Ahofadi a Wɔbɔ Ho Ban Ɔkwan Bɛn So?
WƆ KUROW ketewa Rengasdengklok a ɛwɔ Indonesia mu no, na mmusua ahorow te hɔ asomdwoe mu mfe bebree. Nanso afoforo som ho koma a na ayɛ sɛ nea ɛwɔ hɔ no baa awiei wɔ January 30, 1997 mu. Nyamesom afahyɛ da bi dui no, gyidini bi fii ase bɔɔ ne kyene bere a na aka kakra ma abɔ anɔpa nnɔn abiɛsa, na ɛde basabasayɛ bae. Dede no maa onipa foforo a ɛsono ɔsom a ɔwom didii ne yɔnko no atɛm. Wodii anobaabae a emu yɛ den, na wofii ase totoo abo. Bere a anim tetewee no, afoforo de wɔn ho gyee mu maa basabasayɛ no mu yɛɛ den. Eduu saa da no anwummere no, na wɔasɛe Buddhafo asɔredan abien ne Kristoman asɔredan anan. International Herald Tribune atesɛm krataa no bɔɔ asɛm yi ho amanneɛ wɔ asɛm a wɔato din sɛ “Afoforo Som Ho Adwemmɔne Kakra Kɔfa Mmusua Ntam Basabasayɛ Ba” no mu.
Wɔ aman pii mu no, nkurɔfo ntaa nnya mmusua a wɔnnɔɔso a mmara bɔ wɔn ahofadi ho ban no ho koma. Ɛda adi pefee sɛ nnipa ahofadi a wobegye atom wɔ mmara kwan so no ntumi ntu afoforo som ho koma a wonni ase. Sɛ afoforo som ho koma a wonni nna adi a, na ɛnkyerɛ sɛ enni hɔ. Akyiri yi, sɛ nsɛm tebea no sesa ma afoforo ho adwemmɔne ba a, ɛma ɛyɛ mmerɛw sɛ afoforo som ho koma a wonni bɛda adi. Sɛ nkurɔfo antaa afoforo tẽẽ mpo a, ebia wɔne wɔn ani renhyia anaa wɔbɛka wɔn adwenkyerɛ ahyɛ. Ɛbɛyɛ dɛn na wɔatumi akwati eyi?
Afoforo Som Ho Koma a Wonni a Wotu Ase
Mpɛn pii no sɛ biribi yɛ soronko anaa yenhuu bi da a, yɛpo anaa yennya ho adwempa, ɛnkanka nsusuwii a ɛne yɛn de nhyia. So eyi kyerɛ sɛ yɛrentumi nnya afoforo som ho koma? Amanaman Nkabom nhoma a ɛne Elimination of All Forms of Intolerance and Discrimination Based on Religion or Belief no ka sɛ nimdeɛ ne ntease a wonni “ka nneɛma titiriw a ɛde afoforo som ho koma a wonni ne animhwɛ a egyina ɔsom so ne gyidi so ba no ho.” Nanso, nimdeɛ a wonni a ɛde afoforo som ho koma a wonni ba no yɛ ade a wobetumi adi so. Ɔkwan bɛn so? Denam adekyerɛ a ɛkari pɛ so. Amanaman Nkabom Asoɛe a Ɛhwɛ Hokwan a Nnipa Wɔ so no amanneɛbɔ bi ka sɛ: “Adekyerɛ betumi ayɛ ɔkwan titiriw a wɔfa so ko tia animhwɛ ne afoforo som ho koma a wonni.”
Dɛn botae na ɛsɛ sɛ adekyerɛ a ɛte saa du ho? UNESCO Courier atesɛm krataa no de adwene ba sɛ sɛ́ anka wɔbɛhyɛ nkurɔfo ama wɔapo ɔsom ahorow no, “ɛsɛ sɛ adekyerɛ a ɛma wonya afoforo som ho koma no de yɛ ne botae sɛ ebesiw nkɛntɛnso a ɛde osuro ne nyiyim ba no ano, na ɛsɛ sɛ ɛboa mmofra ma wotumi de wɔn adwene yɛ ade, susuw ade ho kɔ akyiri, na wonya adwempa.”
Ɛda adi sɛ nsɛm amanneɛbɔfo betumi aboa kɛse ama nkurɔfo ‘asusuw ade ho akɔ akyiri, na wɔanya adwempa.’ Amanaman ntam ahyehyɛde pii gye tom sɛ nsɛm amanneɛbɔfo betumi asiesie nkurɔfo adwene na wɔahyɛ wɔn nkuran ama wɔate wɔn ho wɔn ho ase. Nanso, sɛ nsɛm amanneɛbɔfo betumi ama nkurɔfo anya afoforo som ho koma mmom sen sɛ wobenya wɔn ho adwemmɔne a, egye sɛnkyerɛwfo a wodi wɔn asɛyɛde ho dwuma yiye na wɔka nsɛm a ɛyɛ nokware. Ɛtɔ mmere bi a ɛsɛ sɛ sɛnkyerɛwfo ka nsɛm a ɛne nea obiara gye tom nhyia. Ɛsɛ sɛ wɔde nkyerɛkyerɛmu a ɛyɛ nokware na ɛntɔ nkɔ ɔfã biara di dwuma. Nanso so ɛno ara dɔɔso?
Ɔkwan a Ɛsen Biara a Wɔfa so Ko Tia Adwemmɔne
Afoforo ho koma a yebenya no nkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa nya adwene biako. Ɛbɛsono obiara adwene. Ebinom betumi ate nka paa sɛ nea ɔfoforo gye di no nteɛ koraa. Wobetumi mpo aka no baguam sɛ wɔne wɔn nyɛ adwene. Nanso, bere tenten a wɔnkeka atosɛm mfa nsɛe nkurɔfo adwene no, ɛnkyerɛ sɛ wonni afoforo adwene ho koma. Afoforo som ho koma a wonni da adi bere a wɔtaa kuw bi, wɔhyehyɛ mmara bi tia wɔn, wobu wɔn animtiaa, wɔbara wɔn, anaa wɔfa kwan foforo so siw wɔn gyidi a wɔde bɛyɛ adwuma no ho kwan. Afoforo som ho koma a wonni no tumi tra so kodu baabi a ebinom di awu na afoforo nso wu ma wɔn gyidi.
Ɔkwan bɛn na wobetumi afa so ako atia afoforo som ho adwemmɔne? Wobetumi ada no adi baguam, sɛnea ɔsomafo Paulo daa ne bere so nyamesom akannifo no adwemmɔne adi no. (Asomafo no Nnwuma 24:10-13) Nanso sɛ ɛbɛyɛ yiye a, ɔkwan a eye sen biara a wɔfa so ko tia afoforo som ho adwemmɔne ne sɛ wobedi kan ayɛ ho biribi—nkurɔfo a wɔbɛhyɛ wɔn nkuran ama wɔanya afoforo som ho koma a ɛkyerɛ sɛ wɔbɛkyerɛ nkurɔfo ama wɔate afoforo ase yiye. Amanaman Nkabom amanneɛbɔ a ɛfa afoforo som ho adwemmɔne a wobeyi afi hɔ ho a yɛafa mu asɛm aka dedaw no ka sɛ: “Esiane sɛ afoforo som ho koma a wonni ne nyiyim a egyina ɔsom so nyinaa fi nnipa adwene mu nti, sɛ wɔbɛyɛ ho biribi a ɛsɛ sɛ wofi ase fi nnipa adwene mu.” Adekyerɛ a ɛte saa no betumi ama ankorankoro ahwehwɛ wɔn ankasa gyidi mpo mu.
Federico Mayor, Amanaman Nkabom no Ahyehyɛde a Ɛhwɛ Nhomasua, Nyansahu, ne Amammerɛ So no kwankyerɛfo panyin, kyerɛwee sɛ: “Su pa a obi a ɔwɔ gyidi da no adi ne sɛ obenya afoforo som ho koma.” Dominic sɔfo Claude Geffré kyerɛw baa Réforme nsɛmma nhoma mu sɛ: “Afoforo som ho koma a wonya ankasa no gyina gyidi a emu yɛ den so.” Ɛyɛ den sɛ obi a ɔwɔ nea n’ankasa gye di mu ahotoso no besuro sɛ anhwɛ a na afoforo asɛe n’adwene.
Yehowa Adansefo ahu sɛ ɔkwampa a wɔbɛfa so ahyɛ afoforo som ho adwempa ho nkuran ne sɛ wɔne afoforo a ɛsono wɔn gyidi bɛkasa. Adansefo no fa Yesu nkɔmhyɛ a ese “wɔbɛka ahenni no ho asɛmpa yi wiase nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse” no aniberesɛm, na wɔde asɛmpaka adwuma a wɔyɛ wɔ baguam no nim wɔn yiye. (Mateo 24:14) Saa adwuma yi ma wonya hokwan tie nnipa a wɔwɔ ɔsom ahorow pii mu—ɛne wɔn a wonni Nyankopɔn mu gyidi—bere a wɔkyerɛkyerɛ wɔn gyidi mu no. Adansefo no nso asiesie wɔn ho sɛ wɔbɛkyerɛkyerɛ wɔn ankasa gyidi mu akyerɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wotie no. Enti wɔma nimdeɛ ne ntease nya nkɔso. Nimdeɛ ne ntease a ɛte saa no ma ɛyɛ mmerɛw sɛ nkurɔfo benya afoforo som ho koma.
Afoforo Som Ho Adwempa ne Nea Ɛkeka Ho
Ɛmfa ho sɛ nnipa pii wɔ adwempa na ebinom aka wɔn ti apam ho no, ɛda adi sɛ afoforo som ho adwemmɔne da so ara yɛ asɛnnennen nnɛ. Sɛ nsakrae bɛba ankasa a, biribi foforo ho behia. France atesɛm krataa Le Monde des débats daa ɔhaw no adi: “Nnɛyi wiase no mmɔ mmɔden wɔ nkate fam ne honhom fam. Mmara no betumi abɔ nkurɔfo ho ban afi wɔn a wɔma ɛho ba asɛm no ho. Ebetumi ama wɔabu obiara pɛ wɔ mmara kwan so, a nyiyim a ntease nnim biara nni mu, na ɛsɛ sɛ ɛyɛ saa.”
Nhoma a ɛne Democracy and Tolerance no gye tom sɛ: “Yennuu botae a ɛne sɛ yɛbɛma nnipa ate wɔn ho wɔn ho ase akyerɛ obu ama wɔn ho wɔ wiase baabiara no ho hwee.” Ɛwom sɛ seesei nyamesom ahofadi ho aba asɛm wɔ aman pii, te sɛ France mu de, nanso Bible no hyɛ bɔ sɛ ɛrenkyɛ afoforo som ho koma a wonni betwam akɔ. Adesamma bɛka abom sɛ wiase nyinaa nokware onuayɛ, a wɔkyerɛ obu ma wɔn ho wɔn ho. Nimdeɛ remmɔ nnipa bio, efisɛ Onyankopɔn Ahenni no bɛkyerɛkyerɛ nkurɔfo Yehowa akwan, na ama wɔanya nimdeɛ ne nkate ne honhom fam nneɛma a wohia. (Yesaia 11:9; 30:21; 54:13) Koroyɛ ne ahofadi ankasa bɛkata asase so. (2 Korintofo 3:17) Sɛ wunya Onyankopɔn atirimpɔw ma adesamma no ho ntease a edi mũ a, wubetumi ako atia nimdeɛ a ɛbɔ nkurɔfo ne afoforo som ho koma a wonni no.
[Kratafa 11 adaka/mfonini]
Ɔsom Ho Ba Asɛm
Mfe kakra a atwam ni no, aban mpanyimfo abɔ mmɔden sɛ wɔbɛma Yehowa Adansefo a wɔwɔ France no ho akyere wɔn denam hokwan ahorow a wɔde ma ɔsom afoforo a wɔde kame wɔn no so. Nnansa yi ara, wɔmaa Adansefo no tuaa tow kɛse wɔ akyɛde a wonya de yɛɛ wɔn som adwuma no ho. France atumfoɔ no faa ɔkwan a ntease nnim so ma wotuaa tow a emu yɛ duru dɔla ɔpepem 50 (tow ne sika a wɔde tew wɔn), a ɛda adi sɛ na wɔn botae ne sɛ wɔbɛma Kristofo kuw a wɔyɛ 200,000 wɔ France yi ne wɔn akyitaafo ho akyere wɔn. Eyi yɛ adeyɛ a ɛkyerɛ ɔsom foforo ho adwemmɔne pefee a ɛne ahofadi, onuayɛ, ne koroyɛ ho nnyinasosɛm nyinaa nhyia.
[Kratafa 10 mfonini]
Afoforo som ho koma a wonni taa kowie basabasayɛ mu
[Kratafa 12 mfonini ahorow]
Ɛmfa ho ɔsom adwuma a Yehowa Adansefo yɛ no, France aban mpanyimfo bi kyerɛ sɛ ɛnyɛ ɔsom!