“Ɔsom mu Ɔwaefo” Asɛnni ne Ne Kum
Efi Nyan! Kyerɛwfo A Ɔwɔ Italy Hɔ
ATEMMUFO pon kɛse no si asɛnnibea dan a emu yɛ hu no fã bi. Ntama tuntum bi kata guamtrani no agua a esi mfinimfini no so, na mmeamudua kɛse bi a wohu no yiye wɔ ɔdan no mu baabiara si so. Anim na adaka no si.
Sɛɛ na wɔkaa Katolekfo Atirimmɔden Asɛnni bɔne no ho asɛm mpɛn pii. Sobo a ɛyɛ hu a wɔbɔɔ nea na wanya asɛm a n’asɛm yɛ mmɔbɔ no ne sɛ ɔyɛ “ɔsom mu ɔwaefo,” asɛm a nea ɛma obi kae ara ne hyew a wɔhyew obi animono so yɛ no ayayade kum no no. Atirimɔden Asɛnni (a efi Latin adeyɛ asɛm inquiro, “sɛ wɔhwehwɛ biribi mu” mu), asɔre asɛnnibea a wɔhyehyɛe sɛ wɔde retu ɔsom mu ɔwae, a ɛne adwene ne nkyerɛkyerɛ ahorow a ɛne Roman Katolek nkyerɛkyerɛ nhyia no, ase.
Katolekfo nhoma bi ka sɛ wɔyɛɛ ho nhyehyɛe nkakrankakra. Pope Lucius III na ɔhyehyɛɛ Atirimɔden Asɛnni no wɔ Verona Bagua ase wɔ 1184 mu, na wɔyɛɛ nsakrae de siesiee ne nhyehyɛe ne ne dwumadi ahorow—sɛ na pope afoforo betumi de asɛm a ɛte saa aka ahyehyɛde a ɛyɛ hu saa ho asɛm ma afata a. Wɔ afeha a ɛto so 13 mu no, Pope Gregory IX hyehyɛɛ atirimɔden asɛnnibea ahorow wɔ Europa afã pii.
Sodifo Ferdinand ne Isabella na wɔmaa Pope Sixtus IV de ne tumi hyehyɛɛ Spania Atirimɔden Asɛnni wɔ 1478 mu. Wɔhyehyɛe sɛ wɔde retu Marranofo, Yudafo a wɔyɛɛ wɔn ho sɛ Katolekfo de guan ɔtaa; ne Moriscofo, Nkramofo a esiane asɛnkoro no ara nti wɔdanee Katolekfo; ne Spain ɔsom mu awaefo ase. Esiane Spain atirimɔden asɛnni mu otitiriw a odi kan, Tomás de Torquemada, a na ɔyɛ Dominican kokorani no kateeyɛ nti, ɔbɛyɛɛ Atirimɔden Asɛnni no mu nnipa a wonye koraa no mu biako.
Wɔ 1542 mu no, Pope Paul III hyehyɛɛ Romafo Atirimɔden Asɛnni a na ɛhwɛ di Katolekfo a wɔwɔ wiase nyinaa nsɛm. Ɔpaw asɛnnibea titiriw a wɔtoo din Roma Asafo Kronkron ne Amansan Nhwehwɛmubea a na asɔfopɔn baasia na wɔhwɛ so, asɔre bagua a ɛbɛyɛɛ “tumidi a ɛyɛ hu a ɛmaa ehu kaa Romafo nyinaa no.” (Dizionario Enciclopedico Italiano) Ɔsom mu awaefo a wokunkum wɔn no maa ehu kaa nkurɔfo a na wɔte nsase a na Katolekfo wɔ tumi wɔ hɔ no.
Ɔsom mu Awaefo Asɛnni ne Wɔn Atemmu
Abakɔsɛm kyerɛ sɛ atirimɔden asɛnnifo no yɛɛ wɔn a wɔbɔɔ wɔn sobo sɛ wɔyɛ ɔsom mu awaefo no ayayade na ama wɔaka nokware. Sɛnea ɛbɛyɛ na wɔabrammram Atirimɔden Asɛnnifo no afobu so nti, Katolek nkyerɛkyerɛmufo ayɛ kyerɛwtohɔ sɛ saa bere no na wɔtaa yɛ nkurɔfo ayayade wɔ wiasefo asɛnnibea ahorow nso. Nanso, so ɛno yɛ asɛm a ɛfata a ɛsɛ sɛ asɔfo a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristo ananmusifo gyina so bu wɔn ho bem wɔ adeyɛ a ɛte saa ho? So anka ɛnsɛ sɛ wɔda ayamhyehye a Kristo yii no adi kyerɛɛ n’atamfo no adi? Sɛ yesusuw asɛm yi ho yiye a, asɛm biako pɛ na yebebisa: So anka Kristo Yesu bɛyɛ wɔn a wɔne no anyɛ adwene wɔ ne nkyerɛkyerɛ ho no ayayade? Yesu kae sɛ: “Monnɔ mo atamfo, monyɛ wɔn a wɔtan mo yiye.”—Luka 6:27.
Atirimɔden Asɛnni no ne wɔn a wɔbɔɔ wɔn sobo no anni no trenee so. Na atirimɔden asɛnnifo no tumi a wɔwɔ wɔ asɛnni mu no nni ano. “Na nsusuwii bɔne, sobo ahorow, ne atesɛm mpo dɔɔso ma atirimɔden ɔsɛnnifo sɛ ɔbɛtwe obi akɔ n’anim.” (Enciclopedia Cattolica) Italo Mereu a ɔyɛ mmara ho abakɔsɛm kyerɛwfo si so dua sɛ ɛyɛ Katolekfo asɔfo mpanyimfo no ankasa na wɔde atirimɔden asɛnni nhyehyɛe no ho adwene bae na wɔde dii dwuma, na wogyaee sɛnea na wɔbɔ afoforo sobo tete a Romafo na wɔde bae no. Na Romafo mmara hwehwɛ sɛ ɔnototofo no tumi kyerɛ sɛ n’asɛm no yɛ nokware. Sɛ na adwenem naayɛ bi wɔ ho a, na ɛyɛ papa sɛ wogyae onii no sen sɛ wobebu obi a ne ho nni asɛm fɔ. Katolek asɔfo mpanyin no sesaa nnyinasosɛm titiriw yi yɛɛ no sɛ adwemmɔne a wonya wɔ obi ho no kyerɛ afodi, na ɛyɛ onipa a wɔabɔ no sobo no na ɛsɛ sɛ ɔkyerɛ sɛ ne ho nni asɛm. Wɔanna nkurɔfo a wodi adansekurum (wɔn a wɔka nsɛm gu afoforo so) no adi, na na sɛ nea wɔabɔ no sobo no wɔ mmaranimfo bi a ɔredi n’asɛm ama no, na sɛ otumi gyina nea wɔkyerɛ sɛ ɔyɛ ɔsom mu ɔwaefo no akyi ma odi bem a, obetumi anya dimmɔne, na ne dibea betumi afi ne nsa. Enciclopedia Cattolica gye tom sɛ, “ne saa nti wɔn a na wɔbɔ wɔn sobo no nni ahobammɔ. Na nea mmaranimfo no betumi ayɛ ara ne sɛ ɔbɛka akyerɛ mmaratofo no sɛ ɔnka nokware!”
Asɛnni no duu ne mpɔmpɔn so wɔ ɔsom mu auto-da-fé, Portugal kasa mu asɛmfua a ɛkyerɛ “gyidi no ho adeyɛ” no mu. Na ɛno ne dɛn? Ɛho mfonini ahorow da no adi sɛ nkurɔfo a asɛm too wɔn a wɔbɔɔ wɔn sobo sɛ wɔyɛ ɔsom mu awaefo no bɛyɛɛ guasodeyɛ a ɛyɛ hu. Dizionario Ecclesiastico kyerɛkyerɛ ɔsom mu awaefo atemmu mu sɛ ɛyɛ “baguam mpata a ɔsom mu awaefo a wɔabu wɔn kumfɔ ne wɔn a wɔanu wɔn ho yɛ” bere a wɔakenkan wɔn afobusɛm akyerɛ wɔn awie no.
Na wotu ɔsom mu awaefo afobu ne wɔn kum no hyɛ da na ama wɔatumi aka pii abom ayɛ guasodeyɛ a ɛyɛ hu no mprenu afe anaa nea ɛboro saa. Wɔmaa ɔsom mu awaefo too santen wɔ bɛhwɛadefo a wɔkyerɛɛ ahude ne ayayade a wɔde yɛɛ wɔn no ho anigye no anim. Wɔmaa wɔn a wɔabu wɔn fɔ no foro gyinaa apa so wɔ baguam, na wɔde nne kɛse kenkan wɔn afobusɛm kyerɛe. Wɔn a na wɔtwe san, kyerɛ sɛ, wogyae ɔsom mu awaefo nkyerɛkyerɛ mu no, na wɔne wɔn nnyae ɔsom mu fekubɔ, na na wɔtwe wɔn aso wɔ akwan pii so, a afiase a wɔde wɔn gu afebɔɔ ka ho. Ná wɔde wɔn a wɔantwe ansan, na akyiri koraa na wɔka wɔn bɔne kyerɛ ɔsɔfo bi no ma wiase atumfoɔ ma wotim wɔn mene, sɛn wɔn, anaasɛ wotwa wɔn ti, na wɔhyew wɔn. Ná wɔhyew wɔn a wonnu wɔn ho no animono so. Na okum no ankasa ba so akyiri yi, wɔ guasodeyɛ foforo ase.
Na wɔde Romafo Atirimɔden Asɛnni no ho nsɛm sie fee. Ɛnnɛ mpo, wɔmma nhomanimfo kwan mma wɔnhwehwɛ ɛho kyerɛwtohɔ mu. Nanso, nhwehwɛmu a wɔde boasetɔ ayɛ ama wɔahu Romafo asɛnnibea ho kyerɛwtohɔ no bi. Dɛn na ɛwom?
Ɔsɔfo Panyin Bi Asɛnni
Wɔwoo Pietro Carnesecchi wɔ Florence wɔ afeha a ɛto so 16 no mfiase, na onyaa nkɔso ntɛmntɛm wɔ n’asɔfodi mu wɔ Pope Clement VII a ɔpaw no sɛ n’ankasa kyerɛwfo no abangua mu. Nanso, Carnesecchi adwuma no baa awiei mpofirim bere a pope no wui no. Akyiri yi, ɔne anuonyamfo ne asɔfo a wɔn nso gyee nkyerɛkyerɛ bi a Protestant Sesɛwfo kyerɛkyerɛe toom no bɔe. Ne saa nti, wɔde no kɔɔ asɛnnibea mprɛnsa. Wobuu no kumfɔ, twaa ne ti hyew ne funu.
Nkyerɛkyerɛmufo ka Carnesecchi afiasenna no ho asɛm sɛ na ɔyɛ teaseawu. Nea ɛbɛyɛ na waka n’anom asɛm no, wɔyɛɛ no ayayade kyenee no kɔm. Ɛkame ayɛ sɛ wɔyɛɛ n’atemmu no ho som wɔ September 21, 1567, wɔ asɔfo mpanyin no nyinaa anim wɔ Rome. Wɔkenkanee Carnesecchi atemmu kyerɛɛ no wɔ apa no so wɔ nnipadɔm no anim. Wɔde amanne ne mpae a wɔbɔ maa wiase asɛnnibea adwumayɛfo a wɔde ɔsom mu ɔwaefo rebɛhyɛ wɔn nsa no sɛ mma wɔnnyɛ no ‘ayayade pii, na wommu no kumfɔ anaasɛ wɔnteetee no’ na ewiei. So na eyi nyɛ nyaatwom mu nyaatwom? Na atirimɔden asɛnnifo no pɛ sɛ wɔtɔre ɔsom mu awaefo ase, nanso bere koro no ara no, wɔyɛɛ wɔn ho sɛ nea wɔreka akyerɛ wiase atumfoɔ no sɛ wonyi mmɔborohunu adi nkyerɛ wɔn, na wɔnam saayɛ so apopa wɔn aniwu de mogya ho afodi no agu afoforo so. Bere a wɔkenkan Carnesecchi atemmu wiei no, wɔma ofuraa ayitama—a etumi yɛ ntama a ani te sɛ akokɔsrade a wɔayɛ mmeamudua agugu mu ama wɔn a wonu wɔn ho, anaasɛ tuntum a wɔayɛ ogyaframa ne adaemone agugu mu ama wɔn a wonnu wɔn ho. Dadu akyi na na wodi atemmu no ho dwuma.
Dɛn nti na wobuu kan pope kyerɛwfo yi sɛ ɔsom mu ɔwaefo? N’asɛnni no mu nsɛm a wohui wɔ afeha a etwaam no daa no adi sɛ, wobuu no fɔ wɔ sobo 34 a ɛfa nkyerɛkyerɛ a ɔsɔre tiae no ho. Nea na ɛka ho bi ne nkyerɛkyerɛ a ɛfa ahodwiragya, asɔfo ne mmea nkokorafo sigyadi, Awurade adidi ase abodoo ne nsa a wose ɛdan Yesu honam ne mogya ankasa, nhyira, bɔneka, nnuan a wɔbara ne di, bɔnesrɛ, ne “ahotefo” a wɔbɔ wɔn mpae. Sobo a ɛto so awotwe titiriw no yɛ anika. (Hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa 19 no.) Katolek Asɔre no nam kumfɔ a wɔmaa Atirimɔden Asɛnni no buu wɔn a wogye toom sɛ “Onyankopɔn asɛm a waka wɔ Kyerɛw Kronkron mu” nkutoo na ɛsɛ sɛ wogye di no so daa no adi sɛ wonnye ntom sɛ Kyerɛw Kronkron Bible nkutoo ne asɛm a efi honhom mu. Enti ɛnyɛ nwonwa sɛ asɔre no nkyerɛkyerɛ pii nnyina Kyerɛwnsɛm so, na mmom asɔre atetesɛm so.
Osuani Kumaa Bi Kum
Sɛ ɛnyɛ nhwehwɛmu a nhomanimfo pii de nsiyɛ yɛe a, anka wonnim Pomponio Algieri a wɔwoo no wɔ baabi a ɛbɛn Naples wɔ 1531 no asetra ho nsɛm a ɛyɛ tia na ɛka koma yiye a ɛdaa adi bere bi a atwam no. Algieri nam akyerɛkyerɛfo ne sukuufo a wofi Europa mmeae a ɔne wɔn bɔe bere a na ɔresua ade wɔ Padua Sukuupɔn mu no so na obehuu nkurɔfo a wɔfrɛ wɔn ɔsom mu awaefo ne Protestant Sesɛwfo nkyerɛkyerɛ. N’ani begyee Kyerɛwnsɛm no ho kɛse.
Obenyaa gyidi sɛ Bible no nkutoo na efi honhom mu, ne saa nti, ɔpoo Katolek nkyerɛkyerɛ bi te sɛ bɔneka, ahodwiragya, Awurade adidi ase abodoo ne nsa a wose ɛdan Yesu honam ne mogya ankasa, “ahotefo” dima, ne nkyerɛkyerɛ a ɛkyerɛ sɛ pope ne Kristo nanmusini no.
Atirimɔden Asɛnnifo kyeree Algieri dii n’asɛm wɔ Padua. Ɔka kyerɛɛ wɔn a na wɔredi n’asɛm no sɛ: “Mifi me pɛ mu resan akɔda afiase, ebia de bɛkɔ owu mu mpo, sɛ ɛno ne Onyankopɔn pɛ a. Onyankopɔn nam ne hann so bɛma yɛn mu biara ahu hann no yiye. Mede anigye begyina ayayade biara ano Kristo nti, akra a wɔn werɛ ahow Werɛkyekyefo a ɔyɛ pɛ, a ɔne me hann ne me nokware kanea no betumi ayi esum nyinaa afi hɔ.” Bere bi akyi no, Romafo Atirimɔden Asɛnnifo no ma wɔde no baa wɔn anim, na wobuu no kumfɔ.
Bere a Algieri wui no na wadi mfe 25. Da a wokum no wɔ Rome no, wanka ne bɔne annye Adidi Kronkron. Adwinnade a wɔde kum no no yɛ hu sen biara. Wɔamfa nnyina anhyew no. Mmom no, wɔde dadesɛn a nneɛma a ɛdɛw ayɛ no ma—fango, aman, aneneduru—sii apa no so maa nnipadɔm no huu no yiye. Wɔde aberante a wɔakyekyere no no sii mu, na wɔde ogya toom. Wɔhyew no animono so nkakrankakra.
Afobu Foforo a Emu Yɛ Den
Ná Carnesecchi, Algieri, ne afoforo a Atirimɔden Asɛnni no ma wokunkum wɔn no nni Kyerɛwnsɛm no mu ntease a edi mu. Ná nimdeɛ nnya ‘nnɔɔso’ wɔ nneɛma nhyehyɛe yi “awiei bere” mu. Nanso, na wɔwɔ ɔpɛ sɛ wowu ma ‘nokware nimdeɛ’ kakra a na wɔatumi anya afi Onyankopɔn Asɛm mu no.—Daniel 12:4.
Protestantfo mpo a wɔn Sesɛwfo bi ka ho tɔree nkurɔfo a wɔne wɔn anyɛ adwene no ase, denam fam a wɔde wɔn fam dua ho hyew wɔn, anaasɛ ma a wɔde Katolekfo maa wiase atumfoɔ ma wokunkum wɔn so. Sɛ nhwɛso no, ɛwom sɛ na Calvin ani gye tiritwa ho de, nanso ɔmaa wɔhyew Michael Servetus, ɔsom mu ɔwaefo a ɔpoo Baasakoro nkyerɛkyerɛ no, animono so.
Nokwasɛm a ɛyɛ sɛ Katolekfo ne Protestantfo nyinaa taa ɔsom mu awaefo kunkum wɔn no mma wonni bem wɔ saa dwuma a wodii no ho. Nanso asodi foforo a anibere wom da asɔfo mpanyin no so—sɛ wɔkyerɛe sɛ Kyerɛwnsɛm no pene awudi no so, na afei wɔyɛɛ wɔn ade te sɛ nea Onyankopɔn ankasa na ɔhyɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ saa no. So eyi amfa ahohorabɔ amma Onyankopɔn din so? Nhomanimfo bi si so dua sɛ Augustine, Katolek “Asɔre Agya” a wagye din no ne obi a odii kan gyinaa nnyinasosɛm a ɛne “nyamesom” mu ahunahuna, a ɛkyerɛ ɔhyɛ a wɔde ko tia ɔsom mu ɔwae, no akyi. Bere a ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔde Bible bedi dwuma de akyerɛ sɛ adeyɛ no fata no, ɔtwee adwene sii Yesu bɛ a ɛwɔ Luka 14:23 no mu asɛm bi so sɛ: “Kɔhyɛ wɔn na wɔmmra.” Ɛda adi sɛ, na saa asɛm yi a Augustine kyinkyim no no fa ahɔhoyɛ ho, na ɛnyɛ atirimɔden nhyɛso.
Ɛfata sɛ yɛhyɛ no nsow sɛ bere a na Atirimɔden Asɛnni wɔ hɔ mpo no, na wɔn a wɔwɔ ɔsom mu nsɛm ho abotare no kasa tia ɔtaa a wɔde baa ɔsom mu awaefo so no de twee adwene sii awi ne wura ho bɛ no so. (Mateo 13:24-30, 36-43) Na wɔn mu biako ne Desiderius Erasmus a ofi Rotterdam, a ɔkae sɛ Onyankopɔn, afuw Wura no hwehwɛe sɛ wonya ɔsom mu awaefo, wura, no ho abotare. Martin Luther nso yɛɛ mpapahwekwa a wɔne no anyɛ adwene no basabasa, na wokunkum wɔn mu bɛyɛ 100,000.
Bere a yɛahu asodi a ɛda Kristoman asɔre ahorow so sɛ wɔhyɛɛ wɔn a wɔfrɛɛ wɔn ɔsom mu awaefo ɔtaa ho nkuran no, dɛn na ɛsɛ sɛ ɛka yɛn ma yɛyɛ? Akyinnye biara nni ho sɛ, ɛsɛ sɛ ɛma yenya ɔpɛ sɛ yɛbɛhwehwɛ Onyankopɔn Asɛm mu nokware nimdeɛ. Yesu kae sɛ nokware Kristoni agyiraehyɛde bɛyɛ ɔdɔ a ɔwɔ ma Onyankopɔn ne ne yɔnko—ɔdɔ a ɛda adi sɛ ɛremma ɔnyɛ basabasa.—Mateo 22:37-40; Yohane 13:34, 35; 17:3.
[Kratafa 19 adaka]
Sobo Ahorow a Wogyinaa so Buu Carnesecchi Fɔ no Bi
8. “[Woakyerɛ] sɛ ɛnsɛ sɛ yegye biribi foforo biara di ka Onyankopɔn asɛm a waka wɔ Kyerɛw Kronkron mu no ho.”
12. “[Wugye di] sɛ adommenade a ɛne bɔneka no nyɛ de jure Divino [Onyankopɔn mmara], kyerɛ sɛ ɛnyɛ Kristo na ɔde bae, na enni Kyerɛwnsɛm mu, na saa ara na bɔneka biara ho nhia gye nea wɔka kyerɛ Onyankopɔn ankasa nkutoo no.”
15. “Woagye ahodwiragya ho kyim.”
16. “Woabu Maccabees nhoma a ɛka mpae a wɔbɔ ma awufo ho asɛm no sɛ ɛyɛ atoro.”
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 16]
The Complete Encyclopedia of Illustration/J. G. Heck