Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g99 1/8 kr. 3-5
  • Afoforo Som Ho Koma a Wonni Nnɛ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Afoforo Som Ho Koma a Wonni Nnɛ
  • Nyan!—1999
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Akwanhorow a Wɔfa so Yɛ Nyiyim
  • Dɛn Ne Ɔsɛmpɔw No?
  • Dɛn na Nyamesom mu Ahofadi Kyerɛ Ma Wo?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Ahofadi a Wɔbɔ Ho Ban Ɔkwan Bɛn So?
    Nyan!—1999
  • Nnipa A Wɔde Wɔn Ho Nanso Wobebu Akontaa Akyerɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Nnye Onyankopɔn Ahofadi A Ɔde Ma No Kwa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1999
g99 1/8 kr. 3-5

Afoforo Som Ho Koma a Wonni Nnɛ

“Wɔagyae obiara nsusuwii, n’ahonim, ne ne som ama no; nneɛma a obiara betumi de ne pɛ ayɛ no bi ne hokwan a ɔwɔ sɛ ɔsesa ne som anaa ne gyidi, ɛne hokwan a ɔwɔ sɛ ne nkutoo anaa ɔne afoforo bɛbom wɔ baguam anaa kokoam ada n’asɔre anaa ne gyidi adi wɔ ɔkyerɛkyerɛ, nneyɛe, ɔsom ne amanne mu.” Mmara Mu Ɔfã 18, Amansan Nyinaa Mpaemuka A Ɛfa Hokwan A Nnipa Wɔ Ho, 1948.

SO MOWƆ nyamesom ahofadi wɔ mo man mu? Wiase aman dodow no ara gye saa nnyinasosɛm pa a wɔde aka amanaman mpaemuka ahorow ho mpɛn pii yi tom. Nanso wobu akontaa sɛ wɔ aman pii a wonni afoforo som ho koma na nyiyim rekɔ so paa mu no, nnipa ɔpepem pii nni nyamesom ahofadi. Nea ɛne no bɔ abira no, nnipa pii tete aman a emu nnipa, mmusua, anaa ɔsom gu ahorow pii mu, faako a mmara ma nkurɔfo ahofadi, na ɛkame ayɛ sɛ afoforo som ho koma a wonya no ka aman no amammerɛ ho no.

Ne nyinaa akyi no, wɔ saa mmeae yi mpo no, ebinom nyamesom ahofadi ho aba asɛm. Angelo d’Almeida Ribeiro a bere bi na ɔyɛ Amanneɛbɔfo Titiriw a Amanaman Nkabom Nnipa Hokwan Asoɛe no apaw no no kae sɛ: “Ɛkame ayɛ sɛ nyiyim a nkurɔfo gyina ɔsom anaa gyidi so yɛ no kɔ so wɔ aman a wɔn sikasɛm, wɔn asetram gyinabea, ne wɔn amammerɛ gu ahorow nyinaa mu.” Nhoma akyerɛwfo Kevin Boyle ne Juliet Sheen ka wɔ wɔn nhoma a ɛne Freedom of Religion and Belief—A World Report, a wotintim no 1997, no mu sɛ: “Ɔtaa a wɔde ba ɔsom a emufo nnɔɔso so [ne] nkurɔfo gyidi a wɔbara ne nyiyim bɔne . . . yɛ ade a ɛkɔ so da biara da wɔ afeha a ɛto so aduonu no awiei mu.”

Nanso, ɛnyɛ ɔsom a emu nnipa nnɔɔso nkutoo na wɔde nyiyim no di wɔn. Ɔbenfo Abdelfattah Amor a ɔyɛ Afoforo Som Ho Koma a Wonnya no ho Amanneɛbɔfo Titiriw wɔ Amanaman Nkabom Asoɛe a ɛhwɛ Nnipa Hokwan so no ka sɛ “ɔsom biara nni hɔ a nkurɔfo ntumi mfa wɔn ani nsi wɔn so.” Enti ebetumi aba sɛ wɔ baabi a wote no, wonni ɔsom ahorow bi ho koma na wɔwɔ wɔn ho adwemmɔne.

Akwanhorow a Wɔfa so Yɛ Nyiyim

Nyamesom mu nyiyim gu ahorow pii. Aman bi de, wɔmma ɔsom biara hokwan ka biako pɛ ho, na ɔkwan bi so no, ɛma ɛbɛyɛ Ɔman som. Wɔ aman foforo mu no, wɔhyehyɛ mmara de siw ɔsom ahorow bi dwumadi kwan. Aman bi ahyehyɛ mmara horow bi ma wɔde adi dwuma wɔ ɔkwan a ntease nnim so. Susuw asisisɛm ara a ɛwɔ mmara bi a wɔpɛ sɛ wɔhyɛ wɔ Israel de twe obiara a ɔbɛkra, obetintim, anaa obekura nhomawa anaa krataa a “emu nsɛm betumi ama obi asesa ne som,” asõ no ho hwɛ. Ɛnyɛ nwonwa sɛ International Herald Tribune atesɛm krataa no bɔ amanneɛ sɛ: “Wodwoodwoo Yehowa Adansefo poopoo wɔn wɔ Israel.” Yudafo Ortodɔksfo anuɔdenfo bi abu Yehowa Adansefo Ahenni Asa a ɛwɔ Lod no ani akɔ mu mprɛnsa, na wɔakɔsɛe hɔ nneɛma mprenu. Polisifo no anka wɔn hwee.

Freedom of Religion and Belief nhoma no twe adwene si afoforo som a wonnya ho koma ho nhwɛso afoforo so sɛ: “Asɔre mu atuatew ne gyidisakrafo nyɛ nneɛma a na ɛkɔ so wɔ tete mmere mu nko. . . . Po a wɔpo wɔn a wɔman fa kwan foforo so, ɔtaa a wɔde ba wɔn so, ne nyiyim a wɔyɛ tia wɔn no yɛ ade titiriw a ɛmma wɔntaa nnya afoforo som ho koma. Ahmadiyafo a wɔwɔ Pakistan no ne [Baha’ifo] a wɔwɔ Egypt, Iran, ne Malaysia no yɛ ho nhwɛso, sɛnea ɛte wɔ Yehowa Adansefo a wɔwɔ Europa Apuei fam aman pii mu, Greece, ne Singapore fam no.” Ɛda adi pefee sɛ nyamesom ahofadi ho aba asɛm wɔ wiase mmeae pii.

Wɔ saa tebea yi mu no, Amanaman Nkabom no Ahyehyɛde a Ɛhwɛ Nhomasua, Nyansahu, ne Amammerɛ So no kwankyerɛfo panyin Federico Mayor de too gua sɛ wiase yi daakye a enni akyiri koraa no “nkanyan anigye a efi komam. . . . Ahofadi a wɔrenya asan akanyan nitan.” Bere a Essex Sukuupɔn a ɛwɔ United Kingdom Nnipa Hokwan Asoɛe no kwankyerɛfo resi osuro yi so dua no, ɔkae sɛ: “Adanse nyinaa kyerɛ sɛ afoforo som ho koma a wonni . . . no rekɔ soro sen sɛ anka ɛbɛkɔ fam wɔ nnɛ wiase mu.” Afoforo som ho koma a wonni no de nyamesom ahofadi reto asiane mu, ebia ɛka wo nso. Ɛnde dɛn nti na nyamesom ahofadi ho hia saa?

Dɛn Ne Ɔsɛmpɔw No?

Nnipa fekubɔ ho nimdefo Bryan Wilson kae wɔ ne nhoma Human Values in a Changing World mu sɛ: “Ɛsɛ sɛ ɔman biara nya nyamesom ahofadi ansa na wɔatumi aka sɛ ɛde ne ho. . . . Sɛ nyamesom ahofadi ne hokwan a obi de bɛka ne gyidi ho asɛm akyerɛ afoforo nni hɔ a, ankorankoro ntumi mfa wɔn ahonim nyɛ nea wɔpɛ, na dodow amammu papa biara ntumi nkɔ so.” Na sɛnea nnansa yi ara, France asɛnnibea bi gye toom no, “ɔsom mu ahofadi ka hokwan atitiriw a sɛ ɔmanfo nya a ɛkyerɛ sɛ wɔwɔ ahofadi no ho.” Enti, sɛ́ w’ani gye nyamesom ho anaa w’ani nnye ho no, ɛsɛ sɛ nyamesom ahofadi a wɔbɛbɔ ho ban no yɛ wo asɛnhia.

Esu a ɔman bi da no adi wɔ nyamesom ahofadi ho no ka awerɛhyem a aman foforo wɔ wɔ mu no kɛse. Amanneɛbɔ bi a wɔde too gua wɔ Europa Ahobammɔ ne Biakoyɛ Ahyehyɛde a emu aman yɛ 54 no nhyiam bi ase wɔ 1997 mu no kae sɛ: “Nyamesom Ahofadi yɛ nneɛma a ɛka bom yɛ hokwan a ɛsɛ sɛ nnipa nya no mu nea ɛsen biara no biako, na ɛka nidi a ɛsɛ sɛ nnipa nya no ma ɛkɔ akyiri. Amanyɔ ahyehyɛde biara nni hɔ a ebetumi abu nnipa hokwan a ɛtete saa so anaa ama kwan ma wɔahyɛ da abu so a ebetumi aka sɛ ɛka aman a wɔyɛ adetrenee na wobu dodow amammu a wɔkyerɛ obu ma hokwan a ɛsɛ nnipa nyinaa no ho.”

Nyamesom ahofadi te sɛ ɔdan fapem fã. Ɛno na wɔde ahofadi afoforo—ankorankoro, amammui fam, amammerɛ, ne sikasɛm—gyina so. Sɛ wotutu nnyinaso no ase a, ɛka dan mũ no nyinaa. Ɔbenfo Francesco Margiotta-Broglio ka no tiawa sɛ: “Bere biara a wobebu ani agu [nyamesom] ahofadi so no, ɛkɔka ahofadi afoforo nso.” Sɛ wobetumi abɔ ahofadi afoforo ho ban a, gye sɛ wodi kan bɔ nyamesom ahofadi ho ban ansa.

Nea ɛbɛyɛ na yɛatumi ahu ɔkwan a etu mpɔn sen biara a yɛbɛfa so abɔ biribi ho ban no, ɛho hia sɛ yɛte dekode no ase yiye. Dɛn na ɛkɔfaa nyamesom ahofadi bae? Ɔkwan bɛn so na wɔde sii hɔ, na dɛn na ɛma etumi yɛɛ yiye?

[Kratafa 4 mfonini]

Afoforo som ho koma a wonni no fii ase nyɛ nnɛ

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena