Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w97 2/1 kr. 3-4
  • Dɛn na Nyamesom mu Ahofadi Kyerɛ Ma Wo?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Dɛn na Nyamesom mu Ahofadi Kyerɛ Ma Wo?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Na Nyamesom mu Ahofadi Nso Ɛ?
  • Nyamesom mu Ahofadi Foforo Bi
  • Nnye Onyankopɔn Ahofadi A Ɔde Ma No Kwa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Nnipa A Wɔde Wɔn Ho Nanso Wobebu Akontaa Akyerɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Som Yehowa, Onyankopɔn a Ɔma Ahofadi No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2018
  • Yɛma Mo Akwaaba Ba “Wɔn A Wɔpɛ Ahofadi” Ɔmantam Nhyiam Horow Ase!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
w97 2/1 kr. 3-4

Dɛn na Nyamesom mu Ahofadi Kyerɛ Ma Wo?

Ɛwom sɛ na wobu nyamesom mu ahofadi sɛ hokwan a obiara wɔ wɔ United States de, nanso basabasayɛfo kuw haw Yehowa Adansefo ntoatoaso wɔ ɔman no mu wɔ 1940 mfe no mu

NNIPA ɔpepem pii adi ho ako. Ebinom awuwu wɔ ho mpo. Nokwarem no, ɛyɛ adesamma agyapade a ɛsom bo sen biara no mu biako. Ɛyɛ dɛn? Ahofadi! The World Book Encyclopedia kyerɛ ahofadi ase sɛ “tumi a obi wɔ sɛ ɔpaw biribi a ɔpɛ na odi ho dwuma.” Ɛtoa so sɛ: “Wɔ mmara mu no, nkurɔfo nya ahofadi bere a ɔman anohyeto ahorow a ɛnteɛ, ɛho nhia, anaa ntease nim nni hɔ no. Ɛsɛ sɛ ɔmanfo nso bɔ nneɛma a ɛfata sɛ wonya ho ban—kyerɛ sɛ, ahofadi, tumi, ne hokwan atitiriw.”

Ɛte sɛnea asɛm no nyɛ den. Nanso sɛ wɔde redi dwuma a, ɛkame ayɛ sɛ nkurɔfo adwene ntumi nhyia wɔ beae pɔtee a ɛsɛ sɛ wɔto ahofadi ano hye kodu. Sɛ nhwɛso no, ebinom gye di sɛ ɛsɛ sɛ aban hyɛ mmara horow de bɔ ne manfo ahofadi ho ban. Nanso afoforo bɛka sɛ mmara horow yi ara na ɛkyekyere ɔmanfo a ehia sɛ wɔma wonya ahofadi fi ho no! Ɛda adi pefee sɛ ɛsono sɛnea obiara te ahofadi ase.

Na Nyamesom mu Ahofadi Nso Ɛ?

Gyama ahofadi a wogye ho kyim sen biara ne nyamesom mu ahofadi a wɔakyerɛ ase sɛ “hokwan a obi wɔ sɛ ogye biribi di na ɔsom wɔ ɔkwan a ɔpɛ so” no. Sɛnea Amanaman Nkabom no Hokwan a Nnipa Wɔ Mpaemuka kyerɛ no, “obiara wɔ nsusuwii, ahonim ne nyamesom mu ahofadi hokwan.” Nea ɛka eyi ho ne hokwan a obi wɔ sɛ “ɔsesa ne som anaa ne gyidi,” a ahofadi a ɔwɔ sɛ “ɔka n’asɔre anaa ne gyidi ho asɛm wɔ nkyerɛkyerɛ, nneyɛe, ɔsom ne amanne mu” ka ho.—Mmara a ɛto so 18.

Akyinnye biara nni ho sɛ yɛbɛhwɛ kwan sɛ ɔman biara a esusuw ne manfo ho yiye no de ahofadi hokwan a ɛte saa bɛma wɔn. Awerɛhosɛm ne sɛ eyi ntaa nsi. The World Book Encyclopedia ka sɛ: “Nyamesom nya nnipa pii so tumi kɛse. Aban ahorow bi ne nyamesom biako nya abusuabɔ a emu yɛ den, na wobu nkurɔfo a wɔwɔ nyamesom afoforo mu sɛ asiane ma amammui tumidi. Aban bi nso bebu nyamesom sɛ amammui ho asiane esiane sɛ ebia nyamesom horow no bɛma ɔsom a wɔde ma Onyankopɔn no adi osetie a wɔbɛyɛ ama ɔman no anim nti.”

Esiane eyinom nti, aban ahorow bi de wɔn nsa ato nyamesom dwumadi so. Emu kakra mma ɔsom biara ho kwan koraa. Ɛwom sɛ afoforo kyerɛ sɛ wogyina ɔsom mu ahofadi akyi de, nanso wɔhyɛ nyamesom mu dwumadi ahorow nyinaa so katee.

Sɛ nhwɛso no, susuw tebea a ɛkɔɔ so wɔ Mexico mfirihyia pii no ho hwɛ. Ɛwom sɛ Ɔman Mmara no de nyamesom mu ahofadi hokwan mae de, nanso ɛkae sɛ: “Asɔredan a ɔmanfo som wom no yɛ Ɔman a Aban no gyina n’anan mu no agyapade, wɔn na wɔbɛkyerɛ nea ɛsɛ sɛ wɔkɔ so de di dwuma wɔ saa kwan no so.” Wɔ 1991 mu no, wɔyɛɛ nsakrae wɔ Ɔman Mmara no mu de saa anohyeto no baa awiei. Nanso nhwɛso yi kyerɛ sɛ wobetumi akyerɛ nyamesom mu ahofadi ase wɔ akwan horow pii so wɔ nsase pii so.

Nyamesom mu Ahofadi Foforo Bi

So nyamesom mu ahofadi wɔ ɔman a wote mu no mu? Sɛ saa a, wɔkyerɛ ase dɛn? So wubetumi asom Onyankopɔn wɔ ɔkwan a wopɛ so, anaa wɔhyɛ wo sɛ kɔ Ɔman asɔre? So wɔma wo kwan ma wokenkan nyamesom ho nhoma na wokyekyɛ, anaasɛ aban no abara nhoma a ɛtete saa? Wubetumi aka wo gyidi ho asɛm akyerɛ afoforo, anaasɛ wobu eyi sɛ nea wɔde sɛe nyamesom hokwan a wɔwɔ?

Nsɛmmisa yi ho mmuae gyina faako a wote so. Nanso anigyesɛm ne sɛ nyamesom mu ahofadi bi wɔ hɔ a ennyina faako a wote so koraa. Bere a na Yesu wɔ Yerusalem wɔ 32 Y.B. no, ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Sɛ motra m’asɛm mu a, moyɛ m’asuafo ampa; na mubehu nokware no, na nokware no bɛma moade mo ho.”—Yohane 8:31, 32; NW.

Asɛm a Yesu kae yi kyerɛ dɛn? Na Yudafo a wɔretie no no kɔn dɔ sɛ wɔde wɔn ho fi Romafo nniso ase. Nanso ɛnyɛ amammui mu nhyɛso mu ahofadi ho asɛm na na Yesu reka. Mmom no, na ɔrehyɛ n’asuafo no biribi a eye kyɛn so ho bɔ, sɛnea yebehu wɔ asɛm a edi so no mu no.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena