Afoforo Ho Koma A Wonni—Efi Tete De Besi Nnɛ
PUU . . . puu . . . puu. Wɔde dade no bobɔɔ Jean Calas nkwaa ne ne koko so denneennen. Afei wɔde ne nipadua a ayɛ gɔsɔɔ no too teaseɛnam bi a apɔnkɔ retwe so wɔ aguabɔbea bi wɔ Toulouse, wɔ France kesee fam. Ɛno akyi no wɔde ogya hyew no ma ɔdanee nsõ.
Calas wui wɔ teaseɛnam no so sɛ obi a wɔabu no fɔ sɛ ɔyɛ owudifo. Ɛda a edi eyi anim, March 9, 1762 mu no, wohui sɛ saa Huguenot (Franse Protestantni) yi di fɔ sɛ wakum ne babarima sɛnea ɛbɛyɛ a ɔrennan mma Katoleksom mu. Wɔyɛɛ awufosom kɛse de hyɛɛ Calas ba yi anuonyam sɛ Katolekni mogyadansefo.
Nanso, na Franseni nyansapɛfo Voltaire susuw sɛ Calas yɛ obi a Katolekfo annya ne ho koma. Bere a wada no adi sɛ Calas ba no ankasa na okum ne ho akyi no, ɔmaa mfirihyia abiɛsa ɔsatu bi kɔɔ so wɔ Europa nyinaa a na ɔde rekanyan ɔmanfo adwene wɔ ho. Ɔkwan a Voltaire faa so no yɛɛ yiye. Awiei koraa no, otumi nyaa Franse aban mpanyimfo ma wɔsan hwehwɛɛ asɛm no mu bio, na wɔ March 9, 1765 mu no, wobuu Calas bem, ɛwom sɛ na wawu de. Saa asɛm a ɛda adi pefee sɛ na wɔde retie adwemmɔne a wɔwɔ wɔ Franse Protestantfo ho no bɛyɛɛ nneɛma a wiase no ani gyee ho no mu biako. Ɛno na ɛmaa Voltaire kyerɛw ne nhoma a agye din kɛse a wɔfrɛ no Treatise on Toleration no.
Afoforo ho Koma a Wonni—Eye anaasɛ Enye
Nnipa kakraa bi na wɔbɛbɔ mmɔden sɛ wɔbɛka sɛ nyamesom mu adwemmɔne ne awudi a afoforo ho koma a wonni de ba no yɛ nea eye. Nanso wɔ tebea horow binom mu no, afoforo ho koma a wonnya nso wɔ n’afã a eye. Awudi, korɔnbɔ, mmonnaato ne afoforo a wɔkyere wɔn sie nyinaa yɛ nneɛma a wobu sɛ ɛyɛ nea wɔrentumi nnya ho koma wɔ aman ahorow pii so, na ɛte saa nso. Na saa ara na ɛte wɔ bere a atwam no mu, sɛ ɛba nyamesom ho nsɛm mu a. Bere a ɔde Mmara Nsɛm Du no rema Israel man no, Yehowa Nyankopɔn kaa n’ankasa ho asɛm sɛ ɔyɛ “Onyankopɔn ninkufo.” (Exodus 20:5) Esiane ɛno nti, Onyankopɔn nkurɔfo annya atoro anyame ho koma. (Numeri 25:11-13; hwɛ 2 Ahene 10:16 nso.) Enti ná atoro som yɛ bɔne a anibere wom kɛse.
Nanso, mma wo werɛ mfi sɛ, sɛ́ Amansan Hene no, Onyankopɔn wɔ hokwan sɛ ɔkyerɛ nea ɔbɛpene so ne nea ɔrempene so wɔ nsɛm a ɛfa nyamesom ho mu. Nnipa nni saa hokwan yi. Enti bere a lsraelfo kunkum Kanaanfo a na wɔsom adaemone no, wɔyɛɛ saa wɔ ɔsoro ahyɛde ase. (Genesis 15:16; Exodus 23:23, 24) Nanso, Onyankopɔn anka ankyerɛ Israelfo no sɛ wɔmfa asase ne po so na wɔmpopa atoro som mfi hɔ wɔ asase afoforo so. Saa nso na wamfa tumi amma Kristofo asafo no sɛ wonkunkum wɔn a wonnye nni.
Enti afoforo ho koma a wonni a ɛma wokum Jean Calas—ne nnipa afoforo ɔpepem pii no—mfi Onyankopɔn. Ebia ebinom bɛka sɛ, ‘Nanso wiase no agyae afoforo ho koma a wonni a ɛte sɛɛ no.’ Dɛn na abakɔsɛm kyerɛ? Ɛyɛɛ dɛn na afoforo ho koma a wonnya fii ase? So biribi wɔ hɔ a enti wobetumi agye adi sɛ ɛbɛsan aba bio anaa?
Wɔn a Wɔretaa Wɔn Ba Bɛyɛ Ataafo
Adwen horow a ɛne “nyamesom mu ahofadi” ne “sɛ́ ɛsono Asɔre na ɛsono Ɔman” yɛ nea na onni hɔ tete no. Mpɛn pii na wobu tete sodifo ahorow no sɛ anyame atitiriw no asɔfo anaasɛ wɔn ankasa yɛ anyame. Nnipa a wodii wɔn so nkonim no dan kɔsom wɔn a wodii wɔn so no anyame ahorow, anaasɛ wɔmaa wɔn kwan ma wɔkɔɔ so som wɔn anyame ahorow. Nokwarem no na nnipa no taa som anyame koro no ara a ɛsono din ahorow a wɔde frɛ wɔn wɔ mmeae ahorow.
Nanso na ɛnte saa wɔ Yudafo man a wodii wɔn so nkonim no fam. Bere a wɔn man no hwee ase wɔ 607 A.Y.B. mu akyi no, Yudafo a na wɔabɔ wɔn ahwete a wɔnnɔɔso no de wɔn nyamesom a na ɛhwehwɛ sɛ wɔma wɔn kwan ma wɔsom wɔn Nyankopɔn no sɛnea wɔn nyamesom mmara horow te no haw nniso ahorow a na wɔhyɛ wɔn ase no. Dɛn na ɛde bae? Ɛde ɔtaa a emu yɛ den bae mpɛn pii. Nanso, bere a Kristosom bae no, ɛte sɛnea Yudafo no ankasa werɛ fii wɔn amanehunu ahorow no, na wɔbɛyɛɛ wɔn a wɔtaa Kristo akyidifo no denneennen.—Asomafo no Nnwuma 3:14, 15; 4:1-3; 8:1.
Kristofo nso dii nhwɛso a ɛyɛ awerɛhow yi akyi. Mfiase no wohuu amane wɔ Yudafo a wɔannya wɔn ho koma no nsam. Ankyɛ na wohyiaa ɔsɔretia fii mmeae afoforo nso. Pow a wɔpowee sɛ wɔrensom abosonsomfo anyame anaa aman sodifo ahorow a wɔayɛ wɔn anyame no maa ntawntawdi bɛdaa tete Kristofo no ne Roma Ahemman no tumidifo ntam.
Bere a bere kɔɔ so no ɛbɛyɛɛ bɔne a anibere wom kɛse sɛ obi de Kristo din bɛto ne ho so, na wokunkum Kristofo pii. Ɔtaa ahorow a emu yɛ den kɔɔ so araa kosii 313 Y.B. mu, bere a esiane amammuisɛm mu ntease horow nti Ahempɔn Licinius ne Constantine yɛɛ mmara a ɛne Edict of Milan a ɛma wɔpenee nyamesom so wɔ Roma Ahemman no mu no. Akyiri yi Constantine yɛɛ “Kristosom” ɔsom a wɔagye atom wɔ Roma Ahemman no mu—mmɔden kɛse a ɔbɔe sɛ ɔbɛka ahemman a emu repaapae no abom denam abosonsom ne Kristosom a ɔbɛka abom so no.
Nanso, “Kristosom” mu paapae bɛyɛɛ akuw horow a wɔne wɔn ho wɔn ho nka. Nkurow ahorow abien a ɛne Byzantium (wɔfrɛɛ no Konstantinople akyiri yi) ne Rome mu biara peree sɛ ɛhɔ na nokware asɔre no fi. Emu biara annya wɔn a na wɔne wɔn adwene nhyia wɔ gyidi mu no ho koma. Wɔn a wɔretaa wɔn no aba abɛyɛ ataafo.
Nya a Katolekfo Annya Afoforo ho Koma
Katolek asɔre mmara no ka sɛ: “Egyina hɔ pintinn na akyinnye biara nni ho sɛ obusufo anaasɛ obi a ɔde mpaapaemu ba biara ne ɔbonsam ne n’abɔfo no benya afã wɔ ogya a ɛredɛw daa no mu, gye sɛ ansa na ne nkwa bɛba awiei no ɔsan de ne ho bɛbɔ Katolek Asɔre no na wogye no tom.” Na ɛde besi nnɛ nokwaredi ma Roma Katolek asɔre no ho ntam a asɔfo mpanyimfo no ka ne sɛ: “Mede m’ahoɔden nyinaa bɛtaa abusufo na mako atia wɔn.” Enti wɔde afoforo ho koma a wonni hyɛɛ Katolekfo adwene mu. Nanso ɛrekyerɛ sɛ saa su yi ye no, Fransefo nhoma a agye din yiye Dictionaire de Théologie Catholique no ka sɛ: “Esiane sɛ ɛyɛ nokware a wɔada no adi no, ne gyidi ne abrabɔ pa ahorow kwankyerɛfo nti, asɔre no rentumi nnya nkyerɛkyerɛ biara a enye mma gyidifo no gyidi a ɛretrɛw no ho koma.”
Enti Katolek Asɔre no sɔre tia “abusufo” mpɛn pii, wobu wɔn atɛn na afei wɔde wɔn hyɛ wiase atumfo no nsa ma wɔtwe wɔn aso. The New Encyclopaedia Britannica no kyerɛw sɛ: “Wɔ tete asɔre no mu [wɔ Constantine akyi]—titiriw wɔ ɔhempɔn Theodosius akyi wɔ afeha a ɛto so anan no awiei mu hɔ no—abususɛm bɛyɛɛ bɔne a anibere wom kɛse a ɔman no de ho asotwe ma. Wobuu obi a ɔyɛ asɔre no tamfo sɛ ɔyɛ ahemman no tamfo nso. Enti wɔ asɔfo mpanyimfo no nhyiam horow ase wɔ afeha a ɛto so anan kosi awotwe no mu no, wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛka sɛ wɔn a wɔyɛ akyinnyegyefo karaa bi a wɔwɔ hɔ no yɛ abusufo, na wɔayi wɔn afi hɔ sɛ ɔman no atamfo.”
Asɔre no de wiase atumfoɔ no dii dwuma nso de daa koma a wonni wɔ Yudafo, Nkramofo, Catharifo ne Albigensefo (wokunkum wɔn wɔ “ɔko kronkron” bi mu wɔ Franse kesee fam wɔ afeha a ɛto so 13 no mfiase mu hɔ) , abusufo ne Europa Protestantfo ho no adi. Ampa, “wiase no nkrante” na wɔde hwiee mogya yi mu dodow no ara gui. Nanso wɔ ne mmara Unam Sanctam a ɔyɛe wɔ 1302 mu no mu no, Paapa Boniface VIII no hyɛe sɛ ɛsɛ sɛ wɔde “wiase nkrante” no hyɛ asɔre no “honhom fam nkrante” no ase ma “ɛyɛ adwuma ma asɔre no . . . wɔ honhom mu tumi no akwankyerɛ ase.” (The Catholic Encyclopedia Po 15, kratafa 126) Enti Katolek Asɔre no rentumi nguan mfi mogya a esiane ne botae a ɛne nni a enni nyamesom afoforo ho koma nti wama wɔahwie agu ho asodi no ho.
Nya a Protestantfo Annya Afoforo ho Koma
Nanso, ɛnyɛ Katolek Asɔre no nko na antumi annya nyamesom afoforo ho koma. Bere a ɔsɔfo John Calvin di wɔn anim no, Protestanfo nso yɛɛ atirimɔdenne ahorow. Protestantni abakɔsɛm kyerɛwfo Philip Schaff a wɔwoo no wɔ Switzerland no gye toom sɛ: “Nea ɛyɛ animguase kɛse ma Protestant asɔreasɔre no, nyamesom afoforo ho koma a wonni ne mpo afoforo a wɔtaa wɔn kodu owu mu kɔɔ so bere tenten wɔ Nyamesom mu Ɔsesɛw no akyi. Wɔ Geneva no, ɔman ne asɔre no de nkyerɛkyerɛ bɔne no dii dwuma, na mpo wɔyɛɛ nkurɔfo ayayade na wogyee adanse ahorow a mmofra di tiaa wɔn awofonom no toom a na ɛyɛ nea Calvin pene so.” Na bere a Jérome Bolsec ne Michael Servetus sɔre tiaa ne nkyerɛkyerɛ ahorow a ɛfa nkrabea ne Baasakoro ho no, Calvin ma wɔpamoo Jérome Bolsec fii Geneva na ɔma wɔkyeree Michael Servetus na wodii n’asɛm sɛ obusufo. Wɔhyew Servetus wɔ dua so. Wɔhyew “abusufo” afoforo nso wɔ Calvinfo Geneva hɔ a na Protestantfo asɔfo te sɛ Theodore Beza pene so.
Martin Luther nso kyerɛe sɛ onni afoforo ho koma. Ɛnyɛ sɛ ɔbɛyɛɛ “obi a ɔsɔre tia Yudafo kɛse” nko, na mmom ɔma wɔhyew “abayifo” baanan wɔ Wittenburg.
Ankyɛ na nyamesom mu akodi ahorow a ɛyɛ hu paapae Franse ne Germane mu wɔ afeha a ɛto so 16 ne 17 no mu—Katolekfo ne Protestantfo nyinaa yɛɛ atirimɔdenne ahorow.
Koma a Wiase no Nni wɔ Afoforo ho Mfiase
Ebia wobɛka sɛ, ‘Nanso onipa asua biribi wɔ ne kan mfomso ahorow a ɔyɛe no mu.’ Na, ampa, asɔreasɔre no anya afoforo ho koma kɛse akyiri yi sen kan no. Nanso, sɛnea The New Encyclopedia Britannica ka no: “Koma a na Kristosom nni wɔ afoforo ho ne akwan afoforo a ɛfaa so (sɛ nhwɛso no, hyɛ a wɔhyɛ afoforo sɛ wɔnka wɔn bɔne a wɔayɛ, anaa afoforo adwene a wɔsɛe no) yɛ agyapade a edi dwuma wɔ koma a wonni wɔ afoforo ho wɔ nnɛyi amansɛmdi mu ɔman anidan ahorow mu no mu.”
Yiw, bere a wɔ nneɛma ahorow binom mu no koma a wonni wɔ nyamesom afoforo ho no kɔ fam wɔ Kristoman mu no, koma a wonni wɔ amammui ne mmusua horow ho da so wɔ yɛn awo ntoatoaso yi mu. Ampa, koma a wiase no nni wɔ afoforo ho yi yɛ “Kristofo [a wɔawae] koma a wonni wɔ afoforo ho no agyapade.” Nazi Ɔsɛe, anaasɛ Yudafo bɛyɛ ɔpepem 6 a wokunkum wɔn no yɛ eyi ho nhwɛso biako. Na wɔkyerɛ sɛ Hitler kae sɛ koma a na onni wɔ Yudafo ho no yɛ nea eye, sɛ: “Ɔkwan koro no ara a Katolek asɔre no faa so mfirihyia 1500 no so na menam.” Wɔ Hitler akyi no, katabaakofo afoforo de adwene a wɔsɛe no ne nipadua mu ayayadeyɛ ahorow adi dwuma de ako atia wɔn a wɔyɛ “abusufo” wɔ amansɛmdi mu adwen horow mu no. Sɛ nhwɛso no, Yehowa Adansefo ahu amane mpɛn pii wɔ koma a afoforo nni wɔ wɔn ho a ɛte sɛɛ no mu esiane afã biara a wonni wɔ amammuisɛm mu no nti. Wɔ Cuba no woyii ɔdansefo biako ho nyinaa na wɔde nnade bi a nsɔe bobɔ ano kyekyeree no na wɔde no too ɔdan atifi sɛ ntontom nwe no. Wɔ ɔman foforo so no, wɔkyeree Adansefo baanum na wohunahunaa wɔn, hwee wɔn nna dodow bi. Ná ɛsɛ sɛ wɔde wɔn mu biako kɔto ayaresabea esiane sɛnea na wapira no nti. Wɔ aman ahorow abiɛsa so wɔ Afrika kusuu fam apuei no, wɔkyekyeree Adansefo no. (Wɔn mu bɛyɛ ɔha biara mu 5 wɔ ɔman biako so!) Wɔyɛɛ pii ayayade, na wokum baasa mpo. Yiw, ammmui sodifo ahorow a wɔyɛ katee asua pii afi asɔreasɔre no hɔ wɔ sɛnea wɔma asɔretiafo ka wɔn ano tom no mu.
Nanso so ebetumi aba sɛ asɔreasɔre no ankasa bɛba abɛyɛ nea wiase no nni wɔn ho koma? Wɔn ho koma a wɔka sɛ wɔwɔ no yɛ nea emu yɛ den dɛn wɔ yɛn bere yi mu? Na Kristofo biakoyɛ no nso ɛ? So ɛyɛ afoforo ho koma kɛse a wɔrenya ho sɛnkyerɛnne anaasɛ ɛyɛ anibiannaso kɛse wɔ nyamesom ho ara kwa? Awiei koraa no, ɔkwan bɛn so na eyi nyinaa ka yɛn sɛ ankorankoro? So ebetumi ayɛ yiye sɛ wobenya nyamesom mu gyidi ahorow a emu yɛ den a afoforo ho koma a wonni nka ho? Yebesusuw nsemmisa yi ho wɔ asɛm a edi so yi mu.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 6]
‘Agyapade a ɛne afoforo ho koma a Kristofo nni no di dwuma wɔ akwan horow a nnɛyi ɔman anidan ahorow fa so no mu’
[Kratafa 4 mfoni]
Voltaire nhoma Treatise on Toleration, Paris, 1763 de a edi kan no nnianim asɛm