Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g94 10/8 kr. 8-10
  • Mexico Atirimɔden Asenni No—Ɛkɔɔ so Dɛn?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mexico Atirimɔden Asenni No—Ɛkɔɔ so Dɛn?
  • Nyan!—1994
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɔmamma a “Wɔsakra” Wɔn
  • Atirimɔden Asenni a Wɔde Tia Ɔmamma
  • Atirimɔden Asenni a Wɔde Tia Amamfrafo
  • Wɔde “Tumidi Kronkron” no Si Hɔ
  • Ɛne Kristosom Nhyia Koraa
  • Spania Atirimɔden Asenni No​—Ɛyɛɛ Dɛn Na Etumi Bae?
    Nyan!—1988
  • “Ɔsom mu Ɔwaefo” Asɛnni ne Ne Kum
    Nyan!—1997
  • Atirimɔden Asenni A Ɛyɛ Hu No
    Nyan!—1986
  • Ɛyɛɛ Dɛn Na Etumi Bae?
    Nyan!—1986
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1994
g94 10/8 kr. 8-10

Mexico Atirimɔden Asenni No—Ɛkɔɔ so Dɛn?

FA NO sɛ wugyina nyamesom asenni bagua bi a wɔpɛ sɛ wɔhyɛ wo ma wugye saa ɔsom no nkyerɛkyerɛ di anim. Wunnim nea ɔrebɔ wo sobo anaa asɛm a ɔde ato wo so no. Sɛ́ anka wɔbɛka akyerɛ wo no, wɔhyɛ wo sɛ ka nea enti a wɔakyere wo fa kyerɛ asɛm a wugye di sɛ wɔde ato wo so, na kyerɛ nea wabɔ wo sobo no.

Hwɛ wo mmuae no yiye—anhwɛ a wobɛka biribi a woayɛ a wɔmmɔɔ wo sobo wɔ ho de asɛe w’asɛm! Wubetumi nso akɔtwe nkurɔfo a wonnim asɛm a wɔde ato wo so no ho hwee aba asɛm no mu.

Sɛ woanka nea woayɛ a, wobetumi ayɛ wo ayayade denam nsu pii a wɔbɛhyɛ wo ma woanom so. Anaasɛ wɔbɛkyekyere wo nsa ne w’anan denneennen abɔ ayayade pon bi mu na wɔakɔ so amia mu nkakrankakra kosi sɛ ɛyaw nka a wobɛte no bɛyɛ nea enni kabea. Asenni bagua no agye w’agyapade dedaw, na ɛda adi yiye sɛ anhwɛ a, wo nsa renka bio. Wɔyɛ biribiara wɔ sum ase. Sɛ wobua wo fɔ a, wobetumi atwa wo asu anaasɛ wɔbɛhyew wo anikan so mpo.

Ebia ɛbɛyɛ den sɛ wode w’adwene bebu nyamesom mu aninyanne a ɛte saa wɔ afeha a ɛto so 20 yi mu. Nanso mfehaha pii a atwam no, atirimɔdensɛm a ɛte saa kɔɔ so wɔ Mexico.

Ɔmamma a “Wɔsakra” Wɔn

Bere a Spainfo dii ɔman a mprempren wɔfrɛ no Mexico so nkonim wɔ afeha a ɛto so 16 mu no, wodii wɔn nyamesom nso so. Ná ɔmamma no nyamesom a wɔsakrae no nyɛ biribiara sɛ atetesɛm ne amanne ahorow a wɔde foforo sii ananmu, efisɛ na Katolek asɔfo dodow no ara mfa Bible no nkyerɛkyerɛ. Wɔanhaw wɔn ho sɛ wobesua ɛhɔfo no kasa anaa wɔbɛkyerɛ wɔn Latin a na wɔde akyerɛ ɔsom no gyidi ahorow no.

Ebinom susuwii sɛ ɛsɛ sɛ wɔma Indiafo nyamesom nkyerɛkyerɛ a edi mũ. Nanso na afoforo adwene te sɛ Kokorani Domingo de Betanzos, a sɛnea Richard E. Greenleaf kae wɔ ne nhoma Zumárraga and the Mexican Inquisition mu no, “na ogye di sɛ ɛnsɛ sɛ wɔde Latin kyerɛkyerɛ Indiani efisɛ ɛno bɛma wahu sɛ asɔfo no nnim hwee” no.

Atirimɔden Asenni a Wɔde Tia Ɔmamma

Sɛ Mexicofo a wɔyɛ ɔmamma no annye ɔsom foforo no antom a, na wobu wɔn sɛ abosonsomfo, na wɔtaa wɔn denneennen. Sɛ́ nhwɛso no, wɔkaa wɔn mu biako mpire ɔha esiane sɛ ɔsom n’ahoni bi a ɔde siee Kristoman honi bi ase de yɛɛ te sɛ nea ɔredi “Kristofo” akyi no nti.

Nanso, Don Carlos Ometochtzin a na ɔyɛ Texcoco ɔdekuro ne Aztecfo hene Netzahualcóyotl nena no kasa tiaa asɔre no. Greenleaf ka sɛ “nea enti a na Don Carlos ayɛ Asɔre no bɔne titiriw ne sɛ ɔkaa nkokorafo no ahohwi bra ho asɛm kyerɛɛ ɔmamma no.”

Bere a Kokorani Juan de Zumárraga a saa bere no na ɔyɛ ɔtirimɔdenfo, tee asɛm yi no, ɔhyɛe sɛ wɔnkyere Don Carlos. Bere a wɔbɔɔ Don Carlos sobo sɛ ɔyɛ “ɔwaefo katee” no, wɔhyew no anikan wɔ dua so November 30, 1539. Wɔtwee ɔmamma afoforo pii asõ sɛ wɔde wɔn ho hyɛɛ abayisɛm mu.

Atirimɔden Asenni a Wɔde Tia Amamfrafo

Wɔbɔɔ amamfrafo a wɔte Mexico a wɔannye Katolek asɔre no antom no sobo sɛ wɔyɛ awaefo, Lutheranfo, anaa Yudasom mufo. Eyi ho nhwɛso biako ne Carvajal abusua a na wɔyɛ Portugalfo no. Bere a wɔbɔɔ wɔn sobo sɛ wɔredi Yudasom akyi no, ɛkame ayɛ sɛ wɔnam Atirimɔden Asenni no so yɛɛ wɔn nyinaa ayayade. Asɛm a edi so yi a wɔde buaa abusua yi muni bi fɔ no da atirimɔdensɛm no adi: “Mibua Doña Mariana de Carvajal a yɛadi n’asɛm no fɔ sɛ . . . wɔnsɛn no [dade bi a na wɔde sɛn obi so] nkosi sɛ n’ankasa bewu, na afei wɔnhyew no wɔ ogya a ɛrefram mu nkosi sɛ ɔbɛdan nsõ, na wannya nkae bi bio.” Saa pɛpɛɛpɛ na wɔyɛɛ no.

Bere biara a ɔmamfrani bi maa asɔfo no tumidi ho baa asɛm no, wodii n’asɛm. Wɔbɔɔ ɔbarima bi a wɔfrɛ no Don Guillén Lombardo de Guzman sobo sɛ ɔpɛ sɛ ɔma Mexico nya ahofadi. Nanso, asɛm a Tumidi Kronkron no gyinaa so de kyeree no dii n’asɛm ne sɛ ɔyɛ nsoromma mu hwɛfo ne ɔwaefo a odi Calvin nkyerɛkyerɛ akyi. Bere a wɔde no too afiase no ɔbɔɔ dam. Awiei koraa no wɔhyew no anikan so wɔ dua ho wɔ November 6, 1659.

Nhoma a wɔato din Inquisition and Crimes, a Don Artemio de Valle-Arizpe kyerɛwee no ka sɛnea adeyɛ no kɔɔ so ho asɛm sɛ: “Wɔkyekyeree wɔn a wɔabu wɔn fɔ no bɔɔ dua mu de dade sɛn wɔn kɔn. . . . Gyidi ho gyaframa kronkron no fii ase dɛwee, ogyaframa ne wusiw a adi afra. Don Guillén . . . gyaee ne ho hwee ogya no mu prɛko pɛ maa nea ɛsɛn ne kɔn no miaa no kum no, na ogya a ano yɛ den a ɛyɛ hu no hyew ne nipadua dwerɛbee. Ofii nkwa mu, bere a na wakɔ so ahu amane nkakrankakra mfe dunson wɔ Tumidi Kronkron no afiase ahorow a ɛhɔ yɛ sum no mu. Ogyaframa no baa fam nkakrankakra, maa ne fram a na ano yɛ den a ɛyɛ bruu ne kɔkɔɔ no brɛɛ ase, na bere a edumii no, nsõ hyɛnhyɛn bi nkutoo na na aka gu hɔ a ɛredɛw anadwo no.”

Wɔde “Tumidi Kronkron” no Si Hɔ

Sɛnea yɛaka dedaw no, wɔtwee Mexico ɔmamma ne amamfrafo a wɔwoo wɔn wɔ hɔ pii asõ, na wokunkum wɔn mu bi esiane sɛ wɔkasa tiaa ɔsom foforo no anaa wɔannye antom nti. Na eyi na ɛde atirimɔden asenni a nkokorafo de bae a asɔfopɔn no foaa so akyiri yi no bae. Nanso, Ɔtirimɔdenfo Panyin a odi kan wɔ Mexico, Don Pedro Moya de Contreras fi Spain baa hɔ 1571 de Tumidi Kronkron no Atirimɔden Asenni Bagua no besii hɔ wɔ mmara kwan so. Saa asenni bagua yi gyaee adwuma yɛ wɔ 1820 mu. Enti, efi 1539 reba no, wɔde bɛyɛ mfe ahaasa dii wɔn a wɔannye Katolek gyidi ahorow antom no ani, yɛɛ wɔn ayayade, na wokunkum wɔn.

Sɛ wɔbɔ obi sobo a, na wɔyɛ no ayayade araa kosi sɛ ɔbɛka ne bɔne. Ná asenni bagua no hwehwɛ sɛ ɔpow ne nneyɛe a etia Katoleksom no na ogye asɔre no gyidi ahorow tom. Sɛ wobegyae nea wɔabɔ no sobo no a, gye sɛ ɔkyerɛ sɛ ne ho nni asɛm anaasɛ wɔantumi ankyerɛ sɛ odi fɔ, anaa nea etwa to no, ɔka ne bɔne na ɔsakra. Wɔ nea etwa to no mu no, na wɔkenkan asɛm a ɔka de tia ne bɔne no, na ɔhyɛ bɔ sɛ ɔbɛyɛ nsakrae wɔ nea wayɛ no ho wɔ baguam. Ne nyinaa akyi no, na ɔhwere n’agyapade, na na wɔbɔ no ka kɛse. Sɛ odi fɔ a, na wɔde no ma amammui atumfoɔ no ma wɔtwe n’aso. Nea na eyi taa kowie ne sɛ wɔhyew no wɔ dua ho anikan so anaa bere a wɔakum no akyi bere tiaa bi.

Sɛ wɔrekum nnipa a wɔabu wɔn fɔ wɔ baguam a, na wɔbɔ gua kɛse. Wɔbɔ amanneɛ wɔ baguam ka ɛda ne beae a wobehyiam kyerɛ obiara wɔ kurow no nyinaa mu. Saa da no, wɔn a wɔabu wɔn fɔ no fi Tumidi Kronkron no Asenni Bagua no afiase ahorow mu ba a wɔhyehyɛ sambenito (nguguso bi a enni nsa), a kyɛnere hyehyɛ wɔn nsa ntam, ahama kyekyere wɔn kɔn, na coroza (ɛkyɛw a emu abukaw) bi hyehyɛ wɔn ti. Bere a wɔakenkan bɔne a wɔayɛ atia Katoleksom awie no, wɔde asotwe a wɔkyerɛ sɛ wɔmfa mma wɔn mu biara no ma no.

Saa kwan yi so na wobuu nnipa pii fɔ twee wɔn asõ wɔ nyamesom din mu. Nnipadɔm a wɔkɔhwɛɛ sɛnea wɔn a wobuu wɔn fɔ no wuwui wɔ dua ho no huu asɔfo no atirimɔdensɛm ne nneɛma ho koma a na wonni no.

Ɛne Kristosom Nhyia Koraa

Kristo Yesu de hyɛɛ n’asuafo no nsa sɛ wɔnsakra nkurɔfo mmra nokware Kristosom mu. Ɔhyɛe sɛ: “Enti monkɔ nkɔyɛ amanaman nyinaa m’asuafo. Mommɔ wɔn asu nhyɛ Agya ne Ɔba ne honhom kronkron din mu, na monkyerɛkyerɛ wɔn sɛ wonni nea mahyɛ mo nyinaa so.”—Mateo 28:19, 20.

Nanso, Yesu ankyerɛ da sɛ wɔnhyɛ nkurɔfo mma wɔnsakra. Mmom no, Yesu kae sɛ: “Obiara a ɔrennye mo na ɔrentie mo asɛm no, mufi ofi anaa kurow no mu rekɔ a, momporoporow mo nan ase tutuw.” (Mateo 10:14) Atemmu a awiei koraa no ɛbɛba saa nkurɔfo yi so no hyɛ Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn, Yehowa nsa, a Kristofo nnya mu kyɛfa koraa.

Enti, ɛda adi pefee sɛ wiase baabiara a Atirimɔden Asenni kɔɔ so wɔ hɔ no, na ɛne Kristofo nnyinasosɛm ahorow nhyia koraa.

Nyamesom hokwan a mprempren ɛwɔ Mexico no ma nkurɔfo nya ahofadi wɔ ɔkwan a wɔfa so som Onyankopɔn no mu. Nanso mfehaha a nea wɔfrɛ no Atirimɔden Asenni Kronkron no kɔɔ so no da so ara yɛ Mexico Katolek Asɔre no abakɔsɛm mu bere bɔne.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena