nyan!—2015
  • Onyankopɔn Da Abodwokyɛre Adi Kodu He?
    Nyan!—2001
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1993
g93 10/8 kr. 31

“Afoforo ho Koma a Yebenya”

BERE a yɛbɛn afeha 20 yi awiei no, so adesamma ankasa asua biribi afi basabasa a wɔayɛ fi 1914 reba no mu? Federico Mayor, UNESCO (Amanaman Nkabom no nhomasua, nyansahu, ne amammerɛ ahyehyɛde) no panyin anna anidaso kɛse adi wɔ asɛm bi a ɔkyerɛw maa The Unesco Courier no mu. “Wiase a ɛreba a wotumi hu no . . . nkanyan anigye a efi komam. Nyamesom mu kateeyɛ, ɔmampɛ, mmusua ho adwemmɔne, Yudafo a wɔsɔre tia wɔn: ahofadi a wɔrenya asan akanyan nitan. . . . Wiase nhyehyɛe dedaw a agu no ama wɔafi nneɛma afoforo pii ase, ebinom yɛ basabasayɛ ntraso​—na basabasayɛ rekɔ so.”

Dɛn nti na basabasayɛ renya nkɔanim? Dɛn nti na nyamesom anaa mmusua a ɛyɛ soronko nti nnipa tan afoforo na wokunkum wɔn? Sɛ́ ebia ɛkɔ so wɔ kan Yugoslavia, lndia, Northern Ireland, United States, anaa wiase no baabi foforo bi no, ɛte sɛ nea nneɛma a ɛde ba titiriw no mu biako ne nkyerɛkyerɛ a ɛnteɛ. Sɛ́ anka wobesua sɛnea wobenya wɔn ho wɔn ho koma ne obu no, nkurɔfo sua afoforo ho adwemmɔne ne ɔtan fi wɔn awofo, sukuu mu, ne ɔmanfo hɔ.

Federico Mayor toaa so sɛ: “Momma yennyae afoforo ho adwemmɔne a ɛma yegye nneɛma bɔne tom no​—ohia, ɔkɔm ne nnipa ɔpepem pii amanehunu no. Sɛ yɛyɛ saa a, yebenya ayamhyehye ne onuayɛ.” Eyinom yɛ adwempa. Nanso nneɛma pa bɛn na ɛwɔ hɔ a ebetumi asakra honhom bɔne a egyina yɛn wiase a wose ani abue no akyi no?

Bɛboro mfe 2,500 a atwam ni no, Yesaia kyerɛw Yehowa nsɛm yi sɛ: “Na wo mma nyinaa bɛyɛ [Yehowa] asuafo, na wo mma asomdwoe bɛdɔɔso.” (Yesaia 54:13) Esiane sɛ “Onyankopɔn ne dɔ” nti, ɛda adi sɛ wɔn a wɔde ne nnyinasosɛm tra ase nokwarem no besua asomdwoe, na ɛnyɛ ɔko; wobesua ɔdɔ, na ɛnyɛ ɔtan; wobenya wɔn ho wɔn ho koma, na ɛnyɛ nitan.​—1 Yohane 4:8.

Henanom na wɔrema nkyerɛkyerɛ a ɛma nnipa nya asomdwoe ne ɔdɔ ne afoforo ho koma yi nya nkɔso. Henanom na wobom tra wɔ biakoyɛ mu a ɔman a wofi mu no mfa ho? Henanom na wɔakyerɛkyerɛ wɔn Bible no ma asakra wɔn nitan adwene no ma abɛyɛ ɔdɔ de? Yɛkamfo kyerɛ wo sɛ hwehwɛ Yehowa Adansefo nkyerɛkyerɛ ne wɔn nneyɛe mu na woahu nea enti a wɔyɛ biako wɔ wiase nyinaa ampa no.​—Yohane 13: 34, 35; 1 Korintofo 13:4-8.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena