Ɛyɛɛ Dɛn Na Etumi Bae?
ABAKƆSƐM mu nsɛm a ɛne ne ho bɔ abira no mu biako ne sɛ nsɛmmɔne a ɛsen biara a wɔadi atia adesamma abusua no mu bi—nea nsɛmmɔnedi a ɛkɔɔ so wɔ afeha a ɛto so 20 yi mu adwumayɛban mu nkutoo na ɛne no yɛ pɛ—no, yɛ nea Dominican ne Franciscanfo nkokorafo a na wɔyɛ nyamesom kuw abien a wɔkyerɛ sɛ wɔahyira so ama ka a wɔde bɛka Kristo asɛm a ɛne ɔdɔ ho asɛm no mufo na wodii.
Ɛyɛ den sɛ wobɛte sɛnea ɛyɛe a asɔre a egye asɛm a efi honhom mu a ɛne, “Na wɔn a wɔpɛ sɛ wɔde onyamesompa tra ase Kristo Yesu mu nyinaa, wɔbɛtaa wɔn” no tom ankasa betumi abɛyɛ ɔtaafo no ase. (2 Timoteo 3:12) Ɛyɛɛ dɛn na etumi bae?
Nea edi kan no, Katolekfo nkyerɛkyerɛ na ɛma ɛbae. Ɔkwan bɛn so? Katolekni “Ɔkronkroni” Augustine asɛm a agye din no betumi atwa no tiaa: “Salus extra ecclesiam non est” (Wɔ asɔre no akyi no, nkwagye nni baabiara) . Nnansa yi A History of Christianity a Paul Johnson kyerɛwee no ka Augustine ho asɛm sɛ: “Ɛnyɛ sɛ ɔpenee ɔtaa so nko na mmom ɔbɛyɛɛ ho ɔkyerɛkyerɛfo nso; na nsɛm a ɔde yii ne ho ano ne nea akyiri yi wɔde Atirimɔden Asenni no anoyi gyinaa so.”
Wɔ afeha a ɛto so 13 no mu no, “Ɔkronkroni” Thomas Aquinas a wɔfrɛ no sɛ ɔbenfo a ɔte sɛ ɔbɔfo hyɛe sɛ wonkum nkurɔfo sɛ ɔsom mu atuatew ho asotwe. The Catholic Encyclopedia kyerɛkyerɛ eyi mu .na ɛka sɛ: “Asɔfo ne atemmufo de wɔn nneyɛe gyinaa nsɛdi a ɛwɔ ɔsom mu atuatew ne aban ase a wotutu no mu no so koduu baabi.” Nhoma koro no ara gye tom sɛ: “Enti, akyinnye biara nni ho sɛ Asɔre no kae sɛ ɛwɔ hokwan sɛ ɛde ɔhyɛ di dwuma de tia awaefo.”
Nokwarem no, “hokwan” a asɔre no wɔ sɛ ɛbɛyɛ atuatewfo ayayade na ahyew wɔn no yɛ ade a ɛyɛ hu a afi hell ne ahodwiragya nkyerɛkyerɛ a ennyina kyerɛwsɛm so no mu aba. Asɔre no yɛɛ nkurɔfo ayayade wɔ Onyankopɔn a wɔkae sɛ ɔyɛ nkurɔfo ayayade de guu ne ho fi no din mu.—Fa toto Yeremia 7:31; Romafo 6:23 ho.
Ade foforo nti a ɛma wotumi hyehyɛɛ Atirimɔden Asenni no ne amammuisɛm a Asɔre no de ne ho hyeem kɛse no. Nokwarem no, na mfinimfini mmere no mu Europafo yɛ sodifo atirimɔdenfo a Asɔre ne ɔman no yɛɛ biako wɔ sɔre a wɔsɔre tiaa obiara a na ɔkasa tia ɔsɔfo anaasɛ ɔhene bi no mu bere a wɔne wɔn ho wɔn ho si akane no. Atirimɔden Asenni no fi saa awaresɛe abusuabɔ yi mu na ɛbae. Yɛkenkan wɔ fransefo Encyclopedia Universalis no mu sɛ: “Sɛ ɛnyɛ aban no na ɛde nneɛma a ehia Atirimɔden Asenni no maa no na edii asotwe no ho dwuma a, anka ɛrentumi nyɛ n’adwuma no.”
Ɛnyɛ sɛ yɛreka sɛ Protestantfo ho nni asɛm. Abakɔsɛm mu kyerɛwtohɔ a wɔankyerɛ animhwɛ biara wom kyerɛ sɛ Protestantfo nso annya afoforo ho koma te sɛ Katolekfo ara wɔ mmere ahorow bi mu. Wɔn nso wodii atirimɔdensɛm wɔ Kristo din mu na wɔhyew atuatewfo wɔ dua ho a na ɛnam aban no mmoa so mpɛn pii. Protestantfo dii atirimɔdensɛm esiane atirimpɔw koro no ara nti: Protestantfo nso yɛ nyamesom nhyehyɛe a ɛde daa ayayade a Onyankopɔn yɛ nkurɔfo nkyerɛkyerɛ a ennyina kyerɛwsɛm so aka ne nkyerɛkyerɛ ho a akɔ so akura honhom mu abusuabɔ a ɛho ntew a ɛne nniso horow wɔ no mu wɔ mfehaha pii a atwam no mu no fã.
Nnɛyi Agyapade
So wobetumi ahyehyɛ Atirimɔden Asenni no bio? Dabi, wɔrentumi nyɛ saa wɔ nnɛ bere a adesamma abusua no ani nnye nyamesom ho yi mu. Nanso The New Encyclopedia Britannica ka asɛm a ɛyɛ anigye yi: “Nea afi afoforo ho koma a Kristofo nni ne akwan ahorow a wɔnam so de dii dwuma no mu aba (sɛ nhwɛso no, atirimɔden asenni ne nsɛm a wɔka de dan adwene) no yɛ nea wɔda so ara de di dwuma wɔ nnɛyi ɔman anidan amammui adwene a enni afoforo ho koma ne ɔkwan a wɔnam so no mu.”
Yiw, “nea afi afoforo ho koma a Kristofo nni no mu ne akwan ahorow a wɔnam so de dii dwuma no mu aba” no yɛ nea nnɛyi nniso ahorow no de di dwuma wɔ aman ahorow bi mu no, amammui tumi horow no de akwan ahorow a ɛte sɛ nea Atirimɔden Asenni no faa so no adi dwuma de atia Katolek Asɔre no ananmusifo dedaw. Eyi yɛ biribi a ɛbɛba wɔn so akyiri yi ho kɔkɔbɔ.
Bible no kyerɛ sɛ “wiase ahene’ anaasɛ wiase sodifo a saa wiase nyamesom no ne no abɔ honhom mu “aguaman” no bɛsɔre atia wiase atoro som ahemman a wɔde “Babilon Kɛse” ayɛ no ho mfonini no. (Adiyisɛm 17:1-6) Ne ho a ɔde hyehyɛ wɔn amammuisɛm mu no bɛma ne ho afono wɔn. ‘Wɔbɛma wada adagyaw, na wɔadi ne nam, na wɔde ogya ahyew no.’ (Adiyisɛm 17:12, 16-18) Enti wɔtwe n’aso wɔ mogya a wahwie agu denam nyamesom mu mmeamudua ho akodi ne atirimɔden asenni so no ho.—Adiyisɛm 18:24; 19:2.
Enti ɛbɛyɛ papa sɛ Katolek ne Protestantfo koma pafo a wɔn ani awu sɛ wɔda so ara ka nyamesom nhyehyɛe a aka mogya a edi bem pii agu no ho nyinaa gye Onyankopɔn frɛ no so: “Me man, mumfi ne mu, na moanyɛ ne nnebɔne no bi, na moannya ne haw no bi.”—Adiyisɛm 18:4.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 24]
Hokwan a asɔre no wɔ sɛ ebetumi ayɛ atuatewfo ayayade na ahyew wɔn no yɛ ade a ɛyɛ hu a afi hell ne ahodwiragya nkyerɛkyerɛ a ennyina kyerɛwsɛm so no mu aba